Ɔfã 8
Onyankopɔn Atirimpɔw Rebɛn ne Mmamu
1, 2. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ayɛ nsiesiei a ɔnam so beyi amanehunu afi hɔ?
NNIPA ne adaemone atuatewfo nniso abrɛ adesamma abusua no ase mfehaha pii. Nanso, Onyankopɔn mmuu n’ani nguu yɛn amanehunu so ɛ. Mmom no, wayɛ nsiesiei a ɔde begye adesamma afi amumɔyɛ ne amanehunu mpokyerɛ mu wɔ mfehaha no mu nyinaa.
2 Bere a atuatew no bae wɔ Eden no, Onyankopɔn fii ase daa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛhyehyɛ nniso bi a ɛbɛyɛ asase yi paradise fie ama nnipa no adi. (Genesis 3:15) Akyiri yi, sɛ Onyankopɔn kasamafo panyin no, Yesu de Onyankopɔn nniso a ɛreba yi yɛɛ ne nkyerɛkyerɛ asɛmti. Ɔkae sɛ ɛbɛyɛ adesamma anidaso biako pɛ.—Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10; 12:21.
3. Yesu frɛɛ asase so nniso a ɛreba no dɛn, na dɛn ntia?
3 Yesu frɛɛ saa Onyankopɔn nniso a ɛreba no sɛ “ɔsoro ahenni,” esiane sɛ efi soro na ebedi tumi nti. (Mateo 4:17) Ɔfrɛɛ no sɛ “Onyankopɔn ahenni” nso, efisɛ Onyankopɔn ne ne Hyehyɛfo. (Luka 17:20) Wɔ mfehaha no mu no, Onyankopɔn de honhom kaa n’akyerɛwfo ma wɔkyerɛw wɔn a wɔbɛyɛ saa nniso no mufo, ne nea ɛbɛyɛ no ho nkɔmhyɛ ahorow.
Asase so Hene Foforo
4, 5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn kyerɛe sɛ Yesu ne Ɔhene a ɔpene no so?
4 Ɛyɛ Yesu na, bɛyɛ mfe mpem abien ni no, nkɔmhyɛ pii a ɛfa onii a ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene ho no baam wɔ ne so. Ɔdaa ne ho adi sɛ nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnyɛ Sodifo wɔ saa ɔsoro nniso a ebedi adesamma so no so. Na wɔ Yesu wu akyi no, Onyankopɔn nyan no kɔɔ nkwa mu wɔ soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi na onwu da. Nnipa pii dii ne wusɔre no ho adanse.—Asomafo no Nnwuma 4:10; 9:1-9; Romafo 1:1-4; 1 Korintofo 15:3-8.
5 Afei Yesu ‘kɔtraa Onyankopɔn nifa.’ (Hebrifo 10:12) Ɛhɔ na ɔkɔtwɛn bere a Onyankopɔn bɛma no tumi sɛ onni dwuma sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no so Hene. Eyi maa nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 110:1 no baam, faako a Onyankopɔn ka kyerɛ no sɛ: “Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo mɛyɛ wo nan ase ntiaso.”
6. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔfata sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene?
6 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛe sɛ ɔfata dibea a ɛte saa. Ɔpaw sɛ obekura ne mudi mu ama Onyankopɔn wɔ ɔtaa a ohyiae nyinaa akyi. Ɛdenam saa a ɔyɛe so no, ɔkyerɛe sɛ Satan asɛm a ɔkae sɛ onipa biara nni hɔ a obedi Onyankopɔn nokware wɔ sɔhwɛ mu no yɛ atoro. Yesu a ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ, ‘Adam a ɔto so abien’ no, kyerɛe sɛ Onyankopɔn anni mfomso sɛ ɔbɔɔ nnipa a wɔyɛ pɛ.—1 Korintofo 15:22, 45; Mateo 4:1-11.
7, 8. Nneɛma pa bɛn na Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no, na dɛn na ɔyɛɛ ho nhwɛso?
7 Sodifo bɛn na otumi yɛɛ nneɛma pa pii te sɛ nea Yesu yɛe wɔ ne som adwuma no mu mfe kakraa bi mu no? Onyankopɔn honhom kronkron maa Yesu tumi ma ɔsaa ayarefo, mmubuafo, anifuraefo, asotifo, ne mum yare. Onyan awufo mpo! Ɔyɛɛ nea sɛ ɔba Ahenni tumi mu a, ɔbɛyɛ ama adesamma wɔ asase so nyinaa no ho ɔyɛkyerɛ ketewaa bi.—Mateo 15:30, 31; Luka 7:11-16.
8 Yesu yɛɛ nneɛma pa pii bere a ɔwɔ asase so no araa ma ne suani Yohane kae sɛ: “Na nneɛma pii wɔ hɔ nso a Yesu yɛe, ɛno na sɛ wɔkyerɛw ne nyinaa mmiako mmiako a, anka misusuw sɛ nhoma a wɔbɛkyerɛw no rensen wiase mpo.”—Yohane 21:25.a
9. Dɛn nti na nnipa komapafo piaa wɔn ho kɔɔ Yesu nkyɛn?
9 Ná Yesu wɔ ayamye ne mmɔborɔhunu, ne ɔdɔ kɛse ma nnipa. Ɔboaa ahiafo ne abrɛfo, nanso wɔampow asikafo ne wɔn a wɔwɔ dibea. Nnipa komapafo gyee Yesu ɔfrɛ a efi ɔdɔ mu no so, bere a ɔkae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Nnipa a wosuro Nyankopɔn piaa wɔn ho kɔɔ ne nkyɛn na wɔhwɛɛ ne nniso no kwan.—Yohane 12:19.
Mfɛfo Sodifo
10, 11. Henanom na wɔne Yesu bedi asase no so tumi?
10 Sɛnea nnipa nniso horow wɔ mpanyimfo a wɔbom di tumi no, saa ara na Onyankopɔn ɔsoro Ahenni no nso wɔ bi. Nnipa afoforo bi bɛka Yesu ho ne no adi asase no so tumi, efisɛ Yesu hyɛɛ ne nnamfo a wɔbɛn no yiye bɔ sɛ wɔne no bedi adesamma so tumi sɛ ahemfo.—Yohane 14:2, 3; Adiyisɛm 5:10; 20:6.
11 Enti, wonyan nnipa kakraa bi ka Yesu ho fi awufo mu kɔ ɔsoro asetra mu. Wɔn na wɔbom yɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛde daa nhyira bɛbrɛ adesamma no. (2 Korintofo 4:14; Adiyisɛm 14:1-3) Enti wɔ mfehaha no mu nyinaa no, Yehowa ato nhyɛase ama nniso bi a ɛde daa nhyira bɛbrɛ adesamma abusua no.
Nniso a Ɛde ne ho Bɛba Awiei
12, 13. Dɛn na Onyankopɔn Ahenni no ayɛ krado afei sɛ ɛbɛyɛ?
12 Onyankopɔn de ne ho agye asase so nsɛm mu tẽẽ wɔ afeha yi mu. Sɛnea brochure yi Ɔfã 9 bɛka ho asɛm no, Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ wɔde Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo nsam no sii hɔ wɔ 1914 mu, na mprempren ayɛ krado sɛ ɛbɛsɛe Satan nhyehyɛe no nyinaa. Saa Ahenni no rebɛkɔ “akodi tumi wɔ [Kristo] atamfo mfinimfini.”—Dwom 110:2, NW.
13 Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 no ka eyi ho asɛm sɛ: “Na ahene [a wɔwɔ hɔ mprempren] no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma [ɔsoro] ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi [wɔremma nnipa nniso ho kwan bio da] so. Na [Onyankopɔn Ahenni no] bebubu ahenni ahorow yi nyinaa ma asã, na ɛno de, ebegyina daa.”—Revised Standard Version.
14. Mfaso horow bɛn na ebefi nnipa nniso a ɛbɛba awiei no mu aba?
14 Bere a wɔayi nniso a Onyankopɔn ho nnim nyinaa afi hɔ no, Onyankopɔn Ahenni tumidi wɔ asase so no bedi mũ. Na esiane sɛ Ahenni no fi soro di tumi nti, adesamma rentumi nsɛe no. Ahenni tumi no bɛtra faako a na anka ɛwɔ kan a ɛne ɔsoro wɔ Onyankopɔn nkyɛn. Na esiane sɛ Onyankopɔn nniso bedi asase nyinaa so tumi nti, wɔremfa atoro som anaa nnipa nyansapɛ ne amammui adwenhorow a ntease nnim nnaadaa obiara bio. Wɔremma kwan ma saa nneɛma no biara atra hɔ.—Mateo 7:15-23; Adiyisɛm, atiri 17 kosi 19.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wohwehwɛ Yesu asetra ho nsɛm nyinaa a wɔakyerɛkyerɛ mu a, hwɛ nhoma Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, a Watchtower Society no yɛe wɔ 1991 mu no mu.
[Kratafa 18 mfonini]
Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔsaa ayarefo yare na onyan awufo de kyerɛɛ nea ɔbɛyɛ wɔ wiase foforo no mu
[Kratafa 19 mfonini]
Onyankopɔn soro Ahenni no bɛdwerɛw nniso horow nyinaa a wɔatew wɔn ho afi ne ho no pasaa