Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 3-5
  • Nnianim Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnianim Nsɛm
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 3-5

Nnianim Nsɛm

Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra yi, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wubehu kyerɛwnsɛm ne nhwɛso a ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa wo ama woagyina ɔhaw a wuhyia no ano. Ɛbɛsan aboa wo ama woahu Bible mu nsɛm a ɛfata paa a wode bɛhyɛ afoforo nkuran, na aboa wɔn ama wɔasi gyinae a ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Nea ehia sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛhwehwɛ asɛmti a wopɛ no. Asɛmti biara ase no, wubehu nsɛmmisa a ɛbɛboa ama woahu asɛm no ani so, ne Bible mu nhwɛso tiawa a ɛfa asɛm no ho. (Hwɛ adaka a yɛato din “Sɛnea Wubehu Nea Wopɛ Wɔ Nhoma Yi Mu.”) Woremmrɛ ho koraa na woanya afotusɛm, akwankyerɛ, ne awerɛkyekyesɛm pii a mfaso wɔ so afi Onyankopɔn Asɛm mu. Wobɛsan anya Bible mu nsɛm a ɛhyɛ den a wubetumi de aboa afoforo. Ebi ne kyerɛwnsɛm a yebetumi de ahyɛ wɔn a wɔabotow den, kyerɛwnsɛm a ɛbɛboa wɔn ama wɔadi wɔn haw ahorow ho dwuma, ne kyerɛwnsɛm a ɛbɛma wɔanya afotu pa ne nkuranhyɛ.

Sɛnea Wubehu Nea Wopɛ Wɔ Nhoma Yi Mu

Sɛ worepɛ asɛmti bi a, bɔ hyɛ hwehwɛ afã hɔ, anaa hwɛ ɔfã a yɛato din “Yɛahyehyɛ No Nsɛmpɔw Nsɛmpɔw” no. Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra no, yɛakyekyɛ mu nson ayɛ no nsɛmpɔw nsɛmpɔw. Nsɛmpɔw no ne: Abrabɔ, Abusua, Asafo No, Da Biara Asetena, Ɔhaw, Suban, ne Yɛne Onyankopɔn Ntam. Nsɛmti no pii wɔ hɔ a, worehwehwɛ a wubehu wɔ ɔsɛmpɔw baako ase. Kɔ ɔsɛmpɔw a wugye di sɛ asɛmti no wɔ no, na hwehwɛ nsɛmti a ɛwɔ hɔ no mu. Nanso sɛ wunnim baabi a wubehu asɛmti a worehwehwɛ no a, klike Ne Nyinaa, na hwehwɛ nsɛmti a ɛwɔ hɔ no mu. Wohwɛ asɛmti biara ase a, wubehu nsɛm bi a yɛde nkyerɛwee a emu piw akyerɛw. Nsɛm no bi yɛ nsɛmmisa, na ebi nso nyɛ nsɛmmisa. Ɛno ase pɛɛ no, wubehu kyerɛwnsɛm a wɔde nkyerɛwee a emu piw akyerɛw. Kenkan kyerɛwnsɛm no na dwinnwen ho hwɛ sɛnea ɛfa asɛm no ho anaa eyi asɛmmisa no ano. Nsɛmti no bi wɔ hɔ a, wɔakyekyɛm ayɛ no nsɛmti nketewa sɛnea ɛbɛyɛ a worehwehwɛ biribi a wubehu no ntɛm. Baabi wɔ hɔ nso a yɛde kyerɛwnsɛm afoforo aka ho, na yɛakyerɛw ho sɛ, “Hwɛ . . . nso.” Ɛma yehu asɛmti no ho nsɛm foforo. Nsɛmti no pii wɔ hɔ a yɛde “Ɛho Nhwɛso a Ɛwɔ Bible Mu” aka ho. Ɛyɛ kyerɛwnsɛm a yɛde nkyerɛmu kakra aka ho, na ɛma yehu asuade a ɛwom. Sɛ worekan kyerɛwnsɛm no a, ma nkyerɛmu a ɛka ho no mmoa wo na woatumi ate ase yiye.

Sɛ wofa asɛmti bi a, worenhu ɛho kyerɛwnsɛm nyinaa wɔ nhoma yi mu. Nanso nea wubenya wɔ mu no bɛboa wo ama woatumi ayɛ nhwehwɛmu a ɛfata. (Mme 2:1-6) Sɛ wopɛ sɛ wodɔ asɛm bi mu asukɔ a, hwɛ Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Wubehu kyerɛwnsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa biara mfinimfini a ɛtwe adwene kɔ Bible mu nsɛm foforo so. Wubetumi nso ahwɛ adesua nsɛm a ɛwɔ Study Bible anaa Adesua Bible no mu. Wubenya bi wɔ Borɔfo kasa, anaa kasa foforo a wutumi kenkan mu. Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea kyerɛwsɛm bi kyerɛ paa a, ɛnde hwɛ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu, anaa kɔ Ɔwɛn-Aban Intanɛt So Nhomakorabea hɔ. Sɛ Watch Tower Publications Index no nso wɔ kasa a wutumi kenkan mu a, wubetumi de ayɛ ho nhwehwɛmu. Wopɛ sɛ wunya ntease a yekura wɔ kyerɛwsɛm bi ho seesei a, ɛnde hwɛ nhoma a ɛbae nkyɛe a wɔatwe adwene asi so no mu.

Yɛn mpaebɔ ne sɛ nyansa, nimdeɛ, ne ntease a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu no, Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra yi bɛboa wo ama woanya bi. Bere a wode nhoma yi reyɛ adwuma no, ɛbɛma woahu paa sɛ, “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.”—Heb 4:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena