Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 104-107
  • Ɔtaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔtaa
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 104-107

Ɔtaa

Adɛn nti na wɔtan Kristofo ani a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wɔn nwanwa?

Mt 10:22; Yoh 15:19-21; 16:2, 3; 2Ti 3:12

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa?

Dw 55:22; 2Ko 12:9, 10; 2Ti 4:16-18; Heb 13:6

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 19:1-18—Bere a nkurɔfo tan odiyifo Elia ani no, ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa, na Yehowa nso hyɛɛ no nkuran kyekyee ne werɛ

    • Aso 7:9-15—Yosef nuanom tan n’ani, nanso Yehowa kɔɔ so bataa ne ho; ogyee Yosef, na ɔnam ne so gyee Yosef abusua

Sɛn na nkurɔfo tan yɛn ani?

Wɔdidi yɛn atɛm; wɔdi yɛn ho fɛw

2Be 36:16; Mt 5:11; Aso 19:9; 1Pe 4:4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 18:17-35—Asiria hene kasamafo Rabsake didii Yehowa atɛm, na obuu Yerusalemfo animtiaa

    • Lu 22:63-65; 23:35-37—Wɔn a wɔtan Yesu ani no yeyaw no, na wɔdii ne ho fɛw bere a wɔkyeree no ne bere a ɔsɛn asɛndua so no

Abusuafo tan yɛn ani

Mt 10:21, 35, 36

Wɔkyere yɛn de yɛn kɔ aban mpanyimfo anim

Mt 10:18; Mr 1:14; Lu 20:20; 21:12; Aso 5:18; 8:3; Adi 2:10

Wɔpira yɛn

Mt 27:29, 30; Yoh 19:1; Aso 5:40; 16:22, 23; 2Ko 11:23-25

Nnipadɔm tow hyɛ yɛn so

Lu 4:28, 29; Aso 14:19; 17:5

Wɔkum yɛn

Mt 24:9; Aso 12:1, 2

Sɛ wɔtan Kristofo ani a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

Mt 5:44; Aso 16:25; 1Ko 4:12, 13; 1Pe 2:23

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 7:57–8:1—Bere a nnipadɔm tow hyɛɛ osuani Stefano so a wɔrekum no no, ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ onhu wɔn a wɔretan n’ani no mmɔbɔ; ná Saul a ofi Tarso ka nnipadɔm no ho

    • Aso 16:22-34—Wɔbɔɔ ɔsomafo Paul mmaa de no bɔɔ dua mu, nanso ɔyɛɛ nea ɔhwɛ afiase hɔ no papa; wei nti, owura no ne n’abusua nyinaa bɛyɛɛ gyidifo

Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no, dɛn na ɛtoo wɔn mu binom?

Aso 7:52, 54, 60

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ho?

Aso 5:41; Flp 1:27-29; Heb 11:24-26

Daakye ho anidaso a yɛwɔ no, sɛn na ɛboa yɛn bere a nkurɔfo retan yɛn ani?

Mt 10:28, 29; Heb 11:35-40

Hwɛ nea edidi so yi nso: Flp 3:8, 10, 11; Adi 2:10

Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, adɛn nti na yɛmma yɛn ani nwu, yɛmmɔ hu, anaa yɛn aba mu mmu, na adɛn nti na yɛnka sɛ ɛno nti yɛrensom Yehowa bio?

Dw 56:1-4; Aso 4:18-20; 2Ti 1:8, 12

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Be 32:1-22—Bere a Ɔhene Senaherib ne n’asraafodɔm pii baa ɔhene pa Hesekia so no, Hesekia de ne ho too Yehowa so, na ɔhyɛɛ ne manfo den; wei nti Yehowa hyiraa no paa

    • Heb 12:1-3—Wɔn a wɔtan Yesu ani no yɛe sɛ wɔbɛma Yesu ani awu, nanso obuu n’ani guu aniwu no so, na wamma nea wɔyɛe no ammu n’aba mu

Sɛ wɔtan yɛn ani a, adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?

Sɛ yɛde animia gyina ɔtaa ano a, ɛma Yehowa ani gye, na ɛhyɛ ne din anuonyam

1Pe 2:19, 20; 4:12-16

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Hio 1:6-22; 2:1-10—Ɔhaw akɛseakɛse a ɛtoo Hiob no, na onnim sɛ Satan na ɛhyɛ akyi, nanso ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware; nea ɔyɛe no hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, na ɛma ɛdaa adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo

    • Da 1:6, 7; 3:8-30—Ná Hanania, Misael, ne Asaria (anaa Sadrak, Mesak, ne Abednego) ayɛ krado sɛ wɔbedi Yehowa nokware na wɔawu owu yayaayaw sen sɛ wɔbɛyɛ Yehowa so asoɔden. Nea efii mu bae ne sɛ, Ɔhene Nebukadnesar a ɔsom abosom no yii Yehowa ayɛ wɔ baguam

Ɔtaa tumi bue kwan ma yedi nkurɔfo adanse

Lu 21:12, 13; Aso 8:1, 4

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 11:19-21—Kristofo a ɔtaa bɔɔ wɔn hwetee no kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ mmeae pii

    • Flp 1:12, 13—Ɔsomafo Paul ani gyei sɛ afiase a wɔde no toe no maa asɛmpa no nyaa nkɔso mmom

Sɛ yemia yɛn ani gyina ɔtaa ano a, ebetumi ahyɛ yɛn nuanom Kristofo den

Flp 1:14; 2Te 1:4

Dɛn na ɛma yehu sɛ, sɛ nkurɔfo tan Onyankopɔn asomfo anokwafo ani a, mpɛn pii no, ɔsom mpanyimfo ne amanyɔfo na ɛhyɛ akyi?

Yer 26:11; Mr 3:6; Yoh 11:47, 48, 53; Aso 25:1-3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 19:24-29—Abosonsom a na Kristofo kasa tia no, wɔn a na wɔn adwuma ne sɛ wɔyɛ Artemi abosom dan wɔ Efeso no huu no sɛ ɛbɛma wɔn mfaso abɔ wɔn, enti wɔtan Kristofo no ani

    • Ga 1:13, 14—Ansa na Paul (anaa Saul) rebɛyɛ Kristoni no, na ɔmfa Yudasom a ɔwom no nni agorɔ, enti otuu n’ani sii Kristofo asafo no so

Tan a nkurɔfo tan Yehowa nkurɔfo ani nyinaa, hena na ɔhyɛ akyi?

1Pe 5:8; Adi 12:17

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena