Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 1/1 kr. 17-24
  • Ɔhene No Nneɛma A Wɔbɛma Adɔɔso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhene No Nneɛma A Wɔbɛma Adɔɔso
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Hyɛ A Ɔde “Nea Ɔwɔ’ Hyɛ Wɔn Nsa
  • “Talente” No A Wɔde Yɛ Adwuma
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 1/1 kr. 17-24

Ɔhene No Nneɛma A Wɔbɛma Adɔɔso

1. (a) Asemmisa bɛn na ɛsɔre a ɛfa Ahenni adedifo a wɔda so ara wɔ yɛn mu no ho? (b) Sɛ yehu saa nneɛma yi sɛ ɛrekɔ so wɔ wɔn ho a, eyi di nokwasɛm bɛn ho adanse?

ESIANE sɛ adanse no nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn mfirihyia apem ahenni no abɛn nti, asemmisa yi sɔre sɛ: Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan wɔ wɔn a wɔbɛka Onyankopɔn mfirihyia apem ɔsoro nniso no Hene ho no ho? Bere a wɔwɔ yɛn mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu wɔn bere a wɔaba abɛhwɛ wɔn na wɔresɔ wɔn ahwɛ wɔ sɛnea wodi ɔsoro Hene a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne no mmedi hene no nneɛma a ɔwɔ ho dwuma no. Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ nneɛma a ɔsoro Hene no wɔ wɔ asase so no nyinaa so? Sɛ yehu sɔ a wɔsɔ saa Ahenni no yɔnko adedifo yi hwɛ ne ba a wɔba bɛhwɛ wɔn no sɛ ɛrekɔ so wɔ yɛn mu a, edi adanse a emu yɛ den Onyankopɔn Mesia Hene no redi tumi. Ɔwɔ hɔ wɔ n’ahengua so!

2, 3. (a) Nea yehu sɛ ɛrekɔ so no yɛ Yesu bɛ bɛn mmamu, ne n’asomafo no asemmisa bɛn ho mmuae fã? (b) Saa bɛ no fii ase dɛn?

2 Wɔyɛɛ saa adeyɛ a ɛyɛ anigye a akɔ so a nnipa ani tuae wɔ saa afeha a ɛto so aduonu yi mu no ho mfonini maa yɛn wɔ ɛbɛ anaasɛ mfatoho a Yesu Kristo de kaa ne nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa no ho bere a na ɔte Ngo Bepɔw a wowɔ hɔ a wuhu Yerusalem no so, wɔ fefɛwbere mu bosome a wɔfrɛ no Nisan no da a ɛto so dubiako wɔ afe 33 Y.B. mu no mu. Na ɔda so ara rema nsɛm a n’asomafo no bisae no ho mmuae a ɛkɔ akyiri no: “Bere bɛn na nneɛma yi bɛyɛ, na dɛn na ɛbɛyɛ wo ba a woaba [pa.rou.si’a, Hela] ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:3, NW) Ná afei na wabu “mmabaa du” bɛ no akyerɛ n’asomafo no awie a wɔrefa mu asuade, na afei obu bɛ foforo a ne mmamu bɛkyerɛ sɛ ne parousia a aniwa ntumi nhu no afi ase na ɛrekɔ so. Wɔtaa frɛ saa bɛ yi sɛ “talente ho bɛ.” Efi ase sɛ:

3 “Na ɛte sɛ onipa a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ n’ankasa ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.”​—Mat. 25:14, 15, Twi Bible Foforo.

4. (a) Sɛnea saa bɛ yi mu nsɛm kyere no, dɛn na ‘ɛte sɛ bere a’ ɔdefo bi retu kwan na ɔde nneɛma a ɛsom bo maa ne nkoa? (b) Hena na saa onipa no yɛ ne ho mfonini, na dɛn ntia?

4 Nanso, dɛn na ɛte sɛ ‘bere a’ ɔdefo bi rebetu kwan no ɔde nea ɔwɔ nyinaa maa ne nkoa ansa na ɔrekɔ no? Ɛdɛn, ɛyɛ tebea ahorow a ɛfa Ahenni a ná Yesu Kristo reka ho asɛm no ho no. Eyi da adi wɔ ne bɛ a edi eyi anim a ɛfa “mmabaa du” no ho a ofii ase sɛ: “Ɛno na wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wɔkohyia ayeforokunu ho.” (Mat. 25:1) Afei nso ɛda adi wɔ ɛbɛ a Yesu bui wɔ “talente” ho bɛ no akyi no mu. (Mat. 25:31-34) Wɔ ɛbɛ a yɛresusuw ho mprempren yi mu no ɔdefo a na ɔretu kwan no ne Awurade Yesu Kristo ankasa. Na ɛyɛ ne ba a waba ho “sɛnkyerɛnne” na wobisaa no.

5. Ɛbɛ a edi kan bɛn na emu nsɛm no ne “talente” ho bɛ no sɛ, nanso ɔkwan bɛn so na ɛsono mmɛ abien yi mu biara wɔ nea ná ɔpɛ sɛ ɔde kyerɛ no mu?

5 Saa “talente” ho bɛ yi sɛ ɛbɛ a Yesu dii kan bui a wɔtaa frɛ no “mmɛnnaa du” ho bɛ no wɔ nneɛma pii mu. Nea ɛyɛ anigye no, na ɔde “‘talente” ho bɛ no rekyerɛ, denam ne mmamu wɔ yɛn bere yi mu, sɛ Awurade Yesu Kristo parousia anaasɛ ba a waba n’ahenni mu no rekɔ so, bere a Awurade Yesu buu “mmɛnnaa du” bɛ no de kyerɛɛ n’atiefo no sɛ, wɔ saa bere no mu no, ná Mesia ahenni no wɔ akyiri a ɛbɛba daakye. Enti, asɛm a wɔde fii mmɛnnaa du bɛ no ase no se: “Na wɔretie eyinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi.” Dɛn ntia? “Efisɛ wabɛn Yerusalem na wosusuwii sɛ Onyankopɔn ahenni rebeyi ne ho adi amonom hɔ ara. Na enti ɔkae sɛ: Ɔdehye bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekogye n’ahenni, na wasan aba. Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba.” (Luka 19:11-13) Na kwan tenten a wotu kɔ akyirikyiri asase bi so san ba ho asɛm wom, na eyi begye bere a ɛware ansa na ɔdehye no nsa aka ahenni no na wasan aba.

6. (a) Dɛn na na asi nnanu ansa na Yesu buu “talente” ho bɛ no, na dɛn na amma saa bere no? (b) Enti asemmisa bɛn na ɛsɔre afei?

6 Ampa, saa ara na bere a Awurade Yesu buu “talente” ho bɛ no ná Onyankopɔn Mesia ahenni no da so ara wɔ akyirikyiri; na ɛnyɛ nea ɛbɛba amonom hɔ ara. Nnanu ansa na eyi reba, Kwasida, Nisan 9, 33 Y.B. no ná Yesu atra afurum ba so nkonimdi so akɔ Yerusalem na ná nnipadɔm a wɔredi ho ahurusi no ateɛteɛm sɛ, “Nhyira ne nea ɔnam Awurade [Yehowa] din mu reba! Nhyira ne yɛn agya Dawid ahenni a ɛreba no! Hosiana wɔ sorosoro!” Nanso, saa bere no na Ahenni no mmae. (Marko 11:9, 10) So saa Ahenni no reda adi wɔ yɛn bere yi mu? Ɛno ne asemmisa a ɛho hia yɛn mprempren! Bere tenten atwam fi bere a na Yesu wɔ ɔhonam mu wɔ ha no.

7, 8. (a) Yɛyɛ dɛn hu bere a “talente” ho bɛ no fii ase nyaa mmamu? (b) Ɔkwan bɛn so na Asomafo no Nnwuma 1:2-5 si eyi so dua?

7 “Talente” ho bɛ a ne mmamu fa Yesu parousia anaasɛ ba a waba ho no fii ase ankasa wɔ asomafo no nna no mu afeha dunkron a atwam ni no. Na “onipa” bi, a ɔwɔ ɛbɛ no mu a ɛyɛ Yesu Kristo ankasa no ne wɔn traa hɔ ara kosii da a ɔforo kɔɔ soro, dadu ansa na wɔredi Petenkoste Afahyɛ no wɔ Yerusalem. Wofi ɛbɛ no ase sɛ onipa no ‘retu kwan akɔ baabi,’ na ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Yesu a wɔanyan no no amfi ase ‘antu kwan’ ankɔ “asase bi so akyirikyiri” kosii da a ɔforo kɔɔ soro a wɔanhu no bio no. Enti ansa na ɛno reba no, ebia ɔfrɛɛ “ne nkoa,” n’asuafo anokwafo a wɔwɔ hɔ saa bere no de nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Ɛno nso nti na ebia ɛbɛ no fii ase wɔ bere a onyan fii awufo mu no ne bere a ɔforo kɔɔ ne soro Agya no nkyɛn no ntam hɔ no. Nea ɛne eyi hyia no yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 1:2-5 sɛ:

8 “De besii da a ɔnam Honhom kronkron so hyɛɛ asomafo a ɔpaw wɔn no na wɔfaa no kɔɔ soro no [Yesu ne n’asuafo no kasa faa adwuma no ho], wɔn nso na n’amanehunu akyi oyii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefo adanse bebree mu, adaduanan mu ɔma wohuu no, na ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Na ɔne wɔn hyiae no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wommfi Yerusalem nnkɔ, na mmom wɔntwɛn agya no bɔhyɛ a ose motee fi m’anom: sɛ Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, na mo de, wɔbɛbɔ mo asu honhom kronkron mu, ɛrenkyɛ nna yi mu.”

9. (a) Wɔ “talente” ho bɛ no mu no, ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛe nea enti a onipa no tu kwan kɔ baabi? (b) Wɔ mmɛnnaa du ho bɛ a ɛne no sɛ no mu no, na dɛn nti na onipa no kɔ asase bi so akyirikyiri, na ɔkwan bɛn so na Yesu sii eyi so dua wɔ Awurade Anwummeduan no ase?

9 Asase a ɛwɔ “baabi” a na ɛsɛ sɛ “onipa” a ɔwɔ bɛ no mu no tu kwan kɔ so no yɛ ɔsoro ankasa, beae a Awurade Yesu Kristo soro Agya no te no. Luka 19:12 ka ho asɛm yiye sɛ “asase bi so akyirikyiri.” Wɔ “talente” ho bɛ no mu no, Yesu ankyerɛ yɛn nea enti a “onipa” no tuu kwan kɔɔ baabi no. Nanso, ɔkyerɛ sɛ na ɔrekonya “anigye” titiriw bi na wama nea “ɔwɔ” adɔɔso abɛyɛ ‘nneɛma pii’ ankasa. Enti, bere a onipa no huu nea enti a ɔrebetu kwan akɔ baabi no, onyaa “anigye” sɛ́ saa “nkoa” a ogyaw wɔn wɔ akyi no Wura. Ɛbɛ a ɛne no sɛ, a ɛne mmɛnnaa du bɛ no kyerɛ nea enti a otu kwan kɔ baabi no sɛ, “ɔrekogye n’ahenni, na wasan aba.” Enti ahenni no a onya no na ɛma onya “anigye” no. Nea ɛkyerɛ eyi ne nea enti a ɔkɔɔ soro no, bere a wakyerɛ wɔn sɛnea wobedi Awurade Anwummeduan no afe biara akyi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no sɛ: “Na me nso, sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no ntɛn.”​—Luka 22:29, 30.

10. Wɔ ɛbɛ no mu no, henanom na “ne nkoa” no yɛ wɔn ho mfonini, na ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛe sɛ wogye eyi tom?

10 Wɔ ɛbɛ no mu no, ná “n’ankasa ne nkoa” no ne saa Yesu Kristo asuafo a wɔabɔ wɔn asu a wɔka ne ho wɔ ahengua no so wɔ “ɔsoro ahenni” no mu no. Asomafo no mpo amfɛre sɛ wɔbɛpaem aka sɛ wɔyɛ Awurade Yesu “nkoa.” Sɛ nhwɛso no, Petro krataa a ɛto so abien no fi ase sɛ: “Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafo.” (2 Pet. 1:1) Ɔrefi Adiyisɛm, Bible mu nhoma a etwa to no ase no, ɔsomafo Yohane se Yesu Kristo “na ɔsomae nam ne bɔfo so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane.” (Adi.1:1) ɔsomafo Yuda fi ne krataa no ase sɛ: “Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakobo nua.” (Yuda 1) Ɔsomafo Yakobo hyɛ ne krataa no ase sɛ: “Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no.” (Yak. 1:1) Ɔsomafo Paulo fi ne krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no ase sɛ: “Paulo ne Timoteo, Yesu Kristo nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefo nyinaa a wɔwɔ Filipi.”​—Fil.1:1.

Hyɛ A Ɔde “Nea Ɔwɔ’ Hyɛ Wɔn Nsa

11. Nea Yesu sɛ́ saa “onipa” a ɔwɔ ɛbɛ no mu no wɔ a ɔde gyaw ne “nkoa” no nyɛ dɛn?

11 Asuafo a wɔka ɔsoro ahenni no ho no ne “nkoa” a Yesu a ɔrebɛkɔ no frɛɛ wɔn de “nea ɔwɔ” hyɛɛ wɔn nsa ansa na ɔrekɔ no. (Mat. 25:14) Ná dɛn ne nea ɔwɔ yi? Wannyaw honam fam nneɛma te sɛ adan, nsase, ntama, sika a ɛwɔ sika korabea biara amma n’asuafo no. Ogyaw ne nã Maria a na wabɔ aberewa no ne ne nã mma no hɔ bere a owui wɔ asɛndua no so wɔ Kalvary no, na eyinom na ogyaw honam fam nneɛma biara a ɔwɔ no mae sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no. Na bere a ɔreyɛ Onyankopɔn ahenni no ho asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma bɛyɛ mfirihyia abiɛsa ne fã no, na ɔrenhyehyɛ “ademude asase so,” na mmom ná ɔrehwehwɛ ne soro Agya no ahenni no kan. (Mat. 6:19, 20, 33; 12:46, 47; 24:3-47; Aso. 1:14) Afei, dɛn na ogyawee a obetumi de ahyɛ ne “nkoa” no nsa?

12, 13. a) Ɛnde na dɛn ne nea Yesu Kristo wɔ a ogyawee no? (b) Ɔkwan bɛn so na saa adwene yi daa adi denam nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no wɔ Yakob abura no ho no so?

12 Na ɛyɛ Kristofo adwuma foforo nhyɛase, beae foforo a na wobetumi akɔ so aka Onyankopɔn Mesia ahenni no ho asɛmpa no na wɔayɛ Kristofo asuafoyɛ adwuma no ma mfaso aba so. Na ɛyɛ ɔkwan a wasiesie ama ne “nkoa” a wɔyɛ n’asuafo no. Wɔ afe 30 Y.B. mu dedaw mpo, bere a na ɔwɔ Samaria na wakasa akyerɛ Samariani baa bi wɔ “Yakob abura” a ɛbɛn Sikar ho akyi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ:

13 “Hwɛ, mise mo, momma mo ani so na monhwɛ mfuw mu sɛ anya ahoa adu twa mu. Na nea otwa no gye akatua, na ɔboaboa aba ano kɔ daa nkwa mu na nea ogui ne nea otwae ani agye prɛko. Na eyi mu na asɛm no yɛ nokware sɛ: obi gu, na obi twa. Me de, mesomaa mo sɛ monkotwa nea moanyɛ ho adwuma; ebinom ayɛ, na mo de, moaba wɔn adwuma no mu.”​—Yoh. 4:35-38.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde Osuboni Yohane ne Yesu Kristo baguam adwuma a wɔyɛe no toto ho? (b) Henanom mu, ne ɔkwan bɛn so, na Yesu gyaw asase a wasiesie a wobetumi ayɛ so adwuma?

14 Bɛyɛ sɛ asram asia no Osuboni Yohane dii dwuma sɛ obi a odi Yesu anim, ɔbɔɔ dawuru sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” ‘Na wɔde Yohane kɔtoo afiase wɔ afe 30 Y.B. mu akyi no, Yesu toaa asɛm koro no ara so. Wɔ mfe abiɛsa a edi hɔ no mu no, Yesu kɔɔ so kaa saa asɛm no na ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara a hokwan no bɛba. Ahofadi a Yohane nyae de yɛɛ ne baguam adwuma no yɛɛ tiaa, bɛyɛ afe biako pɛ, nanso ná Yesu baguam ne kokoam adwuma a ɔyɛe no tenten yɛ ne de no mmɔho abiɛsa. Yebetumi aka sɛ nnipa baanu no yɛɛ ogu adwuma, na Yesu toaa so fii baabi a Yohane dui no. Yesu fii ase nyaa asuafo, nanso na ɛnyɛ nnipa a na obetumi anya wɔ ne som adwuma no mu no ‘nyinaa. (Mat. 4:12-23; 3:1-7) Bio nso, denam Yesu baguam ɔsom adwuma a ɔyɛe, a kum a wokum no ne nyan a wonyan no fii awufo mu ka ho no, ɔmaa Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ ho no baa mu, na ná eyi yɛ nea nnipa nyinaa nim. Eyi nyaa tumi wɔ Yudafo a wɔte asasesin a Yesu Kristo bɛyɛɛ obi a nnipa nyinaa de wɔn ani sii no so kɛse wɔ saa mmere no mu no so. Eyi ma ɛbɛyɛɛ beae a ɛfata sɛ wonya Kristofo asuafo.

15. (a) Enti ade a ɛsom bo na wodi ho dwuma a ɛyɛ yiye bɛn na Yesu Kristo gyaw maa n’asuafo no? (b) Nnipa baahe na mfiase no ogyaw saa “nea ɔwɔ” no maa wɔn?

15 Enti wɔ nkurɔfo a Yesu yɛɛ wɔn mu adwuma no mu no, obuee hokwan bi, ɔyɛɛ nsiesiei anaasɛ ɔde tumi bi mae a ɛbɛboa ma asuafo afoforo aba, odii tebea bi ho dwuma a na ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ afoforo begye adwuma a Yesu asuafo bɛyɛ wɔ daakye no atom. Saa nsiesiei a ɔyɛe ma wɔanya asuafo Kristofo afoforo yi na ɛyɛ Awurade Yesu Kristo a wɔanyan no no ‘nneɛma a ɔwɔ.’ Na eyi ne nea ɔde hyɛɛ ne nkoa a wɔyɛ n’asuafo no nsa. Ne wusɔre akyi no ɔmaa “anuanom bɛboro ahanum huu no prɛko,” nanso ɛno akyi wɔ Pentekoste Afahyɛ Da no, asuafo bɛyɛ ɔha ne aduonu pɛ na ehyiae wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem, a wɔne nnipa a wodii kan nyaa honhom kronkron a wofi soro hwie gui no. (1 Kor. 15:6; Mat. 28:16-18; Aso. 1: 13-15) Enti, anyɛ yiye koraa no na Kristofo “nkoa” bɛboro ɔha wɔ hɔ a wɔn na ɔde “nea ɔwɔ” hyɛɛ wɔn nsa ansa na ɔretu kwan akɔ baabi, ne soro Agya no nkyɛn a ɔforo kɔe no.

16. Nea onipa a ɔwɔ ɛbɛ no mu no wɔ no bɛyɛ sɛ sika ahe na ɔkwan bɛn so na ɔkyekyɛɛ “nea ɔwɔ” yi maa ne “nkoa” no?

16 Ɔkwan bɛn so na ɔkyɛɛ “nea ɔwɔ” no, na dɛn so na ogyina yɛɛ saa? Yɛkenkan sɛ: “Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien na obiako nso biako. Sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.” (Mat. 25: 15, Twi Bible Foforo) Enti dwetɛ talente awotwe (8) na wɔde gyinaa hɔ maa “nea ɔwɔ” a ɔkyekyɛ maa ne nkoa no. Na eyi yɛ sika a ɛdɔɔso wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan no mu, efisɛ na dwetɛ talente biako biara yɛ mmɛnnaa aduosia (60) anaasɛ bɛyɛ Amerika sika dɔla 850. Akoa a onyaa dwetɛ talente biako no nyaa saa sika dodow yi a ɔde bɛyɛ adwuma; akoa a onyaa talente abien no nyaa nea odi kan no de no mmɔho abien; na nea onyaa talente anum no nyaa saa sika no mmɔho anum. Akoa biara nyaa sika sɛnea “ahoɔden” a ɔwɔ te, na ɔde ayɛ adwuma. Ná ɔdefo no nim ne nkoa no ne wɔn ahoɔden.

17. (a) Ahoɔden bɛn na na “nkoa” a wɔwɔ ɛbɛ no mu no wɔ, na wɔ ɛbɛ no mmamu mu nso ɛ? (b) Hena na onyaa asɛyɛde a ɛsõ sen biara wɔ ɛbɛ no ne ne mmamu mu?

17 Wɔ ɛbɛ no mu no, ná ahoɔden no yɛ ahoɔden ankasa anaasɛ ahoɔden a nkoa no abɔ mmɔden anya. Wɔ “talente” ho bɛ no mmamu mu no, “ahoɔden” no nyɛ nipadua anaasɛ adwene mu ahoɔden, ɛwom sɛ saa ahoɔden yi betumi ayɛ nea ɛsom bo na ɛboa de. Mmom no, “ahoɔden” no gyina hɔ ma honhom mu akyɛde anaa su horow a ɛsɛ sɛ wohu wɔ Kristoni akoa a ɔyɛ ɔsoro ahenni no muni mu no. Mmɔdenbɔ, ɔpɛ, ne nsiyɛ a Kristoni akoa no wɔ no boa na ɔde n’akyɛde anaa su horow no adi honhom fam ahonyade a wɔde ahyɛ ne nsa no ho dwuma. Ɛwom, nea onyaa bɛyɛ talente anum, sɛnea n’ahoɔden te no na ɔwɔ asɛyɛde a ɛso sen biara. Enti Awurade Yesu Kristo de asɛyɛde a ɛsõ sen biara no too ne nkoa asomafo no so, na na wɔwɔ akwampae adwuma a ɛsõ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, afei nso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ Kristofo asafo no nhyɛase a ɛto so abien.​—Adi. 21:14; Efe. 2:20-22.

18. (a) “Nkoa” no a wɔyɛ baasa pɛ no gyina hɔ ma den? (b) Wɔ ɛbɛ no mu no na “nkoa” no nyinaa yɛ mmarima, nanso wɔ ne mmamu no mu nso ɛ?

18 Ɛwom Awurade Yesu Kristo wɔ nea ɛboro honhom mu “nkoa” baasa a ɔne wɔn ayɛ ɔsoro ahenni ho apam. Enti “nkoa” baasa a wɔwɔ ɛbɛ no mu no gyina hɔ ma akuw horow abiɛsa a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ɔsoro ahenni no difo. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ mmaa gyidifo pii wɔ Kristofo asafo a wɔde honhom awo no no mu. Wɔ Pentekoste Afahyɛ Da afe 33 Y.B. mu no, ná Yesu ne nã Maria yɛ saa mmaa no mu biako, na ebetumi aba sɛ ná Maria ne Marta a wofi kurow Betania a ɛbɛn Yerusalem no ka “mmaa no” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma, 1:14, a wonyaa honhom kronkron wɔ saa Pentekoste da titiriw no mu no ho. (Yoh. 11:1-45) Afei nso, bere a wɔwɔ ɔtaa ase wɔ Yerusalem no ɔsɛmpakafo Filipo kɔɔ atifi fam koduu Samaria, na ohuu Samariafo mmea a wɔyɛ gyidifo, na yɛkenkan sɛ: “Na wogyee Filipo a ɔka Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din ho asɛmpa no dii no, mmarima ne mmea ma wɔbɔɔ wɔn asu.”​—Aso. 8:12.

19. (a) Wɔ ɛbɛ no mu no, “onipa no hwɛɛ kwan sɛ nkoa no bɛyɛ dɛn wɔ “nea ɔwɔ no ho? (b) Dɛn na Yesu Kristo hwɛ kwan wɔ “nea ɔwɔ” a ogyaw maa ne “nkoa” a ɛyɛ n’asuafo no ho?

19 Wɔ ɛbɛ no mu no, ɔbarima a ɔretu kwan no hwɛɛ kwan sɛ ne nkoa no de saa talente no bɛyɛ adwuma bere a onni hɔ no na ebi abɛka ho. Na ɔmpɛ sɛ wɔde sika no bɛto hɔ kwa a wɔmfa nyɛ adwuma. Saa ara na bere a Awurade Yesu Kristo de nea ɔwɔ wɔ asase so rehyɛ ne “nkoa” a ɛyɛ n’asuafo no nsa no, ɔhwɛɛ kwan, na ɔhyɛɛ wɔn nokwarem sɛ wɔmmma nsiesiei anaasɛ nhyɛase a ɔde ato hɔ no nnyɛ nea wobebu ani agu so a wɔremma ɛnsow aba pii. Anaa sɛ́ wobegyaw tebea no sɛnea ɛte fi mfiase no ara a wɔremma ɛntrɛw nkɔ akyiri. Dabi, na mmom Awurade Yesu Kristo a na onni hɔ no hwɛɛ nkɔso kwan, na enti asotwe bɛba nea wanni n’asɛyɛde ho dwuma na amfa nkɔso amma no so.

“Talente” No A Wɔde Yɛ Adwuma

20. Dɛn na “onipa” no hwɛɛ kwan wɔ nkoa a ɔde talente hyɛɛ wɔn nsa no ho, na ɔkwan bɛn so na nea wɔhwɛ kwan wɔ wɔn ho a wodii ho dwuma no ho baa nkoa no mfaso?

20 Nkoa a wɔwɔ bɛ no mu no hui, sɛ wanka ankyerɛ wɔn pɔtee mpo a, sɛ ná wɔrehwɛ kwan sɛ wɔbɛma ebi abɛka ho. Ɛbɛ no ma eyi da adi, na yɛkenkan sɛ: “Na nea onyaa talente anum no kɔe kɔdannan ho, na onyaa talente anum bɔɔ ho. Saa ara nso na nea onyaa abien no, ɔno nso konyaa abien kaa ho.” (‘Mat. 25: 16, 17) Ɛda adi sɛ, saa nkoa baanu yi amfa sika no ankosie wɔ sikakorabea na mfaso aba ho denam adwuma a wɔde bɛyɛ wɔ sikakorabea hɔ so; na mmom wɔn ankasa de nyansa ne nhumu ne anifere yɛɛ adwuma. Mmɔden a wɔn ankasa bɔe no ho baa mfaso, efisɛ wɔn mu biara sika no bɛyɛɛ mmɔho. Wɔn mu biara de ‘n’ahoɔden’ dii dwuma a nokwaredi ne ahofama ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ ne wura no ani ka ho.

21, 22. Ɔkwan bɛn so na na ɛsɛ sɛ nea Yesu wɔ no dɔɔso, na de kosi he? Wɔ beae bɛn?

21 Afei, ɔkwan bɛn so na saa nneɛma a Awurade Yesu Kristo wɔ a ɔde bi hyɛɛ nea ɔbɛba abɛyɛ Ahenni no adedifo no nsa no yɛɛ mmɔho wɔ ɛbɛ no mmamu mu? Awurade Yesu kyerɛɛ sɛnea ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ no na Bible kyerɛwtohɔ de sɛnea wɔyɛɛ no mfeha dunkron a atwam ni ho nhwɛso horow ma. Nna kakraa bi ansa na ɔreforo akɔ soro no Awurade Yesu yii ne ho adi wɔ nipadua mu kyerɛɛ n’asuafo no wɔ baabi a wadi kan akyerɛ wɔn wɔ bepɔw bi so wɔ Galilea mansin mu. Ɛhɔ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me. Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo: mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Oba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mat. 28:16-20) Nanso da a ɔreforo akɔ soro no, sɛnea wɔbɛyɛ adwuma a ɛbɛma “nea ɔwɔ” adɔɔso no ho nsɛm titiriw na ɔkae. Yɛkenkan wɔ eyi ho sɛ:

22 “Ɛnna wɔn a wohyiae no bisaa no sɛ: Awurade, so bere yi mu wobɛhyɛ ahenni no ananmu ama Israel? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo de sɛ mubehu bere anaasɛ nna a agya no ahyɛ ato hɔ n’ankasa ne tumi mu; na mmom honhom kronkron no nya ba mo so a, mubenya ahoɔden na moayɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.”​—Aso. 1:6-8.

23. (a) Mmeae bɛn nkutoo na Yesu yɛɛ n’asɛnka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no, na dɛn na efii mu bae? (b) Ɛnde, ɛhe na asuafo no huu Kristo nneɛma a ɔwɔ no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma kosi hena bere a ɛsɛ mu?

23 Wɔ n’asase so adwuma sɛ Ahenni ho dawurubɔfo ne kyerɛkyerɛfo no, Yesu yɛɛ n’adwuma no wɔ Yerusalem ne Galilea ne Yudea amansin a (Samaria ka ho) no mu, de kosii Perea a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no kɔn so wɔ apuei fam no nkutoo. Wɔ saa mmeae yi no na Yesu asiesie anaasɛ wato nhyɛase pii ama asuafoyɛ adwuma no wɔ Yudafo no ne Samariafo no mu. Tebea a ɛwɔ saa mmeae yi ne nea ná ɛsɛ sɛ asuafo no de di dwuma na wɔde ama Kristofo asuafo no adɔɔso; ná eyi ne nea Yesu wɔn Awurade no wɔ a ɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ “nkoa” no. Enti, nea edi kan koraa no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma wɔ saa mmeae a wasiesie yi kosi bere a ɔsoro Agya no ankasa ahyɛ wɔ ne tumi mu no. ‘Eyi na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na wɔkae sɛ: “Yesu Kristo ayɛ twetiafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware no, sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den.”​—Rom. 15:8.

24. (a) Bere a wonyaa honhom kronkron akyi no, ɔkwan bɛn so na asuafo no de wɔn Awurade no nneɛma a ɔwɔ no yɛɛ adwuma amonom hɔ ara, na wonyaa nnipa ahe? (b) Asase a ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma bɛn na Yudafo gyidifo no hui bere a wɔsan kɔɔ mmeae a wofi wo Pentekoste akyi no?

24 Nea ɛne eyi hyia no “nkoa” a ɛyɛ asuafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no yɛɛ adwuma wɔ mmeae a wasiesie anaasɛ wato nhyɛase no a ná Awurade Yesu de ahyɛ wɔn nsa sɛ “nea ɔwɔ” a wayɛ ho adwuma no, na wɔyɛɛ saa honhom mu nsiesiei anaasɛ nhyɛase yi ho adwuma na wɔatumi anya asuafo no pii. Wɔyɛɛ eyi ntɛm ara wɔ saa Pentekoste Afahyɛ Da no wɔ afe 33 Y.B. mu, wɔ Yerusalem, na amonom hɔ ara wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ mpensa asu na wɔde wɔn bɛkaa Ahenni no mufo ho denam honhom kronkron a wɔde bɔɔ wɔn asu no so. Sɛ́ wɔyɛ Yudafo ankasa anaasɛ wɔn a wɔasakra aba Yudafo gyidi mu no, na wɔn nyinaa yɛ twetiafo. Nea Awurade Yesu wɔ a na ɔde ahyɛ asuafo no nsa no yɛ nea wɔkɔɔ so de dii dwuma pii bio, wɔde “nea ɔwɔ” yi yɛɛ Kristofo adwuma ara ma bere bi akyi no, asuafo a na wɔwɔ Yerusalem no dodow koduu “bɛyɛ sɛ mpemnum.” (Aso. 4:4) Akyinnye biara nni ho sɛ saa Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo ɔhaha a Pentekoste afahyɛ no akyi wofii Yerusalem san kɔɔ asase no afã horow a wofi bae no hui sɛ Kristofo adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wɔn mfɛfo Yudafo no mu.

25. (a) Ɔkwan bɛn so na na Yesu ayɛ adwuma anya nneɛma wɔ Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo a wɔba Yerusalem afahyɛ no fam dedaw? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔtaa maa Kristofo gyidi no trɛw kɔɔ akyirikyiri wɔ Yudafo no aman mu?

25 Ebetumi aba sɛ, saa Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo no mu pii hyiaa Yesu Kristo na wotiee ne kasa wɔ mmere horow a atwam a wɔbaa Yerusalem wɔ afahyɛ horow no nyinaa ase no. Ne saa nti, wɔ Yudafo a wɔatu kwan aba Yerusalem ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo no mpo mu no, ná Yesu adi kan asiesie wɔn anaasɛ wɔato nhyɛase no dedaw, na asomafo no ne wɔn mfɛfo asuafo a wɔwɔ Yerusalem no de saa Yesu nneɛma a ɔwɔ no fã yi yɛɛ adwuma. (Yoh. 12:20-29; Aso. 2:5-11) Enti ɛbae sɛ, ansa na ɔsomafo Paulo rekɔ Roma a ɛwɔ Italia no, na asafo a Kristofo pii wom wɔ hɔ. (Rom. 1:1-7; 15:22-24) Afei nso, ɔtaa a ɛsɔree Yerusalem wɔ Kristo asuafo no so no kowiee Kristofo gyidi no a ɛtrɛwee wɔ Yudafo pii a na wonni Yudafo mansin horow no mu no mu. Wɔ Asomafo no Nnwuma 11:19 no wɔakyerɛw sɛ: “Afei wɔn a ɔhaw a ɛsɔree Stefano so no nti wɔpetee no kyinii koduu Foinike ne Kipro ne Antiokia, na wɔanka asɛm no ankyerɛ obiara sɛ Yudafo nko.”

26. (a) Asuafoyɛ adwuma no a wɔyɛɛ no Yudafo nkutoo mu no kɔɔ so kosii bere bɛn, na wɔ dɛn akyi? (b) Ɔkwan bɛn so na adwuma no kɔɔ so wɔ beae foforo yi wɔ honhom fam “talente” no a wobɛma adɔɔso no mu?

26 Saa nneɛma a Awurade Yesu Kristo a na onni hɔ no wɔ a wɔbɛma adɔɔso ho adwuma a wɔyɛe wɔ Yudafo ne wɔn a wɔabɛyɛ Yudafo mu nkutoo no kɔɔ so ara koduu twabere wɔ afe 36 Y.B. mu. Afei bere a wɔbɛma Kristofo asuafo no mmuae afoforo no dui sɛnea ná Yesu ankasa ahyɛ wɔn no, sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo: mommɔ wɔn asu,” ne “na moayɛ m’adansefo . . . de akɔpem asase ano nohoa.” (Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8) Afei na Onyankopɔn bere adu sɛ asuafo a wɔyɛ Yudafo a Yesu de ne honhom fam “talente” no ahyɛ wɔn nsa no de saa “nea ɔwɔ” yi bɛyɛ adwuma na wɔanya honhom fam “talente” pii. Eyi hyɛɛ ase denam talente anum kuw no adeyɛ wɔ bere a wɔsomaa ɔsomafo Petro kɔɔ Roma ahenkurow Kaesarea a ɛwɔ Yudea mu sɛ ɔnkɔyɛ Kornelio Yesu Kristo suani no so. (Aso. 10:1kosi11: 18) Ɛdenam eyi so no, hokwan buei sɛ wɔbɛyɛ Amanaman mufo anaasɛ nnipa a wɔnyɛ Yudafo wɔ wiase nyinaa no asuafo. Na eyi nyɛ beae a ɛyɛ Yesu Kristo de bere a ɔwɔ asase so no, a na Yehowa Nyankopɔn de ahyɛ ne nsa sɛ ɔnyɛ asuafoyɛ adwuma no wom.​—Mat. 15: 24.

27. Saa wiase nyinaa adwuma a wobebue ano yi gyee dɛn wɔ asuafo a wɔyɛ Yudafo no fam?

27 Afei na asase a ɛsõ ni a Yesu Kristo ankasa nyɛɛ nnipa no mu adwuma, onsiesiee wɔn, na Yesu, sɛ́ ɔkwampaefo no, ogyaw ɛno maa n’asuafo no na wɔadi ho dwuma de ama Kristofo asafo no adɔ. Wɔ mfaso ne nkuranhyɛ ne hokwan ahorow a wonyae wɔ nea na Yesu ahyɛ ase no mu no, afei de na sɛ́ wɔn a wɔanya osuahu na wɔn ho akokwaw no, na wobetumi agu aba no na wɔahwɛ ma anyin, na ɛdenam saa yɛ so no, wɔde mmeae a wobetumi anya Yesu, Mesia no asuafo afoforo abɛka ho. Na eyi gye mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ akwampaefo, ná egye akokoduru, mmɔdenbɔ ankasa, wɔn ani a wɔbɛma ada hɔ yiye ne animia sɛnea ɛbɛyɛ a adwuma no rengu. Na wɔrentoa nea obi ayɛ so bio, na mmom na wɔn ankasa refi asuafoyɛ adwuma no ase wɔ beae a ɛyɛ foforo koraa. Ná eyi kyerɛ osetie a wɔyɛ ma wɔn Awurade no.​—Rom. 15:17-21.

28, 29. (a) Woredi nhwɛso a asuafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu yɛe akyi no, ɔkwan bɛn so na Kristo nkoa a ɛyɛ asuafo a wɔbae akyiri yi no ayɛ sɛnea wɔn ahoɔden te? (b) Dɛn titiriw na ade nkɔso yi ba?

28 Asomafo no ne Yesu Kristo asuafo afoforo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu yɛɛ nhwɛso wɔ sɛnea wɔde sɛnkyerɛnne kwan so “talente” a wɔde hyɛɛ wɔn nsa no yɛ adwuma no ho. Wɔmaa wɔn Awurade no talente no bu bɔɔ ho abien. Kristofo “nkoa” kuw a wɔmaa wɔn Awurade nneɛma no “talente anum” no de talente anum bio bɛkaa ho. Kristo “nkoa” kuw a wɔmaa wɔn nea wɔn Awurade wɔ mu no talente abien no de talente abien bio bɛkaa ho. Na sɛ wɔkyekyem a, kuw biara de bu bɔɔ ho abien, a enti wɔn mu biara yɛɛ sɛnea obetumi, ná obi nsen obi. Ɔyɛɛ nea wobetumi ahwɛ kwan afi ne hɔ biara. Obiara yɛɛ nea obetumi sɛnea ‘n’ahoɔden’ te. ‘Nanso, ɛnyɛ “akoa” biako biara “ahoɔden” a ɔde yɛɛ adwuma nko nti na ɛmaa wɔn Awurade no nneɛma a ɔwɔ yɛɛ pii. Na ade foforo bio nso wɔ hɔ, na eyi ne ade atitiriw wɔ ne nyinaa mu. Ɔsomafo Paulo twe adwene si eyi so bere a ɔde ɔno ankasa som adwuma toto Apollo, osuani a ne ho akokwaw wɔ kasa mu, no ho no, sɛ:

29 “Ɛno, Paulo ne hena? Apollo ne hena? Wɔyɛ asomfo a monam wɔn so agye adi, na wɔn mu biara, sɛnea Awurade de ama no. Me de miduae, Apollo guguu so, na Onyankopɔn na ɔmaa nnɔ‘bae; enti ɛnyɛ nea odua na ɛnyɛ nea ogugu so na ɔyɛ biribi, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn a ɔma nnɔbae no. Na nea odua ne nea ogugu so yɛ biako, na wɔn mu biara benya n’ankasa n’akatua sɛnea n’ankasa n’adwuma te. Na yɛyɛ Onyankopɔn adwumayɛboafo; moyɛ Onyankopɔn afuw, Onyankopɔn dan.”​—1 Kor. 3: 5-9.

30. (a) Ɛnde hena na ɛsɛ sɛ wodi kan yi no ayɛ wɔ nkɔso no ho? (b) Adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan no mu wɔ nkɔso a ɛbae wɔ beae a asomafo no yɛɛ adwuma no ho?

30 Enti Onyankopɔn ne Nea ɛsɛ sɛ woyi no ayɛ wɔ nkɔso no ho, na Kristo “nkoa” no de, wɔyɛ adwinnade ara kwa a n’ani gye sɛ ɔde wɔn bɛyɛ adwuma na nkɔso aba. Ɔboa “nkoa” no ma wotumi di wɔn asɛyɛde horow ho dwuma. Ɔma “nkoa” no nea wohia a wobetumi de ayɛ adwuma a ɛne asuafo a wɔbɛyɛ wɔ nnipa a wɔwɔ amanaman nyinaa mu no mu. Enti wɔayɛ bi aka nea Onyankopɔn Ba a na ɔrekɔ no yɛe no ho, efisɛ wɔde mmeae afoforo a ɛte saa abɛka ho wɔ wiase nyinaa denam osetie a Kristo “nkoa” no yɛ ma n’ahyɛde ne ne nhwɛso akyi a wodi no so. Eyi ho adanse bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ Yɛn Bere yi afeha a edi kan ‘no mu? Eyi: asafo ahorow a emufo yɛ asuafo a wɔyɛ ɔsoro ahenni no adedifo bae wɔ Yerusalem, Yudea ne Galilea, ne Samaria de no nyinaa akyi. Wɔhyehyɛɛ asafo ahorow wɔ Asia, Afrika Europa ne Mediteranea anaasɛ Ntam Po no nsupɔw ahorow so.

31. Sɛ eyi ho nhwɛso no, dɛn na beae a Petro fi kyerɛw ne krataa a edi kan no kyerɛ wɔ ne ho?

31 Fa ɔsomafo Petro Sɛ nhwɛso. Na ɔyɛ asomafo baanan a bere a wɔtee Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa Yerusalem asɔredan fɛfɛ no sɛe ho akyi no wobisaa no sɛ: “Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛyɛ, na eyinom nyinaa rebɛbam a, sɛnkyerɛnne ne dɛn?” no mu biako. (Marko 13:1-4) Wiɛ, bɛyɛ mfe aduasa akyi, wɔ Yɛn Bere yi afe 62-64 mu hɔ, anaasɛ mfe bebree ansa na “eyinom” reba na wɔaka Yerusalem ahyem na wɔasɛe no ne n’asɔredan no, ná ɔsomafo Petro reyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Roma Ahemman no akyi. Yiw ɔkyerɛw ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Roma Ahemman no mu no wɔ kurow Babilon a ɛwɔ Eufrat Asubɔnten no kɔn so wɔ Mesopotamia, na wɔ ne krataa yi awiei no, ɔtwe adwene si Kristofo asafo a ɛwɔ hɔ no so, sɛ: “Asafo a ɛwɔ Babilon a wɔapaw wɔn sɛ mo no . . . kyia mo.”​—1 Pet. 5:13, Twi Bible Foforo.

32-34. (a) Bɛyɛ bere bɛn, ne ɛhe na Paulo fi kyerɛw ne krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no? (b) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛ wiase nyinaa nkɔso a aba wɔ “talente” a wɔde hyɛɛ asuafo no nsa no mu wɔ ne nhoma no mu?

32 Afei ná ɔsomafo Paulo nso wɔ hɔ. Awiei koraa no okoduu Roma ahenkurow no mu, nanso sɛ́ deduani a ɔde n’asɛm akɔdan Kaesare sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi n’asɛm sɛnea ɛfata. Ofi faako a na ɔda wɔ Roma hɔ kyerɛw krataa kɔmaa Kristofo asafo a ɛwɔ Kolose, Asia Kuma no, bɛyɛ afe 60-61 Y.B. mu. Na eyi bɛyɛ mfirihyia du ansa na “eyinom” a Awurade Yesu Kristo hyɛɛ ho nkɔm no reba, nanso bɛyɛ bere a ɛte saa ara ansa na Yudafo nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ Yerusalem no reba awiei no, ɔsomafo Paulo kaa wiase nyinaa nkɔso a ɛreba wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “talente” a Yesu de hyɛɛ ne “nkoa” no nsa mu no ho asɛm. Bere a Paulo reka ‘asɛmpa a wɔka kyerɛ’ wɔn no ho asɛm no ɔkyerɛw sɛ:

33 “Efisɛ yɛtee mo Kristo Yesu mu gyidi ne mo dɔ a mode dɔ ahotefo nyinaa, anidaso a ɛda hɔ ma mo ɔsoro a motee kan, asɛmpa no nokwasɛm no mu no nti; asɛmpa no na ato mo sɛnea ɛwɔ wiase nyinaa no nso, na ɛresow aba na ɛkɔ so nyin, sɛnea ɛte wɔ mo mu nso fi da no a motee na muhuu Nyankopɔn dom nokware mu no; sɛnea musuae nso yɛn awurakwaa dɔfo Epafra a ɔyɛ mo Kristo somfo nokwafo a wabeyi mo honhom mu dɔ akyerɛ yɛn nso anom no.

34 “Na mo nso a anka moyɛ ahɔho ne atamfo, adwene fam ne nnwuma bɔne mu no, afei ɔnam wu so apata mo ne no ntam ne honam nipadua mu, sɛ ɔde mo besi hɔ sɛ nnipa kronkron a wonni dɛm a asan bi nni wɔn ho n’anim; na gye Sɛ motra gyidi mu gyina mo nhyɛase no so pintinn, na momma wontwiw mo mfi asɛmpa a motee a wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu a me Paulo mayɛ ho somfo no anidaso no so.”​—Kol. 1:4-8, 21-23.

35. Saa adanse a ɛfa asomafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu mmɔdenbɔ ho yi sii wɔ bere tiaa bɛn mu, na wɔ Yesu nkɔmhyɛ bɛn mmamu mu?

35 Adanse bɛn ara na saa ɔsomafo Paulo nsɛm a efi honhom mu no yɛ wɔ saa AwuradeYesu Kristo afeha a, edi kan “‘nkoa” no fam wɔ mmɔden a wɔbɔe de “talente” a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no yɛɛ adwuma no mu! Adwuma bɛn ara na wɔyɛe wɔ bere tiaa mu sɛɛ yi​—asɛmpa no ‘resow aba na ɛkɔ so nyin wɔ wiase nyinaa,’ asɛmpa a “wɔaka no wiase abɔde nyinaa mu” dedaw no. Susuw ho hwɛ: Yesu Kristo a “afei a wiase mmere rewie du yi, wayi ne ho adi prɛko,” wɔ mfe 29-33 Y.B. mu, nanso ansa na Yudafo nneɛma nhyehyɛe no reba awiei wɔ afe 70 Y.B. mu mpo denam wɔn nyamesom ahenkurow no a wɔsɛee no so no, na Yudafo a wɔwɔ wiase a na wonim wɔ saa bere no mu nyinaa no ate adanse a wɔredi a ɛfa Onyankopɔn Mesia ahenni ho no. Ampa, na Amanaman no nyinaa ate saa adanse a wɔredi no, wɔ Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho “sɛnkyerɛnne” ho no mmamu ankasa mu, sɛ: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; na ɛno na awiei no bɛba.”​—Mat. 24:14; Heb. 9:26.

February Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena