Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
52. Sɛnea Hela nsa ano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no kyerɛ no, mfirihyia 450 a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 13:20 no bae ansa na Atemmufo bere no reba anaasɛ wɔ saa bere no mu sɛnea nnɛyi Bible nkyerɛase ahorow kyerɛ no?
52 Nanso, sɛnea Kristofo Hela Nkyerɛwee a wɔde nsa kyerɛwee a akyɛ sen biara no kyerɛ no, sɛnea Asomafo no Nnwuma 13:20 kenkan wɔ The Emphatic Diaglott ne Ɔhene James Bible Nkyerɛase no mu no yɛ soronko koraa. Enti, sɛnea tete nsa ano nkyerɛwee a akyɛ sen biara no kyerɛ no, mfirihyia ahannan ne aduonum no nka Atemmufo no mmere no ho. Nea edi eyi ho adanse no, The New English Bible (a wɔyɛɛ no 1970) no kyerɛ Asomafo no Nnwuma 13:20 ase sɛ: “Bɛyɛ mfirihyia ahannan ne aduonum, na ɛno akyi no wɔpaw atemmufo maa wɔn kosii odiyifo Samuel bere so.” The Jerusalem Bible (nea wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Engiresi mu 1966) no kenkan sɛ: “bɛyɛ mfirihyia ahannan ne aduonum. Eyi akyi no ɔmaa wɔn atemmufo de kosii odiyifo Samuel so.” Revised Standard Version Bible a wɔyɛɛ no 1952 no ne American Standard Version Bible a wɔyɛɛ no 1901 Y.B. no nso ka no saa ara.
53. So tete Hebri Bible nsa ano nkyerɛwee ahorow no de alfabɛt nkyerɛwde dii dwuma de gyinaa hɔ maa nkontaahyɛde anaa?
53 Bio nso, Hebri nsa ano nkyerɛwee horow a akyɛ sen biara a ɛda so wɔ hɔ, te sɛ Nhoma Mmobɔwee a wohui wɔ Ɛpo a Awu no mu no, wɔhyɛɛ da kyerɛw Bible mu nkontaahyɛde ahorow no nyinaa, na wɔamfa alfabɛt nkyerɛwde sɛnkyerɛnne kɛkɛ anni dwuma, enti na ɛnyɛ nea ebetumi ama ɔkyerɛwfo no ani abɔ afa so na wayɛ mfomso wɔ 1 Ahene 6:1.a
54. (a) Bible mmerebu a wobegye atom sɛnea wɔakyerɛw no ara no bɛka bere bɛn a yɛreka ho asɛm no mfiase? (b) So “Ba a Waba” a woyi fii Ɔwɛn-Aban no din no mu no kyerɛ sɛ na wonnye Kristo ba a waba no nni bio anaa?
54 Ɛda adi sɛ mfirihyia 100 a wɔde kaa Atemmufo no mmere ho wɔ Bible mmerebu mu no yɛ nea wohui sɛ ennyina Kyerɛwsɛm so. Enti, ɛsɛ sɛ woyi nea wɔde kaa ho no fi mu, na wogye Bible no tom sɛnea ɛte no ara wɔ ne mmerebu ho. Na ɔkwan biara so no, eyi bɛka bere a wɔhyɛe sɛ Ayeforokunu Yesu Kristo parousia no befi ase no. Efi Engiresi Ɔwɛn-Aban January 1, 1939 de no so no, wɔsesaa din no yɛɛ no The Watchtower and Herald of Christ’s Kingdom (Ɔwɛn-Aban ne Kristo Ahenni ho Kaseɛbɔfo) na March 1, 1939 de no so no wɔyɛɛ no The Watchtower Announcing Jehovah’s Kingdom (Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ) Na eyi nkyerɛ sɛ wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma no nni Kristo parousia anaasɛ ba a waba no mu gyidi bio. Nea ɛkyerɛ mmom ne sɛ wosii Ahenni no so dua kɛse, Yehowa Nyankopɔn ahenni a wɔnam Kristo so de asi hɔ no, efisɛ Yehowa ahenni a ɛnam Kristo so no na ɛbɛtew Yehowa amansan tumidi no ho.
55. (a) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na woyii mfirihyia 100 a wɔde kaa Atemmufo bere no ho no fii hɔ, na enti saa mfirihyia 6,000 a onipa de atra ase no baa awiei bere bɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi kãã afe 1874 Y.B.. na asemmisa bɛn na ɛsɔree?
55 Wɔ afe 1943 mu no Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no tintim “The Truth Shall Make You Free” nhoma no. Wɔ nhoma no ti 11 a ekura asɛmti “Mmere Bu” mu no, eyii mfirihyia 100 a wɔde aka Atemmufo no mmere no ho no, na ɛfaa sɛnea nkyerɛwee a akyɛ sen biara na ɛyɛ nokware no ka no wɔ Asomafo no Nnwuma 13:20 no, na egyee nkontaahyɛde a wɔhyɛ da kyerɛw ne nyinaa wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no toom. Eyi maa mfirihyia mpem nsia a nnipa de atra ase awiei no kɔɔ anim kosii 1970 mfe no mu. Sɛnea ɛte no eyi beyii afe 1874 Y.B. sɛ bere a Awurade Yesu Kristo bɛsan aba ne ne honhom mu ba a waba anaasɛ parousia mfiase no fii hɔ. Enti mfirihyia apem a na nea ɛbɛhyɛ no agyirae ne Satan a wɔbɛkyekyere no asɔ n’ano wɔbun no mu, ne mfɛfo adedifo 144,000 a wɔne Kristo bedi hene wɔ ɔsoro anuonyam mu no da so ara wɔ wɔn anim. Na afei, nea ɛfa Kristo parousia ho no nso ɛ? Nhoma a ɛwɔ atifi hɔ no ka no pefee sɛ: “Ɔhene no ba a waba anaasɛ parousia no fii ase 1914 mu. Saa ara nso na July 15, 1949 Engiresi Ɔwɛn-Aban no (krat. 215, nky. 22) de asɛm no ba sɛ: “. . . Mesia, onipa Ba no baa Ahenni tumi mu 1914 Y.B. mu na . . . eyi yɛ ne ba a ɛto so abien no ne ne parousia anaasɛ ba a waba nea ɛto so abien no mfiase.”
56. (a) Wɔ 1950 mu no, Bible foforo bɛn na wotintimii, na Asomafo no Nnwuma 13:20 kenkan wɔ mu dɛn? (b) Afei nso, asɛm bɛn na wɔka faa Kristo ba a waba no ho sɛnea Bible mmerebu a emu da hɔ kyerɛ no?
56 Wɔ afe 1950 mu no, wotintim New World Translation of the Christian Greek Scriptures Bible no a wɔde asɛm a ɛfata yiye dii dwuma wɔ Asomafo no Nnwuma 13:20, na ɛkyerɛ pa.rou.si’a ase bere nyinaa sɛ “ba a waba.” Ɛno akyi ankyɛ na “Eyi Kyerɛ Daa Nkwa” nhoma no bae. Ná ne ti 21 no asɛmti ne “Nkwa Ho Dwumayɛmafo Titiriw no Ba a Waba Nea Ɛto so Abien.” Ná eyi yɛ ti a ɛfa saa asɛm no nkutoo ho sɛnea Bible mmerebu a emu da hɔ kyerɛ no. Wɔ nkratafa 220-222 no, yɛkenkan sɛ: Adanse a yɛasusuw ho dedaw no da no adi sɛ 1914 Y.B. no wɔwoo Onyankopɔn ahenni no na ɔde ne Ba no traa ahengua so wɔ tumi mu sɛ ɔmfa dade poma nni hene wɔ n’atamfo mfinimfini. Awiei koraa no ɔbɛbobɔ wɔn pasaa, na wayi wɔn a wɔko tia teɛ a Onyankopɔn tumidi teɛ no nyinaa afi amansan yi mu.—Dw. 2:8, 9.
Enti 1914 Y.B. hyɛ bere a Kristo san bae honhom mu a aniwa ntumi nhu no agyirae. . . Ahenni mu a ɔbae wɔ 1914 mu no hyɛ ne ba a waba nea ɛto so abien anaasɛ par.ou.si’a, no agyirae Hela asɛmfua yi kyerɛ ba a waba.
. . . Ɛwom sɛ ne ba a waba nea ɛto so abien no yɛ honhom mu a aniwa ntumi nhu de, nanso ɛho hia titiriw ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ma enti ɛnsɛ sɛ wɔde hintaw, na ɛrenhintaw. . . . ”Na sɛnea anyinam pae fi apuei fam na ɛhyerɛn kɔ atɔe fam no, sɛnea Onipa Ba no ba a waba [par.ou.si’a,] bɛyɛ ara nen.”—Mat. 24:26, 27, NW.
Ɛde fi 1914 no Kristo a ɔwɔ hɔ no ama adanse ahorow a ɛfa ne par.ou.si’a, anaasɛ ba a waba nea ɛto so abien ho no ada adi a ntease wom ma nnipa a wɔwɔ baabiara.
57. (a) So Kristo fii ase dii hene wɔ n’atamfo mfinimfini ansa na Amanaman Mmere no reba awiei wɔ 1914 mu anaa? (b) Bere bɛn na Ayeforokunu no ma wɔtee ɔdasu mu nteɛm no, na nea akɔ so fi saa bere no di nokwasɛm titiriw bɛn ho adanse?
57 Hwɛ hyia ara a ɛne Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no hyia sɛ Kristo amfi ase anni hene mfirihyia aduanan ansa na Amanaman Mmere no reba awiei 1914 mu! Mmom no, ɔtwɛnee wɔ ne soro Agya no nsa nifa kosii saa bere no a ofii ase dii tumi wɔ n’asase so atamfo a Yehowa de wɔn ayɛ ne nan ase ntiaso no mfinimfini! (Dw. 110:1, 2; Heb. 10:12, 13) Ɛfata afei sɛ ne ba a waba anaasɛ parousia no fii ase saa afe no. Wɔ afe 1919 mu no, sɛnea abakɔsɛm da no adi no, ɔmaa ɔdasu mu nteɛm no kɔɔ so wɔ asase so na ɛkanyan “mmabaa” a wɔadeda no wɔ hia a tebea no ho hia no ho. “Ayeforokunu no ni o! Mumfi nkohyia no.” Saa nteɛm no sii ɔsoro Ayeforokunu no ba a waba no so dua maa wɔn. Fi saa bere no mmabaa “mmadwemma” kuw no fii adi kohyiaa no. Wɔ wiase a aduru sum yi mu no, wohu wɔn sɛ wɔrehyerɛn sɛ akanea. Eyi ankasa di adanse sɛ Kristo ba a wɔhyɛɛ ho bɔ no abam. Edi adanse nso sɛ Onyankopɔn mfirihyia apem ahenni a ɛnam Kristo so no abɛn!.
58. Dɛn nti na yɛrentumi mma ensõ “mmabaa du” ba no so ara bere a yɛresusuw “sɛnkyerɛnne” a ɛfa Ahenni no bɛn a abɛn ho no?
58 Ɛnyɛ nea ɛwɔ mfirihyia apem ahenni a nhyira wom a abɛn no ho “sɛnkyerɛnne” mu ara ne “mmabaa du” bɛ no mmamu no. Enti, yɛrentumi nnyae wɔ bɛ yi so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛkɔ so susuw saa “sɛnkyerɛnne” a ɛyɛ nwonwa no afã afoforo ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ Bible mmere no akyi, bere a Hebrifo de alfabɛt ankasa dii dwuma sɛ nkontaahyɛde no, na wonni agyiraehyɛde biara ma akontaahyɛde “0” efisɛ na wonni biribiara saa. Enti wɔamfa nkyerɛwde daleth annyina hɔ amma 400 a akontaahyɛde o abien di so, na 500 nso woamfa nkyerɛwde ne a akontaahyɛde 0 abien di so. Wɔde Hebri nkyerɛwde anaa alfabɛt biako (taw) na egyinaa hɔ maa 400, na wɔde Hebri nkyerɛwde abien (taw qoph) na egyinaa hɔ maa akontaahyɛde 500. Wɔde Hebri nkyerɛwde pe na egyinaa hɔ maa akontahyɛde aduɔwɔtwe, na wɔde nkyerɛwde biako yod na egyinaa hɔ maa du. Enti ɛnyɛ nea ebetumi aba sɛ obi bedi mfomso wɔ tow pe (480) a ɛsono no wɔ taw qoph. pe (580) ho no mu.