Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 9 kr. 15
  • Henanom Ne Onyankopɔn Nnamfo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Ne Onyankopɔn Nnamfo?
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honhom Abɔde Ɔpepem Pii
    Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?
  • Abɔfo No Yɛ “Ahonhom A Wɔsom”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 9 kr. 15

ADESUA 9

Henanom Ne Onyankopɔn Nnamfo?

Yesu Kristo a odi Onyankopɔn Ahenni no so Hene, ne abɔfo a wɔrekyerɛ sɛnea yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no

Yesu Kristo yɛ Yehowa Ba ne n’adamfo a ɔbɛn no na ɔdɔ no sen obiara. Ansa na Yesu rebɛtra asase so sɛ onipa no, na watra soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi. (Yohane 17:5) Afei ɔbaa asase so bɛkyerɛkyerɛɛ nnipa nokware a ɛfa Onyankopɔn ho. (Yohane 18:37) Ɔde ne desani nkwa nso mae de gyee adesamma asoɔmmerɛfo fii bɔne ne owu mu. (Romafo 6:23) Mprempren Yesu ne Onyankopɔn Ahenni, ɔsoro nniso bi a ɛde Paradise bɛba asase so no Hene.—Adiyisɛm 19:16.

Abɔfo nso yɛ Onyankopɔn nnamfo. Wɔanwo abɔfo sɛ nnipa wɔ asase so. Wɔbɔɔ wɔn wɔ soro ansa na Onyankopɔn reyɛ asase. (Hiob 38:4-7) Abɔfo ɔpepem pii na wɔwɔ hɔ. (Daniel 7:10) Onyankopɔn nnamfo a wɔwɔ soro yi pɛ sɛ nkurɔfo sua nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no.—Adiyisɛm 14:6, 7.

Yehowa Adansefo reka asɛm no akyerɛ maame bi

Onyankopɔn wɔ nnamfo wɔ asase so nso; ɔfrɛ wɔn n’adansefo. Ɔdansefo a ogyina asɛnnibea ka nea onim wɔ obi anaa biribi ho. Yehowa Adansefo ka nea wonim wɔ Yehowa ne n’atirimpɔw ho kyerɛ afoforo. (Yesaia 43:10) Adansefo no pɛ sɛ wɔboa wo ma wusua nokware a ɛfa Yehowa ho no te sɛ abɔfo no. Wɔpɛ sɛ wo nso woyɛ Onyankopɔn adamfo.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena