Mfaso a Ɛwɔ Asɛmpa a Wɔde Ba Wo Mpɔtam Hɔ no So
WƆTAA ka wɔ wiase nnɛ sɛ: “Kristosom mfa nnyinasosɛm pa biara mma. Entumi mmoa wɔ nnɛ wiase a nneɛma ayɛ basaa no mu.” Nanso, wɔ nkɔmmɔbɔ bi a wɔbɔ amanneɛ sɛ ɛkɔɔ so wɔ Hindu kannifo Mohandas K. Gandhi ne kan Britain Nanmusifo a na ɔwɔ India, Lord Irwin, ntam mu no, wɔdaa nkate soronko koraa adi. Wɔka sɛ Lord Irwin bisaa Gandhi nea osusuw sɛ ebetumi adi ɔhaw a Great Britain ne India hyia no ho dwuma. Gandhi faa Bible buee Mateo, ti anum, kae sɛ: “Sɛ wo man ne me man de nkyerɛkyerɛ a Kristo de mae wɔ Bepɔw so Asɛnka mu no bedi dwuma a, anka ɛnyɛ yɛn aman no haw ahorow nko na ebefi hɔ na mmom wiase nyinaa haw nso befi hɔ.”
Saa asɛm no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ honhom fam nneɛma, da odwo adi, hwehwɛ asomdwoe, mmɔborohunu, na yɛdɔ trenee. Ɛkasa tia awudi ne afoforo ho abufuw a yɛbɛfa nyinaa, ne awaresɛe ne nna ho akɔnnɔ bɔne a yebenya ama obi nso. Ɛkasa tia awaregyae a ennyina mmara so a ɛma afie mu paapae na ɛde mmofra kɔ ɔhaw mu no. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Yɛnnɔ wɔn a wɔtan yɛn, yɛmmoa ahiafo, yemmmu afoforo atɛn sɛnea ɛnsɛ, yɛne afoforo nni wɔ ɔkwan a yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di so.’ Sɛ yɛde saa afotu yi nyinaa di dwuma a, ɛbɛboa yɛn kɛse. Dodow a nnipa a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ de di dwuma no, dodow no ara na ɛbɛma asi wɔn yiye!
Yehowa Adansefo boa afoforo wɔ eyi yɛ mu. Bible no kyerɛkyerɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ obu wɔ wɔn aware mu. Wɔde nnyinasosɛm pa tete wɔn mma. Wosi hia a abusua no ho hia so dua. Sɛ wo mpɔtam hɔfo da biakoyɛ adi wɔ wɔn mmusua mu a, ɛbɛma asi wɔn yiye, na ɔman a wote mu no mpo bɛyɛ yiye. Wiase tumidi ahorow a ɛhwee ase bere a mmusua mu paapaee na ɔbrasɛe nyaa nkɔanim ho nhwɛso ayɛ abakɔsɛm ma. Dodow a Yehowa Adansefo boa ankorankoro ne mmusua pii ma wɔde Kristofo nnyinasosɛm bɔ wɔn bra no, dodow no ara na mmofrabɔnesɛm, ɔbrasɛe, ne nsɛmmɔnedi so tew wɔ wo mpɔtam hɔ.
Nnipa mu nyiyim ne ɔhaw biako a ɛrehaw mmusua ne aman kɛse. Nanso, ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” Paulo nso kyerɛwee sɛ: “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Galatifo 3:28) Yehowa Adansefo gye eyi tom. Nnipa a wofi mmusua ahorow mu na ɛsono wɔn honam ani kɔla nyinaa tra yɛ adwuma bom wɔ wɔn wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ, baa dwumadibea ahorow, ne asafo ahorow no mu.
Wɔ Afrika no, mmusua bi ntumi ntra mmom a ntawntawdi mma wɔn ntam. Nanso, wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ hɔ ase no, nnipa a wofi mmusua ahorow mu bom didi, da, som, nya fekubɔ a edi mu. Sɛ aban mpanyimfo hu eyi a, wɔn ho dwiriw wɔn. New York Amsterdam News a ɛbaa August 2, 1958, no kaa biakoyɛ a nokware Kristosom de ba ho nhwɛso bi ho asɛm. Ɛkaa asɛm a ɛte saa esiane amanaman ntam nhyiam a yɛaka ho asɛm dedaw a Adansefo bɛboro mpem ahanu aduonum hyiaam yɛe wɔ New York Kuropɔn mu no nti.
“Abibifo, aborɔfo ne Apuei famfo a ɛsono wɔn asetra na wofi wiase mmeae ahorow no de anigye hyiaam a na wonsuro biribiara. . . . Adansefo a wofi nsase 120 so atra abom asom wɔ asomdwoe mu, na wɔakyerɛ Amerikafo sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobetumi ayɛ saa. . . . Nhyiam no yɛ nhwɛso pa a ɛkyerɛ sɛnea nnipa betumi atra abom ayɛ adwuma.”
Ebia nnipa pii bɛka sɛ Kristosom nnyinasosɛm nyɛ nea mfaso wɔ so nnɛ. Nanso, dɛn bio na ama nneɛma ayɛ yiye anaasɛ ɛbɛma ayɛ yiye? Sɛ wode Kristofo nnyinasosɛm ahorow di dwuma mprempren wɔ wo mpɔtam hɔ a, ɛso bɛba wo mfaso ankasa, na ebetumi aka ‘aman, mmusua, ne nnipa ahorow’ nyinaa abom wɔ wiase nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni a ebedi adesamma so no ase.—Adiyisɛm 7:9, 10.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Mmusua ne nnipa a ɛsono wɔn kɔla nyinaa yɛ adwuma bom
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 24]
Kristosom yɛ nea mfaso wɔ so. Dɛn bio na ama nneɛma ayɛ yiye?