Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ol ɔfã 2 kr. 5-7
  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asua Nokwasɛm a Ɛfa Nyankopɔn Ho No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asua Nokwasɛm a Ɛfa Nyankopɔn Ho No?
  • Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wubetumi Agye Bible no Adi
  • So Wɔasakra Bible No?
  • So Bible No Fi Onyankopɔn Hɔ Ampa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • So Wubetumi Agye Bible Mu Asɛm Adi?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • So Wubetumi Agye Bible Mu Nsɛm Adi?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Fi Bible Mu Nkɔmmɔ Ase
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa Mu No—So Woahu?
ol ɔfã 2 kr. 5-7

ƆFA 2

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Asua Nokwasɛm a Ɛfa Nyankopɔn Ho No?

Ɔbarima bi rekenkan Bible

1, 2. Mfatoho bɛn na ɛkyerɛ hia a ehia sɛ yenya nea yebegyina so asi nyamesom mu nsɛm ho gyinae?

YƐBƐYƐ dɛn atumi ahu Onyankopɔn? So ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ ɔsom ahorow pii nkyerɛkyerɛ mu? Ɛrentumi nyɛ yiye saa. Sɛ mpo yebetumi ayɛ saa a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nkyerɛkyerɛ ko a ɛyɛ nokware?

2 Akyinnye biara nni ho sɛ, esiane adwenhorow a afoforo wɔ wɔ Onyankopɔn ho nyinaa nti, yehia ɔkwan a yɛbɛfa so ahu nea ɛyɛ nokware, gyinapɛn a nnipa betumi agye atom. Sɛ mfatoho no: Fa no sɛ akyinnyegye bi asɔre wɔ ntama ho wɔ gua so. Ɔdetɔnfo no se ntama no tenten yɛ mita abiɛsa, nanso nea ɔretɔ no susuw sɛ ennu saa. Wɔbɛyɛ dɛn asiesie asɛm no? Gye sɛ wɔde susudua susuw ntama no hwɛ.

3. Dɛn nti na wɔkyerɛw Bible no?

3 So susudua anaa gyinapɛn bi wɔ hɔ a wogyina so si nyamesom mu nsɛm ho gyinae? Yiw, ɛno ne Bible no. Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa betumi asua nokware a ɛfa ne ho no. Wɔatintim ɔpepepem pii. Wɔakyerɛ ne nyinaa anaa ɔfã bi ase, akɔ kasa horow bɛboro 2,100 mu. Ɛkame ayɛ sɛ obiara betumi akenkan nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn ho wɔ n’ankasa kasa mu.

4. Nsɛm bɛn na ɛwɔ Bible no mu?

4 Bible no yɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn nkyɛn. Ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a anka yɛrenhu da mu. Ɛka wɔn a wɔte ahonhom atenae ho asɛm. Ɛda Onyankopɔn nsusuwii, ne nipasu ne n’atirimpɔw adi. Ɛka sɛnea ɔne nnipa a wɔtraa ase mfe pii a atwam no dii nsɛm ho asɛm. Ɛka nneɛma a ebesisi daakye ho asɛm. Na ɛkyerɛ sɛnea yebetumi ahu ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu.

Nea Enti a Wubetumi Agye Bible no Adi

5. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no ne nyansahu hyia?

5 Nneɛma pii wɔ hɔ a enti yebetumi agye adi sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm ampa. Ade biako ne sɛ Bible no ne nyansahu hyia. Wɔ tete mmere mu no na nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa susuw sɛ asase no si biribi so. Wɔ Afrika Atɔe fam sɛ nhwɛso no, ná nnipa gye di sɛ asase no si ɔwɔ bi a wabobɔw ne ho ato so 3,500 wɔ asase no atifi ne 3,500 wɔ asase no ase so. Nanso, nea ɛne nyansahu hyia no, ná Bible kyerɛwfo bi akyerɛw ato hɔ bɛboro mfe 3,500 sɛ Onyankopɔn de ‘asase asɛn nea hwee nni.’—Hiob 26:7.

6. Adanse a ɛkyɛn so bɛn na ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn nkyɛn?

6 Adanse a ɛsen biara a ɛkyerɛ sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ ampa ne daakye ho nsɛm ho kyerɛwtohɔ a edi mu a ɛyɛ no. Nea ɛnte sɛ nkɔm ahorow a nnipa hyɛ no, Onyankopɔn na ofi nokware mu nim nea ɛbɛba daakye; nea ɔka biara bam bere nyinaa.

7. Bible nkɔmhyɛ ahorow bɛn na enyaa mmamu wɔ tete mmere mu?

7 Bible nkɔmhyɛ ɔhaha pii nyaa mmamu wɔ tete mmere mu. Sɛ nhwɛso no, Bible no ka too hɔ mfe 700 sɛ wɔbɛwo Yesu wɔ Betlehem, na saa pɛpɛɛpɛ na esii. (Mika 5:2; Mateo 2:3-9) Nea ɛka nkɔmhyɛ pii a ɛfa Yesu ho ho no, Bible no san kaa bio sɛ ɔbaabun na ɔbɛwo no na awiei koraa no wobeyi no ama agye nnwetɛbona 30. Saa nkɔmhyɛ ahorow no nso baa mu. Ɛyɛ nokware sɛ onipa biara nni hɔ a na obetumi ahyɛ saa nneɛma no ho nkɔm!—Yesaia 7:14; Sakaria 11:12, 13; Mateo 1:22, 23; 27:3-5.

8. Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu nnɛ no bi ne dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ?

8 Bible nkɔmhyɛ ahorow pii renya mmamu wɔ yɛn bere yi mu. Emu kakraa bi ni:

  • “Ɔman bɛsɔre atia ɔman [wɔ akodi mu], na ahenni atia ahenni; na asasewosow akɛse bɛba, na ɔyaredɔm ne aduankɔm bɛba mmeaemmeae; na ahude bɛba na nsɛnkyerɛnne akɛse afi soro aba.”—Luka 21:10, 11.

  • ‘Amumɔyɛ bɛdɔɔso.’—Mateo 24:12.

  • “Nna a edi akyiri mu no, . . . nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, . . . awofo so asoɔdenfo, . . . wɔn a wontumi nni wɔn ho so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, . . . wɔn a wɔyɛ ahomaso, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.”—2 Timoteo 3:1-5.

Abofra bi a kɔm de no; ɔbarima bi redi ako

So wunnye ntom sɛ saa nneɛma yi resisi nnɛ? Nokwasɛm a Bible nkɔmhyɛ yɛ ne sɛnea ɛba mu pɛpɛɛpɛ no kyerɛ sɛ Bible no nyɛ nhoma bi ara kwa. Ɛyɛ Asɛm a efi Onyankopɔn home mu!—2 Timoteo 3:16.

So Wɔasakra Bible No?

9, 10. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn mmaa nnipa nsakraa Bible no?

9 Fa no sɛ woyɛ adwinnan bi wura na woahyehyɛ mmara ahorow ama w’adwumayɛfo no. Sɛ ɔtamfo bi sesa nea woakyerɛw no a, dɛn na wobɛyɛ? So worensiesie nea wɔasesa no? Wɔ saa kwan no ara so no, Onyankopɔn mma nnipa kwan mma wɔnsakra nokware a N’asɛm Bible no yɛ no.

10 Wɔn a wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra nea Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ no adi nkogu. Sɛ yɛde Bible a yɛwɔ nnɛ no toto Bible mfuamfua a na ɛwɔ hɔ tete no ho a, ne nyinaa yɛ pɛ. Eyi kyerɛ sɛ wɔnsakraa Bible no mfe pii a atwam ni no.

Atetesɛm a Wɔka Kyerɛ​—Ɛyɛ Nea Wotumi De Ho To So?

Afrika nananom som nni tete nhoma kronkron biara. Wɔde ano na ɛka atetesɛm, amanne, ne adwene horow a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho no fi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso so. West African Traditional Religion nhoma no ka sɛ: “Wontumi mfa ho nto nsɛm a wɔde ano ka so sɛ edi mu pɛpɛɛpɛ. Wɔ nsɛm pii mu no, wotumi de nsɛm ka nsɛm a wɔde ano ka ho anaa woyi bi fi mu, wɔdannan mu kyinkyim no, wogugu mu dan ani, ma enti ɛtaa yɛ den sɛ wobeyi nea ɛyɛ nokware no afi atosɛm mu.”

Adaka: Dɛn na nhoma bi ka wɔ ahotoso a ɛwɔ atetesɛm a wɔka kyerɛ ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena