Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 17 kr. 28-29
  • Sɛ Obi Bɛkɔ So Ayɛ W’adamfo a, Ɛsɛ Sɛ Wo Nso Woyɛ N’adamfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Obi Bɛkɔ So Ayɛ W’adamfo a, Ɛsɛ Sɛ Wo Nso Woyɛ N’adamfo
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Woresi Asi Anhwea So Anaa Ɔbotan So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • “Eyi Ne Nea Onyankopɔn Dɔ Kyerɛ”
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • “Mafrɛ Mo Nnamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Adamfofa a Eye Sen Biara Wɔ Amansan Nyinaa Mu No A Yebenya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 17 kr. 28-29

ADESUA 17

Sɛ Obi Bɛkɔ So Ayɛ W’adamfo a, Ɛsɛ Sɛ Wo Nso Woyɛ N’adamfo

Adamfofa gyina ɔdɔ so. Bere a wusua Yehowa ho ade pii no, wobɛdɔ no pii. Bere a ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn yɛ kɛse no, ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛsom no no nso bɛyɛ kɛse. Eyi bɛka wo ma woabɛyɛ Yesu Kristo suani. (Mateo 28:19) Sɛ wobɛka Yehowa Adansefo abusua a wɔwɔ anigye no ho a, wubetumi ne Onyankopɔn ayɛ adamfo daa. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Ɛsɛ sɛ wudi Onyankopɔn mmara ahorow so de da ɔdɔ a wowɔ ma no no adi. “Na eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yohane 5:3.

Fa nea wusua no di dwuma. Yesu kaa asɛm bi a ɛkyerɛkyerɛ eyi mu. Onyansafo bi sii ne fie wɔ ɔbotan so. Ɔkwasea bi sii ne fie wɔ anhwea mu. Bere a ahum kɛse bi tui no, ofie a wosii wɔ ɔbotan so no ammu, nanso ofie a wosii wɔ anhwea mu no bui ma n’asehwe no yɛɛ kɛse. Yesu kae sɛ wɔn a wɔte ne nkyerɛkyerɛ na wodi so no te sɛ onyansafo a osii ne fie wɔ ɔbotan so no. Nanso wɔn a wotie ne nkyerɛkyerɛ na wonni so no te sɛ ɔkwasea a osii ne fie wɔ anhwea so no. Wɔn mu hena na wopɛ sɛ woyɛ?—Mateo 7:24-27.

Ofi a wɔasi wɔ ɔbotan so ne ofi a wɔasi wɔ anhwea mu

Ahosohyira. Eyi kyerɛ sɛ wobɛbɔ Yehowa mpae na woaka akyerɛ no sɛ wopɛ sɛ woyɛ n’apɛde daa. Onyankopɔn apɛde a woyɛ no kyerɛ sɛ woyɛ Yesu Kristo suani.—Mateo 11:29.

Ɔbea bi rebɔ mpae ahyira ne ho so ama Yehowa

Asubɔ. “Ma wɔmmɔ wo asu na bɔ ne din ma ɛnhohoro wo bɔne.”—Asomafo no Nnwuma 22:16.

Ɔbarima bi rebɔ asu

Fa wo koma nyinaa som Onyankopɔn. “Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa na ɛnyɛ nnipa.”—Kolosefo 3:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena