Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 6/1 kr. 4-6
  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asomdwoe Ahyehyɛde Bi
  • Akodi Nyinaa Awiei
  • Ɔko Farebae Titiriw
  • Ahum no Akyi
  • Hena Paa na Ɔde Ɔko ne Amanehunu Ba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Akodi
    Nyan!—2017
  • Onyankopɔn Bu Akodie Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 6/1 kr. 4-6

Ɔko A Ɛde Akodi Bɛba Awiei

GERMANFO wimhyɛn kɛse bi (zeppelin) yɛɛ dede wɔ wim anadwo. Na ɛresan akɔ faako a efi bere a akɔtow atopae agu London so akyi, na bere a ɛretwam afa akuraa bi a ɛwɔ Essex so no, egyaee atopae mu gui. Emu biako kum ɔyarehwɛfo bi a na wafi ɔko no mu wɔ France aba akwamma no.

Na eyi yɛ Wiase Ko I no mu asɛm ketewaa bi a esii, nanso ɛkyerɛɛ nneɛma akɛse. Na ɛyɛ sɛnea afeha 20 a ɛrentumi mma bere bi a onipa ‘rensua akodi bio’ mma da no ahu akodeyɛ ne akodi mu nkɔanim kɛse ho nhwɛso. (Yesaia 2:2-4) Wɔ mfe mpempem pii mu no, wɔako wɔ asase so ne po ani. Nanso ɔko no trɛw kɔɔ wim ne po ase wɔ Wiase Ko I mu. Esiane eyi nti, atopae kunkum nnipa a wɔnyɛ asraafo a fi akono hɔ kɔ faako a wɔte no yɛ akwansin ɔhaha pii no na nsu ase akohyɛn a aniwa nhu maa po so ahyɛn pii mem kɔɔ po ase.

Nokwarem no, asraafo ɔpepem 8 wuwui wɔ ɔko no mu na nneɛma a ɔkɔm ne ahobammɔ a enni hɔ ka ho kunkum wɔn a wɔnyɛ asraafo bɛyɛ ɔpepem 12 wɔ saa wiase nyinaa ko a edi kan a na ɛyɛ hu no mu. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo H. A. L. Fisher kyerɛ no, “Ɔko Kɛse [Wiase Ko l] no mu awerɛhosɛm ne sɛ nnipa a na wɔn ani abue sen biara wɔ Europa na wɔkoe wɔ ɔsɛmpɔw bi a na ɛyɛ mmerɛw sɛ anka nnipa anyansafo kakraa bi betumi adi ho dwuma ho.” Nea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ sɛ okunkɛse a ɛyɛ hu no teɛ no, wɔtoo ɔko no din sɛ “ɔko a ɛde akodi nyinaa bɛba awiei.” Nanso saa asɛm no dan atosɛm wɔ bere tiaa bi akyi.

Asomdwoe Ahyehyɛde Bi

Bere a wɔde asomdwoe sii hɔ wɔ 1918 no, awo ntoatoaso a na wɔn bo afuw kae sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe na ɔko a ɛte saa amma bio da. Enti, wɔwoo Amanaman Apam no 1919. Nanso Apam no dii wɔn huammɔ kɛse. Wɔ 1939 mu no, wɔsan de wiase no wuraa wiase nyinaa ɔko mu bio -ɔko a edii awu kɛse sen nea edi kan no mpo.

Wɔ Wiase Ko ll mu no, wɔsɛee nkuropɔn pii pasaa na ɛmaa wɔn a wɔnyɛ asraafo asetra bɛyɛɛ nea ehu wom. Afei wɔ 1945 mu no, wɔtow atomik atopae guu Hiroshima ne Nagasaki so de maa onipa hyɛn nuklea mmere no mu. Na owusiw kumɔnn a ɛyɛ hu a ɛmaa ne ho so wɔ saa Japan nkuropɔn abien no so yɛ ehu a aka adesamma fi saa bere no ho mfonini.

Nanso ansa na wɔretow saa atopae no mpo no na woresiesie wɔn ho ayɛ ahyehyɛde bi a ɛte sɛ Amanaman Apam a na agu no. Nea efii mu bae ne Amanaman Nkabom no, nea na ekura atirimpɔw koro ara te sɛ nea edi kan no​—wiase asomdwoe a ɛbɛma atra hɔ. Dɛn na atumi ayɛ? Efi 1945 reba no, wiase nyinaa ko mmae, nanso wɔadi ako nketenkete pii a nnipa ɔpepem pii awuwu wom.

So eyi kyerɛ sɛ adesamma renhu Onyankopɔn bɔhyɛ a ɔnam Yesaia so de mae a ɛkyerɛ sɛ ‘wɔrensua akodi bio’ no mmamu? Dabi. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɛnyɛ onipa na ɔbɛma eyi aba. Saa bɔhyɛ a efi honhom mu no wɔ Bible a wɔfrɛ no ‘yɛn kwan so hann’ no mu. Na Bible no na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ obiara sɛ Onyankopɔn ankasa na awiei koraa no ɔbɛma akodi nyinaa agyae.​—Dwom 119:105.

Akodi Nyinaa Awiei

Sɛnea yɛaka wɔ asɛm a edi kan no mu no, na nnipakuw bi wɔ afeha a edi kan no mu a wɔhyehyɛɛ amanaman ntam onuayɛ bi a ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ emuni bɛko atia ne nua wom. Na eyi yɛ Kristofo asafo a emufo ‘de wɔn nkrante abobɔ nsɔw’ ankasa no. Ɛnnɛ, bere a adesamma abusua no ankasa ntumi nyɛ hwee wɔ ɔko a wɔbɛma agyae mu no. nnipakuw bi nso wɔ hɔ bio a wɔadu botae titiriw koro yi ara ho. Wɔne henanom?

Wɔ mfe a na edi 1914 anim no mu no, na nnipakuw ketewaa yi wɔ Bible no mu ahotoso. Enti, na wonim sɛ nnipa mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma ɔko agyae no rentumi nyɛ yiye. Wɔnam Bible no a na wɔasua no so hui sɛ afe 1914 bɛyɛ nsakrae bere wɔ nnipa abakɔsɛm mu na wɔde eyi ho kɔkɔbɔ mae mfe 40. Sɛnea Bible nkɔmhyɛ kae no, 1914 fii bere bi a na ɔkɔm, ɔyaredɔm, ne asasewosow ne ɔko nso wom ase. (Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:10, 11)Abakɔsɛm kyerɛwfo James Cameron kyerɛw Wiase Ko l ho asɛm sɛ: “Wɔ 1914 mu no, sɛnea na wonim wiase no na wogye tom no baa awiei.”

Ansa na saa ɔko no reba awiei no, influensa bia ɛyɛ hu baa wiase nyinaa na ekunkum nnipa ɔpepem 20​—wɔdɔɔso sen asraafo a wowuwui wɔ ɔko no mu ankasa dodow mmɔho. Efi saa bere no, nyarewa te sɛ akisikuru, ne nnansa yi ara, AIDS, ama ehu aka adesamma.

Afei hyɛ Bible nkɔmhyɛ foforo nsow: “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ no bedwo.” (Mateo 24:12) So eyi renya mmamu? Ɛte saa! Nsɛm ho amanneɛbɔfo pa wiase nyinaa amumɔyɛ ho ntama da biara: awudi, afoforo so a wɔtow hyɛ ne basabasayɛ. Afei nso, amammui mu nkɔmhyɛ bi a ɛfa Wiase Ko ll ho kyerɛ sɛ “ebeyi ehu afi hɔ.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no ka siei pɛpɛɛpɛ sɛ “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.” (Luka 21:26) Bio nso nsɛm a nnipa ka siei amma mu, na Onyankopɔn nkɔmhyɛ nsɛm baa mu.

Ɔko Farebae Titiriw

Ɔko farebae ne obi a ɔma ɔko ba. Amammuifo, asɔfo, ne nnwuma wuranom mpo ayɛ eyi. Nanso ɔko farebae a ɔsen biara no nyɛ obiara sɛ Satan Ɔbonsam, nea wɔfrɛ no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ “wi yi ase nyame” no.​—2 Korintofo 4:4.

Satan tew atua tiaa Yehowa Nyankopɔn mfe mpempem a atwam ni no. na akyiri yi ɔdaadaa abɔfo dɔm bi ma wɔbɛkaa ne ho. Nanso na ne bere aso wɔ 1914 mu. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no. ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”​—Adiyisɛm 12:7-9.

Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a asase no ayɛ beae a ɛyɛ hu saa fi 1914 mu no. Bible no kaa nea ebefi Satan asehwe no mu aba ho asɛm siei: “Asase . . . nnue efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Bere no yɛ tiaa dɛn? Yesu kae sɛ: “Awo ntoatoaso [nea ehuu nsɛm a esisii fi 1914] yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:34) Nneɛma bɛn? Asiane ahorow ne basabasayɛ a Yesu hyɛɛ ho nkɔm maa yɛn bere yi.

Nanso Bible no kyerɛ sɛ wɔ nkogu a Amanaman Apam no dii ne sɛnea a Amanaman Nkabom no ntumi nyɛ hwee mprempren no nyinaa akyi no, amanaman no rennyae mmɔden a wɔn ankasa bɔ sɛ wobenya asomdwoe no. Nokwarem no, bere bi bɛba a wobesusuw sɛ wɔatumi anya asomdwoe. Wɔbɛyɛ “asomdwoe ne ahotɔ” nteɛm kɛse bi, nanso wiase a aporɔw yi ‘mpofirim ɔsɛe’ bedi eyi akyi. Esiane sɛ nnipa wɔ sum mu nti, saa nsɛm a ebesisi a ɛbɛba ‘sɛ owifo ba anadwo’ yi bɛma wɔn ho adwiriw wɔn.​—1 Tesalonikafo 5:2, 3.

Dɛn na eyi de bɛba? Ɛde ɔko a “ɛde akodi nyinaa bɛba awiei” ankasa bɛba: Harmagedon ko, nea wɔfrɛ no Bible mu sɛ “Ade Nyinaa so Tumfoɔ, da kɛse no mu ko no.” Eyi bɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe nneɛma bɔne nyinaa ne wɔn akyigyinafo. “Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ.” (Adiyisɛm 16:14-16; Dwom 37:9) Awiei koraa no, wɔde Satan, ɔko farebae kɛse no, bɛhyɛ baabi a ɔrentumi nnya nnipa so nkɛntɛnso bio. Awiei koraa no, wɔbɛsɛe ɔno nso.​—Adiyisɛm 20:1-3, 7-10.

Nanso hyɛ no nsow sɛ eyi renyɛ ɔko a wɔde sɛe nneɛma a ekunkum nnipa a wɔn ho nni asɛm ne wɔn a asɛm wɔ wɔn ho nyinaa a nyansa biara nnim. Ebinom befi mu aka na eyinom bɛyɛ wɔn a “wɔsom [Onyankopɔn] awia ne anadwo.” Yiw, wɔn a mprempren mpo wonsua akodi bio na wɔ’fa nokware Kristofo asomdwoe akwan so no benya nkwa wɔ saa ɔko kɛse a etwa to yi mu. So wɔbɛdɔɔso? Bible no frɛ wɔn “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.”​—Adiyisɛm 7:9, 14, 15.

Ahum no Akyi

Hwɛ ahotɔ ara a eyinom benya! Wɔrennya ɔmampɛ nniso horow na mmom nniso biako pɛ: Onyankopɔn Ahenni. (Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Ahobrɛasefo na wobenya asase no adi na “wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu” na ɛnyɛ nnipa ahantanfo ne anuonyampɛfo. (Dwom 37:10, 11) ‘Onyankopɔn ankasa bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’ (Adiyisɛm 21:3, 4) Yehowa bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ Wɔde nkrante bɛbɔ nsɔw de mpeaw ayeyɛ nnare na ‘wɔrensua akodi bio.’​—Dwom 46:8, 9; Yesaia 2:4.

So wobɛpɛ sɛ wotra wiase a ɛte sɛɛ mu? Nokwarem no, wopɛ! Wiɛ, wubetumi anya mu atra. Anammɔn a edi kan a ɛsɛ sɛ wutu ne sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm, Bible no, na ama w’ankasa woanya awerɛhyem sɛ saa anidaso yi yɛ nokware na ɛwɔ nnyinaso pintinn. Afei, hwehwɛ Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ hɔ ma wo mprempren fi Bible mu na yɛ ade ma ɛne no nhyia. Ampa, adesua gye mmɔdenbɔ, nanso mfaso wɔ so. Yesu kae sɛ, sɛ wode nimdeɛ a wunya no di dwuma sɛnea ɛfata a, ɛbɛma woanya “daa nkwa.” (Yohane 17:3) So biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen eyi?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena