Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
● Sɛ okunu anaa ɔyere ne ne hokafo a wasɛe aware fi ase da bere a wate awaresɛe no ho asɛm no a, so nna a wafi ase ne no da no kyerɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no de afiri anaa?
Obi foforo a ɔbarima anaa ɔbea warefo ne no da no ne nea wotumi gyina so gu aware, sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no pɛ a; na saa ara nso na sɛ awarefo no fi ase ne wɔn ho da a, ɛsɛ sɛ wɔte ase sɛ wɔde afiri ma wɔaka abom. Anyɛ saa a, ɛnde na adeyɛ no ne firi a wɔde firi no nhyia.—Mat. 19:9; 5:37.
Sɛ ɔhokafo a wasɛe aware no nu ne ho ankasa, na ɛyɛ okunu ne ɔyere no nyinaa pɛ sɛ wobesiesie asɛm a aba no a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ woyi mmɔborohunu adi kyerɛ na wɔde firi nea wafom no. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔbɛkora aware abusuabɔ a ɛwɔ hɔ no so, bere a wonim sɛ yawdi ne nsɛm bi a emu yɛ den wɔ hɔ a ebehia sɛ wodi ho dwuma kosi bere bi. Na eyi remfa nhyira mmrɛ awarefo no ne mmofra biara a wɔda so wɔ fie hɔ no nko, na mmom ɛbɛyɛ nkogu a aware sɛefo kɛse no, Satan Ɔbonsam, di.
Nsɛm bi mu no, ebia ɛbɛyɛ den ama ɔhokafo a ne ho nni asɛm no sɛ obenya nea obegyina so atoa aware no so. Ebia ansa na awaresɛe no reda adi mpo no, na wuhyia nsɛm a emu yɛ den wɔ Bible mu nnyinasosɛm a ɛfa tiyɛ ne ahobrɛase ho a wɔde bedi dwuma ho. Ebia na wɔne wɔn ho nkasa papa biara, na na ɔdɔ ne obu a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no akɔ fam koraa. Ebia na abufuw, akasakasa ne nneɛma afoforo ma wɔde wɔn ho kame wɔn ho wɔn ho. Sɛ ɔde firi a, so nkɔso bɛba saa nsɛm a emu yɛ den yi ho dwuma a wɔbɛbɔ mmɔden adi yi mu? Ebia ɔhokafo a ne ho nni asɛm no bɛte nka sɛ anidaso titiriw biara nni hɔ sɛ nkɔso bɛba na ebia obesi gyinae sɛ obegyaa ɔhokafo a wasɛe aware no, ɛwom sɛ eyi bɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow bi wɔ asetra mu, te sɛ ɔhaw ahorow a awaregu de ba no ano a obegyina, hia a ebia ebehia sɛ ɔhwehwɛ dan, na ɔhwɛ mmofra biara a wɔwɔ mu, ne ade no. Afei nso, nea ɛsɛ sɛ ɛtra adwene mu ne sɛ Yehowa ‘kyi awaregu.’—Mal. 2:16.
Eyinom yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no susuw ho yiye bere a ɔresi gyinae sɛ ebia ɔde befiri anaasɛ ɔremfa mfiri no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ eyi ansa na wɔafi ase ne wɔn ho ada, ansa na wɔafi ase ayɛ nneɛma a wɔakora so ama wɔn a wɔyɛ awarefo nkutoo. Sɛ́ wɔbɛbɔ nsɛm a emu yɛ den ho nkɔmmɔ, abɔ mmɔden sɛ ntease bɛba, na wɔahwɛ sɛ ebia wɔn baanu no bɛpɛ sɛ wɔbɔ mmɔden ma ɔdɔ ne obu san ba aware no mu no, eyinom nyinaa yɛ nneɛma a wobetumi ayɛ a ɛnkyerɛ firi a wɔde afiri. Na sɛ ɔhokafo a asɛm nni ne ho no du baabi a obetumi ne ɔhokafo a wasɛe aware no ada a, ɛnde ɛsɛ sɛ wobu no sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no de afiri koraa, na ɔrennyina saa aguamammɔ no so nhwehwɛ awaregu a ɛbɛma no kwan ma wasan aware.
Ade a ɔbɛyɛ ma ɛne fafiri a ɔde rema ahyia no mu no, onii a ne ho nni asɛm no suasua Yehowa wɔ fafiri mu, a ɔnkae nea wafom no mfomso no daa na ɔnka nea ɛbae bere bi a atwam no ho asɛm daa. (Dw. 103:3, 8-14; Yes. 55:7; Efe. 4:32: 1 Pet. 4:8; 1 Yoh. 1:9) Na, eyi de asɛyɛde to onii a wɔde firi no no so sɛ ɔkyerɛ eyi ho anisɔ a ɔnyɛ saa bɔne no bio.
Ɛyɛ ampa sɛ, ɛtɔ da bi a nsɛm bi a emu yɛ den a wɔnhwɛ kwan tumi sɔre akyiri yi, a sɛ na ɔhokafo a ne ho nni asɛm no nim a, anka ebia ɔremfa mfiri, na anka ɔremfi ase ne no nna. Nanso, sɛ́ anka obegyina eyi so asakra n’adwene wɔ aware no ho no, ɛsɛ sɛ biribi a ɛte saa a ebetumi aba no si hia a ehia sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no susuw nneɛma ahorow no nyinaa ho, a ɔmpere ne ho nsi gyinae, bere a ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ebia ɔde befiri anaasɛ ɔremfa mfiri, no so dua.
Saa ara na asɛm no bɛyɛ, baabi a aguaman a ɔyere no kɔbɔe no kowiee nyinsɛn mu, a na wonnim nyinsɛn no ho hwee bere a ɔbarima no ne ne yere fii ase ne wɔn ho dae no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nyinsɛn betumi aba no yɛ ade a ɛsɛ sɛ okunu no susuw ho bere a ɔresi gyinae sɛ ebia ɔde befiri ne yere na wasan agye no no. Ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ ɔtwɛn bere tenten bi a ɛbɛma watumi ahu sɛ ebia ɔbarima foforo no ne no anyinsɛn anaa. Sɛ ɔde firi no na ofi ase ne no da ansa na wahu eyi nso ɛ? Ná wadi kan asi gyinae sɛ, sɛ nyinsɛn fi nea ne yere ne ɔbarima foforo yɛe no mu ba a, ɔbɛfa abofra no na wahwɛ no sɛ n’ankasa ne ba.
Yɛte ase sɛ sɛ aware mu ɔhokafo a ɔyɛ gyidifo bɔ “aguaman” a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no amanneɛ. (Mat. 19:9) Sɛ ɔdebɔneyɛfo no anyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔhokafo a, no ho nni asɛm no bɔ amanneɛ esiane Yehowa ahyehyɛde no ho a ɔpɛ sɛ ɛtew nti. Sɛ ɔdebɔneyɛfo no kyerɛ ahonu ankasa a, ebia wɔbɛma saa nipa no atra asafo no mu, ɛwom mpo sɛ ebia ne hokafo a ne ho nni asɛm no rempɛ sɛ ɔde firi no de. Sɛ wonnu ne ho a, wobetu no afi asafo no mu, ɛwom mpo sɛ ebia ne hokafo a ne ho nni asɛm no de befiri no na wakɔ so ne ne hokafo a wɔatu no no atra de.
Eyi nyinaa si so dua sɛ aware asɛyɛde ahorow nyɛ nea wotumi de di agoru. “Aguamammɔ” nkutoo na ɛma obi kwan Kyerɛwsɛm mu ma ogu aware na ɔware foforo. Nanso sɛ wɔsan fi ase ne wɔn ho da a, ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no ne awarefo no nyinaa bu “aguamammɔ” a ɛbae no sɛ ɛnyɛ nea wotumi gyina so gu aware no bio. Bere a wɔde wɔn ani to Yehowa so no, ɛsɛ sɛ awarefo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma ɔdɔ ne obu aba wɔn ntam, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya anigye ne nkɔso wɔ wɔn awufo no mu.
August Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)