Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 9/1 kr. 3-5
  • Yehowa​—Atirimɔden Anaa Ɔdɔ Nyankopɔn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa​—Atirimɔden Anaa Ɔdɔ Nyankopɔn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “N’Akwan Nyinaa Yɛ Trenee”
  • Nsuyiri No
  • Sodom Ne Gomora
  • Sɛe A Wɔasɛe Kaananfo
  • Nipasu A Emu Apae?
  • Onyankopɔn Atemmu—Ɛkyerɛ sɛ Ne Tirim Yɛ Den Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Adɛn Nti na Ebinom Se Onyankopɔn Tirim Yɛ Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Yehowa Yɛ Akodi Nyankopɔn?
    Nyan!—1993
  • Siesie Wo Ho Ma Ogye A Ɛde Kɔ Wiase Foforo Bi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 9/1 kr. 3-5

Yehowa​—Atirimɔden Anaa Ɔdɔ Nyankopɔn?

ƆBARIMA a ɔyɛ Japani no kae sɛ, “Nanso Onyankopɔn a ɔwo Bible mu no yɛ atirimɔden Nyankopɔn.” Ɔsɛmpatrɛwfo a ogyina ne pon ano no hui sɛ wahyia obi a onim Onyankopɔn Asɛm, Bible, no ho asɛm kakra.

Ɔbarima no toaa so sɛ: “Na nnipa a Onyankopɔn maa nsu yiri faa wɔn no nso ɛ? Na Sodom ne Gomorafo a ɔhyew wɔn no nso ɛ, a yɛnnka sɛe a ɔmaa Israelfo sɛee Kanaanfo no ho asɛm mpo? Ɔkwan bɛn so na wubetumi aka sɛ Onyankopɔn nyɛ otirimɔdenfo? Wɔ ɛno akyi no, Onyankopɔn a woka ne ho asɛm wɔ ‘Apam Foforo’ no mu no yɛ soronko koraa. Yesu kaa asomdwoe ne ɔdɔ Nyankopɔn bi ho asɛm.”

Ka a woka “Apam Dedaw” Nyankopɔn no ho asɛm sɛ otirimɔdenfo ne obi a ɔpɛ akodi yi da adwene a nnipa pii kura adi. Enti, nnipa binom bu “Apam Foforo” Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no mpo sɛ ne ho wɔ asɛm. Dɛn na ebetumi aka obi ma wasom Onyankopɔn a ɛte sɛ nea ɔwɔ nipasu a emu apae yi?

“N’Akwan Nyinaa Yɛ Trenee”

Nanso, ɛyɛ den sɛ nnipa bɛtumi akasa atia Onyankopɔn nneyɛe. So abofra tumi hu nea enti a n’agya ma ohu amane wɔ oduruyɛfo a ɔyɛ sẽ ho adwuma akongua mu no ntɛm ara? Saa ara na ebia yɛrente Onyankopɔn nneyɛe nyinaa ase mfiase no. Odwontofo no kae sɛ: “Munhu sɛ [Yehowa] ne Nyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na ɔno na yɛwɔ no.”​—Dwom 100:3.

Ɛnde so ɛnyɛ nea nyansa nnim sɛ wode ahopere bɛka sɛ Onyankopɔn nneyɛe kyerɛ sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo? “Ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene, na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan, [Yehowa] asɛm ni; na sɛ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene nso sen mo adwene.” (Yesaia 55:8, 9) Bio nso, Bible no si so dua kyerɛ yɛn sɛ “n’akwan nyinaa yɛ trenee.” Wɔka Yehowa ho asɛm sɛ “ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu.” (Deuteronomium 32:4) Enti afei ma yɛnhwɛ nsɛm ahorow bi a Onyankopɔn hui sɛ ɛfata sɛ obu atɛn wom no bi.

Nsuyiri No

“[Yehowa] hui sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” (Genesis 6:5) Saa na na wiase a edi nsuyiri no anim no te. Yiw, Yehowa Nyankopɔn “huu asase, na hwɛ, asɛe, efisɛ ɔhonam nyinaa asɛe wɔn kwan wɔ asase so.” (Genesis 6:12) Ebia, ebinom bɛka sɛ anka ɛsɛ sɛ Onyankopɔn gyaa nnipa no ma wɔyɛ nea wɔpɛ. Nanso na nnipa anokwafo a wobu bra pa da so ara wɔ hɔ a wɔaka wɔ asase no no. So anka ɛrenyɛ atirimɔdensɛm wɔ Onyankopɔn fam sɛ ɔbɛma abɔnefo no kwan ma wɔasɛe nnipa pa a wotwa to a wɔaka wɔ asase so no? Enti Onyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe maa wiase nyinaa nsuyiri bɛsɛee wɔn a wɔresɛe asase no.

Anka Onyankopɔn a ɔyɛ otirimɔdenfo renyɛ nsiesiei biara a ɛbɛma nnipa anaa mmoa afi mu aka. Nanso Yehowa yɛɛ saa. Anka Onyankopɔn a ɔyɛ otirimɔdenfo remmɔ ɔsɛe a ɛreba no ho kɔkɔ. Nanso ɔpaw Noa sɛ “trenee kafo,” anyɛ yiye koraa no bɛyɛ mfirihyia 40 anaa 50! (2 Petro 2:5) Ná nnipa no betumi apaw nkwa anaa owu.

Sodom Ne Gomora

Bere a abɔfo baanu kɔɔ Sodom no, ankyɛ na emufo no daa akɔnnɔ bɔne a ɛredɛw wɔ wɔn mu no adi. Sodom mmarima betwaa Lot dan ho hyiae, “efi mmofra so kosi mpanyimfo so, ɔman mũ no nyinaa. Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yenhu wɔn.” (Genesis 19:4, 5) Ná eyi yɛ ‘di a wodii ɔhonam foforo akyi wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so.’​—Yuda 7; hwɛ Romafo 1:26, 27 nso.

Onyankopɔn a “ɔpɛɛpɛɛ koma mu” no hui sɛ kurow no yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Ná wɔn sɛe no yɛ nea ɛfata. (Romafo 8:27) Ɛdɛn, wɔantumi annya atreneefo du mpo wɔ Sodom! (Genesis 18:32) Ná Sodomfo nneyɛe no yɛ asiane ankasa ma ɔtreneeni Lot ne n’abusua. Enti, yi a Onyankopɔn yii Lot ne ne mmabea no fii hɔ no yɛ adeyɛ a ɛkyerɛ ɔdɔ!​—Genesis 19:12-26.

Sɛe A Wɔasɛe Kaananfo

Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ awiei koraa no, n’asefo na wɔbɛtra Kanaan asase no so. Nanso hyɛ no nsow sɛ na wɔrensɛe obiara wɔ Abraham bere no so. Dɛn ntia? “Efisɛ Amorifo [Kanaanfo abusuakuw a wɔdɔɔso] amumɔyɛ nnya nnui ɛ,” saa na Yehowa kae. (Genesis 15:16) Mfirihyia bɛyɛ 430 bi twaam ansa na ɔman no amumɔyɛ redu baabi a Mose tumi kae sɛ: “Amanaman yi [Kanaanfo] abɔnefosɛm nti na [Yehowa] mo Nyankopɔn retu wɔn afi mo anim.”​—Deuteronomium 9:5.

Nhoma a wɔfrɛ no Archaelogy and the Old Testament no ka sɛ: “Atirimɔdensɛm, ɔbrasɛe ne gyae wogyaee Kanaanfo atetesɛm mu no . . . na ebia ɛde su bɔne a ɛsen biara wɔ wɔn a wɔde wɔn ho mae no mu no bae, na ɛno na ɛde ɔbrasɛe a ɛsen biara wɔ bere no mu te sɛ aguamammɔ, mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ne ɔwɔ som no mu pii bae . . . abrabɔ ne nyamesom a ɛsɛee koraa.” Nanso, wɔkyɛee Gibeonfo ne nkurow abiɛsa foforo mufo so. (Yosua 9:17, 18) So anka Onyankopɔn a ɔyɛ otirimɔdenfo bɛma eyi ho kwan?

Nipasu A Emu Apae?

Nanso, ebinom ka sɛ “Apam Dedaw” Nyankopɔn no sakraa ne su wɔ “Apam Foforo” no mu. Wɔka sɛ, na Yesu nkyerɛkyerɛ no twe adwene si ɔdɔ so.​—Mateo 5:39, 44, 45.

Nanso, Yerusalem ɔsɛe wɔ 70 Y.B. mu no bae sɛ atemmu a efi Yehowa hɔ sɛnea Yesu mpo ka too hɔ no. (Mateo 23:37, 38; 24:2) Bio nso, wokunkum nnipa a wɔnteɛ te sɛ Anania, Safira ne Herode. Ná Onyankopɔn nsesae. (Asomafo no Nnwuma 5:1-11; 12:21-23; Malaki 3:6) Saa ara na na Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdɔ ho no nyɛ ade foforo. Mmere pii a edi eyi anim mu no, Mose Mmara no kyerɛe sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Leviticus 19:18) Nanso, Yesu nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdɔ a ɛma wɔde ho bɔ afɔre ho no kɔ akyiri sen saa ahyɛde yi. (Yohane 13:34) Kae nso sɛ, ɔkaa abufuw kɛse a ɛda nyamesom asɔfo a wɔyɛ nyaatwomfo no so no nso ho asɛm. Wo ankasa kenkan Mateo ti 23 nyinaa na woahu sɛnea Yesu kasa tiaa saafo no ahoɔden so no.

Enti Bible kyerɛwtohɔ no wɔ hɔ a ɛnyɛ nea ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ otirimɔdenfo, na mmom nea edi ɔdɔ a emu yɛ den kɛse a ɔwɔ ma adesamma no ho adanse. Enti ɛka yɛn ma yesua pii fa Yehowa ne n’akwan a ɛyɛ ɔdɔ no ho. Yɛn asɛm a edi hɔ no betumi aboa wo ma woayɛ saa.

[Kratafa 3 mfoni]

So na ɛteɛ sɛ Yehowa de Nsuyiri no bae, na ɔsɛee Sodom ne Gomora, ne afei Kanaanfo nso?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena