Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 59 kr. 142-kr. 143 nky. 5
  • Mmerantewaa Nnan Bi Tiee Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmerantewaa Nnan Bi Tiee Yehowa
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmerantewa Baanan wɔ Babilon
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Daniel Nhoma no ne Wo
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
  • Hanania, Misael, Ne Asaria
    Sua Biribi Fi Yehowa Nnamfo Hɔ—Dwumadi
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 59 kr. 142-kr. 143 nky. 5
Daniel, Hanania, Misael ne Asaria anni ɔhene no aduan no

ADESUA 59

Mmerantewaa Nnan Bi Tiee Yehowa

Bere a Nebukadnesar de Yudafo mmerante a wɔfi ahemfie kɔɔ Babilon no, ɔmaa ahemfie panyin bi a yɛfrɛ no Aspenas hwɛɛ wɔn so. Nebukadnesar ka kyerɛɛ Aspenas sɛ, ɔnhwɛ wɔn mu na onyi mmerantewaa a wɔwɔ ahoɔden na wɔnim nyansa mma no. Ná wɔbɛtete saa mmerantewaa yi mfe mmiɛnsa, na na ntetee yi bɛma wɔabɛyɛ nnipa atitiriw wɔ Babilon. Ná mmerantewaa no besua Akkadia kasa a Babilonfo ka; na wɔbesua sɛnea wɔbɛkyerɛw na wɔakenkan nso. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔdi aduan a ɔhene no ne wɔn a wɔwɔ ahemfie hɔ di no bi. Mmerantewaa no, wɔfrɛ emu nnan Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Aspenas maa wɔn Babilonfo din. Ɔfrɛɛ wɔn Beltesasar, Sadrak, Mesak, ne Abednego. Wohwɛ a, na saa ntetee yi bɛma wɔagyae Yehowa som anaa?

Ná mmerantewaa nnan yi asi wɔn bo sɛ wɔbetie Yehowa. Ná wɔnim sɛ Yehowa ahyɛ mmara sɛ mma wɔnni aduan a ɛho ntew. Enti na ɛnsɛ sɛ wɔdi ɔhene no aduan no. Wɔka kyerɛɛ Aspenas sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, yɛmpɛ sɛ yedi ɔhene no aduan no.’ Aspenas ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ moanni na ɔhene hu sɛ mo anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ a, obekum me!’

Biribi baa Daniel tirim. Ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ wɔn so no sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, ma yɛn nhabamma nko ara ne nsu nna du. Afei fa yɛn toto mmerantewaa a wɔbedi ɔhene aduan no ho.’ Nea ɔhwɛ wɔn so no penee so.

Nna du akyi no, na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no ayɛ kama asen mmerantewaa a aka no. Yehowa ani gyee sɛ wɔtiee n’asɛm. Na mpo, ɔmaa Daniel nyansa a ɛbɛma wate anisoadehu ne dae ase.

Wɔwiee ntetee no, Aspenas de mmerantewaa no bɛkyerɛɛ Nebukadnesar. Ɔhene no ne wɔn kasae, na ohuu sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria adwenem abue, na wɔnim nyansa sen mmerantewaa a aka no nyinaa. Oyii mmerantewaa nnan yi sɛ wɔmma wɔnyɛ adwuma wɔ n’ahemfie hɔ. Sɛ asɛm bi kyere ɔhene adwene a, na ɔtaa frɛ wɔn bisa wɔn adwene wɔ ho. Yehowa na ɔma wɔhuu nyansa sen ɔhene no anyansafo ne wɔn a wɔyi nkonyaa no nyinaa.

Ɛwom sɛ na Daniel, Hanania, Misael ne Asaria wɔ obi man so de, nanso wɔn werɛ amfi sɛ wɔyɛ Yehowa nkurɔfo. Wo nso, sɛ wowɔ baabi na w’awofo nni hɔ mpo a, wobɛkae Yehowa anaa?

“Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no animtiaa da. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo no wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.”—1 Timoteo 4:12

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no tiee Yehowa asɛm? Dɛn na Yehowa yɛ de boaa wɔn?

Daniel 1:1-21

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena