Mmabun; Mmofra
Sɛnea Onyankopɔn hu mmofra
Dɛn na ɛma yehu sɛ mmofra ne mmabun som bo paa ma Yehowa?
De 6:6, 7; 14:28, 29; Dw 110:3; 127:3-5; 128:3, 4; Yak 1:27
Hwɛ nea edidi so yi nso: Hio 29:12; Dw 27:10; Mme 17:6
Hwɛ “Abusua” nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 1:27, 28—Ná Yehowa pɛ sɛ nnipa wo hyɛ asaase so ma
Ge 9:1—Nsuyiri no akyi no, Onyankopɔn hyɛɛ mmara sɛ nnipa nwo na wɔnnɔɔso wɔ asaase so bio
Ge 33:5—Tete agya Yakob huu ne mma sɛ akyɛde a Onyankopɔn de adom no
Mr 10:13-16—Yesu dɔ mmofra te sɛ n’Agya
Wɔn a wɔyɛ awurukasɛm tia mmofra anaa wɔteetee wɔn no, sɛn na Yehowa bu wɔn?
Nsɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a yebetumi de ayɛ nnyinaso aka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ akwadaa bɛyɛ n’ade sɛ ɔpanyin?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 33:12-14—Bere a Yakob ne n’abusua retu kwan no, na onim sɛ ne mma no ho nyɛ den, enti wamfa wɔn ankɔ ntɛmntɛm te sɛ mpanyimfo
Amane a mmofra rehu wɔ wiase yi mu no, Onyankopɔn na ama aba saa anaa?
Dɛn na Yehowa aka a ɛma yɛn awerɛhyem sɛ nneɛma a ɛreteetee mmofra ne mpanyin no begyae?
Sɛ obi awofo ammɔ bra pa, anaasɛ bere a ɔyɛ abofra no ɔfaa ateetee mu a, ɛkyerɛ sɛ ne so nni mfaso na ɔno nso bɛyɛ nipabɔne anaa?
Hwɛ De 30:15, 16 nso
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
2Ah 18:1-7; 2Be 28:1-4—Ná Hesekia papa tirim yɛ den, na okum ɔno ankasa mma mpo, nanso Hesekia bɛyɛɛ ɔhene pa a odi nokware
2Ah 21:19-26; 22:1, 2—Ná Yosia papa Amon yɛ nipabɔne, nanso Yosia tumi bɛyɛɛ ɔhene pa
1Ko 10:11, 12—Ɔsomafo Paul maa emu daa hɔ sɛ, yebetumi asua biribi afi afoforo mfomso mu na yɛasi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ saa mfomso no bi
Flp 2:12, 13—Ɔsomafo Paul kaa sɛ, yɛn nyinaa, ɛsɛ sɛ obiara yɛ ne nkwagye ho adwuma
Mmofra ne mmabun asɛde
Mmofra a wɔda so ne wɔn awofo a wɔsom Onyankopɔn te no, Yehowa bu wɔn sɛn?
Sɛ obi awofo som Onyankopɔn a, ɛno kyerɛ sɛ abofra no nso ne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa anaa?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Le 10:1-3, 8, 9—Onyankopɔn kunkum Ɔsɔfo Panyin Aaron mma mmarima; ɛbɛyɛ sɛ na wɔanom nsã abo ntia
1Sa 8:1-5—Ná Samuel yɛ odiyifo nokwafo, nanso ne mma mmarima de, wɔammɔ bra pa
Dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra yɛ na wɔasɔ Onyankopɔn ani?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra kɔ asafo nhyiam?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 15:32-38—Wɔn a wɔhyiaam maa Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn no, na mmofra nkumaa ka ho
Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ mmofra som Onyankopɔn?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
1Sa 17:4, 8-10, 41, 42, 45-51—Yehowa maa abofra Dawid kum ɔbran bi a ne ho yɛ hu, na ɔnam ne so tew ne din ho
2Ah 5:1-15—Yehowa nam Israelni abeawa kumaa bi so boaa ɔsraani panyin bi a ɔnyɛ Israelni ma obehuu nokware Nyankopɔn no
Mt 21:15, 16—Bere a mmofra bi kamfoo Yesu sɛ Mesia no, n’ani sɔe paa
Mmofra a wɔn awofo nsom Onyankopɔn no, Onyankopɔn bu wɔn sɛn?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Nu 16:25, 26, 32, 33—Bere a Yehowa retwe mmarima bi a wɔsɔre tiaa odiyifo Mose ne Ɔsɔfo Panyin Aaron aso no, atemmu no kaa mmarima no abusuafo nso
Nu 26:10, 11—Bere a Kora tew atua no, Onyankopɔn kum no, nanso wankum ne mma mmarima no; ɛbɛyɛ sɛ wɔn nokwaredi nti na Yehowa ankum wɔn
Adɛn nti na ɛnnɛ ɛsɛ sɛ mmofra hwɛ wɔn ayɔnkofa yiye?
Hwɛ 2Ti 3:1-5 nso