Adwumaden A Ɛne Ahenni Aba A Wogu Wɔ Chile Kesee Fam
HWƐ anigye a ɛyɛ sɛ yɛbɛnantew akuraa ase kwan bi a ɛso yɛ dinn so wɔ Chile kesee fam! Anantwi didi asomdwoe mu wɔ mfuw a nnua sesa so wom a ɛda ogya mmepɔw fɛfɛ a sukyerɛmma wɔ atifi anim no mu. Wutumi te sɛ nnomaa su, na nhaban yɛ dede wɔ mframa a ɛrebɔ no mu. Ɛwom sɛ ɛte sɛnea ahotɔ wɔ ha de, nanso adwumaden bi wɔ ha ma wɔn a wogu Ahenni nokware aba no.
So wobɛpɛ sɛ wuhyia yɛn akwampaefo anaa bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo no mu binom? Na da koro anaa nnanu a wubedi wɔ wɔn nkyɛn bere a wɔreka asɛmpa no nso ɛ? Nea edi kan no, ma yentie bere a Jaime ne Oscar ka da a ɛte sɛɛ wɔ Chile kesee fam no mu anigyede ne nsɛnnennen ho asɛm no.
Da Koro wɔ Asɛnka Adwuma no Mu
“Yɛn ho fi ase wosow, na yɛte awɔw a aba yɛn dan ketewaa no mu no nka. Oscar fi mpa so si fam a ɔhyɛ mmoa nhwi sɔks, na ɔda so ara hyɛ kyɛw bi. Ɔsɔ muka no ano, ne afiri ketewaa bi a ɛma ɔhyew na ama ɔdan no mu ayɛ hyew, na afei ɔsan kɔda ne mpa a emu yɛ hyew no mu bio. Na adiwo da so ara yɛ sum, na yetumi te osu a atɔ anadwo mu no nyinaa no sɛ ɛretɔ. Yɛhwɛɛ mfɛnsere no mu, ne afei yɛn ho yɛn ho anim. Oo, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhome nnɛ! Afei yɛkae nhyehyɛe a yɛayɛ ama da no, ne sɛnea ehia sɛ yɛyɛ asasasin bi a atew ne ho a yɛankɔ mu koraa wɔ afe a etwaam no mu no mu adwuma. Ɛkanyan yɛn sɛ yebefi ase.
“Bere a yɛrekɔ a na anɔpa nnɔnwɔtwe mmɔe no, yɛnantew ntɛmntɛm, na yɛwɔ anidaso sɛ obi de ne kar bɛfa yɛn, anaasɛ bɔs bi bɛba, na ama yɛakɔ ntɛm akɔfa akwan a ɛkɔ yɛn asasesin no mu afie a atew ne ho mu ne nkuraa ase no so. Trata a treda a adwumayɛfo te mu sa to na ɛreba no. Nea ɔka no gyina na ɔma yɛforo. Yɛn ani agye sɛ nnɛ yɛamfa tutuw a yɛtaa fa mu no mu, esiane osu a ɛtɔɔ anadwo no nti. Bere a yɛkɔ wɔ kwan so no, yɛka asɛmpa no kyerɛ akuafo no. Bere a yeduu baabi a ɛsɛ sɛ yesi no, yɛmaa wɔn nsɛmma nhoma kakra. Hwɛ sɛnea yɛde aseda mae wɔ fa a wɔfaa yɛn ma enti yɛannantew akwansin ason no ho!
“Yɛbɛyɛ adwuma akyɛ bere a yekyinkyin hwehwɛ wɔn a wɔsɛ no. Bere a edi kan a yefii adwuma ase wɔ yɛn asasesin no mu no, na yɛnte nea enti a nkurɔfo gye nea na yɛka no tom, nanso ɛte sɛ nea wɔmpɛ sɛ wobegye Bible nhoma no ase. Yehui sɛ mpɛn pii no efi akenkan a wonnim. Enti yehui sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛbɛda no adi sɛ yɛn nhoma no yɛ akyɛde pa ma wɔn mma ne wɔn abusuafo, a wobetumi ne wɔn nso akenkan emu nsɛm. Wɔn a yɛne wɔn bɔ nkɔmmɔ no mu pii nni wiase yi mu nneɛma pii. Nanso esiane sɛ na wɔn ani gye sɛ wɔne yɛn bɛkyɛ nea wɔwɔ nti, sɛ wogye Bible nhoma a, wɔtaa ma yɛn nkesua, ntɔmmɔ, gyeene ne ade.”
Jaime asua sɛnea ɔde nyansahyɛ bɛma bere a ofiewura bi pɛ sɛ ɔde biribi ma wɔ Bible nhoma a yɛde ma no ho no? Dɛn ntia? Da koro akwampaefo no de nnuadewa nkaribo 30 na ɛsan kɔɔ fie, na na ɛsɛ sɛ ne hokafo no de akokɔ a ɔte ase hyɛ ne bag mu da no mu fã kɛse! Jaime taa kyerɛ sɛ merquén, atomde dɛdɛ bi a wɔde mako bi ayɛ no mmom ye. Kyerɛwtohɔ no toa so sɛ:
“Yetwaam faa mfuw no mu no, yekoduu ɛhɔnom Mapuche [ɛkyerɛ “asase yi Sofo”] rucas [afie] bi mu. Na ɛyɛ den sɛ yɛne Mapuchefo nkwakoraa ne mmerewa no bɛkasa, efisɛ wɔn kurom kasa nkutoo na wɔn mu pii ka. Sɛ mmofra bɛn hɔ a, wɔtaa yɛ nsɛm asekyerɛfo ma yɛn. Sɛ yɛkɔ akyiri wɔ ɔman no mu a, yɛtaa hyia nnipa a wonhuu Bible anaasɛ wɔmmaa kurow kɛse te sɛ Temuco, ɔmantam no ahenkurow no mu da. Eyi ma boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛnea wiase tebea no resɛe no yɛ den. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi nkakrankakra, na yɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔn mpɔtam hɔ haw ahorow no kyerɛ nea ɛresisi wɔ mmeae afoforo no.
“Ɛrekɔ anwummere no, na yentumi nnantew bio. Na awia a ɛrehyerɛn fɛfɛ no agyae ma osu kɛse a ɛmma wontumi mfa akatawia nyɛ hwee retɔ. Na mfuw a wɔfɛtɛw nnansa yi ara ama atɛkyɛ akyenkyen yɛn mpaboa ho. Sɛ yɛte nsɛm Pase no más (Bra mu) a, yɛde anigye wura mukaase hɔ kɔto muka no mu ogya no bi, nom ‘kafe’ a wɔde awi ayɛ, na yedi akuraa ase kyisii ne brodo foforo a wɔn ankasa ayɛ. Aa, hwɛ sɛnea brodo no yɛ huam fa!
“Esiane sɛ yɛanya ahoɔden foforo nti, yɛtoa adansedi no so kodu anwummere, kɔfa mfuw a wɔntaa nnye ban mfa nkyem mu, ɛwom sɛ wubehu awifuw a wɔde terensu bi a wɔfrɛ no pica-pica, a n’ahaban mpõ a egu nhwiren akokɔsrade atwa ɔhye. Esiane sɛ ɛrenkyɛ na owia no akɔ akɔtɔ nti, na ɛsɛ sɛ yedu ɔkwan foforo bi mu, na yɛafa bɔs a etwa to no akɔ kurom, na ɛrenkyɛ akwansin 12 nantew no aba awiei.
“Yɛsan beduu dwoodwoo, ɛwom sɛ na yɛabrɛ de, nanso na yɛn ani agye, efisɛ na yɛne wɔn a wɔte sɛ nguan abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye pii. Bere a yenyaa biribi di wiei no, yɛsan ka nea yɛayɛ ɛda no ho asɛm, na afei yɛkɔdae.”
Chiloé Nsrahwɛ
Nsupɔw nketenkete pii na ɛka bom yɛ Chiloé nsupɔw kuw no. Emu supɔw titiriw no tenten yɛ akwansin 110, na ɛwɔ mmepɔw a ɛso wura frɔmfrɔm a atare nketenkete deda ntam. Na mpoano nneɛma fɛfɛ ne tete apofofo nkuraa bɛn ara na wubetumi ahu wɔ baabiara a wokɔ sɛɛ yi!
Yehu Rubén ne Cecilia wɔ Achao kurow a ɛwɔ supɔw titiriw no ho pɛɛ no mu. Bere a woduu hɔ wɔ March 1988 mu no, ɛhɔnom sɔfo bɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ sɛ ‘wonntie awarefo baanu a wokyinkyin supɔw no so nyinaa reka Bible mu asɛm no.’ Wɔn ho nsɛm a ɛnteɛ a ɔkae no maa ebinom too wɔn adwenem, nanso ɛmaa afoforo nyaa ɔpɛ sɛ wobehu nea wɔka no ho biribi. Bere kɔɔ so no na Rubén ne Cecilia reyɛ Bible adesua 28. Na wɔn a wɔne wɔn yɛ adesua no mu pii yɛ akyerɛkyerɛfo, na na wɔn mu baanan de Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm kyerɛ ɔsom ho ade wɔ wɔn sukuu mu.
Yehowa hwɛ akwampaefo a wɔyɛ adwuma denneennen a wɔnantew akwansin bɛyɛ 20 da koro wɔ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Da koro bi a Rubén ne Cecilia nam mpoano kwan bi so no, wohui sɛ sɛ asɔrekye no kɔ fam a, wobetumi anya choritos (adɔde) pii. Rubén fii ase boaboaa ano, nanso wɔbɛyɛ dɛn de akɔ fie? Cecilia dii ho dwuma. Ɔde ne sɔks yɛɛ bag. Afei akwampaefo no nyaa po mu ade a wɔde yɛ aduan dɛdɛ!
Bere nyinaa Ahenni asɛnkafo baanu a wɔfrɛ wɔn akwampaefo atitiriw ne asafo ketewa bi bɔ wɔ Linao wɔ Achao kusuu fam pɛɛ. Wofii asɛnka adwuma ase wɔ hɔ wɔ 1968 mu, na wɔbɔɔ Linao Yehowa Ɔdansefo a odi kan asu wɔ 1970 mu. Mfe anan no na onua yi nkutoo na ɔyɛ asɛnka adwuma no, na na ɛsɛ sɛ ogyina n’abusuafo ne amannifo fɛwdi ano. Awiei koraa wɔ 1974 mu no, ne yere tiee Bible mu nokware no na wɔbɔɔ no asu. Wɔ ɔno akyi no, wɔbɔɔ ne honam fam nuabarimanom baanan, ne nuabeanom baanan, ne wɔfanom baanan, ne wɔfasenom baasia, ne n’akonta ne ne yere asu. Asafo a wɔhyehyɛe wɔ hɔ no yɛ abusua kɛse biako. Bere kɔɔ so no, anuanom baanum no mu baasa fii ase som sɛ mpanyimfo, na obiako som sɛ asafo mu ɔsomfo.
Luis ne Juan yɛ bere nyinaa asɛnkafo a Ahenni aba titiriw na wogu wɔ Quemchi, kurow ketewaa bi a fi Linao kɔ hɔ yɛ akwansin 20. Da biara wɔforo ban, wɔfa mfuw a nnuadewa pii wom mu, wodi mmepɔw so aforosian, na wɔfa mframa ne nsu mu bere nyinaa. Nea ɛbɛyɛ na wɔadu nsupɔw a ɛbemmɛn no so no, wɔfa ahyɛmma a ɛkɔ Chiloé supɔw so mprenu anaasɛ mprensa dapɛn biara no. Wodi nna kakra wɔ supɔw no so. Nsupɔw so akwantu betumi ama obi a ɔntaa mfa ahyɛmma ntu kwan yafunu ahaw no kakraa, nanso supɔw no sofo ahɔhoyɛ su ne wɔn ayamye boa yiye. Ahenni ɔdawurubɔfo foforo akɔka Luis ne Juan ho, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde asɛmpa no bɛkɔ asasesin no mufo 11,500 no nkyɛn. Ɛwom sɛ na wɔnnɔɔso ntɛmntɛm de, nanso Luis ne Juan ani gye boroo so bere a nnipa 36 baa 1989 Nkaedi no ase no.
Yɛsan Ba Ɔman no Ankasa Mu
Yɛtoa so kɔ kusuu fam na yetwa Chacao nsuka no kodu ɔman no ankasa mu. Akwampaefo Ramón ne Irene yɛ asasesin kɛse a akuw a ɛnyɛ asafo a ɛwɔ Maullín, Carelmapu, and Pargua ka ho mu adwuma. Chiloé supɔw no so Adansefo nantew dɔnhwerew biako, na afei wɔfa transbordador (ahyɛmma) kotwa nsuka no kɔ Kristofo nhyiam wɔ Pargua. Ramón de bɔs twa kwan dɔnhwerew biako ne simma 20 fi Maullín kɔyɛ adesua a nnipa a wɔtaa ba no dodow yɛ ɛhɔnom adawurubɔfo no mmɔho. Dɛn nti na wɔde bere tenten na etwa akwansin bɛyɛ 24 pɛ? Efisɛ bɔs no gyinagyina wɔ kwan so fa akwantufo a wɔsoso nkotoku a nnuaba, nnuadewa, ntɔmmɔ ne gyeene wom, na ɛtɔ da bi a mprako ne nkokɔ ka ho. Wɔde biribiara a wontumi mfa nto bɔs no atifi hyɛ bɔs no mu. Nea efi mu ba ne sɛ wɔde bere tenten na etwa ɔkwan no a hua, ahwɛde, ne dede ka ho.
Esiane sɛ akwampaefo yi mu kakraa bi pɛ na wɔwɔ kar nti, sɛ bɔs a edi nkurow no mu akɔneaba no tu gya wɔn a, ɛma wɔnantew twa ɔkwan tenten, gye sɛ obi de ne kar fa wɔn kwa. Bere a Ramón ne ne Bible suani ne ofirikafo bi rekɔ wɔ kwan mu no, obisae sɛ: “Nnipa no reyɛ mo adwuma no ho ade dɛn?” Bere a ohuu sɛnea wɔhwɛ no no, ɔkae sɛ: “Me ne akuraa yi ase sɔfo, na moyɛ Yehowa Adansefo. Minim mo adwuma no ho asɛm yiye na m’ani gye mo nsɛmma nhoma no ho.” Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho nsɛm pii ansa na osi wɔn wɔ Pargua wɔ bere ano ma wɔkɔɔ nhyiam no. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔsɔfo no nya ne nsemmisa afoforo ho mmuae bere a ɔkɔɔ so kenkan yɛn nsɛmma nhoma no.
Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw ma Ramón ne Irene sɛ wɔbɛkɔ afie 20 a wɔyɛ Bible adesua wom no mu. Ebinom wɔ Maullín Asubɔnten no agya wɔ apofofo nkuraa a atew ne ho a ɛsɛ sɛ wɔtra ahyɛmma mu kɔ bɔ no ase. Ɛwom sɛ nsu a ɛtɔ kɛse no betumi abu abam de, nanso ɛda adi sɛ boasetɔ a wɔne Ahenni adawurubɔfo afoforo 18 a wɔahwete wɔ nkuraa ase asasesin yi mu no da no adi no resow aba, bere a nnipa 77 hyiam wɔ Nkaedi no ase no.
Wɔ Los Muermos no, bere nyinaa Ahenni adawurubɔfo Juan ne Gladys ayɛ Bible adesua 23. Wonya nantew a wɔnantew twa ɔkwan tenten kɔfa atɛkyɛ akwan so no so mfaso bere a Ahenni aba gye ntini wɔ nnipa a wotumi kyerɛkyerɛ wɔn komam no. Wɔ baabi a atew ne ho wɔ mpoano bepɔw Estaquilla ho no, Juan ne Gladys kɔyɛɛ asasesin a na wɔnyɛɛ mu adwuma mu adwuma. Wobisaa wɔn Bible suani bi sɛ ɔmfa ne pɔnkɔ mfɛm wɔn da no. Obuae sɛ: “Yiw. So metumi ne mo akɔ?” Ankyɛ Juan hui sɛ eyi bɛyɛ Yehowa akwankyerɛ. Anka ɛrenyɛ den sɛ wɔbɛyera wɔ kwaebirentuw no mu, nanso na onigyeni no nim mpɔtam hɔ yiye, na odii wɔn anim de wɔn kɔɔ afie a, sɛ wɔnam akwan a ɛda bepɔw no so no so a, wonhu no mu. Bere a wɔde nnɔnhwerew akron anantew na wɔatra ɔpɔnkɔ so ama wɔn ho yɛ wɔn yaw no, wobisaa Bible suani no sɛ ɔte nka dɛn. Ɔbarima no buae sɛ: “Ade biako pɛ a mibisa ne sɛ momfa me nka mo ho mmra bere foforo.” Ɔbarima a ɔwɔ anisɔ yi kɔɔ so nyaa honhom mu nkɔso, na wɔbɔɔ no asu wɔ 1988 mu. Ankyɛ wɔbɔɔ ne yere asu wɔ ɔmansin nhyiam bi ase.
Ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ mu no, adawurubɔfo 11 a wɔwɔ Estaquilla no ani gyei sɛ nnipa 110 betiee baguam ɔkasa no. Nnipa 66 kɔɔ Nkaedi no wɔ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Muermos, a emufo yɛ 1,000 no mu. Enti pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asasesin kɛse yi mu.—Mateo 9:37, 38.
Yehu akwampaefo Alan ne Fernando wɔ atifi fam. Bere a da koro bi wɔnam ɔkwan a tutuw wɔ so so no, obi faa wɔn traa ne lɔre mu. Wosii fam akyi no, na ɛsɛ sɛ wɔserew efisɛ na wɔn ho ayɛ tutuw fi wɔn soro besi wɔn fam. Aseresɛm ne ofie Bible adesua 20 yɛ ho anigye boa ma wodi ɔhaw a ɛte sɛɛ yi so. Na hwɛ anigye araa wonyae bere a nnipa 65 baa Nkaedi no ase, na ɛhɔnomfo baanu a wodi kan bɛkaa wɔn ho wɔ asɛnka mu wɔ ɔsram a edi hɔ no mu no!
Bío-Bío no Twa
Sɛ wɔbɛkɔ nnipa a wɔte sɛ nguan a wɔte bɛn Andes Bepɔw no nkyɛn a, na ehia sɛ wotwa obon bi a Bío-Bío Asubɔnten a ɛworo no da ase anammɔn 150. Dua bi a ɛnyɛ den a ahama kura mu a ɛsɛn obon no so no so na wɔfa twa. Wode ehu bi foro, na wotwe dade bi ma dua no fa hama no so. Wugyina dua no so bere a ɛkɔ ntɛmntɛm kɔfa obon no mfinimfini, na ekogyina. Bere a woahome awie no, wutwe dade bi kɔ n’anim ne n’akyi, na woyɛ brɛoo twa ɔfã a aka no. Ɛda adi pefee sɛ ahufo ntumi mfa so da! Nanso onuawa bi yɛ eyi dapɛn biara na ama wakɔ obi a ɔwɔ nguanten su nkyɛn wɔ akuraa bi a ɛwɔ akyirikyiri ase! Nhwɛso pa a akwampaefo ne Ahenni adawurubɔfo afoforo yɛ no hyɛ anigyefo a wɔwɔ anisɔ koma nkuran ma wɔbɔ mmɔden a ɛfata sɛ wɔbɛba Kristofo nhyiam horow. (Hebrifo 10:24, 25) Abusua biako de ɔpɔnkɔ twa kwan akwansin 25 de besi Bío-Bío Asubɔnten no ano, na afei wɔnantew akwansin 7 bio kɔ Ahenni Asa so.
Dɛn na akwampaefo no kae, sɛ wobu kɔmpɔw hwɛ wɔn akyi a? Ogya mmepɔw a sukyerɛma wɔ atifi, mfuw a ɛyɛ fɛ, ne nsubɔnten a ano yɛ den? Tutuw, nsu a ɛtɔ, ne ɔkwan tenten a wɔnantew twa? Yiw, nanso wɔkae nnipa a wɔwɔ adamfofa su a wɔyɛ asɛmpa no ho biribi pa no titiriw. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wobegu Ahenni aba wɔ Chile kesee fam!