Ahonhomsɛmdi—Dɛn Nti Na Nkurɔfo Pii Rekyerɛ Ho Anigye?
FRANS yɛ ne kurom Protestant asɔre no okyigyinafo kɛse. Sɛ asɔre no wɔ adwuma bi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, ɔno na odi kan kɔboa. Wilhemina nso suro Onyankopɔn. Ɔka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wokɔ asɔre,” na ɔyɛ saa. Esther nso kɔ asɔre daa na ɔmma da koro ntwam a ɔremmɔ mpae. Ade foforo bi nso da adi wɔ nnipa baasa yi nyinaa ho: Wɔyɛ asumanfo nso.
Ɛnyɛ Surinamfo baasa yi nkutoo na wɔte saa. Nkurɔfo pii renya ahonhonsɛmdi ho anigye wɔ wiase nyinaa. Susuw ho hwɛ: Wɔ United States nkutoo no, wɔde nsɛmma nhoma bɛyɛ 30 a dodow a wotintim no boro 10,000,000 ka ahonhonsɛmdi nkutoo ho asɛm. Nnipa bɛyɛ 2,000,000 a wɔwɔ England no ani gye ade koro no ara ho. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ Netherlands no daa no adi sɛ nnipa a wɔte nkurow akɛse mu, nnipa a wɔn nhomanim kɔ akyiri ne mmofra ka wɔn a wogye ahonhonsɛmdi di no ho. Bio nso, ahonhonsɛmdi abɛyɛ da biara asetra no fã wɔ nsase pii so sɛnea nnipa a wɔwɔ Afrika, Asia ne Latin Amerika no betumi adi ho adanse no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ akyerɛwfo John Weldon ne Clifford Wilson ka wɔ wɔn nhoma Occult Shock and Psychic Forces no mu sɛ: “Ɛte sɛ nea nsɛm ho amanneɛbɔfo ahorow pii te nka sɛ yɛwɔ bere a wɔresan ahyɛ ahonhonsɛmdi mu den bio sen bere biara.”
Yiw, nnipa ahorow ahorow pii renya ahonhonsɛmdi—te sɛ nsoromma mu hwɛ, nkonyaayi, dae asekyerɛ ne nea ɛkeka ho—ho anigye. Dɛn ntia?
Ade biako ne sɛ Kristoman mu asɔre ahorow no bi gye ahonhonsɛmdi tom. Wɔhyɛ nyansa sɛ ahonhom a obi ne wɔn di nkitaho no yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bɛn Onyankopɔn kɛse.
Fa Izaak Amelo a ɔyɛ oguadini a wadi mfe 70 a ɔwɔ Suriname no sɛ nhwɛso. Wɔ mfe ason mu no na ɔyɛ asɔre bi baguani a wobu no ne osumanni a wagye din kɛse wɔ bere koro no ara mu. Ɔkae sɛ: “Yɛn asɔre no baguafo nyinaa hyiam wɔ akuraa no akyi kobisa ade fi ahonhom no hɔ Memeneda biara. Yɛkɔ so yɛ saa anadwo mu no nyinaa. Sɛ ade kye a, asafo panyin no hwɛ ne watch na bɛyɛ nnɔnnum bɔ a, onyam yɛn sɛ yennyae. Afei yɛkɔguare, yɛsesa yɛn ntade, na yɛkɔ asɔre—ansa na Kwasida anɔpa sɔre afi ase. Wɔ saa mfe no nyinaa mu no, ɔsɔfo no anka asɛm biako a ɛkyerɛ sɛ ɔmpene so.”
Bere a Dutchni Ɔbenfo B. van Lier asua abusuabɔ a ɛwɔ ahonhonsɛmdi ne Suriname asɔre ahorow no ntam ho ade akyi no, osi so dua sɛ nnipa pii bu ahonhonsɛmdi sɛ “ɔsom mu mmoa.” Ɔka wɔ nhwehwɛmu bi a Leiden Sukuupɔn tintim nnansa yi no mu sɛ wogye ahonhonsɛmdi tom sɛ “ɔsom nhyehyɛe kɛse bi a ɛka Kristosom ho.”
Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘So ahonhonsɛmdi a Kristoman mu asɔre ahorow gye tom no yɛ awerɛhyem a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pene so? So ahonhom a wo ne wɔn bedi nkitaho no bɛma woabɛn no kɛse? Dɛn na Bible no ka ankasa wɔ ahonhonsɛmdi ho?
[Mfonini wɔ kratafa 3]
Izaak Amelo ka hyɛ a asɔre bi baguafo nyinaa de wɔn ho hyɛɛ ahonhonsɛmdi mu ho asɛm