Nea Ɛsɛ Sɛ Wohwɛ Kwan Fi Mfirihyia Apem Atemmufo Hɔ
1.Dɛn na wɔde maa wɔn a wɔtratraa nhengua so a Yohane hui no?
BERE a ɔreda nea odii kan hui wɔ mfirihyia apem a ɛrenkyɛ ɛde nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛte sɛ nea entumi mma bɛba no adi no, ɔsomafo Yohane a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Na mihuu nhengua, na wɔtratraa so, na wɔde atemmu maa wɔn.”—Adi. 20:4.
2. Dɛn nti na “atemmu” ho adwene a ɛda adi wɔ ha no yɛ te sɛ nea ɛresɛe nea anka ɛyɛ anidaso fɛfɛ no?
2 “Nhengua” a wɔn a wɔde atemmu maa wɔn no tratraa so! So eyi yɛ akwanhwɛ a ɛma anidaso ne awerɛkyekye, anaa so ɛsɛe mfe mpempem mu Mfirihyia Apem ho anidaso fɛfɛ no anaa? Ɔsomafo Yohane ankasa buu saa ade a ɛbɛba daakye no dɛn? Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no bu no dɛn? So atemmu nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ nnɛ no nnii yɛn huammɔ kɛse, mpo wɔ Kristoman mu? Bere biara mmae sɛ yɛn bere yi a Dwom 82:5 mu nsɛm abam sɛ nkɔmhyɛ a ɛfa nnipa a wobu ntɛn a wɔte sɛ “anyame” nanso wɔadi atoro wɔ wɔn dwumadi no ho no ho: “Wonnim de na wɔnte ase, esum mu na wɔnante kɔ, asase nnyinaso nyinaa rewosow.” Anaa, sɛnea Roman Katolek Yerusalem Bible kyerɛ Bible mu nkyekyem yi ase no: ‘Esiane sɛ wonni nimdeɛ ne nhumu nti, wɔkɔ so anifurae mu, na wɔma adesamma nnyinaso hinhim.”
3, 4. (a) Nanso, nea Yohane dii kan hui no nti, nkate bɛn na ɛsɛ sɛ saa nhengua a wohu no ma yenya? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛhwɛ ahotɔ ma adesamma a wɔabu wɔn ntɛnkyew no kwan fi saa “nhengua” no nkyɛn?
3 Nea adesamma pɛ nnɛ ne ahotɔ! Na nea ɛyɛ anigye no, ná atemmu “nhengua” a ɔsomafo Yohane hui no fa biribi a ɛde ahotɔ bɛbrɛ yɛn na ɛnyɛ ade a ɛbɛhyɛ awerɛhow ho. Momma yɛnkae sɛ, wɔ nkɔmhyɛ anisoadehu mu no, na Yohane adi kan ahu ahene mu Hene ne “asase so ahene” ne wɔn “dɔm” ne wiase nyinaa amammui ahyehyɛde ntam akodi no. Wodii saa ahene no ne wɔn asase so aboafo no so nkonim. Eyi maa nhengua a amammui atumfoɔ no tratraa so buu ntɛn no dedaa hɔ kwa. Eyi akyi pɛɛ no, ɔsomafo Yohane huu Onyankopɔn bɔfo a osian baa asase so ne afei Satan ɔbonsam ne n’adaemone a wɔkyekyeree wɔn na wɔtow wɔn guu bun no mu na wɔsɔɔ wɔn ano mfirihyia apem no.—Adi. 19:11 kosi 20:3.
4 Saa nneɛma nhyehyɛe a ɔbonsam di so no sɛe no maa wɔn a wobebu adesamma ntɛn ho behiae ampa. Titiriw, afei a na ɔsoro a wofi hɔ di adesamma so no abedi ahene mu Hene nkonimdifo a “wɔfrɛ no nea ɔsɛ gyidi no ɔnokwafo, na obu ntɛn na otu sa trenee mu” no nsam no. (Adi. 19:11-16) Afei wɔ nhyehyɛe a ɛfata mu no, atemmu nhyehyɛe foforo ba. Biribiara nni hɔ a na wobetumi ahwɛ kwan sen atemmufo kuw a wɔfata a ɛsɛ sɛ wɔtratra saa nhengua foforo no a wɔnam Onyankopɔn tumi so de sisii hɔ wɔ ɔsoro no so. Efi hɔ rekɔ no, na wobetumi ahwɛ kwan sɛ adesamma a wɔadi wɔn so na wɔabu wɔn ntɛn ɔkwammɔne so no benya atemmu a ahotɔ wom.
5, 6. Henanom na wɔbɛtratra saa “nhengua” no so, sɛnea asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo dubaako no ansa na wɔreyi no ama no kyerɛ no?
5 Atemmufo kuw foforo a wobebu adesamma ntɛn yi yɛ hefo? Asɛm a Yesu Kristo ka kyerɛɛ saa daakye atemmufo ananmusifo no da wɔn a wɔbɛka saa ɔsoro atemmufo kuw no ho no adi.
6 Anadwo a woyii no mae ma wɔkyeree no na Yerusalem asenni kunini no nam ɔkwan a ɛmfata so dii n’asɛm no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo nkae no sɛ: “Mo ne wɔn a wɔaka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso, sɛnea m’Agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no ntɛn.” (Luka 22:28-30) Saa asuafo anokwafo no ne 144,000 no mufo a wodi kan a na Yesu de wɔn aba ɔsoro ahenni apam a ne nhengua a wɔde bu ntɛn ka ho no mu no. (Mat. 19:27, 28) Yiw, Yesu Kristo bɛyɛ atemmufo ahokafo 144,000 yi so Ɔtemmufo Panyin.
7 Sɛnea asɛm a Paulo ka kyerɛɛ Areopago Bagua a ɛwɔ Atene no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na wobebu wiase ntɛn wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ mu?
7 Ɔsomafo Paulo asɛm no ba adwenem wɔ ha, bere a wɔde no kogyinaa Areopago Asennibea a ɛwɔ Atene, bɛyɛ afe 51 Y.B. mu no. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ n’asɛm no mu akyerɛ atemmufo a na ‘wɔpɛ abosonsom papa’ yi no, awiei koraa no, Paulo kae sɛ: “Na onim a wonnim no bere horow no de, ‘Onyankopɔn abu n’ani agu so, na afei na ɔhyɛ nnipa nyinaa mmaa nyinaa sɛ wɔnsakra wɔn adwene, efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam barima bi a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu, ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.” (Aso. 17:22-32) Enti, wiase nyinaa a wobebu no ntɛn no bɛyɛ “trenee mu,” na otitiriw a Onyankopɔn nam no so bebu ntɛn no bɛyɛ ne Ba Yesu Kristo a onyan no no.
8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔtemmufo a wɔapaw no yi betumi abu adesamma ntɛn a ɔdesani biara nyɛɛ saa pɛn? (b) Sɛnea Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:27-30 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ɔbɛhwɛ ma wɔabu obiara ntɛn?
8 Ɔrebɔ onii a wɔapaw no a obebu ntɛn no din no, ɔsomafo Paulo, bere a ɔrekyerɛw ne krataa a etwa to akɔma n’asɛmpatrɛw mu ɔhokafo Timoteo no, ɔkae sɛ: “Afei midi wo adanse Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo a ɔbɛba abebu ateasefo ne awufo ntɛn wɔ n’ahoyi ne n’ahenni mu no anim.” (2 Tim. 4:1) Ɔtemmufo a wofi soro apaw no yi bedi dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɔdesani temmufo biara nni asase so a wayɛ bi da anaasɛ obetumi ayɛ; ɛnyɛ adesamma a wɔte ase nkutoo na obebu wɔn ntɛn. Obebu adesamma a wɔawuwu no nso ntɛn. Ɔdesani temmufo a nnipa apaw no biara nni hɔ a obetumi afrɛ awufo asan aba sɛnea ɛbɛyɛ a obebu wɔn ntɛn. Nanso, Otemmufo a Onyankopɔn apaw no no betumi ayɛ saa. Na adesamma awufo benya mfirihyia apem atemmu yi, ɛwom mpo sɛ ɛhwehwɛ sɛ wɔde wɔn fi awufo mu san ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya atemmu yi a ɛdenam Kristo wu afɔre so ɛsɛ sɛ wɔn ne “ateasefo” nso nya no. Hyɛ Yesu asɛm no nsow:
9 “Sɛnea Agya no nyan awufo na ɔma wɔn nkwa no saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ no nkwa. Na Agya no nso mmu obiara ntɛn, na ɔde atemmu nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa, sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Nea onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni. Na wama no tumi sɛ ommu ntɛn nso, efisɛ ɔyɛ onipa ba. Mommma eyi nyɛ mo nwonwa: efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi, wɔn a wɔayɛ papa no akɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no akɔ atemmu sɔre mu. M’ankasa de, mintumi memmɔ me tirim menyɛ hwee; sɛnea mete [fii Agya no hɔ] no na mibu ntɛn, na m’atemmu no yɛ trenee; na monhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na nea Agya a ɔsomaa me no pɛ.”—Yoh. 5:21-23, 27-30.
10. (a) Wɔ saa atemmu no fam no, dɛn mu na ɔtemmufo no begye awufo no afi? (b) Adeyɛ bɛn na ɛde saa ogye no owusɔre no atirimpɔw no ho?
10 Susuw ho! Ɔtemmufo yi a na wɔfrɛ no onipa Ba wɔ asase so no bɛhyɛ ne mfirihyia apem atemmu no anuonyam denam wɔn a wɔawuwu nyinaa a wɔwɔ nkae ada mu a ɔbɛma wɔafa wɔn ho adi no so. Mfirihyia Apem Atemmu Da no bɛyɛ owusɔre da ama wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa, nea wɔn nti onipa Ba no wui sɛ ɔdesani afɔre a ɛyɛ pɛ no. Eyi kyerɛ adesamma a wɔagye wɔn nkwa no nyinaa, a atemmufo ahokafo 144,000 a wonya afã wɔ “owusɔre a edi kan,” owusɔre a ɛde kɔ ɔsoro, no mu no nka ho. (Adi. 20:4-6) Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ wɔde saa ɔdɔ adeyɛ a ɛyɛ awufo a wɔwɔ ada mu a wobegye wɔn, saa asase so owusɔre yi, bedi dwuma ma ahaw wɔn a wɔanyan wɔn no anaa? So wɔyɛ obi adɔe de pira no? Nea yɛkyerɛ ni: Owusɔre yi renyɛ wɔn a wobu wɔn sɛ atreneefo no nko de, na mmom ɛbɛyɛ wɔn a wɔfrɛ wɔn “wɔn a wɔnteɛ” wɔ ntotoho kwan so no nso de. “Awufo sɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Aso. 24:15) Yennsuro mma wɔn a wɔteɛ no, na wɔn a wɔnteɛ no nso ɛ?
11. (a) Ɛdefa “wɔn a wɔnteɛ” a wobenyan wɔn no ho no, asemmisa bɛn na ɛsɔre? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔdebɔneyɛfo a na ɔrewu a Yesu huu no mmɔbɔ no asɛm no fa ɛno ho?
11 So ɛbɛyɛ ayamye a woyi adi kyerɛ “wɔn a wɔnteɛ” no sɛ wobenyan wɔn ma wɔabehyia ɔtemmufo a ne tirim yɛ den na ɔyɛ katee a ɔbɛkenkan wɔn bɔne a atwam nyinaa akyerɛ wɔn na ɔnam saa yɛ so akyerɛ sɛ ɛno nti ɔde ɔsɛe atemmu reba wɔn so anaa? Sɛ saa na ɛte wɔ wɔn fam a, ɛnde mfaso bɛn na anka owusɔre bɛyɛ ama “wɔn a wɔnteɛ” no? So atirimpɔw nti a wobenyan wɔn no te sɛ “ɔdebɔneyɛfo” a na ɔsɛn dua so wɔ Yesu Kristo nkyɛn wɔ Kalvary no a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yesu, sɛ woba wo ahenni mu a kae me” no de no anaa? Yesu mmuae a awerɛkyekye wom a ɔde maa no no ankyerɛ sɛ na wɔabu ɔdebɔneyɛfo no trenee anaasɛ wɔnam gyidi so abu no bem nna aduanan abien dedaw ansa na Yesu a wɔanyan no no reforo akɔ n’Agya nkyɛn ɔsoro de ɛbo a ne desani afɔre no som no akɔma, anaa ɛnte saa? (Luka 23:39-43) Ɔbarima no wui sɛ ɔdebɔneyɛfo a odi fɔ na ɛsɛ sɛ wobu no sɛ “wɔn a wɔnteɛ” a wobenyan wɔn no mu biako.
ATEMMUFO A WƆTRAA ASE ANSA NA KRISTOFO MMERE REBA
12. Dɛn nti na “wɔn a wɔteɛ” ne “wɔn a wɔnteɛ” no nso behia nea ɛdɔɔso sen ahofadi a wobenya afi nkae ada mu denam owusɔre so?
12 Dɛn na owusɔre no bɛkyerɛ ama wɔn a wɔfrɛ wɔn “wɔn a wɔnteɛ” ne wɔn a wɔfrɛ wɔn “wɔn a wɔteɛ” no? Wɔn nyinaa wuwui esiane bɔne ne owu a wonya fii asoɔdenfo Adam ne Hawa hɔ no nti. Enti wɔn nyinaa wuwui a na wɔnyɛ atreneefo wɔn ankasa mu. (Rom. 5:12; 3:23) Enti sɛ wofi owusɔre mu san ba, a wɔn su horow no nsakrae a, “wɔn a wɔteɛ” no mpo renyɛ nnipa a wɔyɛ pɛ anaasɛ bɔne nni wɔn ho. Ná eyi yɛ nokware wɔ nnipa a adiyifo Elia, Elisa ne Awurade Yesu Kristo ne n’asuafo no ma wɔsɔre baa nkwa mu wɔ asase so no fam. (Heb. 11:35) Esiane ɛno nti, “wɔn a wɔteɛ” ne “wɔn a wɔnteɛ” no nso behia nea ɛsen ahofadi ara kwa a wobenya afi nkae ada mu denam owusɔre so. “Wɔn a wɔteɛ” no nso behia bɔne ne ɔdesani sintɔ mu ahofadi. Enti, ɔsoro Temmufo Yesu Kristo rentumi mfa bembu, pɛyɛ ne bɔne mu ahofadi mma wɔn ntɛm ara, na onsi gyinae wɔn wusɔre da no ara sɛ wɔfata daa nkwa wɔ asase so.
13. (a) Dɛn nti na Onyankopɔn de mfirihyia apem ma Yesu Kristo ma wayɛ adesamma Temmufo? (b) Ɛdefa nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan fi Onyankopɔn mfirihyia apem Temmufo no kyɛn ho no, dɛn na “Atemmufo” nhoma no da no adi?
13 Sɛ ɔtemmufo no, sɛ adwuma a ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔde atemmu bɛma ɛda a “wɔn a wɔteɛ” ne “wɔn a wɔnteɛ” a wɔanyan wɔn no bɛba abegyina n’anim no a, anka dɛn nti na wɔde mfirihyia apem ama no sɛ ɔmfa nni adesamma ho dwuma sɛ ɔtemmufo? Wɔde bere tenten a ɛte saa ama no ma ɔde ayɛ adwuma bi, a ɛnyɛ kyerɛ ara a ɔbɛkyerɛ sɛ obi di bem anaasɛ odi fɔ enti wɔnyɛ no sɛɛ. Wɔ Bible mu no, wɔn a Onyankopɔn ma wɔyɛɛ atemmufo maa ne nkurɔfo a ɔpaw wɔn a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere reba no yɛɛ nea ɛsen ankorankoro ntam nsɛm ara kwa a wodii na wobuu ntɛn. Ná saa atemmufo a Onyankopɔn de wɔn ma no yɛ agyefo ma ne nkurɔfo a wapaw wɔn no. Nhoma bi wɔ Bible mu a wɔato din ankasa sɛ “Atemmufo.” Sɛ́ nhoma no, emu nsɛm yɛ anigye na ɛkanyan! Emu na yɛkenkan mmarima a Onyankopɔn, “asase nyinaa Temmufo” no, maa wɔn so ma wɔabegye ne nkurɔfo a na wɔhyɛ wɔn so no akokoduru so no. Hwɛ anigye ara a ɛbae ɛda a Onyankopɔn maa ɔtemmufo so ma wabu ntɛn ama amanehunufo no!
14. Dɛn na yɛkenkan wɔ Atemmufo Ehud ne Barak ho tiaa?
14 Yɛkenkan Ehud a ofii n’atemmu adwuma no ase denam Moabfo Hene Eglon ɔbran no a ɔde ne nsa biako kum no wɔ n’ankasa pia mu na akyiri yi oguan kɔboaa Israelfo ano na odii wɔn anim kodii Moabfo nhyɛsofo no so nkonim no ho asɛm. Yɛkenkan Barak a ɔda ne ho adi sɛ nea wɔapaw no sɛ ne man so temmufo denam nkonim a odii wɔ Kanaan hene Yabin asraafo dɔm a ɔmaa wɔn ho yɛɛ hu denam akode nteaseɛnam a ɛyɛ dade nteaseɛnam ahankron a ɔde maa wɔn no so no so.
15. Dɛn na yɛkenkan wɔ Gideon ne Yefta nso ho?
15 Afei na Gideon, ɔbarima hobrɛasefo a ɔde mmarima ahasa pɛ a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi kaa Midianfo ne Apueifamfo a na wɔaba Israelfo asase so sɛ mmoadabi a wontumi nkan wɔn no gui no wɔ hɔ. Anadwo no, bere a na aka kakra ma Gideon ne ne mmarima ahasa no atwa atamfo a wɔadeda nsra no ho ahyia no, wɔn nyinaa boom bobɔɔ wɔn nkuruwa, na wɔmomaa wɔn agyatɛn so kɔɔ soro, hyenhyɛnee wɔn ntorobɛnto na wɔteɛteɛɛm sɛ, “Yehowa ne Gideon nkrante!” Nketenkete kitaa dɔm a na wɔn ho akyere wɔn mpofirim no na woguanguanee, kunkum wɔn ho wɔn ho, na Gideon ɛne ne mmarima ahasa no tiw nkae no. Ɛno akyi mfe bebree no, ahokyere foforo bae wɔ Bɔhyɛ Asase no so na Yehowa maa Yefta, ɔbarima a na wɔapam no afi ne nkurɔfo mu no so ma wakohyia Amonfo ahantanfo no. Ná Yefta mmɔdenbɔ ma Yehowa no mu yɛ den kɛse araa ma ɔhyɛɛ bɔ sɛ sɛ odi nkonim a ɔde nea ebefi adi abehyia no da a ɔresan aba no bɛbɔ afɔre ama Onyankopɔn. Bere a odii nkonim no, ne ba biako pɛ a ɔyɛ ne babea na odii kan behyiaa no, ɔdaa ne ho a watu ama Onyankopɔn adi denam ma a ɔde no maa Onyankopɔn som no so.
16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Simson somee sɛ Israel temmufo? (b) Dɛn na ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no ka wɔ atemmufo no ho wɔ Hebrifo 11:32-34?
16 Na hena na ɔntee Simson ho asɛm, ɔbarima a wodii kan kaa n’awo kyerɛɛ n’awofo na ɔbɛyɛɛ ɔbarima a ne ho yɛ den sen obiara a watra asase so pɛn no! Ɔno nkutoo gyee ne man Israel fii Filistifo nhyɛsofo no nsam, nanso ne wuda mu, sɛ Filistifo no deduani nifuraefo no, ɔmaa Dagon asɔredan a ɛwɔ Gasa, wɔ Filistia no bu guu nnipa bɛboro mpem abiɛsa a na wɔrehyɛ fã no so, na okunkum Filistifo a wɔdɔɔso ɛda a owui yi sen wɔn a ɔma wowuwui ne nkwa bere mu.
17 Ɛde atemmufo yi reka mmarima a wɔwɔ gyidi a edi nkonim wɔ Onyankopɔn mu no ho no, Kristoni kyerɛwfo a honhom kaa no no ka wɔ Hebrifo 11:32-34 sɛ: “Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak ne Simson ne Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me, wɔn na wɔnam gyidi so ko dii ahenni horow so nkonim, dii asɛntrenee, nyinyaa bɔhyɛ, siw agyata ano, dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui.”
18, 19. (a) Henanom na na wodi ɔhaw ahorow a ɛbaa Israelfo so no ho sõ bere a wɔkɔtraa Bɔhyɛ Asase no so akyi no? (b) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ wɔma atemmufo a wodidi so no so ma wɔn?
18 Yiw, ná Israelfo a wɔwɔ saa atemmufo no nna mu no di amane a wohui wɔ atamfo nsam no ho sõ, efisɛ wɔtwee wɔn ho fii Yehowa som kronn ho sɛ Onyankopɔn teasefo. Nanso, bere a wofi nokware ahonu mu san baa ne nkyɛn na wɔsom no no, Ohuu wɔn mmɔbɔ. Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Atemmufo 2:16-19 ka no:
19 “Ɛnna Yehowa momaa atemmufo so ma wogyee wɔn nkwa fii wɔn afowfo no nsam. Na wɔn atemmufo no nso, wɔantie wɔn, na wodii anyame foforo akyi aguamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wofii kwan a wɔn agyanom nantew so tiee Yehowa mmaransɛm no so; wɔanni so bi. Na sɛ Yehowa ma ɔtemmufo so ma wɔn a, ɛnde Yehowa di ɔtemmufo no akyi na ogye wɔn fi wɔn atamfo no nsam, ɔtemmufo no nna nyinaa; na wɔn ahawfo ne wɔn taafo anim apinisi no nti ɛyɛɛ Yehowa mmɔbɔ. Na ɛbae sɛ ɔtemmufo no wu a, wɔdan wɔn ho, na wɔsɛe sen wɔn agyanom, sɛ wɔkodi anyame afoforo akyi asom wɔn asɔre wɔn; wɔannyae wɔn amumɔyɛ ne wɔn kɔnsenee kwan so nantew.”