Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 6/1 kr. 7
  • Okunu Bi Boasetɔ Ka Abusua Bi Bom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Okunu Bi Boasetɔ Ka Abusua Bi Bom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ Ka Mmusua Bom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wɔasi Wɔn Bo sɛ Wɔbɛsom Yehowa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Wotiee Abusua No Hyehyɛfo No
    Nyan!—1980
  • So Yehowa Adansefo Gu Nkurɔfo Aware?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 6/1 kr. 7

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Okunu Bi Boasetɔ Ka Abusua Bi Bom

SƐ WUGYE nokware no na afei wo hokafo sɔre tia wo denneennen na ɔyɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma woagyae wo mudi mu a, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛma Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:12 a ɛka sɛ: “Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa wɔbɛtaa wɔn” no ahyɛ wo den? So wubegyina mu anaa wobegyae mu? Kristoni barima bi a ɔwɔ Italy hyiaa asɛnnennen a ɛte saa. Wampa abaw na Yehowa hyiraa no wɔ ho.

Na ɔbarima a yɛka ne ho asɛm no yɛ Komunistni a ɔyɛ hyew ne Katolekni mmɔdenbɔfo nso. Na ogye di sɛ nnipa nyinaa yɛ pɛ a obiara nsen ne yɔnko na ɔtee nka sɛ ahyehyɛde abien yi nyinaa ka saa nsusuwii pa no ho asɛm. Ne yɔnko dwumayeni bi kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ no, na ohuu prɛko pɛ sɛ eyi ne ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so ama nnipa nyinaa ayɛ pɛ a obiara nsen ne yɔnko. Ɔde ɔhyew koro no ara a na ɔda no adi wɔ komunism ne Katoleksom ho no gyee nokware no na wɔbɔɔ no asu 1972. Na ne yere nso ɛ? Ɔsɔre tiaa no denneennen Ose:

“1970 mu na me kunu fii ase ne Yehowa Adansefo dii nkitaho wɔ n’adwuma mu. Nkakrankakra bere a na ɔresua Bible no, mibehuu sɛ ɛyɛ ɔsom foforo a ekura nsɛntitiriw a minnye ntom. Me ne abusua no mufo afoforo fii ase taa no ntɛm ara.”

Ɔtoa so sɛ: “Me kunu awofo haw no na wɔfaa ɔkwan biara a wobetumi so sɛ wɔbɛma wagyae. Bere a Bible mu nimdeɛ a na me kunu wɔ redɔɔso no, ohui sɛ ɛho hia sɛ ɔsɛe yɛn fi no mu ahoni. Meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, aniberesɛm bi besi. Ɔsɛee ɔsom mu mfonini bi na meyeyaw

no, mebobɔɔ no, na metetew ne nsɛmma nhoma ahorow pii mu. Bere a mereteɛteɛm no, me nsenom de mmirika baa fie hɔ na wɔn nso wɔtow hyɛɛ no so nanso wanyɛ yɛn hwee.

“Yɛn adwene a na enhyia wɔ nneɛma ho no kɔɔ so kosii sɛ megyaw no hɔ kɔe bere a ɔsɔre tiae sɛ ɔremma yɛn babea bi nkɔ asɔre nkosua Katekism no. Me kunu ka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mansan amma fie a, ɔbɛbɔ me sobo wɔ aban mu sɛ maguan agyaw no. Dapɛn biako akyi no, misii gyinae sɛ mɛsan akɔ.

“Wɔ mmɔden foforo a mebɔe sɛ mɛma wagyae ɔsom no mu no, mekɔɔ osumanni bi nkyɛn na meka kyerɛɛ no sɛ ɔnnwemfa no. Osumanni no fii ase bisabisaa me nsɛm na mekyerɛkyerɛɛ tebea no mu kyerɛɛ no. Bere a ɔtee asɛm no, ɔka kyerɛɛ me sɛ worentumi nnwemfa Yehowa Adansefo da.

“Yesusuw ho sɛ yɛbɛkɔ akohu ɔsɔfo a ɔwɔ kurom hɔ no. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yenkohu mmaranimfo bi. Nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ mmaranimfo no hyɛɛ me nkuran sɛ me ne me kunu nkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no. M’asebarima a na ɔka me ho no, ampene so na ɔkae sɛ n’abusua no de wɔn ho ama San Rocco, ‘Nea Ɔbɔ’ yɛn kurow ho ‘ban’ no ankasa. Nanso mmaranimfo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, te sɛ ahoni afoforo nyinaa no, ‘ɔhotefo’ yi nyɛ nokware ɔhotefo. Afei ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ Katolekfo ahyehyɛde bi guamtrani na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ ɔmmfa ne ho nnhyɛ ɔsom mu apontow ahorow mu koraa, efisɛ, esiane sɛ wakenkan Bible no nti, onim sɛ apontow ahorow no nyinaa yɛ atoro. Bere a ɔde n’asɛm no reba awiei no, ɔkae sɛ: Wo ne wo kunu nkɔ na monkɔtra asomdwoe mu. Tie no na wo nso fi ase sua Bible no.’

“Ɛdenam nkuranhyɛ yi so no, misusuw me kunu abrabɔ, nsakrae ahorow a wayɛ, ne ne boasetɔ no ho na mifii ase ne no kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam. Esiane sɛ m’ani sɔɔ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔ hɔ no ho nti, misuaa ade, na mekyerɛw me din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu na mifii asɛnka ase. Awiei koraa no, meyɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ 1977 mu na mprempren mewɔ anigye wɔ nokware no mu esiane Yehowa a ɔboaa me kunu ma ɔtɔɔ ne bo ase na ama waka abusua mũ no nyinaa abom wɔ Ne som mu nti.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena