Ɛho Hia Sɛ Yɛpaw Ɔkwan Pa No Mprempren
1, 2. (a) Ɛdefa ɔsom ho no, wiase bɛn na Bible no ka ho asɛm sɛ ɛrenkyɛ ɛbɛba? (b) Dɛn nti na mprempren ne bere a ehia sɛ obi si gyinae wɔ ɔkwan a ɔbɛfa so ho?
SƐNEA nokwasɛm ahorow a wɔada no adi no kyerɛ no, adesamma fã kɛse no ara nsom Kyerɛw Kronkron Bible no Nyankopɔn no. Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no asase so tefo dodow no ara nyɛɛ saa da. Kristoman Nyamesom a Wɔahyehyɛ mufo kyerɛ sɛ wɔyɛ saa. Ebia nyamesom nhyehyɛe afoforo kakraa bi nso bɛkyerɛ sɛ wɔyɛ saa denam Bible no fã bi a wɔde di dwuma so. Nanso sɛ wɔsɛe wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔkɔ asɔre bi no nyinaa anaasɛ wɔhyɛ wɔn ma wogyae wɔn som no a, so ɛde nsakrae bi bɛba? Anaasɛ wiase bɛn na eyi bɛyɛ? Ɛbɛyɛ te sɛ wiase a Bible no ka ho asɛm sɛ ɛrenkyɛ ɛbɛba, wiase a ɛmpɛ nyamesom biara a ɛbɛtra hɔ bere tiaa bi pɛ no.
2 Nanso, ɛbɛsom ‘nneɛma nhyehyɛe yi nyame’ no asen bere biara, na Bible a ɛkyerɛ nea saa “nyame” yi yɛ no se ɔno ne Yehowa tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam. (2 Kor. 4:4) Yesu Kristo frɛɛ no “wi yi ase sodifo.” (Yoh. 12:31; 16:11) Bere a ɛrenkyɛ wɔbɛhyɛ wiase nyinaa ma wɔadan akɔsom atoro “nyame” yi no, dɛn na obi a adwene a ɛte saa ma ne ho dwiriw no mprempren no bɛyɛ? Dɛn na obenya nyamesom mu ahoɔden de ayɛ? Nyansam no, mprempren ne bere a ɛho hia sɛ osi gyinae!
3. Bere tenten bɛn na Yehowa dii kan sii ne gyinae ansa na ɔde reba amanaman no so?
3 Yoel 3:14 ka sie sɛ: “Nnipa yuu, nnipa yuu wɔ atemmu bon no mu; efisɛ Awurade [Yehowa] da no abɛn, atemmu bon no mu. The Living Bible no ma emu da hɔ kɛse wɔ Yoel 3:14 sɛ: “Nnipa pii, nnipa pii retwɛn wɔn sɛe atemmu no wɔ bon no mu! Efisɛ Awurade da no abɛn, wɔ atemmu bon no mu.” The Bible in Living English, a Byington yɛe no frɛɛ no “Gyinaesi Bon.” Odiyifo kyerɛw ne nhoma no wiei bɛyɛ 820 A.Y.B. Eyi yɛ bɛboro mfirihyia 200 ansa na Yehowa de “n’atemmu” no reba tete amanaman no so.
4. (a) Eyi fam no, ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so Neria ba Baruk yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn?
4 Yehowa yɛɛ nhwɛso pa. Odii kan sii ne gyinae na ɔpaee mu ka kyerɛe. Ɛho hia sɛ yɛn a nnɛ yɛwɔ bere a emu yɛ den saa ara mu no di kan si gyinae ansa na ɔsɛe kɛse a ɛreba wiase no aba. Adwene a yebenya sɛ obi betumi adan ne ho mpofirim afi ɔkwan a wanantew so bere nyinaa no ho asi gyinae a ɛteɛ na ɔnam so akwati ɔsɛe a ɛreba no yɛ ahodaadaa a asiane wom. Ɔbarima a ɔyɛɛ nhwɛso pa na odii kan yɛɛ nea ɛteɛ mfe 18 ansa na amanaman ntam ɔsɛe a wɔbɔɔ no kɔkɔ wɔ 625 A.Y.B. mu reba ne Neria ba Baruk. Na 625 A.Y.B. yɛ Yerusalem a na wɔabu no fɔ no ahemfo baasa a wotwa to no mu nea odi kan no ahenni afe a ɛto so anan. Na wɔfrɛ no Yehoiakim, Yosia ba. Obedii hene 628 A.Y.B., bere a Misraim hene Farao Neko tuu ne nua kumaa Yehoahas ade so de no kɔɔ Misraim no.
5, 6. (a) Dɛn nti na na ɛyɛ afe a emu yɛ den bere a Yeremia nsa kaa Yehowa asɛm na ɔka kyerɛɛ Baruk no? (b) Sɛnea Yeremia 45:1-3 kyerɛ no, Baruk tee nka dɛn?
5 Bere a Yehoiakim dii hene mfe abiɛsa a na ɔhyɛ Misraim ase no, odiyifo sɔfo Yeremia nsa kaa Yehowa asɛm de maa ne kyerɛwfo Baruk, Neria ba no. Ná ɛyɛ Ɔhene Yehoiakim ahenni afe a ɛto so anan. Ná eyi yɛ afe a emu yɛ den, efisɛ saa afe (625 A.Y.B.) no mu na Nabopolasar ba Nebukadnesar bɛyɛɛ Babilon hene. Afei de na ɛsɛ sɛ Yerusalem hene ne Wiase Tumi a Ɛto So Abiɛsa, Babilon, a na adi Asiria ahemman no so nkonim, no sodifo no di. Ɛha no, momma yɛnkenkan Yeremia 45:1-3:
6 “Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no se: Sɛ Awurade [Yehowa], Israel Nyankopɔn, ka wo, Baruk, ho ni: Woka sɛ: Minnue sɛ Awurade [Yehowa] de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.”
7. Ná Baruk bɛte nka dɛn bere a ohui sɛ sɛe ara na na Yerusalem tebea resɛe no, na ɛbɛyɛ sɛ ɔsɛe ho asɛm a Yeremia kae mpɛn pii no kaa Baruk dɛn?
7 Bere tenten a na Baruk yi de asom sɛ Yeremia kyerɛwfo no de, yennim, nanso na ɔda so ara wɔ mfe 18 bio a ɔde bɛyɛ odiyifo no hokafo. Yentumi nhu ɛyaw nka a ebia ɔtee bere a ohuu tebea a na ɛrekɔ so sɛe wɔ Yuda ahemman no mu no, nanso afei de, ɛno akyi no, ná ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw nsɛm a ɛfa ɔsɛe ho a Yeremia ka kyerɛɛ no no. Ná ɔbɛte nka te sɛ Yeremia bere a odiyifo yi kyerɛw “Kwadwom” nhoma no bere a Babilon hene sɛee Yerusalem 607 A.Y.B. mu akyi no. Ebia ɔsɛe ho nkɔm a Yeremia kɔɔ so hyɛe no haw Baruk.
8. Dɛn na Yehowa daa no adi kyerɛɛ Baruk afei wɔ n’atirimpɔw ho, nanso na dɛn na Baruk rehwehwɛ ama n’ankasa ho?
8 Ná Baruk nni anidaso biara sɛ obenya baabi de ne ti ato ‘ahome.’ Yehowa huu Baruk adwene, na ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Sɛ Awurade [Yehowa] se ni: Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so. Na wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ.”—Yer. 45:4, 5.
9, 10. Dɛn nti na Yehowa ani annye ‘nneɛma akɛse’ a na Baruk rehwehwɛ ama n’ankasa ho saa bere no ho?
9 Ná Baruk nim ‘nneɛma akɛse’ a ɔhwehwɛ ama ne ho no, ɛwom sɛ Yehowa ammobɔ din ankyerɛ no de. Ɛda adi sɛ na Yehowa ani nsɔ, ma enti na ɛsɛ sɛ ogyae hwehwɛ. Dɛn ntia?
10 Esiane Yehowa atirimpɔw a na abɛyɛ hɔ bere tiaa no mu nti. Saa afe no ara mu no na wɔama Nebukadnesar abɛyɛ Babilon hene, na na oyi na wɔabɔ ne tirim sɛ ɔde no bedi dwuma sɛ ne brafo atia Baruk nkurɔfo. Titiriw efi ɔhene Dawid nna no mu (1077-1037 A.Y.B.) no, na Yehowa de Israel ahemman no asi hɔ, nanso afei de ɛdenam Nebukadnesar so no, na ɔrebedwiriw saa adehye nniso no agu, a wɔrensan mfa nsi hɔ bio kosi sɛ mfe 2,520 betwam anaasɛ besi 1914 wɔ yɛn bere so. Tete hɔ wɔ 1473 A.Y.B. mu no, na Yehowa adua Israel man no wɔ bɔhyɛ asase no so, nanso afei de, bɛboro mfe 800 no, na ɔrebetutu agu. Na Yuda ahemman no asase bɛda hɔ mpan mfe 70 a Yudani anaasɛ ofieboa nte so, bere a ɛsofo wɔ nnommumfa mu wɔ Nebukadnesar asase so. Esiane nneɛma a ɛtete saa a na ɛreba nti, so na ɛyɛ bere a ɛfata sɛ onipa a onim Yehowa atirimpɔw sɛnea Yeremia bɔɔ no dawuru no hwehwɛ ɔhonam fam ‘nneɛma akɛse’ ma n’ankasa ho? Dabida!
11. Ná dɛn na egyina gyinae pa a Baruk besi no mprempren no so?
11 Ɛno nti na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onnyae saa nneɛma no hwehwɛ no. Na sɛ Baruk kɔɔ so hwehwɛɛ nneɛma a n’ankasa pɛ ɛ? So anka ne koma bɛyɛ nea ɛne asɛm a wɔnam no so rekyerɛw na wɔabɔ no dawuru no hyia? Dabida! Akyinnye biara nni ho sɛ anka ɛbɛma ɔne Yehowa diyifo Yeremia ntam atetew. Sɛ na Baruk pɛ sɛ ɔne Yeremia nya koma koro na wokura asɛm koro mu a, na ɛsɛ sɛ oyi pɛsɛmenkominya adwene biara fi hɔ. Na mfe 18 betwam ansa na ɔsɛe a wɔaka ho asɛm asie no aba, nanso na ɛho hia mprempren sɛ Baruk si gyinae. Ná ne nkwa ankasa, ne “kra” gyina gyinae a ɛteɛ a obesi, yiw, na wakura mu, no so. Na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ eyi, sɛ ɔpɛ sɛ okura wɔn abusuabɔ no mu a.
12. Sɛnea na ɛte wɔ Baruk asɛm no mu no, dɛn nti na nyansa wom sɛ yegyae ‘nneɛma akɛse’ biara a yɛbɛhwehwɛ ama yɛn ho wɔ saa wiase yi mu?
12 Hwɛ sɛnea yɛn a yɛwɔ nimdeɛ nnɛ no tebea te sɛ Baruk tebea a na emu yɛ den no! Titiriw efi afe 1914 reba, efisɛ, efi saa bere no, Yehowa Adansefo akyerɛ sɛ, obi a ɔsõ sen Nebukadnesar, Yesu Kristo a ɔredi hene wɔ soro mprempren no, bɛsɛe Kristoman, Yerusalem a anni nokware no nnɛyi nsusuwso no. Enti ɛbɛyɛ nea nyansa nni mu sɛ obi a ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ no bɛhwehwɛ ‘nneɛma akɛse’ ama n’ankasa ho wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɛredwiriw agu yi mu wɔ mmere bɔne a ɛte sɛ nnɛ yi mu. Ɛbɛkyerɛ sɛ yennye ntom sɛ yɛte “awiei bere” mu. Ɛbɛkyerɛ gyidi ne ahotoso a yenni wɔ nokware a asɛm a Yeremia kuw no ka kyerɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi sɛe ho no yɛ no mu. Onipa nkwa, ne “kra,” da asiane mu mprempren! Yehowa nam obi a ɔsõ sen Nebukadnesar, Yesu Kristo, so rebedwiriw nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi agu nnansa yi. So yɛpɛ sɛ wɔsɛe yɛn ka Kristoman a Yerusalem a ɛwae fii nokware som ho no yɛ ne ho mfonini nnɛ no ho anaa? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ yesi gyinae bere a bere da so wɔ hɔ yi, na yɛyɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia kyerɛwfo Baruk sɛ ɔnyɛ no, na ɛno ne sɛ yebegyae ‘nneɛma akɛse’ hwehwɛ wɔ saa wiase yi mu.
13. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛne Yeremia kuw no bom yɛ dɛn?
13 Momma yɛn mu biara mmɔ ne bra sɛnea asɛm a Yeremia kuw no ka kyerɛ no te. Momma yennyi pɛsɛmenkominya adwene nyinaa mfi hɔ, a yɛmmfa yɛn koma nsi nneɛma nhyehyɛe a wɔabu no fɔ yi nneɛma a ebetwam akɔ no so. Eyi hwehwɛ sɛ yɛne Yeremia kuw no bom bɔ Yehowa “aweredi da” a ɛreba no ho dawuru akokoduru so. Ɛnyɛ koma a enni mũ na ɛsɛ sɛ yenya mprempren.—Yes. 61:1, 2.
14, 15. (a) Sɛ́ osetieyɛ ho akatua no, ná dɛn na Baruk benya sɛ “asade” ama n’ankasa ho? (b) So ɛbae saa?
14 Eyi a yɛbɛyɛ ho mfaso ne dɛn? Wɔda no adi wɔ nea wɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnka nkyerɛ Baruk no mu: “Mede bɔne reba ɔhonam nyinaa so, Awurade [Yehowa] asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.”—Yer. 45:5b.
15 Ɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ maa Baruk. Eyi ma ɛda adi sɛ osii gyinae pa a wantwentwɛn ne nan ase koraa. Eyi da adi wɔ Yeremia 43:3-7, a ɛka nea ɛbae bere a wɔsɛee Yerusalem 607 A.Y.B. mu akyi no ho asɛm no. Yɛkenkan sɛ: Bere a Yudafo a wofii mu kae a na ehu aka wɔn no reguan afi Yuda asase no so akɔ Misraim no wɔde “odiyifo Yeremia ne Neria ba Baruk [kaa wɔn ho], na wɔde wɔn kɔɔ Misraim asase so, efisɛ wɔantie Awurade [Yehowa]; na wɔbaa Tahpanhes,” wɔ Misraim kusuufam. Nanso ɛno akyi no Yeremia kɔɔ so hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ saa Yudafo asoɔdenfo no.—Yer. 43:8-44:30.
16. Sɛ Baruk traa ase kosii sɛ Babilon hene tuu Misraim gui a, dɛn na na ɔno betumi ahwɛ kwan afi nkonimdifo no nkyɛn?
16 Na saa Yudafo komadenfo no antumi ankwati Babilon Wiase Tumi no nniso ankyɛ, efisɛ bere mu no Nebukadnesar de Misraim bɛkaa asase a n’ahemman no di so no ho. Sɛ Yeremia ne Baruk traa ase huu Misraim asasesin no so nkonim a Babilon dii no a, Nebukadnesar abufuhyew remma wɔn so. Na ɔbɛkae wɔn ayamye mu. Na Baruk bɛkɔ so anya ne “kra” sɛ asade wɔ Yehowah bɔhyɛ a ɛwɔ Yeremia 45:5 no mmamu mu. Ɛnna obehu onyansafo a ɔyɛe sɛ ɔtwee ne ho fii ‘nneɛma akɛse’ a anka ɔbɛhwehwɛ ama ne ho bere a ɛnsɛ mu no ho.
17. Mfaso bɛn na yebetumi anya afi osetie a Baruk yɛe no mu sɛ dɛn a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho nhwɛso?
17 So yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no betumi anya asoɔmmerɛ a Baruk yɛe ma otiee Yehowa afotu no ho mfaso anaa? Yiw! Sɛ yɛne Yeremia kuw no wɔ abusuabɔ dɛn ara a, ɔkwan a yɛnam so yɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne sɛ yɛrenhwehwɛ ‘nneɛma akɛse’ mma yɛn ho wɔ Kristoman nna a edi akyiri yi mu. Yɛn “kra,” yɛn nkwa, sɛ nnipa no som bo kɛse sen ‘nneɛma akɛse’ a ɛne wiase bɔne yi betwam akɔ, ma aka obiara “kra” nkutoo no. Sɛ́ obi bɛkɔ so atra ase saa bere no sɛ “ɔkra” wɔ Onyankopɔn dom ase no bɛyɛ nea ɛsom bo kɛse sen Kristoman ne Anyamesom a Wɔahyehyɛ nyinaa mu nneɛma a ɛsɛe mu anigye bere tiaa bi a yebenya.
NNOME A YEBEKWATI SƐ YƐAMFA “AFOA” NO ANNI DWUMA
18, 19. Dɛn nti na Yehowa “aweredi da” no amma awiei bere a wɔsɛee Yuda ne Yerusalem no?
18 Baruk ne Yeremia dii Yerusalem sɛe ne asase no a ɛbɛyɛ amamfo no ho awerɛhow. Nanso abosonsom aman a atwa wɔn ho ahyia no ani gyei kɛse wɔ ɔsɛe a ɛte saa a ɛbaa nkurɔfo a na wɔne Onyankopɔn wɔ apam yi so no ho. (Dw. 83:6-8; 137:7) Na, Misraim de, anyɛ no dɛ pii, efisɛ n’ani gyei sɛ na Yuda ne Yerusalem hyɛ n’ase na wɔne no di nkitaho. Afei nso, na Yuda ahemman no ayɛ ahemman bi a ɛda ɔno ne Babilon wiase tumi a na ne ho yɛ hu no ntam. Nanso na Misraim ayɛ nneɛma a ɛmfata wɔ Yuda ne n’ahenkurow Yerusalem, faako a na ahene a wofi Dawid adehye abusua mu no atra “Yehowa agua” so, no ho. Sɛnea amanaman no tan nkurɔfo a na Yehowa ne wɔn ayɛ apam no anyɛ nea onhu, efisɛ na ne som ho asɛm wom.
19 Enti na Yehowa “aweredi da” no mmaa awiei bere a ɔde Babilon hene dii dwuma sɛ n’adwinnade ma otuu Yuda ahemman no gui no. Na ɛsɛ sɛ wɔma amanaman a wonni koma pa no nso nom amanehunu kuruwa a wɔde maa Yuda ne Yerusalem no ma wotu wɔn gu sɛ Yehowa atamfo.
20. (a) Dɛn na Yehowa de honhom kaa Yeremia ma ɔyɛe wɔ atamfo aman no ho? (b) Wɔkaa Yeremia 48:10 faa henanom ho, na so wɔdaa wɔn adi sɛ wɔfata nnome?
20 Enti Yehowa de honhom kaa Yeremia sɛ ɔnhyɛ nkɔm a ɛfa atamfo aman te sɛ Misraim, Filistia, Moab, Amon, Edom, Kedar ne Elam mpo a wobetu wɔn agu no nso ho nkɔm. (Yer. 46:1-49:39; 25:15-33) Babilonfo a na wɔwɔ Ɔhene Nebukadnesar ase no ne wɔn a na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛma wɔde abrafo “afoa” no adi dwuma de asɛe saa aman a wogu nokware Nyankopɔn no ho fi no. Enti saa abrafo dɔm no ho na Yehowa de honhom kaa Yeremia ma ɔkae sɛ: “Nnome nka nea ɔyɛ Awurade [Yehowa] adwuma ebi ne bi, na nnome nka nea osianka n’afoa fi mogya mu.” (Yer. 48:10) Babilonfo no anaasɛ wɔn hene Nebukadnesar amma nnome ase sɛ wɔanyɛ “adwuma” a Onyankopɔn de maa wɔn no ankosi ase.
21. (a) So ‘wɔdomee’ Yeremia ne Baruk sɛ wɔamfa “afoa” ankasa anni dwuma? (b) So Yehowa Adansefo na ɛbɛsɛe Kristoman, anaasɛ henanom na wɔbɛyɛ saa?
21 Nanso, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ? So yebetumi aba nnome a ɛte saa ase denam yɛn adwuma a yebebu yɛn ani agu so, wɔ “afoa” no a yɛmfa nni dwuma no fam anaa? Ampa, yenim sɛ Yeremia anaasɛ Baruk amfa afoa ankasa anni dwuma antia saa atamfo aman no. Ná ɛnyɛ ɛno ne wɔn adwuma. Wɔde saa adwuma no maa Babilonfo a na wɔwɔ Nebukadnesar, wɔn hempɔn foforo a na wɔde no asi ahengua so, no nsa. Nnɛyi Yeremia kuw no, sɛ Yehowa Adansefo no, remma wɔn nsa so akodi mu ntia Kristoman a Yerusalem ne ne man a anni nokware no yɛɛ ne ho mfonini no. Amammuifo a na anka wɔyɛ Kristoman nnamfo ne nhyehyɛe afoforo a wɔmpɛ nyamesom biara no beyi no afi hɔ a wonhu no mmɔbɔ, te sɛ aman a na wɔn ani gye sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem ne n’ahemman no sɛ wɔn nnamfo no.—Adi. 17:12-18.
22. Henanom na wɔrennye anidaso kɛse a wɔn a wotu Nyamesom a Wɔahyehyɛ gu no wɔ no ntom, na suban bɛn na eyinom benya wɔ sodifo afoforo yi ho?
22 Nanso, dɛn na Kristoman ne atoro som wiase ahemman no afã afoforo nyinaa a wobeyi afi hɔ no begyaw wɔ asase so? Sɛ amammui tumi horow a ɛne nyamesom nni hwee yɛ bedi adesamma nsɛm nyinaa so! Wɔde ahotoso kɛse a wɔwɔ sɛ wobedi nkonim ne anigye a wɔwɔ sɛ Nyamesom a Wɔahyehyɛ biara nni hɔ na ahyɛ wɔn so bɛyɛ saa. (Fa toto Hesekiel ti 23 ho.) Nanso Yeremia kuw no no ne wɔn ahokafo a wɔwɔ Onyankopɔn ho suro no rennye anidaso horow a ɛte saa a ɛbɔ Onyankopɔn ahohora yi ntom, ɛwom mpo sɛ ebia eyinom de nsɛso kwan so ahobrɛase bɛma amammui tumi afoforo yi sɛ “tumi a ɛwɔ anuonyam” de.—Rom. 13:1, 2.
23. Dɛn na ɛbɛma Yehowa “aweredi da” no fã a aka no anya mmamu?
23 Na Yehowa “aweredi da” no afi ase dedaw, nanso ɛremma awiei bere a wɔasɛe Nyamesom a Wɔahyehyɛ, atoro som wiase ahemman no. Ebehia sɛ ɛkɔ so kosi sɛ wobehwie Onyankopɔn “aweredi” no agu wɔn a wɔsɔre tia Yehowa amansan tumidi no nyinaa so. Nanso nea edi kan no, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yeremia kuw no ne wɔn ahokafo anokwafo no de wɔn ho nyinaa abɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne no ho, sɛnea Yohanan ne n’akyidifo no kyeree Yeremia ne Baruk na wɔhyɛɛ wɔn de wɔn kɔɔ Misraim no. Sɛ wɔantumi anyɛ saa a, wɔde ntoa a emu yɛ den bɛba Yehowa asomfo a wonhinhim no so. Te sɛ kuw a wɔwɔ Gog a ofi Magog asase so ase no, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn a Yehowa de honhom asra wɔn no nkaefo ne wɔn ahokafo a wɔne wɔn aka abom no honhom mu paradise no. Enti bere a wɔde asi wɔn anim sɛ wobedi asase nyinaa so no, wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ Yehowa abufuhyew ba wɔn so.—Hes. 38:1-39:20.
24. Henanom na wɔne wɔn bedi ako afei, na so ɛbɛfata sɛ ‘wɔdome wɔn’ sɛ wɔyɛɛ anibiannaso anaasɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase anaa?
24 Afei dɛn? Adiyisɛm 19:11-21 kyerɛ sɛ Yesu Kristo, nkonimdifo a ɔso sen Ɔhene Nebukadnesar, de abɔfo dɔm bɛba abɛko atia wɔn. Wɔrennome wɔn esiane sɛ wɔyɛ Yehowa adwuma ebi ne bi nti. Wɔremfata nnome esiane sɛ wosianka ɔsɛe “afoa” no fi ɔtamfo no mogya ho nti. (Yer. 48:10) Wɔde Yehowa abufuhyew bɛba atamfo aman no so. Esiane eyi a wɔyɛ nti no wobenya nkonimdi a anuonyam wom na asan Yehowa din ho daa.
25. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo suasua Yeremia wɔ bere a wɔtwee no kɔɔ asase a na wahyehyɛ nkɔm atia no no so no?
25 Efi afe 1914 reba no yɛatra “awiei bere” no mu. (Dan. 12:4) Enti afei, ɛsɛ sɛ Yeremia kuw no ne wɔn ahokafo a wɔahyira wɔn ho so no twe wiase no adwene kɔ “afoa” a ɛreba, ɔsɛe adwinnade a Yehowa de bedi dwuma wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no so. (Mat. 24:21) Ɛsɛ sɛ wosuasua Yeremia a, bere a wɔtwee no fii Yuda asase no so no, ɔkɔɔ so bɔɔ Ɔhene Nebukadnesar “afoa” a na ɛreba asase a wɔtwee no kɔɔ so, a ɛne Misraim, ne Filistia, Moab, Amon, Edom ne atamfo nsase afoforo so ho dawuru no. Mprempren mpo, ansa na “ahohiahia kɛse” no befi ase no, wɔwɔ ahyɛde a efi soro sɛ “mompae . . . aweredi mma yɛn Nyankopɔn” a etia Nyamesom a Wɔahyehyɛ ne wiase aman nyinaa. (Yer. 46:1-49:39) Wɔn “adwuma” ne sɛ wɔde kɔkɔbɔ bɛma sɛ: “[Yehowa] wɔ aweredi da ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion.”—Yes. 34:8.
26, 27. Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel sɛ́ ɔwɛmfo a ɛsɛ sɛ Yeremia kuw no ma ɛtra wɔn koma mu?
26 Afei Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Luka 21:22 no fata: “Eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.” Nnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ Yeremia kuw no tie nsɛm a, Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel a ofii ne nkɔmhyɛ adwuma no ase wɔ Babilon 613 A.Y.B. mu, mfe ason ansa na wɔrehyɛ Yeremia atwe no akɔ Misraim no:
27 “Na sɛ ɔwɛmfo no hu nkrante sɛ ɛreba, na wanhyɛn torobɛnto ammɔ ɔman no kɔkɔ, na nkrante no ba bekum wɔn mu bi a, ɔno de, n’amumɔyɛ mu na wɔafa no kɔ, na ne mogya de, mebisa no ɔwɛmfo no nsam. Na wo, onipa ba, mede wo masi ɔwɛmfo mama Israel fi, na tie m’anom asɛm na fa bɔ wɔn kɔkɔ. Sɛ meka mekyerɛ ɔbɔnefo sɛ: Ɔbɔnefo. owu na wubewu, na sɛ wɔanka ammɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu, na ne mogya de, wo nsam na mebisa. Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsan mfi so, na wansan amfi ne kwan so a, ɔno de, obewu n’amumɔyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.”—Hes. 33:6-9; fa toto Hes. 9:2-10 ho.
28. Dɛn ne Yeremia kuw no ne wɔn ahokafo no pɛ wɔ eyi fam, nanso dɛn na ebetumi aba, na eyi bɛkyerɛ dɛn ama wɔn?
28 Yeremia kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no ne wɔn nnamfo a wɔne wɔn aka abom no mpɛ sɛ wodi mogya ho fɔ ɔkwan a ɛte saa so. Nanso ebetumi aba saa. Sɛ, onipa ho hu nti, wɔammɔ nnipa nyinaa kɔkɔ wɔ Yehowa “aweredi da” “afoa” no ho, na enti wɔanyɛ “adwuma” a wɔde ahyɛ wɔn nsa no a, wɔn ankasa bɛfata ama nnome. Wɔn fam no, eyi bɛkyerɛ nkwa a wɔrennya esiane wɔn asoɔden nti.
29. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati ɔkwan a nnipa asoɔdenfo bɛfa so bere a wɔasɛe Nyamesom a Wɔahyehyɛ akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nkwa paw mprempren?
29 Bere a “ahohiahia kɛse” a ɛreba ntɛmntɛm no mu no, Onyankopɔn aweredi “afoa” no bɛba Nyamesom a Wɔahyehyɛ nyinaa so no, nnipa a wɔantie Yehowa “ɔwɛmfo,” Yeremia kuw no, bɛhwehwɛ guankɔbea afi amammui nhyehyɛe a wɔabu no fɔ no nkyɛn—na eyi de wɔn bɛkɔ ɔsɛe koraa mu wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu wɔ Har-Magedon. (Adi. 16:14, 16) Sɛnea ɛbɛyɛ na wo ne wɔn amfa ɔkwan a ɛte saa so no, ɛho hia sɛ wopaw ɔkwan pa no mprempren bere a hokwan da so wɔ hɔ yi. Emu na ɛho renhia sɛ nkwa hwehwɛfo sakra wɔn kwan da.
[Kratafa 4 mfoni]
Onyankopɔn “aweredi da” no nyɛ bere a ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ ‘nneɛma akɛse’ ma ne ho
[Kratafa 5 mfoni]
Mommma yemmmu yɛn ani ngu ‘Yehowa adwuma’ no so