Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 18 kr. 30-31
  • Yɛ Onyankopɔn Adamfo Daa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Onyankopɔn Adamfo Daa!
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yɛma Mo Akwaaba Ba “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 18 kr. 30-31

ADESUA 18

Yɛ Onyankopɔn Adamfo Daa!

Egye mmɔdenbɔ na woanya adamfo; egye mmɔdenbɔ na woama obi akɔ so ayɛ w’adamfo. Mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ Onyankopɔn adamfo daa no bɛma woanya nhyira pii. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wogyee no dii no sɛ: “Nokware no bɛma moade mo ho.” (Yohane 8:32) Dɛn na ɛno kyerɛ?

Mmarima mmienu wɔ Paradise

Wubetumi anya ahofadi nnɛ. Wubetumi ade wo ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ne atosɛm a Satan ama atrɛw no ho. Wubetumi ade wo ho afi abasamtu a ɛwɔ nnipa ɔpepem pii a wonnim Yehowa asetra mu no ho. (Romafo 8:22) Onyankopɔn nnamfo ade wɔn ho afi “owu ho hu” mpo ho.—Hebrifo 2:14, 15.

Wubetumi anya ahofadi wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Hwɛ ahofadi a ebi mmaa da a wubetumi anya daakye! Wɔ Paradise asase so no, yɛbɛde yɛn ho afi ɔko, nyarewa ne nsɛmmɔnedi ho. Yɛbɛde yɛn ho afi ohia ne ɔkɔm ho. Yɛbɛde yɛn ho afi nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ne owu ho. Yɛbɛde yɛn ho afi ehu, nhyɛso, ne atɛnkyea ho. Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.”—Dwom 145:16.

Onyankopɔn nnamfo bɛtra ase daa. Daa nkwa yɛ akyɛde a ɛsom bo a Onyankopɔn de bɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfa no adamfo no nyinaa. (Romafo 6:23) Susuw nea daa nkwa bɛkyerɛ ama wo no ho!

Ɔbarima ne abaayewa bi rehwɛ aboa bi, na ɔbea bi reka kuku ho

Wubenya bere de ayɛ nneɛma pii. Ebia wobɛpɛ sɛ wusua sɛnea wɔde adwinnade bi bɔ dwom. Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wusua mfoniniyɛ anaa woyɛ duadwumfo. Ebia wobɛpɛ sɛ wusua mmoa ne afifide ho ade. Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wututu akwan na ama woahu aman ne nnipa foforo. Daa nkwa a wubenya no betumi ama woayɛ eyi nyinaa!

Wubenya bere de afa nnamfo pii. Tra a wobɛtra ase daa no bɛma woatumi ahu afoforo pii a wɔabɛyɛ Onyankopɔn nnamfo. Wubehu wɔn dom akyɛde ne wɔn su pa, na wɔbɛyɛ wo nnamfo nso. Wobɛdɔ wɔn, na wɔbɛdɔ wo. (1 Korintofo 13:8) Daa nkwa a wubenya no bɛma woanya bere de afa obiara a ɔwɔ asase so no adamfo! Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, wo ne Yehowa adamfofa no mu bɛkɔ so ayɛ den bere a mfehaha pii twam no. Ɛmmra sɛ wobɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn adamfo daa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena