Adeyɛ A Nyansa Wom Ansa Na Adebɔne Reba
ESIANE sɛ na Mary mma anyinyin nti, na ɔwɔ bere pii na osii gyinae sɛ ɔbɛhwehwɛ adwuma a ɔde ne bere fã bɛyɛ. Nanso bere a ɔka kyerɛɛ ne kunu Enos no, ɔmaa mu daa hɔ sɛ ɛho nhia sɛ ɔyɛ saa. Ɔkae sɛ: “Sɛ matumi ahwɛ wo ne mmofra no a, ɛda adi sɛ metumi ahwɛ yɛn baanu no mprempren.” Sɛ́ anka ɔbɛma ne yere no akɔyɛ honam fam adwuma mmom no, ɔhyɛɛ nyansa sɛ ɔmfa mpaebɔ nsusuw ɔkwampaefo, bere nyinaa Ahenni ɔdawurubɔfo a ɔbɛyɛ ho.
Ɛwom sɛ na Mary ani gye ho sɛ ɔbɛka Ahenni nkrasɛm no akyerɛ n’afipamfo de, nanso na ɔfɛre ade na na onni ahotoso. Nanso, ɔpɛe sɛ odi ne kunu afotu no akyi. Enti, ɔde biara biara yɛɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ April 1981 mu.
Mary nyaa ɔdɔ a na onnyaa da maa Ahenni asɛnka adwuma no ntɛmntɛm. Ankyɛ, na ɔne anigyefo baanan reyɛ ofie Bible adesua. Afe biako ntam no, ɔyɛɛ daa ɔkwampaefo, na na ɔyɛ Bible adesua du. Christine a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo a ne mma baanu da so kɔ sukuu no de anigye bɛkaa Mary ho sɛ ne ɔkwampaefo ɔhokafo. Anigyefo afoforo fii ase baa nhyiam horow wɔ wɔn Ahenni Asa so, faako a na akwampae honhom renyin no. Na Mary anigye a ɛsen biara no bae bere a n’ankasa ba Christopher pawee sɛ obedi ne nhwɛso akyi na ɔno nso bɛyɛɛ ɔkwampaefo no.
Afei, mpofirim ara, awerɛhosɛm bi sii wɔ 1985 mu. Ade tɔɔ Mary so. Mogya ntini bi a ɛpaee wɔ ne tirim maa mogya pii tui wɔ n’amemene mu, na nnansa akyi no, Mary a wadi mfe 45 no wui.
Nanso, mfe anan a Mary de yɛɛ akwampae adwuma no mu no, ogyee din pa wɔ ne mpɔtam hɔ. Nnipa bɛboro 300 na wɔkɔɔ n’ayi ase, a na afipamfo pii ka ho. Na wɔn a wɔbaa hɔ no mu biako yɛ ne sukuu mu adamfo bi a Mary gyidi no kaa ne koma, ɔpɛe sɛ osua ho ade pii, na obisae sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Na Mary som adwuma no gu so resow aba.
Enos se: “M’ankasa mereyɛ akwampaefo aboafo adwuma mprempren, nanso mihui a anka mekaa Mary ho bere a na ɔreyɛ akwampae adwuma no. Ɔkaa ne suahu ahorow ho asɛm bere nyinaa na na n’ani gye kɛse. Nokwarem no, na saa mfe kakraa no ne yɛn ase a yɛtra boom no mu nea ɛyɛ anigye sen biara, nanso afei na mahu nea enti a na ɛte saa no.”
Obiara rentumi nka bere a ‘ɛbere ne akwanhyia’ bɛto obi, sɛnea ɛbae bere a na wɔnhwɛ kwan wɔ Mary asɛm no mu no. Nanso, wɔn a wɔkɔ so di nokware sɛ Ahenni adawurubɔfo no nya gye a Onyankopɔn ne onipa begye wɔn atom ɔkwampa so ma wɔn ho, wɔ adebɔne mu mpo.—Ɔsɛnkafo 9:11; 11:1, 2.
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Ɔsom adwuma no mu kyɛfa a wubenya no yɛ bere a wode di dwuma yiye