Yi a Wɔyi Obi Fi Asafo No Mu
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ma wɔn ani da hɔ na wɔhwɛ ma asafo no ho tew?
Sɛn na onua anaa onuawa bi nneyɛe bɔne betumi aka asafo no nyinaa?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Yos 7:1, 4-14, 20-26—Bɔne a Akan yɛe a na n’abusuafo nso nim ho bi no, ɛkɔfaa ɔhaw brɛɛ ɔman no nyinaa
Yon 1:1-16—Odiyifo Yona asoɔden nti, ɔde wɔn a na wɔne no te po so hyɛn no mu nyinaa nkwa too asiane mu
Abrabɔ bɛn na obi rentumi mfa ntena Kristofo asafo no mu?
Kristoni a wabɔ asu a ɔkɔ so yɛ bɔne a anibere wom no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ no?
Sɛ bɔne a emu yɛ duru ho asɛm bɛtɔ mpanyimfo anim a, Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem?
De 13:12-14; 17:2-4, 7; Mt 18:16; 2Ko 13:1; 1Ti 5:19
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 18:13; 1Ti 5:21
Adɛn nti na ɛtɔ da a, ehia sɛ wɔyi obi fi asafo no mu anaa wɔka obi anim? Sɛn na asafo no betumi anya so mfaso?
Wɔn a wɔayi wɔn afi asafo no mu no, sɛn na Bible se yɛnyɛ wɔn?
Sɛ obi a wɔayi no afi asafo no mu nu ne ho a, obetumi abɛka asafo no ho bio anaa?
Hwɛ “Adwensakra” nso
Dɛn na asafo no muni biara betumi ayɛ ama asafo no ho akɔ so atew?
Hwɛ De 13:6-11 nso
Kristoni bi a wayɛ bɔne a emu yɛ duru betumi anya adwene sɛ ɔka a anhwɛ a wɔbeyi no afi asafo no mu, enti ebia ɔbɛkata ne bɔne no so. Adɛn nti na wei yɛ mfomso?
Dw 32:1-5; Mme 28:13; Yak 5:14, 15
Hwɛ “Bɔne—Bɔneka” nso