Nhoma A Ɛsɛ Sɛ Obiara Kan
“Bible nyɛ nhoma a ɛsɛ sɛ obi bu no aniberesɛm.” Saa na sukuupɔn mu ɔbenfo bi ka kyerɛɛ ababaa bi a ɔka n’asɛm penpen.
Ababaa no bisaa no sɛ: “Woakan Bible no pɛn?”
Asɛm no pusuu ɔbenfo no, na ogye toom sɛ ɔnkanee da.
“Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi aka nhoma a wonkenkan da ho asɛm saa?”
Ababaa no kaa no asɛm. Afei ɔbenfo no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkan Bible no ahu nea ɛwɔ mu.
NNIPA aka Bible a nhoma 66 na ɛwɔ mu no ho asɛm sɛ “ebia ɛno ne nhomakuw a ɛwɔ nkɛntɛnso kɛse sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu.”1 Nokwasɛm ni, anya nkɛntɛnso wɔ wiase adwinne, nhoma, ne nnwom a agye din paa no bi so. Mmara a wɔahyɛ pii gyina Bible no so. Nnipa kamfo ɔkwan a wɔfaa so hyehyɛɛ nsɛm no, na nhomanimfo pii ntoto no ase koraa. Nea ɛda adi titiriw koraa ne nkɛntɛnso kɛse a anya wɔ nnipa ahorow ahorow so no. Akenkanfo pii anya mu gyidi a enhinhim koraa. Ebinom de wɔn nkwa too asiane mu sɛnea wobetumi akenkan kɛkɛ.
Bere koro no ara mu no, ebinom adwenem yɛ wɔn naa wɔ Bible no ho. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔnkanee da nanso wɔanya adwene bi wɔ ho. Ebia wogye tom sɛ wɔahyehyɛ emu nsɛm no yiye, na ɛyɛ abakɔsɛm nhoma a edi mu, nanso wɔka sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na nhoma a wɔkyerɛwee mfe mpempem pii ni ho betumi aba mfaso wɔ nnɛ wiase yi mu? Yɛwɔ “nimdeɛ bere” mu. Da biara yenya nneɛma a esisi ne nyansahu ho nsɛm foforo pii. Ɛkame ayɛ sɛ baabiara a wubetwa w’ani no, wubenya afotu a “abenfo” de ama wɔ nsɛm a nnipa hyia nnɛ ho. So ebetumi aba sɛ Bible no kura nsɛm a yebetumi de adi dwuma wɔ asetram nnɛ?
Nhomawa yi bebua nsɛmmisa a ɛtete saa. Wɔanyɛ sɛ ɛde nyamesom ho adwene anaa gyidi bi bepuapua wo, mmom adwene no ne sɛ ɛbɛma woahu fata a ɛfata sɛ wususuw nhoma a anya nkɛntɛnso kɛse wɔ abakɔsɛm mu, Bible, no ho. Amanneɛbɔ bi a wotintim no 1994 daa no adi sɛ akyerɛkyerɛfo bi gye di paa sɛ Bible no fa aborɔfo ho ma enti “sɛ́ obi yɛ gyidini anaa onnye nni no, sɛ onnim Bible nkyerɛkyerɛ ne emu nsɛm yiye a, nneɛma bebiribiri n’ani so.”2
Sɛ wokan nhoma yi mu nsɛm wie a, wubegye atom sɛ—sɛ́ obi pɛ nyamesom anaa ɔmpɛ no—Bible no de ɛsɛ sɛ ɔkan.
[Kratafa 3 adaka/mfonini]
“Nhoma bi a mekanee kɛkɛ na ama m’adwene mu abue.—Nhoma paa? Aane, tete nhoma bi a emu da hɔ a ɛnyɛ kyenkyenee na nkekae biara nnim . . . Na edin a wɔtaa de frɛ no ara ne nhoma no, Bible.”—Heinrich Heine, afeha a ɛtɔ so 19 Germanni nhomakyerɛwfo.3