Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 10/1 kr. 24-29
  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Asɛm Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Asɛm Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nya Adwene a Ɛteɛ
  • Di Ɛho Ɔhaw Ahorow So
  • Hia a Ɛho Hia Sɛ Wubesusuw Ho
  • Adesua—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Di Ahemfo No Nhwɛso Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Sua Ade Yiye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Adesua So Wɔ Mfaso
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 10/1 kr. 24-29

Anigye A Yebenya Wɔ Yehowa Asɛm Mu

“Nhyira ne onipa a . . . [Yehowa] mmara sɔ n’ani.”​—DWOM 1:1, 2.

1. Henanom na wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ afoforo Yehowa ‘nneɛma a wayi adi’ no?

ESIANE sɛ ‘nneɛma a wɔayi adi’ no ho hia ma yɛn nkwagye nti, mpɛn pii Yehowa de hyɛ nnipa a wɔfata nsa ma wɔkyerɛkyerɛ nokware a wɔada no adi no. (Deuteronomium 29:29) Wɔ Israel no, asɔfo ne Lewifo no na wodii eyi ho dwuma. (Leviticus 10:8-11; 2 Beresosɛm 35:3) Israelfo a wɔyɛ awofo nso kyerɛkyerɛ wɔn mma ade. (Deuteronomium 11:19; Mmebusɛm 6:20) Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, mpanyimfo a wɔfata a wɔpaw wɔn somee sɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Kristofo a wɔasra wɔn asafo no mu, na wɔhyɛɛ Kristofo awofo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma. (Efesofo 6:4; 1 Timoteo 3:2; 2 Timoteo 2:2) Bio nso, na ɛyɛ Kristoni biara asɛyɛde sɛ ɔbɛka Yehowa nneɛma a wayi adi no ho asɛm akyerɛ wɔn a wonni Kristofo asafo no mu no.​—Asomafo no Nnwuma 1:8.

2. So ɛyɛ nea ɛdɔɔso sɛ yɛde yɛn ho bɛto afoforo so ma wɔakyerɛkyerɛ yɛn Yehowa Asɛm no? Kyerɛkyerɛ mu.

2 Nanso so ɛdɔɔso sɛ yɛde yɛn ho bɛto afoforo so ma wɔakyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn Asɛm no? Ɛyɛ yɛn mu biara asɛyɛde sɛ obesua Yehowa ‘nneɛma a wayi adi’ no. Enti odwontofo no kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Israelfo no sɛ: “Nhyira ne onipa a . . . [Yehowa] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo.” (Dwom 1:1, 2) Ɔsomafo Petro nso hyɛɛ ne mfɛfo asomfo nkuran sɛ: “Na mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.”​—1 Petro 2:2.

3. Su a nnipa pi wɔ wɔ adesua ho no ma dɛn ho hia?

3 Wubu Bible no a wubesua dɛn? Sɛ wokɔ Kristofo nhyiam ahorow ase daa a, akyinnye biara nni ho sɛ wote ɔkasa ahorow pii a ɛyɛ dɛ a egyina Bible no so. Na sɛ ‘wɔtetee wo wɔ nokware no mu’ te sɛ nea ebinom ka no a, akyinnye biara nni ho sɛ w’awofo kyerɛkyerɛɛ wo Yehowa ‘nneɛma a wayi adi’ no pii. Nanso wɔ ɛno akyi no, so w’ankasa wusua Bible no? Ɛda adi sɛ na odwontofo no ani gye adesua a ɛte saa ho, nanso ebia wo de, wuhu sɛ ɛnyɛ mmerɛw. Sɛ saa a, ɛnde ɛnyɛ wo nko. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔde honhom kaa Petro ma ɔka kyerɛɛ mfɛfo gyidifo sɛ “mompɛ asɛm no” no kyerɛ sɛ ɛnyɛ nea kokoam adesua yi ankasa bɛba ara kwa ama pii. Nanso yebetumi abɔ mmɔden sɛ yebenya mu anigye. Ɔkwan bɛn so?

4. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ wobetumi ama kokoam adesua ayɛ anigye kɛse?

4 Wiɛ, sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ tu amoa bi a emu dɔ wɔ fam a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛ wonyɛ obi a ɔpɛ adwuma a ne yɛ yɛ den, ahoɔdennwuma a, ɛnyɛ nea w’ani begye saa adwuma no ho. Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ ademude bi hyɛ fam hɔ nso ɛ? Afei de ɛno bɛma amoa a wubetu no renyɛ adwuma a ɛyɛ den pii bio! Ebia ɛbɛyɛ anigye mpo ama wo, bere a wohwɛ kwan sɛ wubehu ademude a ɛhyɛ hɔ no. Saa ara na sɛ woyɛ obi a ɔmpɛ adesua pii mpo a, ɛho adwene a ɛteɛ a wubenya no bɛma ayɛ anigye. Na akwan horow wɔ hɔ a wobɛfa so anya ho adwene yi.

Nya Adwene a Ɛteɛ

5, 6. Ka nhyira horow a ɛso bi nni a yɛnam Yehowa Asɛm a wayi adi no so nya no bi ho asɛm.

5 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yesusuw ademude a yɛwɔ wɔ Bible mu no ho bere nyinaa. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ!” (Romafo 11:33) Yehowa atirimpɔw ahorow a ɔde nkakrankakra ayi adi wɔ mfe mpempem pii mu no yɛ nwonwa na ɛma yenya anidaso a ɛyɛ anigye a ɛyɛ nokware nso. Asetra ho afotu a Yehowa ama wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu no yɛ nea sɛ wɔde di dwuma a, ɛde yiyedi bɛba bere nyinaa. (2 Timoteo 3:16) Ɛnyɛ nwonwa sɛ odwontofo no too dwom sɛ: “Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa”!​—Dwom 119:130.

6 Bio nso, Bible no kura Onyankopɔn nsusuwii ahorow, na sɛ yenya ne nsusuwii ahorow yi bi a, ɛma yɛbɛn no kɛse. (Yakobo 4:8) Afei nso wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔmmɛyɛ Yesu asuafo. (Mateo 28:19, 20) Esiane sɛ Bible no ne yɛn adwinnade titiriw wɔ adwuma yi mu nti, ɛho hia sɛ yesua na ama yɛatumi de adi dwuma yiye. (Efesofo 6:17; 2 Timoteo 2:15) Afei nso nsusuwii a egyina Bible no so a yɛde bɛhyɛ yɛn adwenem no bɔ yɛn ho ban, ɛboa yɛn ma yɛnantew yɛn mudi mu na yekwati adwenem naayɛ ne adwemmɔne a ɛsɛe gyidi.​—Mmebusɛm 4:5, 6; 20:7; Filipifo 4:8.

7, 8. Ɛdefa ‘nneɛma a wɔayi adi’ no ho no, dɛn nti na ɛyɛ nhyira kɛse ma yɛn nnɛ sen Onyankopɔn nkoa a wɔtraa ase tete mmere a atwam no?

7 Susuw sɛnea nnɛ yɛatumi “ne ahotefo nyinaa anya tɛtrɛtɛ ne tenten ne korɔn ne emudɔ no ahuye” a ɛfa nokware no ho wɔ ɔkwan a Onyankopɔn tete asomfo antumi anyɛ so wɔ mmere a atwam no mu no nso ho. (Efesofo 3:14-18) Nanso, kae, Abraham fii ne fi ne ne kurom na ɔtraa ntamadan mu, ɛwom mpo sɛ na ɔrenhu Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mmamu wɔ ne nkwa nna mu de. (Hebrifo 11:8-10) Na Daniel srɛe sɛ wɔmma ɔnte anisoadehu a ɔno ankasa nyae no ase nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no.” (Daniel 12:8, 9) Ɛnnɛ, Aseni a Abraham hwɛɛ no kwan no aba fi bere tenten ni. Mprempren yɛte “awiei bere” no mu a wɔde nea Daniel hui no kyerɛ aka yɛn ntease wɔ ‘nneɛma a wɔayi adi’ ho no ho.

8 Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Saa nkwagye no na adiyifo a wɔhyɛɛ ɔdom a ɛbɛba mo so no ho nkɔm de too hɔ no pepɛe na wɔpɛɛpɛɛ mu. Wɔn na woyi kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛnyɛ wɔn ho na wɔsomee, na ɛyɛ mo na wɔsom kaa nsɛm no . . . nsɛm a abɔfo po pɛ sɛ wɔhwehwɛ mu no.” (1 Petro 1:10, 12) Esiane sɛ afei de Yehowa ada nneɛma ahorow pii a adiyifo a wodii kan no pɛe sɛ wohu no adi nti, momma nokware ahorow yi nyɛ nea ɛsom bo ma yɛn ankasa a yɛmmfa nni agoru.

9, 10. Nhwɛso horow bɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani sɔ ahofadi a yɛn mu pii wɔ a yɛde bɛyɛ kokoam Bible adesua no?

9 Sɛ yebenya adwene a ɛteɛ a, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea ebinom ako ɔko a emu yɛ den sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua Bible no. Wɔ William Tyndale bere so no, na ɛyɛ bɔne sɛ Engiresini bɛtɔn Hela Kyerɛwnsɛm no a wɔakyerɛ ase wɔ n’ankasa kasa mu no, anaasɛ ɔbɛtɔ, anaa ɔbɛkenkan John Foxe a ɔyɛ afeha a ɛto so 16 Puritan ɔsɛnkafo no bɔɔ amanneɛ wɔ nea esii bere a Protestantni bi a wasakra foforo wiaa ne ho de Bible dodow bi kɔɔ Spain no ho. Woyii no mae na wɔhyew no wɔ dua so, na wɔkyekyeree nnipa 800 a wɔtɔɔ Bible no bi no nso. Wɔhyew wɔn mu aduonu. Wɔde ebinom guu afiase wɔn nkwa nna nyinaa. wɔkaa ebinom mpire wɔ baguam, na wɔmaa ebinom kɔyɛɛ adwumaden wɔ po so ahyɛn mu. Kakraa bi na wogyaa wɔn.

10 Ɛnnɛ nso ɛtɔ bere bi a na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo sua Bible no wɔ tebea horow a asiane kɛse wom mu. Bere a wɔwɔ nneduaban ahorow mu anaasɛ afiase no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔn nsa bɛka Bible a wonsuro asotwe anaa owu a eyi betumi de aba wɔn so no. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a wɔde no kɔtoo afiase esiane ne gyidi nti no kyerɛw kyerɛw nsɛm a ɔkae no nyinaa too hɔ na afei ɔhwɛɛ atesɛm nkrataa mu “nyamesom” afã no na ɔhyɛɛ Bible mu nsɛm a epuei wɔ ho no nsow. Ɛno nkutoo ne Bible no ho kwan a onyae wɔ mfe pii mu. Yiw, sɛ wɔbara Bible no mpo a, Kristofo kɔ so ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkenkan So ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛyere yɛn ho saa ara, bere a mpɛn pii nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛbɛteɛ yɛn nsa ayi afi baabi a yɛde yɛn nhoma hyɛ no?

11. So ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wotaa tĩ nsɛm bi mu no ma Bible adesua yɛ nea ɛho nhia yɛn kɛse?

11 Ebinom ka sɛ wotumi ma nsemmisa a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no ho mmuae a wɔmmrɛ pii efisɛ nsɛm no bi yɛ nea aba pɛn. Enti wonhu hia a kokoam adesua ho hia. Saafo no mmu bo a ntĩmu som no kɛse. Ná odwontofo no dɔ Yehowa nkaesɛm, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. (Dwom 119:119, NW) Kae, ɔbrasɛe ne honam fam ade dodowpɛ ho nnaadaasɛm koro no ara na wiase no de ba yɛn so. Enti ɛho hia sɛ yɛde Bible mu nkaesɛm a wɔkɔ so de ma no hyɛ yɛn adwene den de tia eyi.

Di Ɛho Ɔhaw Ahorow So

12. Fa nyansahyɛ ahorow bi a eye ma wɔ bere a yebenya ama Bible adesua ho ɔhaw no a yebedi so no ho.

12 Obi a ɔwɔ adwene a ɛteɛ wɔ Bible adesua ho benya ɔkwan a ɔbɛfa so asua ade mpɛn pii, nanso ebia eyi yɛ renyɛ mmerɛw. Ebia ɔhaw ahorow bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ odi so. Sɛ nhwɛso no, ɛnnɛ asetra a adagyew nni mu no mu fa he na yebenya bere ama kokoam adesua? Ɔkwan a edi kan a yɛbɛfa so adi ɔhaw yi ho dwuma ne sɛ yebehu sɛ Bible adesua yɛ biribi a ɛho hia te sɛ asɛnka adwuma ne nhyiamkɔ. (1 Timoteo 4:15) Ɛno akyi no yebetumi ahwehwɛ yɛn da biara da dwumadi mu anya baabi ama no. Ebinom tumi sua ade bere a wɔte lɔre anaasɛ bɔs mu retu kwan no. Afoforo tie Bible akenkan a wɔakyere agu hama so no bere a wɔreka kar anaasɛ wɔreyɛ fie nnwuma no. Ebinom sua ade bere a wɔregye wɔn ahome awia wɔ adwumam no. Afoforo nso sɔre ntɛm kakra anɔpa na wosua ade kakra ansa na da no mu dwumadi afi ase anaasɛ wogye bere sua ade anwummere bere a mmofra no adeda no. Ɛyɛ nea ɛho hia mpɛn pii sɛ yɛbɛtɔ bere afi dwumadi afoforo mu​—ebia afi mmere a yɛde gye yɛn ahome no mu​—de asua ade. (Kolosefo 4:5, NW) Nanso ɛnkyɛ mpo na pii hu sɛ wonhia saa akwan horow a wɔfa so gye wɔn ahome no pii efisɛ adesua no ankasa yɛ ahomegye ma wɔn.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mmoa a ɛbɛma yɛde yɛn adwene asi nea yesua no so?

13 Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔde wɔn adwene besi nea wɔresua no so. Ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyae wɔn da biara da ɔhaw ahorow no ho dwene na wɔde wɔn adwene asi Bible adesua so. Mpaebɔ betumi aboa ma woadi eyi so. Ansa na wubefi adesua no ase no, dɛn nti na wonna Yehowa ase wɔ nneɛma a wada no adi no ho na wonsrɛ sɛ ɔmmoa wo na fa w’adwene si so na woahu bo a ɛsom no? (Filipifo 4:6; 2 Timoteo 2:7) Mpaebɔ a ɛte sɛɛ ne Yehowa apɛde ma yɛn no hyia. (1 Yohane 5:14) Ahosodi nso yɛ nea yentumi nyi mfi mu, ne titiriw no, mfiase no. (1 Korintofo 9:25) Ná da biara Beroiafo no hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu. (Asomafo no Nnwuma 17:10, 11) Nea wɔyɛe no yɛ nhwɛso pa. Ɛrenkyɛ na adesua a woyɛ daa no abɛyɛ anigye ama wo, na wobɛhwɛ kwan a ne yɛ renyɛ wo den.

14. Dɛn nti na beae a ɛhɔ yɛ komm ye bere a yɛreyɛ kokoam adesua no?

14 Tebea a ɛfata a wobenya nso boa ma wɔde adwene si nea wɔresua no so. Isak fii adi kɔɔ wuram​—ofii nnyigyei ne dede a ɛwɔ ntamadan ahorow no mu no mu​—bere a ɔpɛe sɛ ɔkɔdwennwene ne nsɛm ho no. (Genesis 24:63) Ampa, ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebenya baabi a dede nni hɔ te sɛ wuram asua ade, nanso ɛyɛ nea mpɛn pii yebetumi abrɛ dede a atwa yɛn ho ahyia no ase. Ade a wubesua wɔ television a wɔabue anim anaasɛ bere a afiri bi rebɔ nnwom denneennen no yɛ na pii remfi mu mma​—anaasɛ ɛrenyɛ anigye​—te sɛ bere a woyɛ saa wɔ beae a ɛhɔ yɛ komm kakra no. Ɛnyɛ nea yebetumi afi dede ahorow no mu bere nyinaa, nanso yɛn mu pii betumi anya baabi a ɛhɔ yɛ komm kakra asua ade wɔ hɔ.

15. Akwan horow a yɛbɛfa so anya Bible mu nimdeɛ wɔ bɔnnɔ so no bi ne nea ɛwɔ he?

15 Ebia ɛbɛyɛ nea ɔhaw foforo wɔ hɔ: Ebia na ebinom nnim sɛnea wosua ade. Wɔ nnansa yi mu titiriw no, ɛnyɛ nea wobetumi aka sɛ mmofra sua sɛnea wosua ade wɔ sukuu, na ebia wɔn a wofii sukuu wɔ bere bi a atwam mu no werɛ afi sɛnea wosua ade. Nanso, nokwarem no, adesua nyɛ den saa. Ebetumi ayɛ mmerɛw te sɛ nea wokenkan biribi a w’ani gye ho wɔ Aid to Bible Understanding mu anaasɛ worekenkan New World Translation Reference Bible no. Bible mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no a wubetie anaasɛ nhwehwɛmu bi a w’ankasa wobɛyɛ yɛ akwan afoforo a wɔfa so sua ade. So woabɔ mmɔden pɛn sɛ wubebuebue Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! nsɛmma nhoma a atwam no bi mu na woakenkan nsɛm a w’ani gye ho wom no bi? Ampa, eyi nyɛ adesua a wɔhyɛ da de adwene si so de, nanso ɛbɛboa wo ma anigye a wɔwɔ wɔ Yehowa Asɛm ho no ayɛ kɛse.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn atirimpɔw a yɛde siesie yɛn ho ma dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no?

16 Na ade ankasa a wɔhyɛ da sua, te sɛ ebia, bere a woresiesie wo ho ama dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no nso ɛ? Wɔ adesua a ɛte sɛɛ ho de, ɛho hia sɛ osuani no benya botae bi wɔ n’adwene mu. Botae bɛn? Ɛdefa ne ho a obesiesie ama Ɔwɛn-Aban Adesua ho no, ɔbɛpɛ sɛ onya mfaso kɛse wɔ ‘aduan a ɛyɛ ne bere mu de’ a wɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ama no mu, na ɔbɛpɛ sɛ ɔboa afoforo nso denam mmuae a ɔma wɔ nhyiam ase no so. (Mateo 24:45) Ɔkwan bɛn so na obetumi ayɛ eyi? Eyi ho mmara biara nni hɔ, nanso nyansahyɛ bi ni:

17, 18. (a) Fa nyansahyɛ ahorow bi a ɛfa sɛnea osuani betumi asiesie ne ho ama dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no ho ma. (b) Fa nyansahyɛ afoforo a woahu sɛ ɛboa wɔ kokoam adesua mu ma. (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

17 Nea edi kan no, kenkan asɛm no nyinaa mu, ebia bere a wo nsa aka wo Ɔwɛn-Aban no ara pɛ. Ebia akenkan a edi kan yi begye wo simma 20 pɛ, nanso ɛbɛma woanya emu nsɛntitiriw no ho adwene na woahu nea asɛm no fa ho. Sɛ bere du sɛ worebesua ankasa a, tra ase na fa wo Bible ne wo pɛn anaa pɛnsil anaa biribi a ɛte saa . Afei kenkan nkyekyem a edi kan no yiye na hyɛ nea wɔreka ne ɔkwan a wɔafa so ada adwene a ɛwom no adi no nsow. Bue kyerɛw nsɛm biara a emu nsɛm nni nkyekyem no mu no na hwɛ sɛ wubetumi ahu nea enti a wɔde aba hɔ no. Afei bisa asɛm a ɛfa nkyekyem no ho no na hwɛ sɛ wubehu mmuae no. Bere a woahu mmuae no, twitwa nsɛmfua kakraa bi a ɛbɛma woakae mmuae no wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua no ase no ase. Ebia wobɛpɛ sɛ wokyerɛw biribi kakraa bi wɔ nsɛmma nhoma no nkyɛn hɔ a ɛfa kyerɛw nsɛm a woahwɛ, nsɛm bi a wopɛ sɛ woyɛ nhwehwɛmu foforo wɔ ho, ne nea ɛtete saa ho.

18 Bere a woawie adesua mũ no nyinaa wɔ saa kwan yi so no, hwɛ nsemmisa a ɛwɔ ɔkyerɛkyerɛ adaka no mu wɔ adesua no awiei no na hwɛ sɛ woate emu nsɛntitiriw no ase. Sɛ nsemmisa bi wɔ hɔ a wuntumi mmua a, san kɔhwehwɛ mmuae no bio wɔ adesua no mu. Sɛ woyɛ eyi nna kakraa bi ansa na dapɛn dapɛn Ɔwɛn-Aban Adesua no adu a, ebia wubehu sɛ eye sɛ wobɛsan ahwɛ mu bio adesua da no de akaakae emu nsɛm no.a

Hia a Ɛho Hia Sɛ Wubesusuw Ho

19. Ɔkwan bɛn so na asɛm no ho a yebesusuw betumi aboa ma yɛanya ɔdɔ ama Yehowa Asɛm no.

19 Kae sɛ nea ɛka adesua ho ne ɛho a wosusuw. Ade a wosua a wonnsusuw ho no te sɛ aduan a wɔadi a anyam wɔ yafunu no mu. Enti susuw nea woasua no ho. Bɔ mmɔden sɛ wode bɛtoto nneɛma afoforo a wunim ho. Ɔkwan bɛn so na ɛka w’asetra? Ɔkwan bɛn so na wubetumi de aboa afoforo? (Mmebusɛm 15:28) Sua sɛ wubesusuw emu nsɛm no nyinaa ho. Ka nea woasua no ho asɛm kyerɛ afoforo. Wo ne afoforo mmɔ nneɛma foforo a woasua no ho nkɔmmɔ. (Mmebusɛm 27:17) Eyi nso bɛma anigye a wunya wɔ Bible mu no ayɛ kɛse.

20. Ka anisɔ kɛse a Ɔhene Dawid nya maa Yehowa Asɛm a wayi adi no ho asɛm.

20 Ná Ɔhene Dawid wɔ Yehowa Asɛm ho anisɔ kɛse. Ɔkyerɛwee sɛ: “[Yehowa] mmara yɛ pɛ, edwudwo ɔkra. [Yehowa] adanse atim, ɛma ayemfo hu nyansa. [Yehowa] ahyɛde teɛ, ɛma koma tɔ yam, [Yehowa] mmarahyɛ ho tew, na ɛtew ani. [Yehowa] suro yɛ kronkron, egyina hɔ daa. [Yehowa] atemmude yɛ nokware, ne nyinaa teɛ. Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii, na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo ne ahwerew mu nsu.”​—Dwom 19:7-10.

21. Sɛ yenya ɔdɔ ankasa ma Yehowa, ‘nneɛma a wayi adi’ no a, nhyira horow bɛn na yebenya?

21 Sɛ wudi afotu a ɛwɔ dwom a edi kan no akyi na wusua Bible no daa a, wo nso wubenya anisɔ a ɛte sɛɛ ama Yehowa ‘nneɛma a wayi adi’ no. Eyi a wobɛyɛ no bɛma woanya nhyira a wɔde ahyɛ obiara a Yehowa mmara sɔ n’ani bɔ wɔ saa dwom no mu no: “Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye. . . . [Yehowa] nim treneefo kwan”​—Dwom 1:3, 6.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nyansahyɛ ahorow a ɛfa adesua afã afoforo ne sɛnea wosiesie ɔkasa ahorow ho no, hwɛ Ɔwɛn Aban Asafo nhoma, Theocratic Ministry School Guidebook no mu.

Wobɛkyerɛkyerɛ Mu Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛnyɛ nea ɛdɔɔso sɛ yɛde yɛn ho bɛto afoforo so ma wɔakyerɛkyerɛ yɛn Onyankopɔn Asɛm?

◻ Nhyira horow bɛn na yebenya wɔ Bible no a yebesua mu?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya bere de asua Bible no?

◻ Nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nea yesua so no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae bere a yesiesie yɛn ho ma Ɔwɛn-Aban Adesua no?

[Kratafa 26 mfoni]

Nkurɔfo awuwu esiane Bible a wɔkenkanee nti

[Kratafa 28 mfoni]

Ɛsɛ sɛ yenya bere de susuw Onyankopɔn Asɛm ho wɔ yɛn asetra a adagyew nnim no fã baabi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena