Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 7/15 kr. 8-11
  • Amanneɛbɔ A Ɛyɛ Anigye A Efi Rusia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amanneɛbɔ A Ɛyɛ Anigye A Efi Rusia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Mfiase Ketewaa Bi
  • Wɔte Asɛmpa no Bio
  • Afiase Asɛnka
  • Nhyɛso no Ano Brɛ Ase
  • Wogye Wɔn Tom wɔ Mmara mu Afei!
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 7/15 kr. 8-11

Amanneɛbɔ A Ɛyɛ Anigye A Efi Rusia

Mfe Ɔha Adansedi Kowie Anigye Mu

“WƆDE Rusia Yehowa Adansefo’ nyamesom ahyehyɛde ahorow Dwumadibea Ti Mmara rehyɛ aban nkrataa mu.”

Eyi ne Rusia kasa mu krataa a wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa yi mu no mu nsɛm a edi kan nkyerɛase. Ampa, nsɛm yi yɛ nnipa pii mpaebɔ ho mmuae. R.S.F.S.R. (Russian Soviet Federated Socialist Republic) no Asoɛe a ɛhwɛ Mmara ho nsɛm so panyin bi na ɔde ne nsa hyɛɛ krataa yi ase na ɔde nsɔano tim so wɔ Moscow. Ɛkyerɛ sɛ woagye Yehowa Adansefo atom sɛ nyamesom ahyehyɛde wɔ Rusia. Enti, nsakrae kɛse aba wɔn mfe ɔha abakɔsɛm no mu wɔ saa ɔman kɛse no mu.

Mfiase Ketewaa Bi

Mfe ɔha abakɔsɛm? Yiw. Ɛnnɛ bere yi mu no, nea wonim sɛ odii kan kɔkaa asɛmpa no wɔ saa ɔman no mu ne Charles Taze Russell, na ɔbɔɔ ɛhɔ a ɔkɔe ho amanneɛ wɔ 1891 mu. Ɔka wo September 1891 Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence no mu sɛ ɔkɔɔ Kishinev, Rusia, wɔ ne Europa akwantu no mu. Okohyiaa obi a wɔfrɛ no Joseph Rabinowitch, a na ogye Kristo di na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka asɛm akyerɛ Yudafo mmusua a wɔwɔ mpɔtam hɔ no wɔ hɔ. Russell ka sɛnea ɔkɔsraa Rabinowitch, ne Ahenni no ho nkɔmmɔ a emu dɔ na ɛyɛ anigye a wɔbɔe no ho nsɛm pii.

Wɔte Asɛmpa no Bio

Rusell nsrahwɛ no akyi no, baabi a mprempren wɔfrɛ hɔ U.S.S.R. yi hɔ adansedi ho asɛm kakraa bi na wɔtee, nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔantumi anyɛ hwee. Wɔ 1927 mu no, asafo abiɛsa a ɛwɔ Rusia de wɔn Nkaedi nhyiam ho amanneɛbɔ brɛɛ Asafo ti no. Nanso ɛte sɛ nea wɔannya nkɔso ntɛmntɛm kosii sɛ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no bae. Saa ɔko no maa nnipa pii tu fii faako a wɔte kɔtraa baabi foforo wɔ Europa. Ade biako a efii atutra yi mu bae a wɔanni kan anhu ne sɛ Ahenni asɛnkafo pii tu kɔɔ Rusia.

Sɛ nhwɛso no, February 1, 1946, The Watchtower no bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔde adawurubɔfo bɛboro apem a na wɔka asɛm no wɔ Ukrainiafo kasa mu wɔ Poland apuei fam akɔtra Rusia mfinimfini . . . Afei nso, anuanom ɔhaha pii a na wɔte Bessarabia, a anka ɛyɛ Rumania fã bi no abɛtra Rusia mprempren, na wokɔ so yɛ wɔn adwuma a ɛne amanaman nyinaa a wɔbɛyɛ wɔn asuafo no.”

Bio nso, wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no, Rusiafo pii huu amane wɔ Nasi nnadeban mu. Amanehunu yi maa ebinom nyaa nhyira a wɔnhwɛ kwan. Amanneɛbɔ biako ka Rusiafo mmabaa dodow bi a wɔde wɔn too afiase wɔ Ravensbrück ho asɛm. Wohyiaa Yehowa Adansefo wɔ hɔ, tiee nokware no, na wonyaa nkɔso ma wɔbɔɔ wɔn asu. Nsɛm a ɛtete saa sisii wɔ nnadeban afoforo mu. Bere a wogyaa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu foforo yi wɔ ɔko no akyi no, wɔde Ahenni no ho asɛmpa no kɔɔ Rusia. Saa kwan yi so no, wiase nyinaa ko a ɛto so abien no maa Ahenni asɛnkafo dodow kɔɔ anim wɔ Rusia asasesin mu. Wobuu akontaa wɔ 1946 mu sɛ na adawurubɔfo 1,600 reyɛ adwuma wɔ hɔ.

Afiase Asɛnka

Afiase kɔɔ so dii dwuma titiriw wɔ asɛmpa no trɛw mu wɔ Rusia. Ɔko no akyi no, atumfo no dii mfomso susuw sɛ Adansefo no yɛ atamfo, na wɔde pii guu afiase. Nanso eyi amma wɔannyae wɔn asɛnka no. Ɛbɛyɛ dɛn na ama wɔagyae, bere a wogye di ampa sɛ Onyankopɔn Ahenni no ho nkrasɛm no ne asɛmpa a eye sen biara ma adesamma no? Enti wɔn mu pii fam no, wɔde afiase hɔ yɛɛ wɔn asasesin, na nneduafo pii a wotiee wɔn no gyee asɛm no toom. Amanneɛbɔ bi a wɔde mae 1957 mu no ka sɛ: “Wɔahu sɛ wɔn a wonim sɛ wɔwɔ nokware no mu nnɛ wɔ Rusia nyinaa mu ɔha biara mu nkyem aduanan gyee nokware no bere a na wɔwɔ afiase ne nnadeban mu no.”

So afiasenna a wɔde hunahunaa Adansefo no bere nyinaa no buu wɔn abam? Dabida! Amanneɛbɔ a efi 1964 ka sɛ: “Yehowa adansefo wɔ saa nnadeban no mu a wɔde wɔn aba hɔ mprenu anaa mprensa so, efisɛ wɔannyae nkrasɛm no ka wɔ bere a woyii wɔn no akyi.” Ɛkɔ so ka sɛ afoforo yɛ nsɛmmɔnedifo a wɔde wɔn too afiase anaa nnadeban mu a wohyiaa Adansefo no bere a na wɔwɔ hɔ no. Wogyee nokware no, na wonyaa nkɔso ma wɔbɔɔ wɔn asu ansa na wɔreyi wɔn.

Nhyɛso no Ano Brɛ Ase

Wɔ 1960 mfe no mu no, atumfo no ne Adansefo no anni no denneennen pii bio. Ebia, wohui sɛ Yehowa nkurɔfo nsɔre ntia ɔmanfo mmara ne nhyehyɛe ɔkwan biara so. Enti ɛwom sɛ na mmara mma saa Kristofo ahobrɛasefo yi dwumadi ho kwan ara de, nanso wɔtew sɛnea wɔkyere wɔn na wɔkɔhwehwɛ wɔn afie mu no so, na wɔde aseda mae wɔ nhyɛso a ano brɛɛ ase yi ho. Na nea wɔpɛ titiriw ne sɛ wɔbɛkɔ so abɔ wɔn Kristofo bra na wɔayɛ adwuma wɔ kommyɛ, odwo, ne asomdwoe mu, sɛnea wobetumi.​—Romafo 12:17-19; 1 Timoteo 2:1, 2.

Wɔ 1966 mu no, wogyaa wɔn a na wɔatwa wɔn asu akɔ Siberia no nyinaa, na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ wɔ ɔman no mu. Pii san kɔɔ wɔn kurom a na wɔafi hɔ mfe pii no, nanso ebinom paw sɛ wɔbɛtra saa asasesin a ɛsow aba no mu. Na ɛnyɛ wɔn a wɔsan kɔɔ fie no nyinaa na wɔpawee sɛ wɔbɛkɔ so atra hɔ. Onuawa biako, a wotwaa ɔne n’abusua asu kɔɔ Siberia bere a ɔyɛ abeawa no, ne n’awofo san kɔɔ Rusia atɔe fam. Nanso ɔtraa hɔ bere tiaa bi. Na n’ani gye Siberiafo ahobrɛasefo a wɔpɛ ahɔhoyɛ no ho araa ma ofii n’abusua nkyɛn, na ɔsan kɔɔ apuei fam kɔtoaa so kaa asɛm kyerɛɛ saa nnipa a wɔwɔ koma pa no.

Saa bere yi mu nhwɛso titiriw bi fa onuabarima bi a otu fii kurow biako mu kɔtraa foforo mu no ho. Bere bi akyi no, ohuu Adansefo afoforo baanu. Wɔn baasa no bɔɔ mpae de hwehwɛɛ mmoa, na ankyɛ wohuu ababaa bi a ɔyɛ Greek Ortodoks asɔre no muni. Ogyee nokware no ntɛm ara, na ɔde anuanom no kɔɔ anigyefo afoforo baanu nkyɛn​—ne maame ne ne nuabea kumaa. Amanneɛbɔ no de ba awiei sɛ: “Ɛnnɛ, nnipa aduanan na wɔabɛka anuanom yi ho, na wɔn mu aduasa huu nokware no wɔ asram asia a atwam no mu.”

Nanso, gye a na wonnye Yehowa Adansefo ntom wɔ mmara mu no yɛɛ akwanside wɔ wɔn dwumadi no mu. Wɔde anifere yɛɛ nhyiam horow. Wɔde ahwɛyiye yɛɛ asɛnka adwuma. Na wɔda so ara tumi de wɔn to afiase, na na wontumi nyɛ afie afie asɛnka wɔ baguam. Nanso, eyi nyinaa akyi no, saa Rusia Kristofo anokwafo yi kɔɔ so de nokwaredi som wɔn Nyankopɔn na wɔyɛɛ ɔmamma pa maa wɔn man no. (Luka 20:25) Obiako reda wɔn su adi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ hokwan kɛse sɛ obi begyina sɔhwɛ ahorow nyinaa ano, na wakɔ so adi Yehowa Nyankopɔn nokware, na wakamfo Onyankopɔn daa wɔ n’asetra mu, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔnam Yesu Kristo so anya daa nkwa afi Yehowa hɔ.” Boasetɔ ne nokwaredi ho nhwɛso pa ahorow bɛn na saa Rusia Adansefo no ayɛ sɛɛ yi!

Wogye Wɔn Tom wɔ Mmara mu Afei!

Wɔ 1988 mu no, nneɛma fii ase sakrae wɔ aman a wɔne Rusia wɔ abusuabɔ no mu. Wofii ase nyaa ahofadi kɛse wɔ hɔ, na aman a na ato Yehowa Adansefo dwumadi ano hye no fii ase yɛɛ nhyehyɛe afoforo. Poland, Hungary, Romania, ne aman afoforo gyee Kristofo komapafo yi toom wɔ mmara mu, na wɔmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ wɔn ade wɔ baguam a ɛnsɛ sɛ wosuro sɛ wɔbɛyɛ wɔn biribi. Mfe a anigye wom bɛn ara na mfe abiɛsa a atwam yi ayɛ wɔ Europa Apuei Fam sɛɛ yi! Hwɛ sɛnea ɛhɔnom anuanom no de wɔn ahofadi a wɔanya no foforo no retrɛw Ahenni no ho asomdwoe nkrasɛm no mu! Na hwɛ sɛnea wiase no fã a aka no mu Yehowa Adansefo ne wɔn adi ahurusi!

Rusia Adansefo no anya wɔn ahofadi ahorow a emu retrɛw no mu mfaso dedaw. Mpempem pii​—ebinom fi Asia Pasifik mpoano tɔnn​—baa nhyiam atitiriw a efii bere foforo ase a wɔyɛe wɔ Poland wɔ 1989 mu ne afei wɔ 1990 mu, bere a Adansefo 17,454 a wofi Rusia no baa nhyiam wɔ Warsaw no. Nneɛma a wɔbɛkae bɛn ara na wɔsan de kɔe sɛɛ yi! Na wɔn mu pii ne nea ɛboro mfɛfo Kristofo kakraa bi mpo mmom nsomee da. Mprempren de wɔatra nnipadɔm mpem du du pii ntam!

Wɔsan kɔɔ Rusia a na ɛrenya wɔn ho koma kɛse no. Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa hwɛe na wobisae sɛ: Bere bɛn na wobegye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu wɔ Rusia? Wiɛ, ɛbaa saa wɔ 1991 mu​—mfe ɔha pɛpɛɛpɛ wɔ bere a Charles Taze Russell kɔɔ hɔ akyi! March 27, 1991 mu no, wɔde “U.S.S.R. Yehowa Adansefo Nyamesom Ahyehyɛde Ahorow no Dwumadibea Ti” hyɛɛ mmara ase wɔ nhoma bi a R.S.F.S.R. Ɔsoafo a ɔhwɛ Mmara ho nsɛm so de ne nsa hyɛɛ ase wɔ Moscow no mu. Ahofadi bɛn na wɔde maa Adansefo no?

Na mpaemuka a edi so yi ka ahyehyɛde a wɔde ahyɛ mmara ase foforo no hokwan krataa no ho: “Nyamesom Ahyehyɛde no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛyɛ nyamesom adwuma a ɛne sɛ wɔbɛma wɔahu Yehowa Nyankopɔn din ne ne dɔ nsiesiei ma adesamma a ɛnam ne soro Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no so no.”

Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa ayɛ saa? Nea ɛka akwan a wɔbobɔɔ din no ho ne asɛm a wɔbɛka no baguam na wɔakɔ nkurɔfo afie mu; Bible mu nokware a wɔde bɛkyerɛkyerɛ nnipa a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetie; Bible adesua nhoma ahorow mmoa so a wɔnam ne wɔn bɛyɛ Bible adesua a wontua hwee; ne nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ma wɔakyerɛ Bible ase, wɔakra, wɔatintim, na wɔakyekyɛ.

Krataa no ka Adansefo no ahyehyɛde a ɛwɔ Sodikuw no ase, a asafo ahorow mu mpanyimfo akuw horow, ɔman no [Baa] Boayikuw a emufo yɛ baason, ne amansin ne amantam so ahwɛfo ka ho ho asɛm nso.

Ɛda adi pefee sɛ afei de Yehowa Adansefo betumi ayɛ ade wɔ baguam a hwee nsiw wɔn kwan wɔ Rusia sɛnea wɔyɛ wɔ aman afoforo pii mu no. Wo de susuw anigye ara a [Baa] Boayikuw mufo baason no mu baanum ne asafo no mu mpanyimfo a wɔakyɛ baanum a wonyaa hokwan de wɔn nsa hyɛɛ nhoma titiriw yi ase no nyae no ho, bere a wohui sɛ Ɔmanfo ne Nyamesom Ahyehyɛde Ahorow a Wɔde Hyɛ Mmara Ase Dwumadibea so Panyin no de nsɔano tim so no! Ɔkwan a ɛfata so no, na Milton Henschel ne Theodore Jaracz a wɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo nso wɔ hɔ na wodii adeyɛ titiriw yi ho adanse. Yehowa Adansefo na wodii kan nyaa mmara mu a wɔagye wɔn atom no ho nkrataa wɔ saa akuw a R.S.F.S.R. no agye wɔn atom no mu. Hwɛ akatua ara a saa Rusia anuanom anokwafo no anya wɔ boasetɔ a wɔde agyina ɔhaw ano mfe pii no akyi!

Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabiara de aseda ma Rusia atumfo no a wɔmaa kwan ma wogyee wɔn toom wɔ mmara mu yi. Wɔde wɔn koma nyinaa da Yehowa ase titiriw wɔ ahofadi a wɔn Rusia anuanom no anya no ho. Wɔne wɔn mfɛfo Adansefo a wɔwɔ Rusia, ne Europa Apuei Fam aman mu a mprempren de wobetumi asom Yehowa Nyankopɔn kɛse wɔ baguam no di ahurusi. Ɛmmra sɛ Yehowa behyira wɔn pii bere a wɔde ahofadi yi di dwuma kosi ase de kamfo ne din kronkron no.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Kremlin a ɛwɔ Moscow No

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Rusia nhyiamfo wo 1990 nhyiam bi a wɔyɛe wɔ ɔman foforo so ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena