Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lff adesua 29
  • Sɛ Yewu a, Tebea Bɛn Na Yɛkɔ Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ Yewu a, Tebea Bɛn Na Yɛkɔ Mu?
  • Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SUA PII KA HO
  • NEA YƐASUA
  • YƐ NHWEHWƐMU
  • Ɛhe na Awufo Wɔ?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ ma Awufo?
    Asɛmpa A Efi Onyankopɔn Hɔ!
  • Yewu a Ɛhe na Yɛkɔ?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • “Wɔamene Owu Akosi Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
lff adesua 29
Adesua 29. Awarefo bi gyina amusiei rebɔ mpae.

ADESUA 29

Sɛ Yewu a, Tebea Bɛn Na Yɛkɔ Mu?

Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente
Nea Yɛaprente

Wo dɔfo bi awu pɛn? Sɛ obi a yɛdɔ no wu a, ɛyɛ yaw paa. Biribi saa si a, ebia yebebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ yewu a, dɛn na ɛto yɛn? Enti yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio?’ Sɛ wuhu mmuae a Bible no de ma a, ɛbɛkyekye wo werɛ paa. Yebesusuw nea Bible no ka ho wɔ saa adesua yi ne nea edi hɔ no mu.

1. Sɛ yewu a, tebea bɛn na yɛkɔ mu?

Yesu kyerɛe sɛ, sɛ obi wu a, ɛte sɛ nea wada hatee. Adɛn nti na ɔde owu totoo nna ho? Sɛ obi da hatee a, ɔnte hwee, na ɛyɛ a onnim nea ɛrekɔ so. Obi a wawu nso, ɔnte yaw, na onhu amane biara, efisɛ Bible ka sɛ: “Awufo de, wonnim biribiara.”—Kenkan Ɔsɛnkafo 9:5.

2. Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

Nnipa pii suro owu. Ebinom mpo de, wosuro wɔn a wɔawuwu no! Nanso, sɛ wuhu nea Bible aka afa owu ho a, ɛbɛkyekye wo werɛ paa. Yesu kaa sɛ: “Nokware no beyi mo afi nkoasom mu.” (Yohane 8:32) Ɔsom ahorow bi kyerɛkyerɛ sɛ, ɔkra bi wɔ yɛn mu, na sɛ yewu a, ɛno de enwu da. Nanso Bible no nkyerɛkyerɛ saa. Obi a wawu nhu amane biara. Afei nso, yɛabehu sɛ, obi wu a, na wawu; onnim biribiara, enti ɔrentumi nyɛ yɛn bɔne. Wei kyerɛ sɛ enhia sɛ yɛsom awufo, yɛbɔ mpae ma wɔn, anaa yɛyɛ amanne bi de pata wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn bo remfuw yɛn.

Ebinom kyerɛ sɛ wobetumi ne awufo adi nkitaho. Nanso ɛrentumi nyɛ yiye, efisɛ yɛabehu sɛ awufo ‘nnim biribiara.’ Ebinom wɔ hɔ a, wɔn biribi wu a, ɛyɛ a wɔkɔ abisa anaa wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne nea wawu no bɛkasa. Nanso wobɛkɔ mu no, na wɔne ahonhommɔne mmom na ɛredi nkitaho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ahonhommɔne no tumi yɛ wɔn ho sɛ onii a wawu no. Wei nti, sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛbɔ yɛn ho ban fi ahonhommɔne ho. Yehowa nim sɛ, sɛ yɛne ahonhommɔne di nkitaho a, wobetumi ayɛ yɛn bɔne. Enti ɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛne awufo anni nkitaho.—Kenkan Deuteronomium 18:10-12.

SUA PII KA HO

Nea Bible aka afa owu ho no, wubesua ho ade pii. Afei, wubehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ wɔn a wɔawuwu no ayayade biara, efisɛ ɔwɔ ɔdɔ.

Ɔbarima bi yere awu, na ɔne ne mma nketewa mmienu wɔ ayi no ase. Abusuafo ne adɔfo rekyekye wɔn werɛ.

3. Sɛ obi wu a, tebea bɛn paa na ɔkɔ mu?

Wokɔ wiase baabiara a, ɛsono nea obiara ka fa tebea a awufo wom ho. Nanso, nea nkurɔfo ka fa awufo ho anaa nea wogye di no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛyɛ nokware.

  • Wɔn a wɔte wo mpɔtam no, sɛ wubisa wɔn sɛ, wɔn a wɔawuwu no wɔ he a, dɛn na ɛyɛ a wɔtaa ka?

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea Bible no ka a, hwɛ VIDEO yi.

VIDEO: Tebea Bɛn Na Awufo Wom?—Ne Fã Bi (1:19)

Video a yɛato din ‘Tebea Bɛn Na Awufo Wom? Ne Fa Bi’ no mu mfoni ahorow bi ni: 1. Obi awu da ayaresabea mpa so. 2. Ɔbarima bi a ɔte keteke mu ada.

Monkenkan Ɔsɛnkafo 3:20. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, sɛ obi wu a, ɛhe na ɔkɔ?

  • Sɛ obi wu a, biribi wɔ ne mu a ɛno de enwu anaa?

Bible ma yehu sɛ Yesu adamfo paa bi a wɔfrɛ no Lasaro wui. Kenkan ho asɛm wɔ Yohane 11:11-14. Sɛ worekenkan a, wubehu sɛ Yesu de Lasaro wu no totoo biribi ho. Ɛyɛ a, hyɛ no nsow. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Yesu de owu totoo dɛn ho?

  • Sɛ yɛhwɛ ntotoho a Yesu yɛe no a, dɛn na ɛma yehu fa wɔn a wɔawuwu no ho?

  • Nea Bible ka fa owu ho no, wohwɛ a ɛtɔ asom?

4. Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛboa yɛn

Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛremma yensuro wɔn a wɔawuwu no. Monkenkan Ɔsɛnkafo 9:10. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Awufo betumi ayɛ yɛn biribi anaa?

Ebinom gye di sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma bi de pata awufo anaa yɛsom wɔn. Nanso sɛ yehu nea Bible aka afa awufo ho a, ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi nneɛma a ɛtete saa ho. Monkenkan Yesaia 8:19 ne Adiyisɛm 4:11. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛ obi som awufo, anaa ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ mmoa afi wɔn hɔ a, wohwɛ a Yehowa bɛte nka sɛn?

Mfoni ahorow: Ɛfa amanne ahorow a nkurɔfo yɛ de som awufo. 1. Ɔbarima bi abu nkotodwe wɔ ɔda bi anim rebɔ mpae, na ɔde aduan asi ɔda no so. 2. Mmarima mmiɛnsa bi ahyehyɛ akɔmfo ntaade, na wɔresaw. 3. Nkurɔfo bi de nneɛma akata wɔn anim na wokurakura nneɛma bi a ɛte sɛ nkrampan.

Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛbɛma yɛatwe yɛn ho afi amanne a Yehowa ani nnye ho ho

5. Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛkyekye yɛn werɛ

Wɔakyerɛkyerɛ ebinom sɛ, bɔne a wɔayɛ atwam nti, wɔn wu akyi no, wobehu amane. Nanso yɛn de, yenim sɛ obiara nni hɔ a sɛ owu a, ohu amane; wɔn a wɔadi bɔne paa no mpo, sɛ wowu a, wonhu amane. Wei kyekye yɛn werɛ paa. Monkenkan Romafo 6:7. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

  • Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, sɛ obi wu a, wɔde ne bɔne akyɛ no. Enti sɛ obi wu a, yebetumi aka sɛ, bɔne a wayɛ atwam nti, ɔrehu amane anaa?

Sɛ yesua Yehowa ho ade na yehu no yiye a, yɛbɛba abehu sɛ ɔrentumi nyɛ awufo ayayade da. Monkenkan Deuteronomium 32:4 ne 1 Yohane 4:8. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:

  • Kyerɛwnsɛm ahorow yi ama yɛahu sɛ Onyankopɔn wɔ suban ahorow a ɛyɛ fɛ pii. Wohwɛ a, obi a ɔte saa bɛhwɛ ama wɔayɛ wɔn a wɔawuwu no ayayade anaa?

  • Seesei a woabehu nokwasɛm a ɛfa awufo ho no, ama wo koma atɔ wo yam anaa? Adɛn nti na woreka saa?

EBINOM KA SƐ: “Miwu a, minnim nea ɛbɛto me.”

  • Sɛ obi ka saa a, kyerɛwnsɛm bɛn na wubetumi akan de akyekye ne werɛ?

NEA YƐASUA

Obi wu a, na wawu. Awufo nhu amane, na wɔrentumi nyɛ yɛn hwee.

Ntimu

  • Sɛ yewu a, tebea bɛn na yɛkɔ mu?

  • Sɛ yehu nokwasɛm a ɛfa owu ho a, ɛboa yɛn sɛn?

  • Sɛn na nokwasɛm a ɛfa owu ho no ka yɛn koma to yɛn yam?

Fa Wei Si W’ani So

YƐ NHWEHWƐMU

Asɛmfua “ɔkra” kyerɛ sɛn? Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma.

“Dɛn Ne Ɔkra?” (Ɛwɔ jw.org)

Onyankopɔn yɛ abɔnefo ayayade wɔ Ɔbonsam gya mu anaa? Hwɛ video yi, na wubenya asɛmmisa yi ho mmuae.

Hell Yɛ Baabi a Wɔyɛ Nkurɔfo Ayayade Anaa? (3:07)

So ɛsɛ sɛ yesuro wɔn a wɔawuwu no?

Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? (nhomawa)

Ɔbarima bi behuu nokwasɛm a ɛfa awufo ho, na ɛkyekyee ne werɛ. Kenkan ne ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban yi mu.

“Bible Mu Mmuaeɛ a Emu Da Hɔ Maa Me Koma Tɔɔ Me Yam” (Ɔwɛn-Aban, February 1, 2015)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena