Akwan a Wɔfa So Ka Asɛmpa No
WƆHYƐ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ aman nyinaa asuafo,’ nanso ɛnkyerɛ sɛ wɔnhyɛ afoforo anaasɛ wɔmfa anuɔden mma wɔnsakra. Yesu hyɛe sɛ ‘wɔnka asɛmpa no nkyerɛ ahobrɛasefo,’ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma abubu ne amanehunufo werɛ.’ (Mateo 28:19; Yesaia 61:1, 2; Luka 4:18, 19) Yehowa Adansefo hwehwɛ sɛ wɔbɛyɛ eyi denam Bible mu asɛmpa a wɔbɛka no so. Te sɛ tete diyifo Hesekiel no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no hu wɔn a “wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa.”—Hesekiel 9:4.
Ɔkwan a ɛsen biara a wɔfa so hu wɔn a nnɛyi tebea ama wɔahaw no ne sɛ wɔbɛkɔ wɔn afie. Enti wɔbɔ mmɔden ankasa sɛ wɔbɛkɔ obiara nkyɛn, sɛnea Yesu yɛe bere a “ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa kyerɛe” no. N’asuafo a wodi kan no yɛɛ saa ara. (Luka 8:1; 9:1-6; 10:1-9) Ɛnnɛ, baabi a ɛbɛyɛ yiye no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ ofie biara mu mpɛn pii afe biara, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde simma kakraa bi ne ofiewura no bɛbɔ nkɔmmɔ afa ɔman no mu anaa wiase asɛm bi a n’ani gye ho anaa ɛhaw no ho. Wotumi de kyerɛwsɛm biako anaa abien bi si hɔ susuw ho, na sɛ ofiewura no kyerɛ anigye a, Ɔdansefo no tumi yɛ nhyehyɛe san kɔsra no bere a ɛfata mu ma wɔsan bɔ nkɔmmɔ. Wɔde Bible ne nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ma ofiewura no, na sɛ ofiewura no pɛ a, wotumi ne no yɛ ofie Bible adesua a wonnye hwee. Wɔne ankorankoro ne mmusua yɛ Bible adesua a mfaso wɔ so yi ɔpepem pii da biara wɔ wiase nyinaa.
Ɔkwan foforo a wɔnam so ka “ahenni ho asɛmpa” no kyerɛ afoforo ne nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa ahorow so no. Adansefo no yɛ nhyiam wɔ hɔ dapɛn biara. Biako ne baguam ɔkasa a ɛfa nsɛm a ɛrekɔ so mprempren ho, na sɛ wowie a, wosua Bible mu asɛmti bi anaa nkɔmhyɛ bi, ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu. Nhyiam foforo ne sukuu a wɔde tete Adansefo no ma wɔbɛyɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw no, na nea edi ɛno akyi ne ɔfã a wɔde susuw sɛnea wɔyɛ adansedi adwuma no wɔ asasesin no mu ho no. Afei dapɛn biara, Adansefo no hyiam sɛ kuw nketewa wɔ nkurɔfo afie sua Bible no.
Obiara wɔ ho kwan sɛ ɔba nhyiam yi nyinaa bi. Wɔmfa ade mfa nnipa anim nnyigye sika biara wɔ hɔ. Saa nhyiam no ho wɔ mfaso ma obiara. Bible ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ yehu ɔkwampa a yɛn mu biara betumi afa so atwetwe afoforo akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na ɛnsɛ sɛ yɛkwati nhyiamkɔ, sɛnea ebinom yɛ no, na mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, titiriw bere a yehu sɛ Ɛda no rebɛn no.” Kokoam adesua ne nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ ho hia, nanso afoforo a yɛne wɔn behyiam no hyɛ nkuran paa: “Sɛnea dade sew dade ano no, saa ara na onipa sew ne yɔnko nipa ano.”—Hebrifo 10:24, 25; Mmebusɛm 27:17, The New English Bible.
Adansefo no san de hokwan biara a wonya no ka asɛmpa no bere a wohyia nnipa foforo wɔ da biara asetram no. Ebetumi ayɛ asɛm kakra a wɔka kyerɛ ofipamfo, obi a wɔne no te bɔs anaa wimhyɛn mu, nkɔmmɔ tenten a wɔne adamfo anaa obusuani bi bɔ, anaa nea a wɔne yɔnko dwumayɛni bi bɔ bere a wɔregye wɔn ahome awia no. Ná adanse a Yesu dii bere a na ɔwɔ asase so no mu pii te saa—bere a ɔnam mpoano, ɔte nkoko so, odidii obi fie, ɔkɔɔ ayeforohyia ase, anaasɛ ɔde ɔkorow tuu kwan wɔ Galilea Po so no. Ɔkyerɛkyerɛe wɔ hyia adan mu ne asɔrefie wɔ Yerusalem. Baabiara a na ɔwɔ no, ɔhwehwɛɛ hokwan ahorow a ɔde bɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi n’anammɔn akyi wɔ eyi yɛ mu nso.—1 Petro 2:21.
SU A WƆDA NO ADI BERE A WƆREKA ASƐM NO
Akwan a wɔfa so ka asɛmpa kyerɛ wo yi mu biara so remma wo mfaso, sɛ nea ɔreka asɛm akyerɛ wo no ankasa amfa nea ɔrekyerɛkyerɛ no anni dwuma a. Sɛ́ wobɛka biribi na womfa nyɛ adwuma no yɛ nyaatwom, na nyamesom mu nyaatwomyɛ ama nnipa ɔpepem pii abu wɔn ani agu Bible no so. Yentumi mfa eyi ho asodi nto Bible no so. Ná akyerɛwfo ne Farisifo no wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no, nanso Yesu kae sɛ wɔyɛ nyaatwomfo. Ɔkaa Mose Mmara a na wɔkenkan no ho asɛm, na afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.” (Mateo 23:3) Nhwɛso pa a Kristoni bɛyɛ wɔ asetram no ka afoforo kɛse sen nnɔnhwerew pii a ɔde bɛka asɛm no kɛkɛ. Wɔdaa eyi adi kyerɛɛ Kristofo ɔyerenom a na wɔn kununom nnye nni no sɛ: “Wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.”—1 Petro 3:1, 2.
Enti, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo wɔ saa kwan yi so nso: ɛdenam nhwɛso a wɔyɛ wɔ Kristofo nneyɛe a wɔkamfo kyerɛ afoforo no so. Wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛyɛ nea wɔpɛ sɛ afoforo yɛ ma wɔn no ama afoforo nso.’ (Mateo 7:12) Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nnipa nyinaa saa, ɛnyɛ mfɛfo Adansefo, nnamfo, afipamfo, anaa abusuafo nko. Esiane sɛ wɔtɔ sin nti, ɛnyɛ bere nyinaa na wɔyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Nanso wɔn pɛ ne sɛ wɔbɛyɛ nnipa nyinaa yiye, ɛnyɛ sɛ wɔbɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn nko, na mmom, sɛ wɔbɛboa wɔn sɛnea wobetumi biara.—Yakobo 2:14-17.
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Hawaii
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Venezuela
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Yugoslavia
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]
Ahenni Asa ahorow, a wosisi no sɛnea ɛsɛ no, yɛ mmeae a wohyiam susuw Bible no ho
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]
Wɔ wɔn ankasa abusua asetram, ne wɔne afoforo nkitahodi mu no, Adansefo no fi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo no