Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 12
  • Ma Wo Bo Nyɛ Duru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Bo Nyɛ Duru
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • ‘Enti Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 12

YƐ ASUAFO

Ɔbarima bi abu nkotodwe wɔ Yesu ne n’asuafo anim. Sɛnea Yesu ne no rekasa no, wutumi hu sɛ ɔdɔ aberante no.

Mar. 10:17-22

ADESUA 12

Ma Wo Bo Nyɛ Duru

Nnyinasosɛm: “Ngo ne aduhuam ma koma di ahurusi, saa ara na adamfo a otu fo a ɔmfa biribiara nsie no ma adamfofa yɛ dɛ.”—Mmeb. 27:9.

Nea Yesu Yɛe

Ɔbarima bi abu nkotodwe wɔ Yesu ne n’asuafo anim. Sɛnea Yesu ne no rekasa no, wutumi hu sɛ ɔdɔ aberante no.

VIDEO: Yesu Tuu Aberante Bi a Ɔyɛ Otumfoɔ San Yɛ Osikani Fo

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Marko 10:​17-22. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Aberante a ɔyɛ otumfoɔ no, suban pa bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Yesu huu wɔ ne ho?

  2. Adɛn nti na na ehia sɛ Yesu nya ɔdɔ ma aberante no na ɔma ne bo yɛ duru ansa na watumi atu no fo?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Yɛpɛ sɛ yɛn Bible asuafo nya nkɔso wɔ Yehowa som mu a, ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ ma wɔn, nanso sɛ biribi nkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ yetumi ma wɔhu.

Suasua Yesu

3. Boa wo suani ma ɔmfa botae nsisi n’ani so na ɔnyɛ ho adwuma.

  1. a. “Fa Wei Si W’ani So” afã a ɛwɔ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no mu no, fa boa osuani no ma ɔmfa botae nsisi n’ani so.

  2. b. Boa osuani no ma onhu nneɛma pɔtee a ehia sɛ ɔyɛ na watumi adu botae nketewa ne akɛse bi ho.

  3. d. Ɛyɛ a taa kamfo no wɔ ne mmɔdenbɔ ho.

4. Nneɛma a ɛretwe wo suani no san no, ɛsɛ sɛ wuhu na woboa no ma otumi di so.

  1. Bisa wo ho sɛ:

    • ‘Sɛ me suani no ntuu anammɔn a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ onya nkɔso bɛbɔ asu a, dɛn na ɛresiw no kwan?’

    • ‘Nneɛma bɛn saa na metumi ayɛ de aboa no?’

  2. Nea ehia sɛ osuani no yɛ no, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo bo nyɛ duru na woatumi aka ho asɛm wɔ ɔdɔ so.

5. Adesua a ennya nkɔso no, twa so.

  1. Nea ɛbɛma woahu sɛ Bible adesua no rekɔ yiye anaa ɛnkɔ yiye no, bisa wo ho sɛ:

    • ‘Me suani no de nea ɔresua no rebɔ ne bra?’

    • ‘Ɛyɛ a ɔba asafo nhyiam? Na nea onim no nso ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo?’

    • ‘Sɛ moasua ade akɔ akyiri a, ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Danseni anaa?’

  2. Sɛ Bible suani bi mpɛ sɛ ɔbɛkɔ n’anim a, . . .

    • Ka kyerɛ no sɛ onnye bere nnwinnwen nneɛma a ɛresiw no kwan no ho.

    • To wo bo ase ma no nhu sɛ sɛnea nneɛma rekɔ no, gye sɛ mode adesua no si hɔ ara.

    • Nneɛma a ɔyɛ a, ɛbɛma moasan afi adesua no ase no, ma onhu.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Dw. 141:5; Mmeb. 25:12; 27:6; 1 Kor. 9:26; Kol. 4:​5, 6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena