Nhoma A Ɛde Denhyɛ Ma Sen Biara!
Ɔbea bi a ofi Chicago, Illinois kyerɛwee nnansa yi ara sɛ, “Afei ara na makenkan Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no awie. Mahu sɛ, sɛ wuyi Bible no ankasa fi hɔ a nhoma yi ne nhoma a ɛyɛ nokware, nea ɛde denhyɛ ma, ne nea ɛkanyan obi kɛse sen nhoma biara a makenkan pɛn.” Ɔkɔɔ so kae sɛ:
“Wɔ bere a edi kan a me ne Yehowa Adansefo no hyiae no mu no na minkura adwempa. Mfiase no na ɛyɛ me aniwu sɛ wɔkɔɔ so baa me fi bɛkaa Kyerɛwnsɛm no ho asɛm kyerɛɛ me. M’abusuafo no binom susuwii sɛ m’abɔ dam nti na meretie wɔn no. . . . Afei a manya hokwan ahu nea nokware no fa ho nyinaa denam nhoma yi a makenkan so no, . . . sɛ menya obi a ofi ahyehyɛde no mu a ɔne me bɛyɛ Bible adesua daa a, anka m’ani bɛsɔ ankasa.”
Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no ka Bible nkyerɛkyerɛ biara a ɛho asɛm yɛ den no ho asɛm, na ɛboaboa ɛho adanse no ano wɔ ɔkwan tiaa a ntease wom so a ɛma mmuae no mu da hɔ ma ɔkenkanfo no. Nhoma a ekura nkratafa 256 a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsɛmma nhoma yi no kura mfonini ahorow bɛboro 150 a emu pii yɛ nea wɔde nnuru ahorow na ayɛ. Kra bi mprempren ara. Ɛyɛ ₵100 pɛ.
[ ] Mede ₵100 ahyem de retua ka.
[ ] Mesrɛ mo momfa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no biako mmana me.