Nsɛm no mu Nhumu
“Ade a Asiane Wom Sen Biara”
Ayarefo a wɔnam mogya a wɔde ma wɔn so anya nyarewa a ekunkum nnipa no nsɛm a wɔde kɔ asennibea no de ɔhaw foforo abrɛ mogya korabea pii. Ebeduu afe 1989 mfinimfini no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na wɔde nsɛm 300 na akɔ asennibea de atia mogya korabea ahorow wɔ United States. Gilbert Clarke a ɔyɛ American Association of Blood Banks no kwankyerɛfo panyin no gye toom sɛ “ɔmanfo pɛ mogya a asiane biara nnim koraa,” nanso ogye toom sɛ wɔrentumi mma ɛno ho awerɛhyem.
Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Parade Magazine bɔ amanneɛ sɛ mogya ho ɔdenimfo Ɔbenfo Charles Huggins gye tom sɛ mogya yɛ ade a “ɛsɛ sɛ wobu no sɛ nea asiane a wontumi nkwati wom.” Ɔka mogya ho asɛm sɛ “ade a asiane wom sen biara a yɛde di dwuma wɔ nnuruyɛ mu.” Efi afe 1989 mfiase no, nsanyare ahorow a mogya korabea ahorow hwehwɛ mu no akɔ anim akodu anum (HTVL-I a ɛne T-cell leukemia [mogya mu mmoawa mfitafitaa no mu yare bi] na ɛnam, kekae, mmerɛbo mu yare (hepatitis B), AIDS ne mmerɛbo mu yare (hepatitis C). Nanso, sɛnea American Red Cross ɔpanyin S. Gerald Sandler kyerɛ no, “ɛte sɛ nea bere nkutoo na ɛbɛkyerɛ sɛ yebehu ɔyare foforo bi a yennim ho nsɛm pii a mogya a wɔde ma afoforo trɛw mu.” Ɛmfa ho sɛnea mogya a wɔde ma afoforo no betumi adi awu no, Amerika Kusuu famfo bɛyɛ ɔpepem anan na wɔhwɛ kwan sɛ wobegye mogya wɔ 1990 mu. Sɛnea atesɛm krataa sɛnkyerɛwfo Ɔbenfo W. Giffordjones kyerɛ no, asɛnnennen no ne sɛ “sɛ woyi Yehowa Adansefo fi mu a, ayarefo mu dodow no ara nka mogya a wɔde bɛma wɔn ho asɛm koraa.”
Yehowa Adansefo de nokwaredi ‘atwe wɔn ho afi mogya ho’ ɔkwan biara so sɛnea Onyankopɔn Asɛm hyɛ wɔ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 21:25 no mfe du du pii. Ahobammɔ a eyi ama wɔanya afi nsanyare a ɛyɛ hu mu no yɛ sɛnea osetie a wɔyɛ ma Yehowa Nyankopɔn mmara no teɛ no ho nhwɛso.
Ebefi hɔ a Wɔrenhu?
Joachim Cardinal Meisner a na wɔkeka ne ho nsɛm bere a wɔde no sii so February a etwaam no mu sɛ Cologne, Germany, ɔsɔfopɔn no kae nnansa yi sɛ ade a osuro kɛse ne sɛ ebetumi aba sɛ asɔre no “befi hɔ—na ebia nnipa renhu.” Sɛnea German atesɛm krataa Rheinische Post kyerɛ no, Meisner kae sɛ: “Me kra abotow sɛ nnipa bu asɔre no sɛ ɛho nhia.” Ɔkyerɛe sɛ ebetumi aba sɛ nea nti a ɛte saa no ne sɛ “yɛka asase ho nsɛm pii nanso yɛka ɔsoro ho nsɛm kakraa bi, yɛka mprempren ho nsɛm pii nanso yɛka daa asetra ho nsɛm kakraa bi.”
Esiane sɛ Kristoman nyamesom ahorow de wɔn ho abɔ asase so amammuifo ne aguadifo mmom sen sɛ wobenya ɔsoro tumi mu ahotoso sɛ ebedi wiase haw ahorow ho dwuma no nti, wɔakyerɛ ampa sɛ nea wɔka sɛ wɔn na wɔhwɛ Onyankopɔn nneɛma so no yɛ atoro. Nneɛma a anibere wom na ebefi eyi mu aba. Sɛnea Bible kyerɛ no, atoro som nyinaa befi hɔ nnansa yi ara—adeyɛ a ɛnyɛ nea “asase so ahene” ne “asase so aguadifo” a wobesu esiane nea aba yi nti no renhu. Enti, ɛho hia sɛ wɔn a wɔdɔ trenee no di nsɛm yi so: “Mumfi [atoro som] mu . . . na moannyɛ ne nnebɔne no bi, na moanya ne haw no bi.”—Adiyisɛm 18:4, 9, 11.
Awiei Abɛn
“Ɔman nnipakum” ne nea atesɛm nkrataa binom frɛ awu a nniso ahorow anaa ahyehyɛde ahorow a wɔbɔ ho ban no di no. Nokwarem no, Amnesty International kasamafo Gerry O’Connel se wɔ 1988 mu no, “adesamma hokwan ahorow a wobu so no kɔɔ soro na atoa so abedu 1989 mu.” Afei ɔde ka ho sɛ: “Nnipa a wokunkum wɔn de bu mmara horow a wogye tom amansan mu nyinaa so no akɔ soro sen bere biara.”
Sɛnea Amnesty International afe afe amanneɛbɔ kyerɛ no, wɔn dodow no yɛ ahodwiriw kɛse: Wɔ 1988 mu no, efi nnipa 50,000 kosi 100,000 na wokunkum wɔn aman 29 mu bere a na Ɔman no hwɛ a na ɛmfa ne ho. Wɔn a na wɔka eyinom ho ne mmofra, nnipa a wɔanyinyin, ne mmea a na wɔn bɔne ara ne sɛ wɔwɔ amammui anaa mmusua akuw nketewaa mu anaasɛ na wɔtete mmeae a afã ahorow a wɔsɔre tia wɔn ho wɔn ho di ako. Wɔn a wodii awu a ɛtete saa no bi ne nnipakumfo a wɔsoma wɔn, ɔman anidanfo, nnubɔne tɔnfo, ne akuw afoforo a wɔde anuɔdensɛm hwehwɛ amammui botae horow. La Repubblica si so dua sɛ: “Mpɛn pii no Ɔman no ankasa hintaw akuw a wokura akode akyi ma wokunkum asɔretiafo ne wɔn a wɔmfata.”
Enti, ɛnyɛ kwa na wɔ Yehowa Asɛm a efi honhom mu no mu no, wɔde nnipa nniso toto “aboa” ho no. (Adiyisɛm 13:2) Nanso, akekaboa nneyɛe a ɛte saa a amammuisɛm na ɛkanyan no no rentra hɔ daa. Sɛnea Dwom 92:7 ka no: “Abɔnefo fifi sɛ fan, na amumɔyɛfo nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.” Onyankopɔn ɔsoro Ahenni a ɛwɔ Kristo Yesu, “Asomdwoe Hene” no nsam no na ɛbɛyɛ eyi.—Yesaia 9:6, Daniel 2:44.