Yesu Kristo
Dwuma titiriw bɛn na Yesu di ma Yehowa atirimpɔw ba mu?
Aso 4:12; 10:43; 2Ko 1:20; Flp 2:9, 10
Hwɛ nea edidi so yi nso: Mme 8:22, 23, 30, 31; Yoh 1:10; Adi 3:14
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 16:13-17—Ɔsomafo Petro kaa sɛ, Yesu ne Kristo no, na ɔno ne Onyankopɔn Ba no
Mt 17:1-9—Yesu sakraa wɔ n’asomafo mmiɛnsa anim, na Yehowa fi soro kaa ne Ba no ho asɛm kyerɛɛ wɔn
Onipa biara nte sɛ Yesu. Adɛn ntia?
Yoh 8:58; 14:9, 10; Kol 1:15-17; 1Pe 2:22
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 21:1-9—Bere a Yesu de nkonimdi kowuraa Yerusalem no, ɔmaa nkɔm bi a Yehowa hyɛ faa Mesia a wapaw no sɛ onni hene no baa mu
Heb 7:26-28—Ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, Yesu ne Ɔsɔfo Panyin a ɔsen biara; ɔsɔfo panyin biara nte sɛ ɔno
Anwanwade a Yesu yɛe no, dɛn na ɛma yehu fa ɔne n’Agya ho?
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Mt 4:23, 24—Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ ahonhommɔne, nyarewa, ne ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa so tumi
Mt 14:15-21—Yesu faa anwanwakwan so maa paanoo nnum ne mpataa mmienu yɛɛ bebree, na ɔde maa nnipa mpempem a ɔkɔm de wɔn di mee
Mt 17:24-27—Yesu faa anwanwakwan so ma wɔnyaa sika de boaa Yehowa som, na anto afoforo hintidua
Mr 1:40, 41—Bere a Yesu huu sɛnea ɔkwatani bi rebrɛ no, ɛyɛɛ no mmɔbɔ, enti ɔsaa no yare; ɛno kyerɛ sɛ, Yesu pɛ paa sɛ ɔsa ayarefo yare
Mr 4:36-41—Yesu maa mframa denneennen bi ano brɛɛ ase; ɛno ma yehu sɛ n’Agya ama no abɔde mpo so tumi
Yoh 11:11-15, 31-45—Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Yesu sui; afei Yesu nyanee Lasaro de kyerɛe sɛ, owu ne ɔhaw a owu de ba nnipa so nyinaa, okyi
Dɛn ne asɛntitiriw a na Yesu ka ho asɛm wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu?
Suban a ɛka koma bɛn na Yesu daa no adi bere a na ɔwɔ asaase so no? Hwɛ sɛnea ɔkyerɛe sɛ . . .
Obiara tumi bɛn no—Mt 13:2; Mr 10:13-16; Lu 7:36-50
Obu ade—Lu 2:40, 51, 52; Heb 5:8
Onim nyansa—Mt 12:42; 13:54; Kol 2:3
Ɔbrɛ ne ho ase—Mt 11:29; 20:28; Yoh 13:1-5; Flp 2:7, 8
Ɔwɔ akokoduru—Mt 4:2-11; Yoh 2:13-17; 18:1-6
Ɔwɔ ɔdɔ—Yoh 13:1; 14:31; 15:13; 1Yo 3:16
Ɔwɔ tema ne mmɔborɔhunu—Mr 5:25-34; Lu 7:11-15
Adɛn nti na Yesu fii ne pɛ mu bewui, na mfaso bɛn na yenya fi mu?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ Yesu Kristo redi hene wɔ soro?
Dw 72:12-14; Da 2:44; 7:13, 14; Adi 12:9, 10
Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:
Dw 45:2-7, 16, 17—Dwom yi ma yehu sɛ, Ɔhene a Onyankopɔn apaw no no bedi n’atamfo nyinaa so nkonim, na ɔde nokwaredi ne ahobrɛase na ebedi ade, na wabu atɛntrenee
Yes 11:1-10—Yesu ahenni ase no, asaase bɛdan paradise a asomdwoe wɔ so