Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w82 3/1 kr. 13-16
  • ‘Awo Foforo’​—Onipa Afã ne Onyankopɔn Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Awo Foforo’​—Onipa Afã ne Onyankopɔn Afã
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onipa Afã: Nneɛma Atitiriw Asia A Ɛsɛ Sɛ Wɔyɛ
  • Yehowa Nyankopɔn Afã A Ehia Titiriw
  • Obi Bɛyɛ Dɛn Ahu Ankasa?
  • Sɛ Bible Ka Sɛ Wɔasan Awo Obi Bio a, Ɛkyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Henanom Na ‘Wɔawo Wɔn Foforo’?
    Nyan!—1988
  • Nea Enti A Onyankopɔn Ma ‘Wɔwo’ Ebinom ‘Foforo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
w82 3/1 kr. 13-16

‘Awo Foforo’​—Onipa Afã ne Onyankopɔn Afã

“Obiara a Onyankopɔn awo no no nyɛ bɔne, efisɛ n’aba te ne mu, na ontumi nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn na wawo no.”​—1 Yoh. 3:9.

1, 2. Dɛn na yɛasua (a) wɔ nea efi wɔn a wɔagye wɔn no mu ba ho? (b) wɔ Yehowa atirimpɔw a enti ɔma ‘wɔwo’ nnipa bi ‘foforo’ no ho?

YƐAHU wɔ ɔfã a edi kan no mu sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no ɔpepem pii kyerɛ sɛ ‘wɔawo wɔn foforo.’ Bio nso, yɛahu afi Kyerɛwnsɛm no mu sɛ bere a nkwagye biako pɛ na ɛwɔ hɔ​—a egyina Kristo ogye afɔre no mu gyidi so no​—nneɛma ahorow abien na efi mu ba a saa akuw a wogye wɔn no benya, ɔsoro de no asase so de.

2 Yɛahu nso sɛ wɔwoo Yesu Kristo foforo bere a wɔbɔɔ no asu wɔ Yordan mu no akyi. Afei Yehowa Nyankopɔn maa honhom kronkron sian baa Yesu so sɛ aborɔnoma, na saa bere no Onyankopɔn daa no adi sɛ Yesu yɛ ne Ba a wɔde honhom awo no. Afei nso yɛahu Yehowa atirimpɔw a enti ɔma wɔwoo Yesu foforo a ɛne sɛ, wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi no obetumi abɛyɛ Onyankopɔn ahenni no Hene nuonyamfo a ɔwɔ tumi. Yɛasua nso sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ Yesu Kristo benya yɔnko adedifo a wɔbɛka ne ho adi tumi, ne sɛ etwa sɛ ‘wɔwo’ eyinom nso ‘foforo.’​—Mat. 3:13,17; Yoh. 1:12; 3:3; Heb. 10:5-10; Adi. 20:6.

3. Ɔkwan bɛn so na ɛsono Yesu Ahenni yɔnko adedifo no wɔ ne ho, sɛ ɛba ‘wo a wɔwo wɔn foforo’ no ho a?

3 Na wɔn a wɔasra wɔn a wodi Yesu Kristo anammɔn akyi yi nso ɛ? Bere bɛn na ‘wɔwo wɔn foforo’? Akwan horow bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so ansa na Yehowa ama wɔawo wɔn sɛ honhom mu mma? Esiane sɛ na Onyankopɔn ne n’Agya nti, wɔwoo Yesu sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ. Mfirihyia aduasa akyi no, n’Agya woo no sɛ honhom mu Ɔba, ma ‘wɔwoo no foforo.’ Nanso wɔwo Adam asefo nyinaa sɛ abɔnefo, ‘ahɔho ne Onyankopɔn atamfo ankasa, efisɛ wɔn adwene wɔ nnwuma bɔne so.’ Ne saa nti wɔmfata sɛ Yehowa ne wɔn bedi na wawo wɔn sɛ honhom mu mma.​—Dw. 51:5; Kol. 1:21.

Onipa Afã: Nneɛma Atitiriw Asia A Ɛsɛ Sɛ Wɔyɛ

4, 5. (a) Ansa na Onyankopɔn bebu wɔn a wɔbɛba abɛyɛ asuafo no se honhom mu mma no, nneɛma ahorow ahe na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, na henanom nso na wɔhwehwɛ eyi wɔ wɔn ho? (b) Dɛn ne nea edi kan?

4 Nneɛma bɛn na wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ asuafo no yɛ ansa na Yehowa asusuw wɔn ho sɛ ɔbɛma wɔabɛyɛ honhom mu mma? Nneɛma atitiriw asia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ eyinom yɛ. Nanso hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn hwehwɛ saa nneɛma koro yi ara wɔ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ nokware Kristofo na wɔanya nkwa nyinaa no ho, sɛ́ awiei no wɔn akatua bɛyɛ ɔsoro de anaasɛ asase so de.

5 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ saa nnipa no ngo Yehowa Nyankopɔn, wɔn Bɔfo ne Nkwa Mafo no, ne ne Ba, Yesu Kristo, wɔn Gyefo, no ho nokware nimdeɛ (Dw. 36:9; 100:3; Mat. 20:28; Rom. 10:13-15) Wɔ Yesu mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn wɔ n’anadwo a otwa to wɔ asase so sɛ onipa no mu no, osii hia a eyi ho hia no so dua, sɛ: “Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no Yesu Kristo no.”​—Yoh. 17:3.

6. Dɛn ne ade a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ eyinom yɛ?

6 Nanso, nimdeɛ nkutoo nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ obi nso gyidi, sɛnea yɛkenkan yi mpo: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Yiw, sɛnea ɔsomafo Paulo ma emu da hɔ pefee no, “gyidi nnim’a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” Saa gyidi yi bu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow sɛ ɛyɛ pɔtee, te sɛ nea abam ankasa mpo dedaw. Ɛyɛ nea ɛsen biribi a wogye di ara kwa, efisɛ ɔsomafo Yakobo kae yɛn sɛ adaemone mpo gye di na wɔn bo popo, ne sɛ, “gyidi a nnwuma nni mu awu.”​—Yoh. 8:16; Heb. 11:1, 6; Yak. 2:19, 26.

7. Dɛn ne adwuma a edi kan a wɔhwehwɛ sɛ edi obi gyidi a ɔwɔ ho adanse?

7 Adwuma a edi kan koraa a wɔhwehwɛ sɛ edi obi gyidi ho adanse ne ahonu. Yiw, ɛsɛ sɛ obi nu ne ho wɔ ɔkwammɔne a ɔnam so no ho na ofi ne pɛ mu gyae bɔne yɛ. Bere a Yesu fii ase kaa asɛm no, ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 4:17) Sɛ obi benu ne ho afi ne kwammɔne ho a, na ɛsɛ sɛ ogyae yɛ. Ɛsɛ sɛ ɔte yaw kɛse nka, di ho awerɛhow, nu ne ho wɔ ho. Nokwarem no, ɛyɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ paradise asase so no nso asɛyɛde sɛ wɔyɛ eyi, efisɛ “abɔnefo nyinaa de, [Onyankopɔn] bɛsɛe wɔn.”​—Dw. 145:20.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ edi obi ho a onu fi bɔne ho akyi ba?

8 Nanso, nea ɛyɛ bɔne ara kwa a obi begyae yɛ nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ onya adwensakra. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔdan ne ho na onya nkɔso wɔ ɔkwan a eye so. Ɛsɛ sɛ otie afotu a ɔsomafo Petro de maa ne bere so Yudafo no: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” Yiw, ‘na ɔyɛ nnwuma a ɛsɛ adwensakra.’ (Aso. 3:19; 26:20) Sɛ́ saa adeyɛ yi yɛ nea wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no nyinaa mpo ho no yɛ nea ɛda adi fi nsɛm a yehu wɔ Mmebusɛm 2:20, 21 no mu.

9. (a) Nneɛma abien bɛn bio na wɔhwehwɛ sɛ eyinom fa a nokwarem no, wɔhwehwɛ wɔ wɔn a wɔbɛyɛ Yesu Kristo akyidifo nyinaa ho? (b) Ná Yesu asubɔ no yɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

9 Afei, sɛnea Yesu de ne ho mae wɔ Yordan ho sɛ ɔbɛyɛ N’agya apɛde no, saa ara na ɔkwan a edi hɔ a wɔhwehwɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yesu Kristo akyidifo nyinaa, a anidaso a wɔwɔ mfa ho no fa so ne sɛ, wɔde wɔn ho bɛma Onyankopɔn. Nnɛ, nea ɛka eyi ho ne ahosohyira a wɔbɛyɛ ama Yehowa Nyankopɔn, a ɛno akyi no ɛsɛ sɛ wodi ne Ba Yesu anammɔn akyi.a (Luka 9:23) Bio nso, sɛ́ ɔkwan a ɛto so asia no ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahosohyira yi ho sɛnkyerɛnne na wɔpae mu ka wɔ baguam denam asubɔ so sɛnea Yesu yɛe no.​—Mat. 28:19; fa toto Asomafo No Nnwuma 2:41 ho.

Yehowa Nyankopɔn Afã A Ehia Titiriw

10. Yebetumi ahu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ehia nea ɛsen onipa afã na ‘wɔawo obi foforo’ no afi nhwɛso bɛn mu?

10 Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nimdeɛ a wubenya, gyidi a wubenya, ahonu, adwensakra, ahosohyira ne asu a wobɛbɔ​—so saa nneɛma yi a obi yɛ no ma ‘wɔwo no foforo’ ɔkwan biara so anaa? Ɛnte saa koraa! Wurentumi nnya honhom mu ‘awo foforo’ denam w’ankasa wo mmɔdenbɔ so sɛnea ɛnyɛ w’ankasa mmɔdenbɔ so na wɔnam woo wo nea edi kan no. Sɛnea ɔhonam fam awo gye dwumadi ahorow wɔ awofo a wɔyɛ nnipa fam no, saa na honhom mu awo yi te, saa ‘awo foforo’ yi gye dwumadi ahorow wɔ ɔsoro Ɔwofo, Yehowa Nyankopɔn, ne ne soro ahyehyɛde, anaasɛ “ɔbea” no fam. (Yes. 54:1, 5) Nea onipa a wafa akwan horow a ɛwɔ atifi hɔ no so betumi ayɛ nyinaa ne sɛ ɔde ne ho bɛma ma ‘wɔawo no foforo,’ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a.

11. Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, dɛn na ɔyɛ wɔ wɔn a wɔayɛ wɔn fãm de no ho?

11 Esiane adesamma sintɔ a wonya fii awo mu no nti, afei Onyankopɔn ankasa di dwuma wɔ saa nnipa nkorɛnkorɛ a n’ani gye ho sɛ ɔbɛfrɛ wɔn akɔ ɔsoro ahenni no mu no fam. Enti na yɛkenkan sɛ: “Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem.” Gyidi wɔ dɛn mu? Gyidi wɔ Kristo afɔrebɔ no mu, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: “Wabu yɛn bem ne mogya mu.” (Rom. 5:1, 9) Hyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ onipa no ankasa, na mmom Onyankopɔn na obu onii no ɔtreneeni. Eyi ma onya gyinabea soronko wɔ “abɔde no,” adesamma nyinaa a ɛsɛ sɛ wɔtwɛn “Onyankopɔn [honhom mu] mma ahoyi” ansa na wɔatumi ‘afa wɔn ho adi afi ɔsom a wɔsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn [asase so] mma anuonyam adehyedi mu’ no ho. (Rom. 8:19-22) Enti wɔn a Onyankopɔn bu wɔn atreneefo no nya ɔdesani nkwa a edi mu hokwan. Esiane eyi nti, afei Yehowa Nyankopɔn betumi ayɛ adwuma wɔ wɔn so tẽe denam ne honhom no so.​—Rom. 8:33

12. Adeyɛ a ɛyɛ nwonwa bɛn na na ɛka ‘awo foforo’ a wonya ho wɔ Yesu ne asuafo a wodi kan no fãm, na dɛn nti na eyi gyaee?

12 Wɔn a Onyankopɔn bu wɔn atreneefo no, afei ɔwo wɔn sɛ honhom mu mma. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ne honhom kronkron, anaa n’adeyɛ tumi a ɔma ɛyɛ wɔn ho adwuma, ma wonya ‘awo foforo’ no so. Wɔ Yesu ne n’asuafo a na wɔahyiam wɔ Pentekoste da no fam no, Onyankopɔn kyerɛɛ wo a na wawo wɔn sɛ honhom mu mma no denam anwonwa kwan so adeyɛ so. Nanso, esiane sɛ ná wɔde nokware Kristosom ho adanse horow no asi hɔ pintinn nti, na anwonwade ahorow a ɛte saa ho nhia bio, na ‘woguu’ ɛnonom.​—Mat. 3:16; Aso. 2:3; 10:44-48; 1 Kor. 13:8-10.

13. “Nsu” ne “honhom” no kyerɛ dɛn? (Yoh. 3:5)

13 Saa nhyehyɛe ma honhom mu a wɔsan wo obi no ne nea na Yesu reka ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ Yudani panyin Nikodemo sɛ: “Nokware, nokware, mise wo sɛ: Wɔamfi nsu ne honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nhyɛn Onyankopɔn ahenni mu. Nea wofi honam mu awo no no yɛ ɔhonam; na nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka mekyerɛɛ wo sɛ: Etwa sɛ wɔwo mo foforo.” (Yoh. 3:1, 5-7) Akyinnye biara nni ho sɛ nsu a wɔbɔ din wɔ ha no kyerɛ nsu ankasa a wɔde bɔ asu. Na honhom no ɛ? Ɛkyerɛ Yehowa honhom kronkron a ɛyɛ adwuma wɔ onipa no so.

14. Dɛn na ɛka ‘ɔfrɛ’ ne “ɔpaw” no ho, na wɔsra Kristofo yi de dwumadi hyɛ wɔn nsa sɛ wɔnyɛ dɛn?

14 Kyerɛwnsɛm no ka wɔn a ‘wɔwo wɔn foforo’ no ho asɛm sɛ wɔadi kan ‘afrɛ’ wɔn. Saa frɛ a wɔfrɛ wɔn yi yɛ nsa a Onyankopɔn ankasa to frɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Yesu Kristo yɔnko adedifo. Wɔn a wodi nsa a wɔto frɛ wɔn yi ho dwuma no yɛ wɔn a “wɔapaw” wɔn. (Adi. 17:14) Wɔbɛyɛ asafo a “wɔapaw” wɔn no fã, a wɔn adwuma ne sɛ ‘wɔbɛka’ Yehowa Nyankopɔn “mmaninyɛ akyerɛ.’ (1 Pet. 2:9) Wɔde Onyankopɔn honhom kronkron no sra saa Kristofo a wɔanya ‘awo foforo’ yi ma wɔka asɛm sɛnea Yesu yɛe no. Enti yɛkenkan sɛ: “Nea ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Nyankopɔn.”​—Yes. 61:1, 2; Luka 4:16-21; 2 Kor. 1:21.

15. Ɔkwan bɛn so na honhom no di adanse wɔ obi a wanya ‘awo foforo’ ho, na ɛdenam dɛn so na wɔhyɛ saa gyidi no mu den?

15 Ɛdefa wɔn a “wɔapaw” wɔn yi ho no, ɔsomafo Paulo dii adanse sɛ: “Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” (Rom. 8:16) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron no yɛ eyi? Ɛdenam ɔsoro anidaso a ɔde hyɛ saa Kristofo yi mu no so. “[Onyankopɔn] mmɔborohunu a ɛdɔɔso nti ɔnam Yesu Kristo sɔre a ofi awufo mu sɔree no so awo yɛn foforo akɔ anidaso a emu wɔ nkwa mu, ɛne apɛgyade a ɛmporɔw, na ɛho nni dɛm, na ɛmpo mu a wɔde asie ɔsoro ama mo.” (1 Pet. 1:3, 4) Bere a eyinom kɔ so ne wɔn soro Agya no nya abusuabɔ pa no, ɔnam ne nsiesiei ahorow no so hyɛ wɔn den wɔ gyidi mu sɛ ampa wɔyɛ Kristofo a wɔanya ‘awo foforo.’

Obi Bɛyɛ Dɛn Ahu Ankasa?

16. Efi bere bɛn na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asi asase so anidaso no so dua, na dɛn na eyi kyerɛ?

16 Wɔn a wonya Ahenni ho asɛmpa no ka mu kyɛfa wɔ nnɛ mmere mu no wɔ gyidi sɛ Yehowa Nyankopɔn rekyerɛ ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so no kwan denam n’ahyehyɛde a ɔde honhom awo no a ani tuae, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so. (Mat. 24:45-47) Wɔ n’akwankyerɛ ase na ɔsoro anidaso no bɛdaa adi, na wɔkaa ho asɛm, sii so dua ara besii bɛyɛ afe 1935 mu. Afei bere a ‘hann puei’ ma “nnipakuw kɛse” a ɛwɔ Adiyisɛm 7:9 no ho asɛm bɛdaa adi pefee no, wofii ase sii asase so anidaso no so dua. (Dw 97:11) Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ ebedu saa bere no na ɛkame ayɛ sɛ 144,000 no dodow aso. Ɛwom, ɛho behia sɛ wɔde obi si wɔn mu biara a ɔrenni nokware no anan mu de. Nanso, ntease mu no, eyinom bɛyɛ kakraa bi. Na henanom na wɔde wɔn besi eyinom anan mu? Ɛyɛ nea ntease wom nso sɛ yɛbɛka sɛ ebetumi aba sɛ wɔde saa ɔsoro anidaso yi bɛma nnipa a wɔakura wɔn mudi ne ahosohyira mu mfe pii no mmom sen sɛ wɔde bɛma wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔnkyɛe no. (Fa toto Luka 22:28-30 ho.) Nanso, fi amanneɛbɔ a nsa aka mu no, ɛda adi sɛ ebinom a wɔyɛ Kristofo afoforo a wɔahyira wɔn ho so abu wɔn ho sɛ ‘wɔawo wɔn foforo.’

17. Nkate ahorow bɛn na ɛma ebinom di mfomso susuw sɛ Onyankopɔn de ɔsoro anidaso no ahyɛ wɔn mu?

17 Wɔn a sɛ wɔde toto ho a nnansa yi ara na wɔahyira wɔn ho so abɔ asu na wobu wɔn ho sɛ ‘wɔawo wɔn foforo’ no bɛbɔ mmɔden asusuw nsemmisa horow a edidi so yi ho anibere so: Ntease horow bɛn na wowɔ a ɛma wote nka sɛ Yehowa Nyankopɔn de saa anidaso no ahyɛ wo mu? So ebetumi aba sɛ wo nkate da so ara gyina gyidi a ɛnteɛ a na wukura bere a wowɔ Babilon Kɛse no mu sɛ ɔsoro ne nnipa pa nyinaa anidaso no so anaa? Anaa ebetumi aba sɛ wote nka saa kwan yi so esiane sɛ nneɛma haw wo kɛse wɔ wo mu, sɛ mfiase no woko tiaa adwene no nanso ɛde nkakrankakra asan aba nti anaa? Nanso so ɛsan bae esiane sɛ wopɛ no saa nti, a na ebia wunnim mpo? Saa apereperedi ahorow yi ankasa nkyerɛ sɛ ná woanya ‘awo foforo.’

18. Dɛn nti na honhom fam nneɛma a emu dɔ ho anisɔ ankasa rentumi nkyerɛ sɛ ‘wɔawo obi foforo’?

18 Anaa wote nka sɛ Onyankopɔn apaw wo sɛ 144,000 a wɔasra wɔn no mu biako esiane anisɔ kɛse a wowɔ ma honhom fam nneɛma nti, esiane w’ani a egye nokware a efi honhom mu a emu dɔ ho nti anaa? Ɛnde hyɛ no nsow sɛ nnipa bebree a wɔnka sɛ ‘wɔawo wɔn foforo’ no yɛ ‘honhom mufo’ ankasa. (1 Kor. 2:14, 15) Na akyinnye biara nni honhom mu ahoɔden a saa mmarima ne mmea gyidifo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no wɔ ho. ‘Wɔanwo’ wɔn mu biara foforo.’ Wɔn nyinaa hwɛɛ “owusɔre a eye kyɛn so [nkwa wɔ Onyankopɔn ahenni ase]” kwan wɔ asase so ha.​—Heb. 11:35.

19. (a) Dɛn nti na mmɔdenbɔ kɛse renkyerɛ ɔkwan biara so sɛ Onyankopɔn ama obi ɔsoro anidaso? (b) Asɛm a esii bɛn na ɛreyɛ akyere sɛ wɔ ebinom fam no ka a wɔka sɛ wɔwɔ ɔsoro anidaso no betumi ayɛ ahobrɛase a wonni nti?

19 Anaa, so ebetumi aba sɛ wote nka saa esiane mmɔdenbɔ pii a woda no adi sen wo mfɛfo Kristofo binom nti anaa? Nanso ɛno ankasa ntumi nyɛ nea wogyina so kyerɛ, esiane sɛ ɔsomafo Paulo hui mpɛn pii sɛ ɛho hia sɛ otu Kristofo a wɔasra wɔn no fo wɔ wɔn honhom mu asɛyɛde horow a wɔbɛfa no anibere so no ho nti. (1 Kor. 11:20-22; Gal. 4:9-11) Anaa, so ebetumi aba sɛ ka a woka sɛ woka wɔn a wɔasra wɔn no ho no yɛ ahobrɛase a wunni nti anaa? Nnipa bi wɔ hɔ a nnansa yi ara wɔkyerɛ sɛ wɔka wɔn a wɔasra wɔn no ho, nanso sɛ́ wɔbɛma biakoyɛ akɔ so wɔ asafo no mu mmom no, wɔate nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya wɔn ankasa Bible adesua kuw. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Kristofo a wɔn ho akokwaw a ‘wɔawo wɔn foforo’ no de wɔn ho bɔ asafo a wɔwom no ho, ɛwom mpo sɛ emufo dodow no ara yɛ “nguan foforo” no mufo de. (Yoh. 10:16) Nanso, ‘wo a wɔwo obi foforo’ no yɛ Kristoni biara ne Onyankopɔn nkutoo ntam asɛm. Ɛnsɛ sɛ obi bu ɔfoforo atɛn wɔ asɛm yi mu.​—Rom. 14:10.

20. Wɔ nea yɛaka yi mu no, yɛde asɛm no ba awiei dɛn wɔ ‘awo foforo’ a wonya ho?

20 Nea yɛaka yi nyinaa mu no, yɛde asɛm no ba awiei dɛn? Sɛ Yehowa Nyankopɔn teɛ na ɔfata, ɔwɔ nyansa ne ɔdɔ. Ɔwɔ hokwan sɛ ɔde n’abɔde a wɔwɔ nyansa di dwuma wɔ wɔn afã horow mmiako mmiako​—ebinom sɛ wonni n’atirimpɔw ho dwuma wɔ ɔsoro, afoforo nso nyɛ saa wɔ asase so ha. Ɛnte sɛ nea ɔsoro akatua no yɛ ‘biribi a wonya denam obi ankasa gyinaesi ne mmɔdenbɔ so, anaasɛ wofi pɛsɛmenkominya mu ma ani bere. Ɛyɛ nea ɛsom bo kɛse a abɔde desani biara rentumi mmu no adewa. Ampa ɛyɛ ɔdom a ɛyɛ nwonwa a ɛnsɛ a Yehowa Nyankopɔn de ama n’abɔde kakraa bi, wɔ ne dɔ atirimpɔw ahorow a ɛteɛ na nyansa wom no ho dwumadi mu, na ɛnyɛ mmɔdenbɔ titiriw bi wɔ wɔn ankasa fam. Eyinom nkutoo na ‘wɔwo wɔn foforo.’ (Rom. 3:23, 24; 11:33-36) Afei nso, daa nkwa wɔ paradise asase so yɛ botae a enni kabea hokwan a nnipa atreneefo betumi apere akɔ ho. (Adi. 21:1, 3, 4) Ne nyinaa yɛ ɔdom a ɛnsɛ. Ɛnsɛ sɛ obi yɛ ahomaso ara ma ɔka kyerɛ Yehowa sɛ, “Dɛn na woyɛ yi?”​—Dan. 4:35.

[Ase hɔ asɛm]

a Esiane sɛ ná Yesu yɛ ɔman a wɔahyira so muni nti, ne ba a ɔba Yehowa nkyɛn ma wɔbɔ no asu no nyɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne, na mmom, ne ho ankasa a ɔde ma Yehowa de fi adwuma titiriw a Onyankopɔn wɔ ma no a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ase.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

“Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”​—Yoh. 17:3.

[Kratafa 15 mfoni]

Te sɛ ɔhonam fam awo no, obi a ‘wɔbɛwo no foforo‘ no gye adeyɛ bi ankasa wɔ Agya no ne ne soro “yere” no fam

[Kratafa 16 mfoni]

Babilon Kɛse no akyerɛkyerɛ nnipa pii ma wosusuw sɛ nnipa pa nyinaa kɔ ɔsoro

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena