Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/1 kr. 3-4
  • Atemmu A Etwa To No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Atemmu A Etwa To No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristoman Ɔkyerɛkyerɛ
  • Atemmu Da​—Bere A Anidaso Wom!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Atemmuda Ne Ɛno Akyi
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Dɛn na Ɛbɛkɔ so Atemmu Da?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • So Hell Yɛ Baabi A Wɔyɛ Nkurɔfo Ayayade?
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/1 kr. 3-4

Atemmu A Etwa To No

“SƐ WUWU a, wɔbɛyɛ wo kra nkutoo ayayade; ɛno bɛyɛ hell ama no: nanso wo nipadua ne wo kra bɛka abom atemmu da no mu, na afei wubenya hell abien, a mogya fifiri tew wo kra, na wobɛte yaw nka wo nipadua mu nyinaa.”

EYI ne sɛnea afeha 19 ɔsɛnkafo C. H. Spurgeon kaa asɔfo adwene a wokura wɔ atemmu da ne wɔn a wobebu wɔn fɔ no amanehunu ho asɛm. Na Italiani mfoniniyɛfo Michelangelo wɔ gyidi a ɛyɛ hu saa ara, sɛnea wohu wɔ ne mfonini a wɔato din “Atemmu a Etwa To” (ne fã bi na ɛwɔ atifi hɔ no), a ɛwɔ Roma Sistine asɔredan no ɔfasu ho no mu no. The New Encyclopœdia Britannica ka mfonini yi ho asɛm sɛ: “Kristo a ɔrebu atɛn no yɛ onyame a ɔbobom kasa tia afoforo mmom na ɛnyɛ Kristofo agyenkwa, na adesamma abusua no afobu ho hia no sen sɛ obegye wɔn a wɔahyira wɔn no wɔ soro.”

Kristoman Ɔkyerɛkyerɛ

Mfeha a atwam no mu no, na atemmu da ne hell-gya ne nsɛmti a wɔtaa de yɛ asɔre. Asɛnkafo te sɛ C. H. Spurgeon fi wɔn asɛnka agua so de nteɛteɛm kaa ayayade huhuuhu a ɛretwɛn abɔnefo no ho asɛm pefee. Wɔntaa nte asɛnka a ɛte saa no nnansa yi. Nanso hell-gya ne atemmu a etwa to no da so ara yɛ asɔre ahorow pii nkyerɛkyerɛ a wogye tom.

Kristoman ɔsom ahorow no mu dodow no ara gye Roman Katolekfo nkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn atemmu ba mprenu no tom. Nea edi kan no, “atemmu titiriw” no wɔ hɔ. Sɛ obi wu a, wobu ne kra a wose enwu no atɛn ntɛm ara, na wɔma ɛtra ase daa wɔ hell anaasɛ ɔsoro.a Nea edi hɔ afei ne atemmu a etwa to, anaa atemmu kɛse no a emu na wonyan awufo nipadua na wɔsan de hyɛ wɔn akra a enwu da no mu no.

Wɔ atemmu da yi mu no, akra a ɛwɔ soro no kɔ so tra hɔ na wɔsan kɔhyɛ wɔn nipadua a wɔama ayɛ nea ɛmporɔw no mu. Wɔn a wɔrehu amane wɔ hell no nso kɔ so tra hɔ, na wɔn nso wɔn akra kɔhyehyɛ wɔn nipadua a wɔanyanyan na ɛmporɔw no mu. Ebinom kyerɛ sɛ eyi ma wɔn amanehunu no mu yɛ den yiye. Wɔn a wɔda so ara te ase sɛ nnipa no nwu. Wobu wɔn atɛn bere a wɔda so ara te ase no, na wɔde wɔn “nipadua ne ɔkra” no nyinaa kɔ ɔsoro anaa hell tee.

Hell-gya mu ayayade a enni kabea a wɔhwɛ kwan sɛ ebetumi aba obi so no ama atemmu a etwa to wɔ Kristo nsam ho asɛm no ayɛ nea ɛho nsusuwii yɛ hu. Ne saa nti, so ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ, nokwarem no, Onyankopɔn atemmu ahorow taa de ahurusidi ba, ne sɛ Atemmu Da bɛyɛ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu mmere a ɛyɛ anigye sen biara anaa? Ɔkwan bɛn so na eyi te saa?

[Ase hɔ asɛm]

a Roman Katolekfo gye di sɛ nea ɛto so abiɛsa betumi aba obi so: bere tiaa mu asotwe wɔ purgatory ansa na wahyɛn ɔsoro awiei koraa.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Random/​Sipa Icono

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena