Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 104
  • Ɔsom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 104

Ɔsom

Hena nko ara na ɛfata sɛ yɛsom no?

Ex 34:14; De 5:8-10; Yes 42:8

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 4:8-10—Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ, ɔbɔ ne mu ase baako pɛ som no a, ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Ná Yesu asi ne bo sɛ Yehowa nko ara na ɔbɛsom no, enti wamfa ne ti annye

    • Adi 19:9, 10—Ɔbɔfo bi a ɔwɔ tumi kɛse ampene amma ɔsomafo Yohane ankotow no

Sɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛsom no?

Yoh 4:24; Yak 1:26, 27

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yes 1:10-17—Nnipa a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔsom Yehowa nanso wɔmfa n’asɛm mmɔ wɔn bra no, n’ani nnye wɔn som ho; ɛyɛ no tan koraa

    • Mt 15:1-11—Yesu kaa biribi a ɛma yehu sɛ, ɔsom a emfi komam a egyina nnipa ahyɛde so no, Yehowa ani nnye ho

Sɛ biribiara nsiw yɛn kwan a, henanom na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn som Yehowa?

Heb 10:24, 25

Hwɛ Dw 133:1-3 nso

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Aso 2:40-42—Asomafo no bere so no, Kristofo boom bɔɔ mpae, wɔbɔɔ fekuw, na wɔboom suaa nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn hɔ

    • 1Ko 14:26-40—Ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ anuanom sɛ wɔkɔ asafo nhyiam a, wɔmma nneɛma nkɔ so, ne kwan so ne kwan so, na nhyiam no nhyɛ obiara nkuran, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛte nea wɔresua no ase

Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛn som asɔ Yehowa ani?

Mt 7:21-24; 1Yo 2:17; 5:3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Heb 11:6—Ɔsomafo Paul kyerɛɛ mu sɛ yehia gyidi na yɛn som atumi asɔ Yehowa ani yiye

    • Yak 2:14-17, 24-26—Yesu nua Yakobo kyerɛɛ mu sɛ ehia sɛ yɛde nnwuma ka yɛn gyidi ho. Yɛn gyidi na epusuw yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena