Yesu Kristo—Ɔne Hena?
“NNIPA pii a wɔnyɛ Kristofo mpo gye di sɛ na Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a onim nyansa. Ɛda adi sɛ na ɔyɛ nnipa a wɔanya afoforo so nkɛntɛnso sen biara a wɔatra ase pɛn no mu biako.” (The World Book Encyclopedia) Ɛyɛ “Hena”? Yesu Kristo, nea ɔde Kristosom bae no. So wunim onipa ko a ɔyɛ? So onya w’asetra so tumi wɔ ɔkwan bi so?
Wɔakyerɛw nsɛm a esisii wɔ Yesu som adwuma no mu wɔ Bible mu wɔ abakɔsɛm nhoma anan a wɔfrɛ no Nsɛmpa no mu. Yɛyɛ dɛn hu sɛ kyerɛwtohɔ ahorow yi yɛ nokware? Bere a abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant a wagye din yiye no hwehwɛɛ mu wiei no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ awo ntoatoaso biako mu nnipa mpapahwekwa kakraa bi betumi abɔ wɔn tirim aka sɛ obi a ɔwɔ tumi kɛse na ne ho yɛ anigye saa traa ase, de abrabɔ pa ho mmara a ɛkorɔn ne adesamma onuayɛ ho adwene a ɛhyɛ nkuran kɛse saa sii hɔ no bɛyɛ anwonwade a ɛyɛ den yiye sɛ wobegye adi sen ebiara a wɔakyerɛw wɔ Nsɛmpa no mu.”
Nanso, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Apuei fam ne mmeae foforo ka sɛ wonnim Yesu Kristo. Ebia wobegye adi sɛ ɔtraa ase de, nanso wonsusuw sɛ ɔwɔ wɔn asetra so tumi wɔ ɔkwan biara so. Esiane nea wɔn a wose wɔyɛ Yesu akyidifo ayɛ nti, afoforo ka sɛ ɛmfata sɛ wosusuw ne ho. Japanfo binom ka sɛ: ‘Wɔtow atom ɔtopae too Nagasaki, kurow a Kristofo bebree wom sen Japan nkurow dodow no ara so.’
Nanso, sɛ ɔyarefo annom oduruyɛfo aduru sɛnea ɔkyerɛɛ no no a, so wode ne yare no ho asodi bɛto oduruyɛfo no so? Ɛda adi sɛ worenyɛ saa. Kristoman mufo fi bere tenten abu wɔn ani agu akwankyerɛ a Yesu de ama a ɛbɛma wɔadi wɔn da biara ɔhaw ahorow so no so. Enti sɛ anka wobɛpo Yesu esiane sɛ wɔn a wose wɔyɛ Kristofo no nni n’akwankyerɛ akyi nti no, dɛn nti na w’ankasa wunsua ne ho biribi? Hwehwɛ Bible no mu na woahu onii ko a Yesu yɛ ankasa ne sɛnea obetumi asakra w’asetra mpo.
Ɔdɔ—Aduru a Ɔde Mae
Na Yesu Kristo yɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a ɔtraa Palestina bɛyɛ mfe 2,000 ni. Ne mmofraberem ho nsɛm kakraa bi na yenim. (Mateo, atiri 1 ne 2; Luka, atiri 1 ne 2) Bere a Yesu dii mfe 30 no, ofii ne som adwuma ase sɛ ‘obedi nokware no ho adanse.’ (Yohane 18:37; Luka 3:21-23) Yesu asetra ho abakɔsɛm akyerɛwfo baanan no kyerɛw ne baguam som adwuma, n’asase so asetra mu mfe abiɛsa ne fã a etwa to no ho asɛm kɛse.
Wɔ Yesu som adwuma no mu no, ɔde akwankyerɛ a na n’asuafo bɛfa so adi wɔn asetra mu ɔhaw ahorow ho dwuma maa wɔn. Na ɛyɛ akwankyerɛ bɛn? Na ɛyɛ ɔdɔ. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛnea wobeyi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn mfɛfo nnipa wɔ ɔkasa a agye din yiye wɔ abakɔsɛm mu no mu biako a wɔfrɛ no Bepɔw so Asɛnka no mu. Ɔkae sɛ: “Enti, ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Wɔfrɛ nnyinasosɛm yi sɛ Mmara Pa. Yɛn atamfo mpo ka “nnipa” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ha no ho. Ɔkae wɔ saa ɔkasa no ara mu sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.” (Mateo 5:44, NW) So ɔdɔ a ɛte saa no renni ɔhaw a yehyia nnɛ mu pii ho dwuma? Hindufo kannifo Mohandas Gandhi susuw saa. Wɔkyerɛ sɛ ɔkae sɛ: “Sɛ yɛbom gye nkyerɛkyerɛ a Kristo de mae wɔ Bepɔw so Asɛnka yi mu tom a, anka yɛadi ɔhaw ahorow . . . a ɛwɔ wiase nyinaa no ho dwuma.” Sɛ yɛde Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdɔ ho no di dwuma a, ebetumi adi adesamma haw ahorow ho dwuma.
Wɔda Ne Dɔ no Adi
Yesu de nea ɔkyerɛkyerɛe no bɔɔ ne bra. Ɔde afoforo ahiade dii n’ankasa de anim kan na ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛe. Da bi Yesu ne n’asuafo som nnipa pii na wɔannye bere ankodidi. Yesu hui sɛ ehia sɛ n’asuafo no ‘kɔhome kakra,’ enti wɔkɔɔ kokoam baabi. Nanso nnipakuw bi dii wɔn anim na bere a woduu hɔ no na wɔretwɛn wɔn. Sɛ na wowɔ Yesu tebea no mu a, anka dɛn na wobɛyɛ wɔ ho? ‘Wɔyɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ na “ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:30-34) Saa ayamhyehye a emu yɛ den yi kaa no ma ɔboaa afoforo.
Ɛnyɛ honhom fam nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛe no nkutoo na ɛde mfaso brɛɛ afoforo. Ɔboaa wɔn wɔ honam fam nso. Sɛ nhwɛso no, ɔmaa mmarima 5,000 (a mmea ne mmofra ka ho) a da bi wotiee no kosii anwummere no aduan. Akyiri yi nso ɔmaa nnipa foforo 4,000 aduan. Wɔ nea edi kan no mu no, ɔde abodoo anum ne mpataa abien na edii dwuma, na akyiri yi de no, ɔde abodoo ason ne mpataa kakraa bi na edii dwuma. (Mateo 14:14-21; 15:32-38; Marko 6:35-44; 8:1-9) So ɔyɛɛ anwonwade? Yiw, na ɔyɛ obi a ɔyɛ anwonwade.
Yesu saa ayarefo pii yare nso. Ɔsaa anifuraefo, mpakye, akwatafo ne asotifo yare. Onyanee awufo mpo! (Luka 7:22; Yohane 11:30-45) Bere bi ɔkwatani bi srɛɛ no sɛ: “Sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi.” Yesu buae dɛn? “Ɔteɛɛ ne nsa kaa no, na osee no sɛ: Mepɛ, wo ho mfi.” (Marko 1:40, 41) Ɔpɛ a emu yɛ den a na Yesu wɔ no kaa no ma ɔboaa wɔn. Ɔnam anwonwade a ɛte saa a ɔyɛe no so daa ɔdɔ a ɔwɔ ma amanehunufo no adi.
So ɛyɛ den sɛ wubegye adi? Nanso Yesu yɛɛ n’anwonwade dodow no ara wɔ baguam. Wɔn a wɔsɔre tiaa no a wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wobenya ne ho mfomso bere nyinaa no antumi ampo nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔyɛɛ anwonwade no. (Yohane 9:1-34) Afei nso, atirimpɔw bi nti na ɔyɛɛ anwonwade no. Ɛboaa nkurɔfo ma wohuu Yesu sɛ nea Onyankopɔn somaa no.—Yohane 6:14.
Yesu nkyerɛkyerɛ ne n’asetra a yebesusuw ho tiawa no ma yɛn ani gye ne ho na ɛka yɛn ma yenya ɔpɛ sɛ yebesuasua ne dɔ. Nanso, ɛnyɛ ɛno nkutoo ne ɔkwan a Yesu betumi afa so anya w’asetra so tumi. Na ɔnyɛ ɔkyerɛkyerɛfo kɛse a ɔkyerɛkyerɛɛ ɔdɔ kɛkɛ. Ɔkyerɛe sɛ na watra ase sɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. (Yohane 1:14; 3:16; 8:58; 17:5; 1 Yohane 4:9) Ɔnyɛ ɔdesani bio nanso ɔte ase, na ɛno ma ne ho hia wo titiriw. Bible no kyerɛ sɛ wonyan Yesu na seesei odi tumi sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. (Adiyisɛm 11:15) Yesu kae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobenya wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.” (Yohane 17:3, NW; 20:31) Nokwarem no, Yesu Kristo ho nimdeɛ a wubenya betumi ama woanya daa nkwa wɔ Paradise! Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Dɛn nti na wunsua Yesu ho ade pii na woahu sɛnea “Kristo dɔ no hyɛ yɛn” ma yesuasua no? (2 Korintofo 5:14) Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.—Yohane 13:34, 35.
Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Twi Bible foforo no mu, gye sɛ wɔakyerɛ sɛ efi nkyerɛase foforo bi mu. Faako a NW di asɛm a wɔafa aka akyi no, ɛkyerɛ sɛ efi Engiresi kasa mu New World Translation of the Holy Scriptures no mu.