Abusua
Yehowa na ɔhyehyɛɛ abusua
Awofo
Hwɛ “Awofo”
Agyanom
Hwɛ “Agyanom”
Ɛnanom
Hwɛ “Ɛnanom; Maamenom”
Okununom, Ɔyerenom
Hwɛ “Aware”
Mma Mmarima Ne Mma Mmea
Dɛn na Yehowa pɛ sɛ mmofra yɛ wɔ abusua mu?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Dw 78:1-8—Israelfo no kaa nea wɔn agyanom yɛe ho asɛm kyerɛɛ wɔn mma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya Onyankopɔn mu gyidi na wɔantew atua
Lu 2:51, 52—Ná bɔne biara nni Yesu ho, nanso ne mmofraase nyinaa ɔyɛɛ osetie maa n’awofo a bɔne wɔ wɔn ho
Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mmofra sɛ wɔbetie wɔn awofo?
Onyankopɔn hu mmofra atuatewfo sɛn?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
De 21:18-21—Sɛ abofra bi nyin bɛyɛ otuatewfo a n’aso yɛ den ne ɔsabofo a ontie n’awofo asɛm, na wɔtu no fo na sɛ ontie a, Mose Mmara no kaa sɛ wɔnkum no
2Ah 2:23, 24—Bere a mmarimaa bi dii Onyankopɔn diyifo Elisa ho agorɔ na wɔbuu no animtiaa no, asisi mmienu bekunkum wɔn mu bi
Hokwan a awofo wɔ sɛ wɔbɛtete mmofra no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔbu no?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Le 26:9—Israelfo bere so no, sɛ obi wo ba a, na obu no sɛ Yehowa na ahyira no
Hio 42:12, 13—Esiane sɛ Hiob dii Yehowa nokware kosii ase nti, Yehowa hyiraa Hiob ne ne yere ma wɔsan woo mma du
Sɛn na anuafoɔ tena a, ɛbɛma Yehowa ani agye?
Dɛn na ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin yɛ ma wɔn awofo ne wɔn nananom?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Ge 11:31, 32—Bere a Abraham retu afi Ur no, ɔde ne papa Tera kaa ne ho kɔe, na ɔhwɛɛ no kosii sɛ owui
Mt 15:3-6—Yesu de Mose Mmara no mu nsɛm kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ mmofra a wɔanyinyin boa wɔn awofo ma wɔnya nea wɔhia
Nsenom
Hwɛ “Nsenom”
Nananom
Hwɛ “Nananom”