Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 8/1 kr. 4-7
  • Nkɔmhyɛ Atirimpɔw Ne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkɔmhyɛ Atirimpɔw Ne Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom A Edi Kan No
  • Atoro Som Fi Ase
  • Nkɔmhyɛ Atirimpɔw
  • Dɛn Nti Na Wɔde Maa Israelfo?
  • Nokware Nkɔmhyɛ Nhoma No
  • Yɛn Ho A Yɛbɛde Afi Atoro Som Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • ‘Nneɛma A Wɔayi Adi No Yɛ Yɛn Dea’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nya Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm No Mu Gyidi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 8/1 kr. 4-7

Nkɔmhyɛ Atirimpɔw Ne Dɛn?

WƆN a wɔka sɛ wɔn akwan ahorow a wɔfa so som no fi mmeae a ɛboro nea onipa tumi hu so no gye tom nso sɛ ahonhom pa ne ahonhommɔne wɔ hɔ. Gye a wogye eyi tom no ma saa nsemmisa yi sɔre: So saa akwan ahorow a wɔfa so som yi fi baabi pa? Anaasɛ efi beae bɔne bi? Emu nea ɛwɔ he na efi nokware Nyankopɔn no home mu?

Ɔsom A Edi Kan No

Wogye tom sɛ adesamma nyinaa yɛ abusua biako, na eyi ne Bible asɛm a ɛka sɛ nnipa baanu, Adam ne Hawa na wɔde wɔn fii ase no hyia. Yehowa, ɔbɔadeɛ no, ma wohuu no. Ɔmaa Adam ne Hawa huu wɔn afã wɔ n’atirimpɔw mu ne abusuabɔ ankasa a na ɛwɔ wɔne no ntam. Onyankopɔn yɛɛ Adam ne diyifo a odi kan, a na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɛka ɔsoro nneɛma a woyi adi no akyerɛ ne yere ne akyiri yi ne mma, kyerɛ sɛ, adesamma nyinaa.​—Genesis 1:27-30; 2:15-17.

Ná eyi nkutoo ne ɔsom biako pɛ a ɛwɔ hɔ, ɔsom kwan biako pɛ a Yehowa Nyankopɔn yii adi. Ná wɔnam Onyankopɔn apɛde ho osetieyɛ so na ɛyɛ ho adwuma. Ná wonhia amanne, afɔrebɔ, abosonnan, anaa nkɔmhyɛ adebisa biara.

Atoro Som Fi Ase

“Adiyisɛm” a wɔde sɔre tiae a edi kan no fi ɔbɔfo bi a na ɔpɛ sɛ wɔsom no hɔ na ɛbae. Ɔde biribi foforo a sɛ wɔanni nokware som akyi a wobetumi ayɛ sii hɔ na ɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔkaa ne ho tew atua tiaa wɔn Bɔfo no. Eyi ma ɔbɛyɛɛ Satan, nea ɔsɔre tia Yehowa. Ne “nkɔmhyɛ” no bɛyɛɛ te sɛ nea ɛma obi tumi kyerɛ ne ho kwan na ɔde ne ho fi Onyankopɔn ase. Mmom no, ɛma wɔbɛyɛɛ nkoa maa Satan ne bɔne, na ɛde owu bae.​—Genesis 3:1-19; Mateo 4:8-10; Romafo 5:12.

Akyiri yi abɔfo atuatewfo anaa adaemone bi nso bɛkaa Satan ho. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom na wɔde atorosom mu adwen horow a ɛboa maa adesamma porɔwee no bae. Wɔ Adam banana Enos nna no mu na “wofii ase bɔɔ [Yehowa] din.” Sɛnea nhoma a wɔfrɛ no Targum of Palestine ka no, wɔyɛɛ eyi wɔ ɔkwan a na egu ho fi so sɛ wɔn abosonsom a na ɛwɔ hɔ saa bere no fã.​—Genesis 4:26; 6:1-8; 1 Petro 3:19, 20; 2 Petro 2:1-4.

Wɔpopaa atoro som fii hɔ wɔ Noa nna no mu Nsuyiri no mu, na ɛkaa nokware kwan a na Yehowa diyifo Noa fa so som no nkutoo. (Genesis 6:5-9, 13; 7:23; 2 Petro 2:5) Nanso, adaemone no anwuwu, na wɔsan de atoro nkɔmhyɛ ne nyamesom nsusuwii ahorow bae. Wɔmaa Noa asefo yɛɛ Yehowa bɔne denam Babel kurow no a wɔkyekyeree sɛ baabi a wodi atoro som ho dwuma no so. Onyankopɔn maa wɔn kasa yɛ basabasa na “ɔbɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.”​—Genesis 1:1-9.

Dɛn na eyinom nyinaa kyerɛ yɛn? Yɛn nyinaa yɛ Noa ne Adam asefo. Enti amammerɛ nyinaa wɔ fibea koro na akɔ so akura Onyankopɔn ho adwene bi a ɛyɛ nimdeɛ a atra hɔ fi Noa bere so no ho ade bi mu. Nanso atoro som ho adwen horow a wonya fii saa nananom a wɔhwete fii Babel (a akyiri yi wɔsan de sii hɔ frɛɛ no Babilon no) kɔɔ asase nyinaa ani no asɛe saa mfitiase nsusuwii no. Wohu eyi wɔ gyidihunu biako a wɔn nyinaa wɔ a ɛfa awufo honhom, nananom som, ne nsoromma mu hwɛ, abosonkɔm, ne abayisɛm ho no mu.​—Daniel 2:1, 2.

Nkɔmhyɛ Atirimpɔw

So eyi kyerɛ sɛ nnɛyi som ahorow no gyina adwen horow a wonya fii tete no nkutoo so anaa? Dabi. Satan ne adaemone no da so ara ma nkurɔfo hyɛ nkɔntoro de daadaa adesamma na wɔde paapae wɔn mu, wɔma adiyi ahorow a ɛyɛ nokware a ɛfa Onyankopɔn ho no yɛ basaa, na wɔde atoro nsusuwii ahorow sisi hɔ. (1 Timoteo 4:1; 1 Yohane 4:1-3; Adiyisɛm 16:13-16) Bible no se: “Na atoro adiyifo nso wɔ ɔman no mu, sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu nso. Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu.”​—2 Petro 2:1.

Wɔ ɔkwan foforo so no, Yehowa akora nokware som a wɔde mae wɔ Eden no so. Ɔde ɛho nsɛm no bi aka ho na ama ne ho nimdeɛ a yɛwɔ ne yɛn asɛyɛde wɔ n’atirimpɔw ho dwumadi mu no mu atrɛw. Enti nokware nkɔmhyɛ ma wohu nokware a ɛfa Onyankopɔn, n’apɛde, ne n’abrabɔ gyinapɛn ahorow ho no. Ɛma wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu da hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi asan de adesamma aba n’atirimpɔw mu, na ama anya mmamu awie.​—Yesaia 1:18-20; 2:1-5; 55:8-11.

Wɔ onipa atuatew mfiase hɔ no, Yehowa de nkɔmhyɛ bi a ɛde anidaso ma Adam ne Hawa asefo mae. Ɔdaa no adi sɛ ogyefo bi bɛba, “aseni” bi a ɔbɛsɛe Satan ne n’asefo. (Genesis 3:15) Akyiri yi nkɔmhyɛ ahorow bi boa ma wohuu saa “aseni” anaa ‘Nea Onyankopɔn asra no’ no na ɛdaa no adi sɛ ɔno na obedi dwuma titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow mmamu mu.​—Dwom 2:2; 45:7; Yesaia 61:1.

Enti nkɔmhyɛ mu ade titiriw ne sɛ ɛbɛma wɔahu Onyankopɔn atirimpɔw ne “nea wɔasra no” anaa “Kristo” a ɛnam ne so na ebenya mmamu no. Esiane sɛ ɛbɛdaa adi sɛ saa onii a wɔapaw no no ne Yesu nti, Yehowa bɔfo kae sɛ: “Kotow Onyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.” (Adiyisɛm 19:10) Nokwasɛm ahorow abien na saa asɛm yi ma emu da hɔ. Nea edi kan no, obiara nni hɔ a ɔhyɛ nokware nkɔm a ɔbɛhwehwɛ sɛ wɔsom no, efisɛ nokware som yɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo dea. (Mateo 4:4; Yohane 4:23, 24) Nea ɛto so abien no, nokware nkɔmhyɛ nyinaa atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛda nneɛma ne nokwasɛm ahorow a ɛfa Yesu ho adi.

Esiane eyi nti, ná asɛm biara a efi Onyankopɔn home mu no fa Yesu ho titiriw. Ná nokware nkɔmhyɛ mu honhom, anaa ntease ne atirimpɔw biara di ne ho adanse. Bio nso, nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu wɔ Yesu mu no bɛkyerɛ sɛ ne nyinaa yɛ nokware. Enti na Bible no ka sɛ “nokware no de, ɛnam Yesu Kristo so na ɛbae” no. “Efisɛ Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno mu na yiw no wɔ.”​—Yohane 1:17; 2 Korintofo 1:20; Asomafo no Nnwuma 10:43; 28:23.

Dɛn Nti Na Wɔde Maa Israelfo?

Yehowa de ne nkɔmhyɛ a ɛfa “aseni” a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no na efii ne “Yesu adanse” no ase. Akyiri yi Onyankopɔn daa no adi sɛ “aseni” no asase so anato no nam Noa, Sem, Abraham, Isak (ɛnyɛ Ismael mmom), ne Yakob so. Saa mmarima yi kuraa nokware som mu na wɔdaa wɔn ho adi sɛ Yehowa nokware adiyifo bere a na atoro anyame no som asɛe aman no nyinaa no. (Genesis 6:9; 22:15-18; Hebrifo 11:8-10, 16) Wɔtoaa anato no so wɔ saa mmarima yi asefo mu​—Israel man no ne titiriw Dawid a na ɔyɛ Israel hene a ɔsen biara no abusua mu.-2 Samuel 7:12-16.

Yehowa rekyerɛ nea enti a ɔpaw Israel no, ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ mo dodow a ɛsen aman nyinaa nti . . . na esiane sɛ . . . odi ne ntam a ɔkaa mo agyanom” Abraham, Isak, ne Yakob no so nti. (Deuteronomium 7:6-8; 29:13) Ɛda adi sɛ, ɔman biako pɛ na na ebetumi de “aseni” a wɔahyɛ ne ho bɔ no anato ama. Nanso, wɔamfa nokware som amma Israelfo nkutoo. Bere a wɔamfa nokware adiyi amma aman afoforo nso no, na ankorankoro a wofi wɔn mu betumi abɛka Israelfo no ho wɔ ɔsom mu, na wɔde eyinom mu bi mpo kaa “aseni” no anato no ho. (Numeri 9:14; Rut 4:10-22; Mateo 1:5, 6) Ná nea anka adiyisɛm a wɔde aman ne mmusua biara de ma wɔn no betumi de aba ne nyamesom mu mpaapaemu kɛse, bere a ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ ɔbɛka adesamma nyinaa abom wɔ ɔsom biako mu no.​—Genesis 22:18; Efesofo 1:8-10; 2:11-16.

Ahwehwɛde koro no ara na Onyankopɔn wɔ ma mmusua nyinaa. Esiane sɛ ɔnsakra wɔ n’abrabɔ gyinapɛn ne n’atirimpɔw ahorow ho nti, sɛnea ɔne Israel dii no kyerɛ sɛnea na ɔbɛyɛ n’ade wɔ tebea a ɛte saa ara mu wɔ bere biara mu. (Malaki 3:6) Enti Israel yɛɛ nhwɛso maa aman nyinaa. Yehowa nam wɔn so yɛɛ mfaso a efi nokware som mu ba ne nyansa a enni atoro som mu no ho nhwɛso. Mpɛn dodow a Israelfo no dii nokware maa no no, ɔbɔɔ wɔn ho ban na ohyiraa wɔn. Na sɛ wɔdan kɔ aman afoforo no atoro anyame no so a, wɔba saa aman no nhyɛso ase, sɛnea Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ no pɛpɛɛpɛ.​—Deuteronomium 30:15-20; Daniel 9:2-14.

Afei nso Israel bɛyɛɛ nhwɛso wɔ nkɔmhyɛ kwan so, na Dawid begyinaa hɔ wɔ nkɔmhyɛ kwan so sɛ Yesu a odii ade wɔ Onyankopɔn Ahenni apam a ɔne Dawid yɛe no mu no. (1 Beresosɛm 17:11, 14; Luka 1:32) Mmara a wɔde maa Israel, a na afɔrebɔ ne asɔfodi nhyehyɛe ka ho no yɛɛ Yesu afɔrebɔ no ho mfonini na ɛtwee adwene kɔɔ ne soro Ahenni ne asɔfodi no so. Enti Mmara no bɛyɛɛ ‘ɔyɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan.’​—Galatifo 3:19, 24; Asomafo no Nnwuma 2:25-36; Hebrifo 10:1-10; Adiyisɛm 20:4-6.

Nokware Nkɔmhyɛ Nhoma No

Ná wɔrentumi mfa nsɛm a wɔde ano ka anaa adiyisɛm ahorow a ɛsonosonoe a wɔde ma aman ahorow so nkora saa asɛm a ɛho hia yi so pɛpɛɛpɛ. Ɔkwan a eye sen biara a na wobetumi afa so akora so na ama aman nyinaa nso nsa aka ne sɛ wɔbɛkyerɛw ato hɔ. Na eyi a wɔakyerɛw ato hɔ no ne Bible no. Ɛno nkutoo na ɛka adiyi ahorow a efi Onyankopɔn home mu na ɛkora abakɔsɛm ne nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛnea ɔne adesamma adi no so. Ɛno nkutoo na ɛtwe adwene kɔ Yesu Kristo so sɛ Onyankopɔn nkwagye Safohene na ɛka nkɔmhyɛ ahorow a edi akyiri a ɛfa nea ɔbɛyɛ daakye sɛ Mesia no ho asɛm. Eyi ne Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no mu nsɛm nyinaa.​—Romafo 15:4; 1 Korintofo 10:11; 2 Petro 1:20, 21.

Efi bere a wɔkyerɛw Bible no wiei no, wɔrentumi nka sɛ wɔn a wɔde “nkɔmhyɛ” afoforo, ɔsom ahorow, ne fekusɛm aba no fi Onyankopɔn home mu na ɛyɛɛ saa. Wamfa nokware nkɔmhyɛ amma sɛ wɔmfa nyi ɔsom afoforo bi adi. Ne mmamu ma wohu Onyankopɔn ko a ɔyɛ ne ne tumi, na ɛkyerɛ sɛ ɔno nkutoo na obetumi aka nneɛma a ebesisi mfe ɔhaha bi mu asie a onni mfomso wɔ ne mmamu mu.​—Yesaia 41:21-26; 46:9-11.

Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wohu nokware nkɔmhyɛ mu yiye na wodi nokware som akyi no nyinaa dan kɔ Bible no mu. Ɛno ne Onyankopɔn nkɔmhyɛ nhoma ne nsɛm nyinaa a ɔwɔ ma adesamma.​—2 Timoteo 3:16, 17.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

“Aseni” a bɔ no anato wɔhyɛɛ ne ho

Noa

Sem

Abraham

Isak

Yakob

Dawid

Yesu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena