August
Fida, August 1
Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no fi ne nyinaa mu. —Dw. 34:19.
Hyɛ nsɛntitiriw mmienu a ɛwɔ dwom no mu no nsow: (1) Atreneefo mfaa wɔn ho nnii; wɔn nso hyia ɔhaw. (2) Yɛkɔ sɔhwɛ mu a, Yehowa twitwa gye yɛn. Ɔyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne sɛ, ɔboa yɛn ma yehu sɛnea asetena te ankasa. Ɛwom sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛsom no a yɛn ani begye, nanso ɔnhyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔkwan biara so biribiara bɛkɔ tɔɔtee. (Yes. 66:14) Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛbɔ a wahyɛ yɛn sɛ daakye yebegye yɛn ani afebɔɔ no, ɛno na yɛmfa yɛn adwene nsi so. (2 Kor. 4:16-18) Nanso seesei de, ɔboa yɛn da biara ma yɛkɔ so som no. (Kwa. 3:22-24) Yehowa asomfo anokwafo bi a wɔn nhwɛso wɔ Bible mu ne yɛn bere yi so no, dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ? Yebetumi ahyia ɔhaw a yɛnhwɛ kwan. Nanso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn bere nyinaa.—Dw. 55:22. w23.04 14-15 ¶3-4
Memeneda, August 2
‘Mommrɛ mo ho ase nhyɛ atumfo a wɔkorɔn no ase.’—Rom. 13:1.
Yebetumi asua biribi afi Yosef ne Maria nhwɛso no mu. Bere a atumfoɔ a wɔkorɔn no hyɛɛ mmara bi a na ɛbɛma wɔn ho akyere wɔn mpo no, na wɔayɛ krado sɛ wɔbedi so. (Luka 2:1-6) Aka kakra ma Maria awo no, aban no hyɛɛ mmara bi a na ɛyɛ den sɛ ɔne Yosef bedi so. Augusto a na odi Roma Ahemman no so no hyɛe sɛ obiara nkɔkyerɛw ne din wɔ ne kurom. Ná ɛsɛ sɛ Yosef ne Maria twa kwan kilomita 150 anaa akwansin 93 kɔ Betlehem. Ɛno da nkyɛn a, na ɔkwan no nso yɛ mmepɔwmmepɔw. Ná akwantu no bɛyɛ den ama wɔn, ɛnkanka Maria. Sɛnea ɛbɛyɛ a Maria ne abofra a ɔhyɛ yafunu mu no bedu fie dwoodwoo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛho asɛm haw Yosef ne Maria nyinaa. Ebia na wɔrebisa wɔn ho sɛ, ‘Na sɛ awo ka Maria wɔ ɔkwan so a, dɛn na yɛbɛyɛ?’ Ná ɛho asɛm haw wɔn, efisɛ abofra a ɔhyɛ yafunu mu no, na ɔno ne Mesia a wɔrehwɛ no kwan no. Wohwɛ a, wei nti na Yosef ne Maria bɛka sɛ wɔrentie aban no anaa? Yosef ne Maria amma saa ɔhaw yi mu biara ansiw wɔn kwan sɛ wɔbedi saa mmara no so. Osetie a wɔyɛe no nti, Yehowa hyiraa wɔn. Maria tumi koduu Betlehem a bɔne biara ansi, na abofra a ɔwoo no no nso, na ne ho twa kama. Afei nso, osetie a wɔyɛe nti, ɛboa maa Bible nkɔmhyɛ baam.—Mika 5:2. w23.10 8 ¶9, 11; 9 ¶12
Kwasida, August 3
Yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran.—Heb. 10:25.
Sɛ wopɛ sɛ woma mmuae wɔ adesua ase na wo yam hyehye wo a, dɛn na wubetumi ayɛ? Wusiesie wo ho yiye a, ebetumi aboa wo. (Mmeb. 21:5) Sɛ wote nea yɛresusuw ho no ase yiye a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛma mmuae. Afei nso, ma wo mmuae no nyɛ tiawa. (Mmeb. 15:23; 17:27) Sɛ woma mmuae ntiantia a, ɛremma wo yam nhyehye wo pii. Sɛ wo ara wode wo nsɛm ma mmuae tiawa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woasiesie wo ho yiye, na wote nea moresua no ase paa. Yɛmfa no sɛ wode nyansahyɛ yi bi ayɛ adwuma, nanso wo yam da so ara hyehye wo sɛ wobɛma mmuae pii. Ɛnde, nya awerɛhyem sɛ mmɔden biara a wobɛbɔ no, Yehowa ani bɛsɔ. (Luka 21:1-4) Yehowa nka sɛ yɛnyɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so. (Filip. 4:5) Fa botae a wubetumi adu ho si w’ani so, na srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na wo yam anhyehye wo pii. Ahyɛase no de, wubetumi de asi w’ani so sɛ wobɛma mmuae tiawa baako. w23.04 21 ¶6-8
Dwoda, August 4
Yɛnhyɛ . . . nkatabo, na yɛnhyɛ . . . dade kyɛw.—1 Tes. 5:8.
Ɔsomafo Paul kaa sɛ yɛte sɛ asogyafo a wɔn ani da hɔ a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Sogyani de, ɛsɛ sɛ ɔyɛ krado bere nyinaa na sɛ ntɔkwaw ba a, watumi ako. Yɛn nso, saa ara na yɛn tebea no te. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne nkwagye anidaso dade kyɛw de kyerɛ sɛ yɛasiesie yɛn ho ama Yehowa da no. Ná nkatabo bɔ sogyani koma ho ban. Yɛn nso, gyidi ne ɔdɔ bɔ yɛn koma ho ban. Saa suban mmienu yi bɛboa yɛn ma yɛakɔ so asom Onyankopɔn na yɛadi Yesu akyi. Gyidi ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛde yɛn koma nyinaa hwehwɛ Yehowa a, obetua yɛn ka. (Heb. 11:6) Sɛ yehyia ɔhaw mpo a, gyidi bɛboa yɛn ma yɛakɔ so abata yɛn Kannifo Yesu ho. Yɛn bere yi so no, ɛmfa ho ɔsɔretia anaa sikasɛm mu ahokyere a anuanom binom hyiae no, wɔkɔɔ so dii nokware. Sɛ yesuasua wɔn a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den ma yɛatumi agyina asetena mu haw ano. Sɛ yesuasua wɔn a wɔtwitwaa nneɛma so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Ahenni no bedi kan a, ɛbɛboa yɛn na yɛn ani ammere sika ne nneɛma. w23.06 10 ¶8-9
Benada, August 5
Nea ɔhwɛ omununkum no, ɔrentwa nnɔbae.—Ɔsɛnk. 11:4.
Obi a ɔhyɛ ne ho so no, sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ adepa bi anaa ɛsɛ sɛ ɔtwe ne ho fi adebɔne bi ho na ɛyɛ den ma no mpo a, omia n’ani yɛ. Sɛ yebetumi adu yɛn botae ho a, ehia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, ɛnkanka bere a ɛyɛ den sɛ yebedu botae bi a yɛde asi yɛn ani so ho, anaa biribiara nkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ no. Kae sɛ, ahohyɛso ka honhom aba no ho, enti srɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa wo na woatumi anya suban a ehia yi. (Luka 11:13; Gal. 5:22, 23) Ntwɛn sɛ biribiara bɛtotɔ ne kwan mu ansa. Wiase yi mu de, ɛda adi sɛ, yɛrentumi nnya biribiara pɛpɛɛpɛ da. Enti sɛ yɛretwɛn sɛ biribiara bɛtotɔ ne kwan mu ansa a, ebia yɛrentumi nnu yɛn botae ho da. Sɛ yɛde botae bi a ɛyɛ den paa sɛ yebedu ho si yɛn ani so a, ebia biribiara renkanyan yɛn sɛ yɛnyɛ ho adwuma. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ɛnde adɛn na womfa ketewa bi a wubetumi adu ho mmom nsi w’ani so? Sɛ suban pa bi na wopɛ sɛ wunya a, adɛn na wumfi ase nna no adi nkakrankakra? Sɛ wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible no nyinaa a, wubetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma woakenkan no nkakrankakra anaa? w23.05 29 ¶11-13
Wukuda, August 6
Atreneefo kwan te sɛ anɔpa hann a ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.—Mmeb. 4:18.
Awiei bere yi mu nyinaa, Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ma yɛn honhom fam aduan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nyinaa bɛkɔ so afa “Ɔkwan Kronkron” no so. (Yes. 35:8; 48:17; 60:17) Yebetumi aka sɛ bere biara a obi bɛpene so sɛ yɛne no nsua Bible no, na wafi ase refa “Ɔkwan Kronkron” no so. Ebinom fa kwantempɔn no so kakraa bi a na wɔafi so. Afoforo nso asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so afa so kosi sɛ wɔbedu baabi a wɔrekɔ no. Ɛnde, yemmisa sɛ ɛhefa na wɔrekɔ? Wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no, “Ɔkwan Kronkron” no de wɔn bɛkɔ akopue “Onyankopɔn paradise mu” wɔ soro. (Adi. 2:7) Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so nso, saa kwantempɔn no de wɔn bɛkɔ pɛyɛ mu wɔ mfirihyia 1,000 no awiei. Ɛnnɛ, sɛ wonam saa kwantempɔn no so a, nhwɛ w’akyi. Afei nso, mfi kwantempɔn no so kosi sɛ wubedu wiase foforo no mu. w23.05 17 ¶15; 19 ¶16-18
Yawda, August 7
Yɛda ɔdɔ adi, efisɛ ɔno na odii kan dɔɔ yɛn.—1 Yoh. 4:19.
Nea Yehowa ayɛ ama wo nyinaa, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛkanyan wo ama woahyira wo ho so ama no. (Dw. 116:12-14) Bible kae a ɛmmoa sɛ Yehowa na ɔma yɛn “akyɛde pa ne akyɛde a edi mu biara.” (Yak. 1:17) Akyɛde no mu nea ɛsen biara ne ne Ba Yesu a ɔde no bɛbɔɔ afɔre maa yɛn no. Wo de, hwɛ mfaso a ɛwɔ agyede no so! Agyede no nti, wubetumi ne Yehowa afa adamfo denneennen. Afei nso, wama woanya anidaso sɛ wubetumi atena ase daa. (1 Yoh. 4:9, 10) Enti hyira a wubehyira wo ho so ama Yehowa no yɛ ɔkwan baako a wobɛfa so akyerɛ sɛ ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ada no adi ne nhyira afoforo a wama woanya no, w’ani sɔ.—Deut. 16:17; 2 Kor. 5:15. w24.03 5 ¶8
Fida, August 8
Nea ɔnantew trenee mu no suro Yehowa.—Mmeb. 14:2.
Yɛhwɛ sɛnea nkurɔfo abrabɔ asɛe nnɛ a, yɛte nka te sɛ ɔtreneeni Lot. “Mmaratofo no ahohwibra maa ne ho hiahiaa” no, efisɛ na onim sɛ yɛn soro Agya no kyi ɔbrabɔne. (2 Pet. 2:7, 8) Esiane sɛ na Lot suro Onyankopɔn na ɔdɔ no nti, ɔbrabɔne a na nnipa a atwa ne ho ahyia rebu no, wamfa ne ho anhyɛ mu. Yɛn nso, nnipa a atwa yɛn ho ahyia no mfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. Ne nyinaa mu no, sɛ yɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu yɛ den na yesuro no a, yɛn abrabɔ ho bɛtew. Ɛno nti, Yehowa ama yɛn nkuranhyɛsɛm wɔ Mmebusɛm nhoma no mu a ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ saa. Kristofo nyinaa, sɛ yɛyɛ mmarima oo, mmea oo, mpanyin oo, mmofra oo, sɛ yetie afotu pa yi a, ɛbɛboa yɛn paa. Sɛ yesuro Yehowa a, yɛbɛhwɛ yiye na yɛamfa nnamfo bɔne ansusuw sɛ ɛnyɛ hwee. w23.06 20 ¶1-2; 21 ¶5
Memeneda, August 9
Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ nea ɔno ara pɛ bio. Mmom ɔmfa n’asɛndua da biara da na onni m’akyi daa.—Luka 9:23.
Yehowa som nti, ebia w’abusuafo atan w’ani, anaa ebia wode honam fam nneɛma bi abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wode Ahenni no bedi kan. (Mat. 6:33) Sɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ahu nea woayɛ ama no no nyinaa. (Heb. 6:10) Ɛda adi sɛ, woahu sɛ Yesu asɛm a edi so yi yɛ nokware: “Obiara nni hɔ a wagyaw ɔdan anaa nua mmarima anaa nua mmea anaa maame anaa papa anaa mma anaa nsaase, me ne asɛmpa no nti a ɔrennya no mmɔho 100 saa bere yi. Obenya adan ne nua mmarima ne nua mmea ne maamenom ne mma ne nsaase, na wɔbɛtan n’ani aka ho, na wanya daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.” (Mar. 10:29, 30) Nhyira a woanya no dɔɔso koraa sen biribiara a wode abɔ afɔre.—Dw. 37:4. w24.03 9 ¶5
Kwasida, August 10
Ɔyɔnko berɛbo de, ɔkyerɛ ne dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwoo no maa amanehunu bere.—Mmeb. 17:17.
Bere a ɔkɔm kɛse bi sii Yudea no, anuanom a ɛwɔ Antiokia asafo a na ɛwɔ Siria no “yɛɛ adwene sɛ, nea obiara betumi biara, ɔde bɛba ama wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.” (Aso. 11:27-30) Ɛwom sɛ na anuanom a wɔredi kɔm no te akyirikyiri, nanso na Kristofo a ɛwɔ Antiokia no asi wɔn bo sɛ wɔbɛboa wɔn. (1 Yoh. 3:17, 18) Yɛn nso, sɛ atoyerɛnkyɛm bi si, na yɛte sɛ yɛn nuanom ho aka a, ntɛm ara, yebetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛwɔ tema. Ebia yebetumi abisa asafo mu mpanyimfo no sɛ biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de aboa anaa. Yebetumi nso ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no, anaa yebetumi nso abɔ mpae ama wɔn a atoyerɛnkyɛm no ama wɔn ho aka no. Afei nso, ebia ɛho behia sɛ yɛboa yɛn nuanom ma wɔn nsa ka nneɛma a wɔhia. Sɛ bere so na yɛn Hene, Kristo Yesu rebebu atɛn a, yɛpɛ sɛ ɔba behu sɛ yɛyɛ nnipa a yɛwɔ tema, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde ‘Ahenni no bɛma’ yɛn.—Mat. 25:34-40. w23.07 4 ¶9-10; 6 ¶12
Dwoda, August 11
Momma nnipa nyinaa nhu sɛ mote asɛm ase.—Filip. 4:5.
Sɛnea Yehowa yɛ fakaa no, Yesu suasuae. Yehowa somaa no baa asaase so sɛ ɔmmɛka asɛmpa no nkyerɛ “Israel fi nguan a wɔayera no.” Nanso bere a na ɔreyɛ saa adwuma no, ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ fakaa. Bere bi, ɔbea bi a na ɔnyɛ Israelni de ne babea a “ahonhommɔne reteetee” no baa ne nkyɛn, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔnsa no yare mma no. Yesu huu ɔbea no mmɔbɔ, na ɔsaa ne babea no yare. (Mat. 15:21-28) Yɛnhwɛ nhwɛso foforo. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔpo me . . . no, me nso mɛpo no.” (Mat. 10:33) Nanso bere a Petro poo no mprɛnsa no, ɔno nso poo no anaa? Daabi. Yesu hui sɛ Petro anu ne ho, na ɔyɛ onipa pa. Bere a wɔnyan Yesu fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Petro, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɔde ne bɔne akyɛ no, na ɔda so ara dɔ no. (Luka 24:33, 34) Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo nyinaa yɛ fakaa. Yɛn nso ɛ? Yehowa mpɛ sɛ yɛyɛ kyenkyenenn. w23.07 21 ¶6-7
Benada, August 12
Na owu nni hɔ bio.—Adi. 21:4.
Dɛn na yebetumi aka akyerɛ nkurɔfo ama wɔagye adi sɛ Paradise bɛba ampa? Nea edi kan, Yehowa ankasa na wahyɛ bɔ no. Adiyisɛm nhoma no ka sɛ: “Nea ɔte ahengua no so no kae sɛ: ‘Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.’” Ɔwɔ nyansa ne tumi a ɔde bɛma ne bɔhyɛ no abam, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nso. Nea ɛtɔ so mmienu, Yehowa ani so de, ɛbɔ a ɔhyɛe no abam dedaw. Ɛno nti na ɔkaa sɛ: “Nsɛm yi yɛ nokware, na ɛrenni huammɔ. . . . Aba mu awie!” no. Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Yehowa fi biribi ase a, ɔmfa nkɔso kwan mu; ɔyɛ wie. Ɛno nti na ɔkaa sɛ: “Mene Alfa ne Omega” no. (Adi. 21:6) Yehowa bɛma ada adi sɛ Satan yɛ ɔtorofo na wadi nkogu pɔtɔɔ. Enti sɛ obi ka sɛ, “Nea woreka yi de, wugye di sɛ ɛbɛbam?” a, kenkan Adiyisɛm 21:5, 6 na kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no. Ma onhu sɛnea ɛbɔ a Yehowa ahyɛ no, ɔde ne nsa ahyɛ ase de akyerɛ sɛ ɔkwan biara so ɛbɛbam.—Yes. 65:16. w23.11 7 ¶18-19
Wukuda, August 13
Mɛyɛ wo ɔman kɛse.—Gen. 12:2.
Ná Abraham adi mfe 75, nanso na onni ba. Saa bere no na Yehowa hyɛɛ no saa bɔ no. Saa bɔhyɛ no baa mu maa Abraham hui anaa? Ohuu bi, nanso ɛnyɛ ne nyinaa. Bere a Abraham twaa Eufrate Asubɔnten akyi no, ɔtwɛnee mfe 25 ansa na Yehowa nam anwanwakwan so ma ɔwoo ne ba Isak. Afei ɔsan twɛnee mfe 60 ansa na wɔrewo ne mmanana Esau ne Yakob. (Heb. 6:15) Nanso bere a Abraham asefo bɛyɛɛ ɔman kɛse na wɔnyaa bɔhyɛ asaase no, wanhu. Ne nyinaa akyi no, na saa ɔbarima nokwafo yi ne ne Bɔfo no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den. (Yak. 2:23) Sɛ wɔnyan Abraham ba nkwa mu bio a, ɔbɛba abehu sɛ gyidi ne abotare a onyae nti, asaase so aman nyinaa anya nhyira. Hwɛ sɛnea n’ani begye afa! (Gen. 22:18) Dɛn na yesua fi mu? Ebia yɛrenhu sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa reba mu saa bere yi. Nanso, sɛ yenya abotare te sɛ Abraham a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira yɛn nnɛ, na obehyira yɛn kɛse paa wɔ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no mu.—Mar. 10:29, 30. w23.08 24 ¶14
Yawda, August 14
Bere a ɔhwehwɛɛ Yehowa nyinaa, nokware Nyankopɔn no ma esii no yiye.—2 Be. 26:5.
Ɔhene Usia yɛ aberantewa no, na ɔbrɛ ne ho ase. Ɔyeree ne ho sɛ “obesuro nokware Nyankopɔn no.” Ɔtenaa ase mfe 68, na emu dodow no ara, Yehowa hyiraa no. (2 Be. 26:1-4) Aman a na wɔtan Israelfo no, Usia dii wɔn mu bebree so nkonim, na omiaa bammɔ a na ɛwɔ Yerusalem no mu. (2 Be. 26:6-15) Biribiara a Yehowa boaa Usia ma otumi yɛe no, ɛda adi sɛ ɛmaa Usia ani gyei. (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Esiane sɛ na Usia yɛ ɔhene nti, daa na ɔde akwankyerɛ ma nkurɔfo. Ebia ɛbɛyɛ sɛ ɛno ma onyaa adwene sɛ obetumi ayɛ nea ɔpɛ biara. Da bi, ahantan nti Usia kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ afɔremuka no so. Nanso na ɛno nyɛ ahemfo adwuma. (2 Be. 26:16-18) Ɔsɔfo Panyin Asaria ka kyerɛɛ Usia sɛ ɛnyɛ ne kwan so sɛ ɔbɛhyew aduhuam no, nanso ne bo fuwii. Awerɛhosɛm ne sɛ, Usia sɛee din pa a na ɔde mfe bebree anya no, na Yehowa maa kwata yɛɛ no. (2 Be. 26:19-21) Sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase a, hwɛ sɛnea anka ebewie no yiye! w23.09 10 ¶9-10
Fida, August 15
Esiane sɛ na osuro wɔn a wɔatwa twetia no nti, . . . ɔtwee ne ho fii amanaman mufo no ho.—Gal. 2:12.
Bere a wɔde honhom kronkron sraa ɔsomafo Petro no, ɛno akyi mpo no, na ne mmerɛwyɛ da so ara teetee no. Afe 36 Y.B. no, na Petro wɔ hɔ bi na wɔde honhom kronkron sraa Kornelio a ɔyɛ amanaman muni a na wɔntwaa no twetia no. Ná wei yɛ adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn nyiyi nnipa mu,” na wɔn a wɔnyɛ Yudafo nso betumi abɛka Kristofo asafo no ho. (Aso. 10:34, 44, 45) Ɛno akyi no, Petro fii ase ne wɔn a ɛnyɛ Yudafo didii. Kan no a, anka ɔrenyɛ biribi a ɛte saa da. Nanso Yudafo Kristofo no bi tee nka sɛ, ɛnsɛ sɛ Yudafo ne wɔn a ɛnyɛ Yudafo bom didi. Bere a wɔn a ɛwɔ saa adwene no bi baa Antiokia no, Petro ne anuanom a wɔnyɛ Yudafo no annidi bio. Ɛbɛyɛ sɛ na osuro sɛ ɛbɛhaw Yudafo Kristofo no nti na ɔyɛɛ saa. Ɔsomafo Paul huu Petro nyaatwom no, na ɔkaa n’anim maa obiara hui. (Gal. 2:13, 14) Saa mfomso a Petro dii yi nyinaa akyi mpo no, wampa abaw. w23.09 22 ¶8
Memeneda, August 16
Ɔbɛma moagyina pintinn. —1 Pet. 5:10.
Sɛ wopɛɛpɛɛ wo ho mu a, ebia wubehu sɛ wotɔ sin wɔ baabi. Wuhu no saa a, mma w’abam mmmu. “Awurade yam ye,” na ɔbɛboa wo ama woayɛ nsakrae biara a ehia. (1 Pet. 2:3) Ɔsomafo Petro ma yɛn awerɛhyem sɛ: ‘Onyankopɔn ankasa bewie mo ntetee. Ɔbɛma mo ase atim.’ Bere bi, na Petro te nka sɛ ɔmfata sɛ ɔbɛn Onyankopɔn Ba no. (Luka 5:8) Nanso Yehowa ne Yesu boaa no; wei boaa Petro ma ɔkɔɔ so dii Kristo akyi. Ɛno buee hokwan maa Petro ‘kɔɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo daa Ahenni no mu.’ (2 Pet. 1:11) Wei yɛ akatua kɛse paa! Sɛnea Petro ampa abaw no, sɛ wusuasua no, na woma Yehowa tete wo a, wo nso wubenya daa nkwa, kyerɛ sɛ, ‘wo gyidi nti, wo nsa bɛka wo nkwagye no.’—1 Pet. 1:9. w23.09 31 ¶16-17
Kwasida, August 17
Monsom Nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asaase . . . no.—Adi. 14:7.
Ná tete ntamadan no wɔ adiwo baako; ná ɛtrɛw, na na wɔagye ho ban. Ɛhɔ na na asɔfo no yɛ wɔn asɔfodwuma. Nneɛma a na ɛwɔ adiwo hɔ ni: afɔremuka kɛse a wɔde kɔbere ayɛ a na wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so, ne ɔsɛn a wɔde kɔbere ayɛ. Ɔsɛn no na na wɔde nsu gu mu ma asɔfo no de hohoro wɔn ho ansa na wɔakɔyɛ wɔn asɔfodwuma. (Ex. 30:17-20; 40:6-8) Ɛnnɛ, Kristo nuanom a Yehowa de honhom kronkron asra wɔn a wɔwɔ asaase so no, wɔde nokwaredi som wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo a ɛwɔ mfinimfini no. Ɔsɛn kɛse a nsu wɔ mu a na esi ntamadan no mu ne asɔrefie hɔ no, ɛma Kristofo a wɔasra wɔn ne Kristofo a wɔaka nyinaa kae ade titiriw bi. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ daa wɔma wɔn abrabɔ ne ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no ho tew. Ɛnde, “nnipakuw kɛse” no, ɛhe na wɔgyina som Yehowa? Ɔsomafo Yohane hui sɛ ‘wogyinagyina ahengua no anim na wɔde ɔsom kronn rema Onyankopɔn awia ne anadwo wɔ n’asɔrefi.’ Nnipakuw kɛse no yɛ saa wɔ asaase so ha wɔ honhom fam asɔrefie no adiwo a ɛwɔ akyi no. (Adi. 7:9, 13-15) Ɛyɛ yɛn anigye paa sɛ yɛanya hokwan kɛse resom Yehowa wɔ ne honhom fam asɔrefie kɛse no mu! w23.10 28 ¶15-16
Dwoda, August 18
Onyankopɔn bɔhyɛ nti, . . . ne gyidi ma onyaa ahoɔden.—Rom. 4:20.
Ɔkwan foforo a Yehowa fa so ma yɛyɛ den ne sɛ, ɔfa asafo mu mpanyimfo no so. (Yes. 32:1, 2) Enti, sɛ dadwen hyɛ wo so a, ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no. Mmoa a wɔpɛ sɛ wɔde ma wo no, ma w’ani nsɔ na gye tom. Yehowa nam wɔn so betumi ama woayɛ den. Bible ama yɛanya anidaso sɛ yebetumi anya daa nkwa; ebinom bɛtena ase daa wɔ asaase so wɔ Paradise, na ebinom nso bɛkɔ soro. Anidaso a ɛte saa no nso betumi ahyɛ yɛn den. (Rom. 4:3, 18, 19) Saa anidaso yi hyɛ yɛn den ma yetumi gyina sɔhwɛ a yehyia ano, ɛma yetumi ka asɛmpa no, na ɛma yetumi yɛ dwumadi biara a yɛwɔ wɔ asafo no mu. (1 Tes. 1:3) Saa anidaso koro yi ara hyɛɛ ɔsomafo Paul den. Bible ka sɛ, ‘womiaa no denneennen,’ ‘n’adwene tu frae,’ ‘wɔtan n’ani,’ na ‘wɔbɔɔ no hwee fam.’ Ɛtɔ da a, na ne nkwa mpo da asiane mu. (2 Kor. 4:8-10) Anidaso a na Paul wɔ a ɔde n’adwene sii so no, ɛno na ɛhyɛɛ no den ma otumi gyinaa sɔhwɛ ano. (2 Kor. 4:16-18) Paul de n’adwene sii anidaso a na ɔwɔ sɛ ɔbɛkɔ soro no so. Paul dwinnwen saa anidaso no ho, ɛno nti, na ɔte nka sɛ ‘wayɛ foforo da biara da.’ w23.10 15-16 ¶14-17
Benada, August 19
Yehowa bɛma ne nkurɔfo ahoɔden. Yehowa de asomdwoe behyira ne nkurɔfo.—Dw. 29:11.
Sɛ worebɔ mpae a, bisa wo ho sɛ, ‘Bere aso sɛ Yehowa yɛ m’abisade no ma me anaa?’ Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa bua yɛn mpaebɔ amonom hɔ ara. Nanso nea ɛwom ne sɛ, Yehowa nim bere a eye paa a ɛsɛ sɛ ɔboa yɛn. (Heb. 4:16) Sɛ yɛde yɛn adesrɛ bi to Yehowa anim na yɛannya ho mmuae amonom hɔ ara a, ebia yebenya adwene sɛ Yehowa reka sɛ ɔrenyɛ. Nanso ebia nea na Yehowa reka ne sɛ ‘Twɛn kakra.’ Yɛbɛyɛ nhwɛso a, onua aberante bi a ɔyare bɔɔ mpae sɛ Yehowa mma ne ho ntɔ no, nanso, ne ho antɔ no. Sɛ Yehowa saa no yare anwanwakwan so a, anka ebia Satan bɛka sɛ ayaresa a onua no nyae nti na ɔda so ara resom Yehowa. (Hiob 1:9-11; 2:4) Yehowa ayi bere bi asi hɔ a ɔde bɛsa ayarefo nyinaa yare. (Yes. 33:24; Adi. 21:3, 4) Enti saa bere no nnya nsoe yi, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛsa yɛn yare anwanwakwan so. Enti onua no betumi asrɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ no den na ɔmma no asomdwoe a ɔde begyina ne yare no ano, na wakɔ so de nokwaredi asom no. w23.11 23 ¶13
Wukuda, August 20
Ɔnhwɛ yɛn bɔne ho ne yɛn nni, na ɔnhwɛ yɛn mfomso ho ntua yɛn ka.—Dw. 103:10.
Samson dii mfomso kɛse nanso wamma n’abam ammu. Ɔhwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ako atia Filistifo no, efisɛ ɛno ne adwuma a na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ. (Atem. 16:28-30) Samson srɛɛ Yehowa sɛ: ‘Ma mintua Filistifo no ka.’ Nokware Nyankopɔn no tiee Samson adesrɛ no, na ɔsan maa no ahoɔden soronko. Ɛno nti, Samson tumi kunkum Filistifo bebree saa bere no sen bere biara. Ɛwom, mfomso a Samson dii no kɔfaa nsunsuanso bɔne brɛɛ no, nanso wannyae sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde. Yɛn nso, sɛ yedi mfomso bi mpo na ehia sɛ wɔka yɛn anim anaa hokwan bi a yɛwɔ fi yɛn nsa a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Kae sɛ, yedi mfomso mpo a, Yehowa ntow yɛn nkyene. (Dw. 103:8, 9) Yɛn mfomso nyinaa akyi no, Yehowa betumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ n’apɛde sɛnea ɔyɛ maa Samson no. w23.09 6 ¶15-16
Yawda, August 21
Animia . . . de Onyankopɔn mpeneso ba; Onyankopɔn mpeneso nso de anidaso ba.’—Rom. 5:4.
Mia a wumia w’ani gyina sɔhwɛ mu no, Yehowa ani gye ho. Wei nkyerɛ sɛ, sɛ worehyia sɔhwɛ a ɛyɛ Yehowa dɛ. Mmom no, sɛnea wumia w’ani gyina mu no, ɛno na ɛyɛ no fɛ. Sɛ yehu sɛ animia a yɛde gyina sɔhwɛ mu no ma Yehowa ani gye a, ɛhyɛ yɛn nkuran paa! (Dw. 5:12) Kae sɛ bere a Abraham miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu no, Onyankopɔn gyee no toom. Ɔbɛyɛɛ Yehowa adamfo, na obuu no sɛ ɔtreneeni. (Gen. 15:6; Rom. 4:13, 22) Yɛn nso, yebetumi abɛyɛ Yehowa nnamfo na wabu yɛn sɛ atreneefo. Ɛnyɛ adwuma dodow a yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu, anaa hokwan bi a yɛwɔ na ogyina so gye yɛn tom. Mmom, animia a yɛde gyina sɔhwɛ mu no, ɛno na ogyina so gye yɛn tom. Ɛmfa ho mfe a yɛadi, tebea a yɛwom anaa nea yetumi yɛ no, yɛn nyinaa betumi amia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu. Yɛrekasa yi, worehyia sɔhwɛ bi, na wode nokwaredi regyina mu anaa? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa gye wo tom. Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran paa; ebetumi ama yɛanya ahotoso paa sɛ, sɛ ɛdan sɛ boɔ a, yɛn anidaso no bɛbam. w23.12 11 ¶13-14
Fida, August 22
Yɛ w’ade sɛ ɔbarima.—1 Ahe. 2:2.
Ɛsɛ sɛ Kristofo sua sɛnea wɔne afoforo bedi nkɔmmɔ yiye. Ɔbarima a onim nkɔmmɔ di no, sɛ afoforo rekasa a, ɔyɛ aso tie wɔn na otumi te wɔn ase. (Mmeb. 20:5) Ɔne obi redi nkɔmmɔ a, sɛnea onii no yɛ n’anim, sɛnea ɔyɛ ne nipadua ne ɛnne a ɔde kasa no, otumi hu nea ɛkyerɛ. Wei nyinaa, sɛ wo ne nkurɔfo ammɔ a, worentumi nhu. Sɛ daa ɛlɛtrɔnik mfiri na wonam so ne afoforo di nkitaho a, sɛ wuhyia obi anim ne anim a, anhwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ wo ne no bedi nkɔmmɔ yiye. Enti pɛ akwan a wobɛfa so ne nkurɔfo akasa anim ne anim. (2 Yoh. 12) Afei nso, ɛsɛ sɛ ɔbarima a ne ho akokwaw tumi hwɛ ne ho ne n’abusua. (1 Tim. 5:8) Ɛho hia sɛ wusua biribi a ebetumi ama woanya adwuma ayɛ. (Aso. 18:2, 3; 20:34; Efe. 4:28) Bɔ mmɔden ma obiara nhu sɛ wopɛ adwuma, na sɛ wɔde adwuma bi hyɛ wo nsa a, wobɛyɛ atew wo nsa afi ho. Sɛ wote saa a, ɛda adi sɛ ɛrenyɛ den sɛ wubenya adwuma ayɛ. w23.12 27 ¶12-13
Memeneda, August 23
Yehowa da no reba te sɛ nea ɔkorɔmfo ba anadwo no.—1 Tes. 5:2.
Sɛ Bible ka “Yehowa da” a, ɛkyerɛ bere a Yehowa bɛsɛe n’atamfo na wagye n’asomfo nkwa. Tete no, ɛtɔ da a na Yehowa twe aman bi aso. (Yes. 13:1, 6; Hes. 13:5; Sef. 1:8) Yɛn bere yi so no, “Yehowa da” no befi ase bere a wiase atumfo atow ahyɛ Babilon Kɛse no so no, na ɛbɛkɔ akowie Armagedon ko no mu. Sɛ yebenya nkwa saa “da” no a, ɛnnɛ na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ɛnyɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma “ahohiahia kɛse” no a na yɛawie. Ɔkaa nso sɛ ‘yɛnyɛ krado,’ kyerɛ sɛ, yɛmma Yehowa da no ntena yɛn adwene mu. (Mat. 24:21; Luka 12:40) Krataa a edi kan a Onyankopɔn honhom maa ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Tesalonikafo no, ɔde mfatoho ahorow bi dii dwuma de boaa Kristofo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbesiesie wɔn ho ama Yehowa da kɛse a ɔde bebu atɛn no. Bere a na Paul reka saa asɛm no, na onim sɛ ɛnyɛ saa bere no ara na Yehowa da no bɛba. (2 Tes. 2:1-3) Nanso ɔhyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ wɔnsiesie wɔn ho mma saa da no te sɛ nea na ɛreba da a edi hɔ no ara; yɛn nso, saa afotu no betumi aboa yɛn. w23.06 8 ¶1-2
Kwasida, August 24
Me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim.—1 Kor. 15:58.
Ɛrekeka kɔ afe 1980 no, wɔsii aborosan bi a ɛtoa so 60 wɔ Tokyo a ɛwɔ Japan. Esiane sɛ asaasewosow taa sisi wɔ saa kurow no mu nti, na ɛyɛ nkurɔfo sɛ anhwɛ a ɔdan no bedwiriw agu. Nanso, adɛn nti na annwiriw angu? Adan ho animdefo sii ɔdan no maa ahoɔden baa mu; bere koro no ara nso, wɔsii no wɔ ɔkwan bi so a, sɛ asaasewosow si a, etumi hinhim nanso emmu. Kristofo te sɛ saa aborosan tenteenten no. Ɔkwan bɛn so? Ɛsɛ sɛ Kristoni hu bere a ɛsɛ sɛ ɔde ne nan si fam ne bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ fakaa. Sɛ ɛba Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm a, ɛsɛ sɛ ɔde ne nan si fam na ogyina pintinn de yɛ adwuma. Ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ asoɔmmerɛw,’ na ɛnsɛ sɛ obu Onyankopɔn mmara so. Afei nso, sɛ asɛm bi sɔre na ɛho behia sɛ ɔyɛ fakaa anaa ‘ɔte asɛm ase’ a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa. (Yak. 3:17) Kristoni a onim bere a ɛsɛ sɛ ɔde ne nan si fam ne bere a ɛsɛ sɛ ɔyɛ fakaa no, ɔremma n’asɛm nyɛ denneennen na ɛnyɛ biribiara nso na ɔbɛma ho kwan. w23.07 14 ¶1-2
Dwoda, August 25
Ɛwom, munhuu no da, nanso modɔ no.—1 Pet. 1:8.
Satan Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe mpɛn pii, nanso otumi gyinaa ano. Bere bi mpo de, Satan ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsom no. (Mat. 4:1-11) Ná Satan pɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara ma Yesu yɛ bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrentumi ntua agyede no. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ohyiaa sɔhwɛ afoforo. N’atamfo sɔre tiaa no, na wɔyɛe sɛ wɔbekum no. (Luka 4:28, 29; 13:31) Esiane sɛ na sintɔ wɔ n’akyidifo no ho nti, na ɛsɛ sɛ onya wɔn ho abotare. (Mar. 9:33, 34) Bere a na wɔredi n’asɛm no, wɔdii ne ho fɛw na wɔyɛɛ no ayayade nso. Ɛno akyi no, wɔguu n’anim ase na wɔkum no yayaayaw. (Heb. 12:1-3) Ne sɔhwɛ no fã a etwa to no, Yehowa ammɔ ne ho ban, enti na ɛsɛ sɛ ɔno ara gyina mu. (Mat. 27:46) Yetumi hu sɛ, Yesu huu amane paa ansa na ɔretua agyede no. Yesu fii ne pɛ mu de nneɛma pii bɔɔ afɔre ansa na ɔde ne nkwa reto hɔ ama yɛn. Sɛ yedwinnwen nea ɔyɛe no ho a, ɛmma yɛnnɔ no kɛse anaa? w24.01 10-11 ¶7-9
Benada, August 26
Obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.—Mmeb. 21:5.
Sɛ yenya abotare a, ɛboa ma yɛne afoforo ntam yɛ kama. Sɛ obi rekasa a, ɛboa yɛn ma yɛyɛ aso tie no yiye. (Yak. 1:19) Afei nso, sɛ yenya abotare a, ɛma asomdwoe tena yɛne afoforo ntam. Bio nso, ɛboa yɛn na sɛ nneɛma hyɛ yɛn so a, yɛampere yɛn ho anyɛ ade anaa yɛanka asɛm a ɛyɛ yaw ankyerɛ obi. Sɛ obi yɛ ade ma ɛhaw yɛn a, abotare a yɛwɔ nti, yɛremfa abufuw. Sɛ́ anka yɛbɛyɛ bi atua ka no, ‘yɛbɛkɔ so anya ne ho abotare na obiara de ne yɔnko bɔne akyɛ no korakora.’ (Kol. 3:12, 13) Abotare betumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa nso. Sɛ́ anka yɛbɛpere yɛn ho asi gyinae anaa yɛbɛyɛ nea ɛbɛba yɛn adwenem biara no, yɛbɛto yɛn bo ase ahwehwɛ mu na yɛahu gyinae a yesi a ɛbɛboa yɛn. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛrepɛ adwuma a, nea ebedi kan aba no, anhwɛ a yɛbɛyɛ. Nanso, sɛ yɛwɔ abotare a, yɛbɛto yɛn bo ase ahwɛ sɛnea adwuma no bɛka yɛn abusua ne yɛn som. Sɛ yenya abotare a, ebetumi aboa yɛn na yɛansi gyinae bɔne. w23.08 22 ¶8-9
Wukuda, August 27
Mihu mmara foforo bi wɔ me nipadua mu. Saa mmara no ne mmara a ɛwɔ m’adwene mu no ko, na ɛde me yɛ akoa ma bɔne mmara a ɛwɔ me nipadua mu no.—Rom. 7:23.
Sɛ bɔne a egyigye wo no ma w’abam bu a, ɛbɔ a wohyɛɛ Yehowa bere a wuhyiraa wo ho so no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛhyɛ wo den ma woako atia sɔhwɛ. Ɔkwan bɛn so? Sɛ wuhyira wo ho so a, na woabɛyɛ Yehowa dea. Wei kyerɛ sɛ biribiara a w’ani gye ho anaa botae biara a esi w’ani so a Yehowa ani nnye ho no, wubeyi afi w’akwan mu. (Mat. 16:24) Ɛno nti sɛ wuhyia sɔhwɛ a, nea wobɛyɛ renyɛ wo dadwen. Wunim nea wobɛyɛ dedaw; ɛno ara ne sɛ wubedi Yehowa nokware. Wubesi wo bo sɛ wobɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Woyɛ saa a, na woresuasua Hiob. Ɛwom sɛ ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den paa, nanso ɔde akokoduru kaa sɛ: “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!”—Hiob 27:5. w24.03 9 ¶6-7
Yawda, August 28
Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa; ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nokwaredi mu nyinaa.—Dw. 145:18.
Osuahu ahorow a yɛasusuw ho yi nyinaa si so dua sɛ Yehowa, ‘ɔdɔ Nyankopɔn no’ ka yɛn ho. (2 Kor. 13:11) Odwen yɛn mu biara ho. Yegye di sɛ ne ‘dɔ a enni huammɔ atwa yɛn ho ahyia.’ (Dw. 32:10) Ɔdɔ a wayi no adi akyerɛ yɛn no, sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho a, ɛbɛma yɛahu sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa, na ɛbɛtwe yɛn abɛn no. Yebetumi abɔ no mpae bere biara, na yɛaka akyerɛ no sɛ onyi ne dɔ adi nkyerɛ yɛn. Nea ɛhaw yɛn biara yebetumi aka ho asɛm akyerɛ no, na yɛanya ahotoso sɛ ɔte yɛn ase na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn. (Dw. 145:19) Sɛ awɔw wom a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛkɔ baabi a ɔhyew wɔ. Saa ara nso na sɛ yɛrefa ɔhaw mu a, ɛsɛ sɛ yɛtwe bɛn Yehowa. Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no, ɛsõ paa, na ɔwɔ ayamhyehye nso ma yɛn. Enti ma w’ani nnye sɛ Yehowa dɔ wo. Momma yɛn mu biara nso mpae mu nka sɛ: “Medɔ Yehowa”!—Dw. 116:1. w24.01 31 ¶19-20
Fida, August 29
Mama wɔahu wo din.—Yoh. 17:26.
Yesu anka ankyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn din de Yehowa kɛkɛ. Yudafo a na Yesu kyerɛkyerɛ wɔn no, na wɔnim Onyankopɔn din dedaw. Nanso Yesu paa na ‘ɔkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn te.’ (Yoh. 1:17, 18) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Hebri Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye. (Ex. 34:5-7) Yesu maa mfatoho bi a ɛfa ɔba desɛefo bi ne ne papa ho, na ɔde kyerɛkyerɛɛ saa nokwasɛm no mu pefee. Bere a papa no huu ne ba a wanu ne ho no sɛ “ɔda so ara wɔ akyirikyiri no,” otuu mmirika kohyiaa no, ɔbam no, na ofi ne koma nyinaa mu de ne bɔne kyɛɛ no. Wei ma yehu paa sɛ Yehowa mmɔborɔhunu ne n’ayamhyehye de, adutwam. (Luka 15:11-32) Yesu maa nkurɔfo huu sɛnea n’Agya te ankasa. w24.02 10 ¶8-9
Memeneda, August 30
‘Awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ no, momma yɛmfa nkyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu mu no werɛ.’—2 Kor. 1:4.
Yehowa nso kyekye wɔn a wɔwɔ ahohia mu werɛ ma wɔn ho dwo wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa ayamhyehye ne sɛnea ɔkyekye nkurɔfo werɛ no? Ɔkwan baako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ, yebenya suban a ɛbɛma yɛanya ayamhyehye na yɛakyekye afoforo werɛ. Saa suban no bi ne nea ɛwɔ he? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adodɔ yɛn ho na ‘yɛakɔ so ara akyekye yɛn ho werɛ’ da biara da? (1 Tes. 4:18) Ehia sɛ yenya suban pa te sɛ tema, onuadɔ, ne ayamye. (Kol. 3:12; 1 Pet. 3:8) Yenya saa suban yi a, ɛbɛboa yɛn sɛn? Sɛ yenya ayamhyehye ne suban pa a ɛtete saa a, ebepusuw yɛn ma yɛakyekye wɔn a wɔrehu amane no werɛ. Sɛnea Yesu kae no, “nea ayɛ koma mã no na ano ka. Onipa pa yi adepa fi nneɛma pa a waboaboa ano mu ba.” (Mat. 12:34, 35) Yɛn nuanom Kristofo a wɔrehu amane no, sɛ yɛkyekye wɔn werɛ a, ɛyɛ ɔkwan titiriw baako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. w23.11 10 ¶10-11
Kwasida, August 31
Wɔn a wɔyɛ mmadwemma de, wɔbɛte ase.—Dan. 12:10.
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛte Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa. Yɛnhwɛ mfatoho yi. Fa no sɛ worekɔ baabi a wunnim hɔ, nanso w’adamfo bi a onim hɔ paa ka wo ho. Baabi a mubedu biara onim hɔ, na ɔkwan biara nso, onim baabi a ekopue. Ɛrenyɛ wo dɛ sɛ w’adamfo no ne wo kɔe anaa? Yehowa te sɛ saa adamfo no; onim nea ɛrekɔ so wɔ wiase, na onim nea ɛda yɛn anim nso. Ɛno nti, sɛ yebetumi ate Bible nkɔmhyɛ ase a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hwehwɛ ne mmoa. (Dan. 2:28; 2 Pet. 1:19, 20) Ɔwofo pa biara pɛ sɛ daakye ne mma ani gye. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa nso te. (Yer. 29:11) Awofo de, wɔrentumi nkyerɛ nea ebesi daakye, nanso Yehowa de, obetumi akyerɛ nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ. Yehowa ma wɔde nkɔmhyɛ kaa Bible no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu nsɛntitiriw bi a ebesisi daakye.—Yes. 46:10. w23.08 8 ¶3-4