Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/1 kr. 27-31
  • Kristofo Mudi Mu A Wokura Wɔ Liberia A Ɔko Asi Hɔ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Mudi Mu A Wokura Wɔ Liberia A Ɔko Asi Hɔ No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Sɛnea Ɔko no Trɛwee
  • Kristofo Onuayɛ Yɛ Adwuma
  • Yenya Aduan ne Nsu
  • Yɛkɔ so Kura Honhom Fam Ahoɔden Mu
  • Afoforo ho Susuw
  • Asuade Ahorow a Ɛsom Bo
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/1 kr. 27-31

Kristofo Mudi Mu A Wokura Wɔ Liberia A Ɔko Asi Hɔ No

Sɛnea Obi a Ohui Ka Kyerɛe

“SƐ ASONO ko a, sare nso hu amane.” Hwɛ sɛnea Afrika Atɔe Fam bɛ yi ka nsɛm a esisii wɔ ɔko a esii wɔ Liberia nnansa yi ara mu no ho asɛm tiawa! Nnipa bɛyɛ 20,000 hweree wɔn nkwa, na ɔman no mufo ɔpepem 2.6 no fã tu fii wɔn afie. Wɔn a wohuu amane no mu dodow no ara nyɛ asraafo; na wɔne “sare no”​—mmarima, mmea, ne mmofra a wɔn ho nyɛ hu.

Bere a ɔko no fii ase wɔ December 1989 mu no, na Yehowa Adansefo a wɔwɔ Liberia a wɔreyɛ adu 2,000 no dodow rekɔ anim bere nyinaa na na wɔde ahotoso rehwɛ nea ɛbɛba daakye no kwan. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔka ‘sare a ehuu amane’ no ho.

Sɛnea Ɔko no Trɛwee

Ɔko no fii ase wɔ Liberia ne Cote d’Ivoire ɔhye no so, na ankyɛ na aguanfo fii ase guan kɔɔ ahenkurow, Monrovia, kuropɔn a emufo bɛboro ɔpepem fã no mu. Efi March kosi May wɔ 1990 mu, bere a wɔko koduu kesee fam no, Yehowa Adansefo asɛmpatrɛwfo fii Ganta nea edi kan, na afei Gbarnga nso. Na wɔka nkurow yi mufo a wotwaa to fii hɔ no ho. Ɔko no mu yɛɛ den bere a asraafo a wɔamia akode hyɛn Monrovia July 2, 1990 no.

Obiara anhwɛ ahude a edii hɔ bae no kwan. Asraafo dɔm ahorow abiɛsa de aprɛm akɛse, ne atopae ahorow koe wɔ mmɔnten so. Wɔn a wɔankum wɔn sɛ wɔyɛ abusua bi a wɔtan wɔn mufo nti no, wɔhaw wɔn na wɔkɔhwehwɛɛ wɔn afie mu bere nyinaa. Anadwo bi wɔ August mu no, asraafo awudifo a ɔko adi wɔn tirim dɛm kokunkum mmarima, mmea, ne mmofra bɛboro 600 a wɔkɔpɛɛ hintabea wɔ St Peter’s Lutheran Asɔre mu no nyinaa.

Nnipa ɔhaha pii de wɔn ntade a ɛhyɛ wɔn nkutoo guan fii ɔko no ano. Mmusua mu tetewee na wɔanhu wɔn ho asram pii. Ɛte sɛ nea wɔn a wɔwɔ Monrovia nyinaa tu fii wɔn afie ma asraafo anaa aguanfo a wofi kuropɔn no mmeae afoforo bɛtraa adan a ɛdeda hɔ mpan mu. Wɔn a wɔwɔ Monrovia bɛboro fã fii hɔ. Wɔn mu dodow no ara hweree nea wɔwɔ nyinaa ne anyɛ yiye koraa no, obusuani biako wɔ owu mu. Ebinom hweree mmusuafo pii.

Tebea no mu yɛɛ den araa ma Afrika Atɔe Fam aman anum de asraafo baa hɔ sɛ wɔmmɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ma asomdwoe asan aba. Ebeduu October 1990 awiei no, na akodi no fã kɛse no ara ano abrɛ ase. Nanso afei ɔkɔm kɛse sii kuropɔn a emu asɛe pasaa no mu. Akuw a wɔbrɛɛ hɔfo nneɛma no bɔɔ amanneɛ sɛ bere bi mu no, na Monrovia mmofra a wonnii mfe anum bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako nnya aduan pa nni, na nnipa bɛboro ɔha wuwu da biara. Nnipa a wɔpɛ mfaso maa tebea no mu yɛɛ den; pii wiaa ɛmo a wɔde bɛkyɛɛ hɔfo no tɔn kuruwa biako biara dɔla 20 (bɛyɛ ¢7,600) anaa nea ɛboro saa. Nyarewa buu so, ne titiriw no kɔlera, efisɛ na wɔasɛe kurow no nsu, efĩ a woyi, ne anyinam ahoɔden ho nhyehyɛe nyinaa korakora.

Yehowa Adansefo bɛyɛ apem a wɔwɔ Monrovia no nso huu amane yiye. Wɔn mu dodow no ara guan fii kuropɔn no mu kɔɔ nkuraase, na afoforo nso de po so hyɛn fii hɔ kɔɔ Ghana ne Nigeria anaa wɔnam fam kɔɔ Cote d’Ivoire anaa Sierra Leone. Efi July kosi December 1990 mu no, Adansefo bɛboro 30 hweree wɔn nkwa. Wɔde atuo na ekunkum binom, na ɔyare ne ɔkɔm nso kunkum afoforo. Ɛda adi sɛ Alan Battey ne Arthur Lawson, a wɔyɛ Amerikafo asɛmpatrɛwfo a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu no ka wɔn a wokunkum wɔn no ho. O, awerɛkyekye bɛn ara na owusɔre anidaso a egyina Bible no so no de ma yɛn mufo a wɔhweree mmusuafo anaa nnamfo wɔ saa bere bɔne no mu sɛɛ yi! ​—Asomafo no Nnwuma 24:15.

Kristofo Onuayɛ Yɛ Adwuma

Bere a ɔko no rekɔ so no, Adansefo pii a wɔatu afi wɔn afie mu guan kɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea ne asɛmpatrɛwfo fie bi a ɛwɔ kurow no fã baabi foforo kɔpɛɛ hintabea. Na ebinom hwehwɛ ahobammɔ efisɛ wɔyɛ abusua bi a mpɔtam hɔ asraafo rekunkum wɔn mufo. Wɔmaa wɔn mu dodow no ara adwuma yɛe wɔ baa dwumadibea hɔ na wɔyɛɛ mmoa kɛse wɔ aduannoa ne fie hɔ asiesie mu, na wɔmaa afoforo nso kɔtetew nhaban a wodi wɔ atɛkyɛ a ɛbemmɛn no mu bae bere a afikyiri hɔ tebea ma kwan no.

Na nnipa deda baabiara, asɛmpatrɛwfo no adan mu, abranaa so, Ademana Adwumayɛbea hɔ, ne office ahorow no mu. Yetutuu tiafi na yɛhwɛɛ so yiye. Wɔpawee mmea ma wɔyɛɛ adwuma sɛ ayarehwɛfo, na wotumi hwɛɛ pii a wɔyare atiridii nini ne hurae. Na ayamtu taa yɛ ɔhaw.

Yɛyɛɛ ofie hɔ tra ho nhyehyɛe ahorow a sɛnea yɛbɛyɛ ade bere a wɔretotow atopae ka ho. Enti, bere a asraafo dɔm a wɔko tia wɔn ho totow aprɛm akɛse no, na yɛasua sɛnea yɛbɛkɔ baa dwumadibea hɔ mmeae a ahobammɔ wɔ ntɛm ara. Ɛwom sɛ yɛn ɔfasu a ne tenten yɛ mita 3 no yɛɛ ahobammɔ kakraa de, nanso ɛno nkutoo antumi ansiw atuo mmoba kwan. Esiane ntokuru a ɛbɛdedaa yɛn dan no atifi nti, ankyɛ na ɛyɛɛ sɛ sɔnee!

Pii de wɔn nkwa too asiane mu de bɔɔ mfɛfo Adansefo ho ban fii wɔn a na wɔpɛ wɔn akum wɔn esiane sɛ wɔyɛ abusua bi a wɔtan wɔn mufo nti no ho. Da koro bi, Kristoni onuawa bi de nusu baa baa dwumadibea hɔ a ne mma a wɔaka, a obiako yɛ akokoaa a wadi nnawɔtwe abien ka ne ho. Na wɔabobɔ ne kunu ne ne babarima a onnii mfe aduonu tuo wɔ n’anim. Ɔdansefo foforo bi de ɔne ne mma no siei bere a awudifo no san baa hɔ bɛhwehwɛɛ wɔn no.

Abusua foforo bi baa baa dwumadibea hɔ a ɔdawurubɔfo bi a wɔmmɔɔ no asu, a ɔbɔɔ wɔn ho ban fii n’abusua mufo a wɔpɛ wɔn akum wɔn ho no ka wɔn ho. Afei, bere a tebea no sakrae ma ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu no nkwa baa asiane mu no, abusua no gyee no fii wɔn abusua mufo nsam.

Asɛmpatrɛwfo ne mmarima a wɔamia akode kasae mpɛn pii wɔ baa dwumadibea no pon ano sɛnea ɛbɛyɛ na wɔammɛhwehwɛ hɔ anaasɛ wɔammɛfow ɛhɔnom nneɛma. Bere bi kuw bi a wɔn bo afuw bɔ wuraa hɔ de atuo bɛkyerɛɛ yɛn so kae sɛ yɛde abusua pɔtee bi mufo asie. Sɛnea ɛhɔnom Adansefo no yɛɛ wɔn ade bɔkɔɔ, na wɔtete hɔ komm retie Kristofo nhyiam a na yɛreyɛ no mu dwumadi no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔhwehwɛɛ ofie hɔ nanso wɔanhu nea wɔhwehwɛ no. Yetumi maa wɔn a wɔbaa hɔ no awerɛhyem bere nyinaa sɛ yɛmfaa asraafo anaa wɔn atamfo bi nsiei ɛ. Sɛ Kristofo no, yɛannyina afã biara.

Da koro bi a na ɔko a emu yɛ den gyina mu no, Adansefo kuw bi a wɔso onua bi a ɔyare akisikuru ma ɔrebewu beduu baa dwumadibea hɔ. Awerɛhosɛm ne sɛ ankyɛ na owui. Wotuu amoa a wobesie no wom wɔ fie hɔ, na ayi a ɛkanyan nkate bɛn ara na yɛyɛɛ sɛɛ yi! Na onua no yɛ yɛn hɔnom mpanyimfo mmɔdenbɔfo no mu biako a ɔde nokwaredi asom mfe pii. Nnipa a wɔatu afi wɔn fie bɛyɛ ɔha behyiaam wɔ abranaa no so tiee afunsie ɔkasa a wɔmae bere a na wɔda so ara te atuo a wɔtotow nnyigyei no.

Yenya Aduan ne Nsu

Na aduan a yɛwɔ no sua yiye. Ansa na ɔko no refi ase mpo no, na aguadifo agyae nneɛma kra. Enti, na aduan kakraa bi pɛ na aka wɔ kurom hɔ. Na aduan a yɛwɔ wɔ baa dwumadibea hɔ no betumi ahwɛ yɛn abusua mufo 12 no asram pii, nanso na ɛtɔ mmere bi a, nnipa bɛyɛ 200 na wɔwɔ yɛn nkyɛn, a afipamfo a wɔnyɛ Adansefo a wohia mmoa yiye ka ho. Wɔmaa obiara aduan kakraa bi da biara; na aduan a wɔkyekyɛɛ saa kwan yi so no de yɛn twaa asram pii. Na ɔkɔm de obiara. Na nkokoaa afonfɔn, deda wɔn awofo nsam a ahoɔden biara nni wɔn mu.

Ankyɛ na aduan a yɛwɔ no fii ase sae. Ɛhe na yebenya bi? Na wommue aguadidan biara wɔ Monrovia. Baabiara a obi bɛhwɛ no, ohu nnipa a ɔkɔm de wɔn sɛ wɔnenam mmɔnten so rehwehwɛ aduan. Nkurɔfo dii biribiara​—a akraman, nnyinamoa, ne akisi ka ho. Asɛmpatrɛwfo baanu a wɔwɔ baa dwumadibea hɔ sii gyinae sɛ wɔbɛbɔ mmɔden akɔ Kakata, kurow bi a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 60 kwan, faako a na ɔko no agyae no mu.

Wɔde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma ne nsɛnkyerɛnnede hyehyɛɛ wɔn kar no mu fɛnsere mu na ada wɔn adi sɛ Yehowa Adansefo. Bere a wɔafa mmeae pii a wogyinaa wɔn bisabisaa wɔn nsɛm akyi no, ɔbarima ɔbran bi a atopae a wɔde nsa tow sensɛn ne koko so na akodiawuo bɔ n’asen gyinaa wɔn bisabisaa wɔn nsɛm. Wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo na wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔpɛ sɛ wɔkɔ Kakata kɔtɔ aduan.

Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munni m’akyi. Mene ɔsahene wɔ ha.” Ɔde wɔn kɔɔ n’adwumayɛbea ti. Ɔtee sɛ nnipa a wɔatu afi wɔn afie mu wɔ yɛn nkyɛn no, ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ wɔmfa ɛmo nkotoku 20, a emu biara mu duru yɛ kilogram 45 nkɔma yɛn baa dwumadibea no! Bio so, wɔmaa wɔn tumi krataa a wobetumi de akɔ Kakata, na wɔmaa wɔn ɔwɛmfo a wamia akode sɛ ɔmfa wɔn nkɔfa mmeae a aka a wogyina bisabisa nsɛm wɔ hɔ no dwoodwoo.

Wokohuu yɛn nua Kristoni Abraham a ɔwɔ sotɔɔ no wɔ Kakata. Na ɔde nnuan nnaka pii asie ama yɛn, a nufusu, asikire, nkankyee mu nnuadewa, ne nneɛma afoforo a ɛho hia ka ho. Nokwarem no, ɔkwan a wɔfaa so hwɛɛ yɛn nuanom wɔ akwantu no mu no yɛ nwonwa. Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani gyee sɛnea yɛne yɛn nnamfo ne yɛn afipamfo kyɛɛ yɛn aduan no ho, efisɛ na afei de wɔrema yɛn nnuan pii.​—Mmebusɛm 11:25.

Wɔ Monrovia ɔfã baabi no, na asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ asɛmpatrɛwfo fie bi mu nso rehwɛ nnipa a wɔatu afi wɔn afie mu, na wɔn nso nsa kaa mmoa fii mmeae a na wɔnhwɛ kwan. Sɛ nhwɛso no, ɔsɛmpatrɛwfo bi nyaa ɛmo nkotoku abiɛsa fii ɔsraani bi a ɔkaee sɛ na ɔsom wɔ faako a ofi no bɛyɛ mfe 16 a atwam ni no. Ɔsɛmpatrɛwfo foforo bi nso nsa kaa ɛmo nkotoku anan wɔ bere a ɔne akuw a wɔreko no mu biako panyin no ankasa akɔkasa no akyi.

Eduu bere bi no, na ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛma nnipa a wɔwɔ baa dwumadibea hɔ no nyinaa fi hɔ esiane sɛ na yennya nsu nti. Na bere bi mu de, yɛn abura no nkutoo mu na yɛn mpɔtam hɔfo pii nya nsu nom. Nanso, pɛtrol a yɛde gu afiri a ɛtwe nsu no ma yɛn no mu no fii ase sae. Bere a ɔbarima bi a onyaa ahobammɔ wɔ yɛn baa dwumadibea hɔ wɔ ɔko no mfiase tee yɛn haw no ho asɛm no, nea yɛyɛ maa no no ho anisɔ ma ɔkɔpɛɛ pɛtrol brɛɛ yɛn, ma enti yɛn nsu ansa da.

Yɛkɔ so Kura Honhom Fam Ahoɔden Mu

Bere a wɔhyɛɛ yɛn asɛmpatrɛwfo no mu wɔn a wotwa to sɛ yemfi Liberia wɔ October 1990 mu no, nea na ɛwɔ yɛn adwenem titiriw ne sɛ, Dɛn na yɛn nuanom mmarima ne mmea no bɛyɛ? Ɛda adi wɔ amanneɛbɔ a yɛn nsa aka fi saa bere no mu sɛ wɔakɔ so ayɛ ɔsom adwuma no a adagyew nnim.

Ansa na ɔko no refi ase no, na sɛ wɔkyekyem a, nnɔnhwerew a Ɔdansefo biara de yɛ asɛnka adwuma no yɛ bɛyɛ 17 ɔsram biara. Nanso, bere a ɔko no rekɔ so no, ɛmfa ho sɛ na ehia sɛ wɔkɔhwehwɛ aduan wɔ wuram bere nyinaa no, sɛ wɔkyekyem a, Adansefo asafo no mu bi mu adawurubɔfo nyaa nnɔnhwerew 20 ɔsram biara! Bio nso, esiane sɛ na Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma nnɔɔso nti, yɛn nuanom mmea no pii de wɔn nsa kyerɛw adesua nsɛm no bi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya pii ahwɛ mu wɔ Kwasida adesua no ase.

Adansefo a wɔaguan afi ɔko no ano wɔ kuropɔn no mu no bɛyɛɛ asafo anan a ɛbɛn Monrovia sen biara no mu ma. Nnamfonom yi hweree nea wɔwɔ nyinaa, esiane sɛ na wontumi nsan nkɔ wɔn afie mu nkɔfa hwee nti. Nokwarem no, asram pii mu no, na akodi no ama awofo ne mma pii ntam atetew ma wɔakodi mmeae afoforo! Yesu wu no Nkaedi wɔ March 30 mu no, sɛ wɔka asafo anan yi bom a, nnipa a wɔbae no ano si 1,473.

Adansefo bɛyɛ 300 a ɛkaa wɔn wɔ Monrovia no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma wɔ Nkaedi ɔsram no mu, ɛwom mpo sɛ adapɛn kakraa bi a na atwam no, na ɔkɔm ama wɔayɛ mmerɛw wɔ honam mu a wontumi nnantew de. Wɔbɔɔ mmɔden too nsa frɛɛ nkurɔfo maa Nkaedi no, na nnipa 1,116 na wɔbae.

Kristoni ɔpanyin biako a ɔwɔ Monrovia kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yesii gyinae sɛ yebefi ase ahyiam wɔ yɛn Ahenni Asa no so bio fi December 1990 mfiase. Nnipa a wɔbaa nhyiam a edi kan no dodow yɛ 17. Akyiri yi, ɛkɔɔ soro koduu 40, na yɛn dodow no kɔɔ so yɛɛ 40 kosii bere bi. Afei February 24 no, wɔn a wɔba nhyiam no koduu 65 na nnawɔtwe akyi no, ɛyɛɛ 85. Bio nso, ɛkame ayɛ sɛ asafo no mufo nyinaa gyee ɔfrɛ a ese yɛnyɛ akwampae aboafo wɔ March mu no so.”

Afoforo ho Susuw

Adansefo no mu biako busuani bi a ɔnyɛ ɔdansefo kae sɛ: “Na yɛn asɔre mu anuanom [a wofi mmusua afoforo mu] rekunkum wɔn ho wɔn ho a adagyew nnim wɔ ɔko no mu, na wɔannya bere amma wɔn mfɛfo gyidifo da.” Nanso hwɛ sɛnea na tebea no yɛ soronko wɔ Yehowa nkurɔfo fam!

Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔkyekyɛ nneɛma ma nnipa no so panyin bi a ɔwɔ mpɔtam hɔ baabi kyerɛw anuanom a na wɔhwɛ baa dwumadibea no so no wɔ February 1991 mu sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛfa krataa yi so da mo ase na yɛkyerɛ yɛn anisɔ ma mo ne mo ahyehyɛde no wɔ adekorabea a mokɔ so de ma yɛn bere a yɛkyekyɛ aduan ma yɛn nkurɔfo no ho. Mo adɔe yi da ɔpɛ a mowɔ sɛ mode asomdwoe bɛba yɛn man yi mu sɛ Ahyehyɛde no adi. Yɛsrɛ mo, monkɔ so nyɛ mo nnwuma pa no.”

Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman afoforo so yɛɛ ntɛm dii wɔn Liberia anuanom no ahiade ho dwuma. Wofi aman ahorow te sɛ Sierra Leone ne Cote d’Ivoire wɔ Afrika Atɔe Fam, Netherlands ne Italy wɔ Europa, ne United States de nneɛma a wohia amana.

Abeawa ketewaa bi a wokum ne maame esiane sɛ ɔyɛ abusua bi a wɔtan wɔn muni no de mmoa a ne nsa kae no ho aseda mae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meda mo ase pii wɔ nneɛma a mode brɛɛ me no nyinaa ho. Moma mete nka te sɛ nea me maame wɔ me nkyɛn. Mehweree ɔne me nuabarima kumaa no wɔ ɔko no mu. Mesrɛ Yehowa sɛ onhyira mo nyinaa. Madi mfe 11.”

Mmoa a ne nsa kae ho aseda maa onua barima bi a ɔwɔ abusua a emufo yɛ baasia a esiane abusua a ne yere fi mu nti, na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hintaw asram pii no kyerɛw sɛ: “Yɛankɔ nkurɔfo afie ankɔfow wɔn nneɛma ankɔtɔn, nanso, nea ɛne yɛn afipamfo tebea bɔ abira no, yenya biribi di da biara efisɛ yenim sɛnea yɛde kakraa bi a yenya no bedi dwuma. Yɛasua eyi afi Yehowa hɔ.”

Honhom a onua bi a ɔne ne yere ne ne mma baanu guan kɔɔ Cote d’Ivoire daa no adi no nso yɛ anigye yiye. Ogyaw ofie fɛfɛ bi a akyiri yi wɔhyew no dwerɛbee. Nanso ɔkae sɛ nea odi ho awerɛhow kɛse sen biara no nyɛ ne fie a wahwere no, na mmom ne teokrase nhoma korabea no!

Asuade Ahorow a Ɛsom Bo

Sɛ midwen nea asi no ho a, mitumi hu sɛ Yehowa ama yɛn asuade a ɛsom bo pii. Esiane sɛ m’ankasa minim nnipa pii a wokuraa wɔn mudi mu na wɔanwu, ne ebinom a wokuraa wɔn mudi mu na wowui no nti, misuae sɛ mehu hia a ehia sɛ yebenya adwene a na ɔsomafo Paulo wɔ no bi, nea ɔkae sɛ: “Sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma [Yehowa], sɛ yewu nso a, yewu ma [Yehowa]. Enti sɛ yɛte ase oo, yewu oo, yɛyɛ [Yehowa] dea.”​—Romafo 14:8.

Ɔsɛmpatrɛwfo foforo bi a wasom bere tenten kae sɛ: “Eyinom nyinaa mu no, yehui sɛ Yehowa yɛ Ɔboafo a obiara ne no nsɛ. Sɛnea Paulo kae no: ‘Yɛtee nka wɔ yɛn ankasa mu sɛ wɔabu yɛn kumfɔ. Eyi te saa sɛnea ɛbɛyɛ na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho ato Nyankopɔn a onyan awufo no so.’” (2 Korintofo 1:9; Dwom 30:10) Ɔde kaa ho sɛ: “Ɔko no ma yehuu pefee sɛ Yehowa nkurɔfo yɛ onuayɛ kuw ampa, a ɛhyɛ ɔdɔ a ɛma wɔde ho bɔ afɔre a Yesu sii so dua no.”​—Yohane 13:35.

Krataa bi a onuawa Liberiani bi kyerɛw brɛɛ yɛn asɛmpatrɛwfo a na ɛsɛ sɛ yefi ɔman no mu, bere a na ɔko no rekɔ so wɔ October 1990 mu no yɛ sɛnea yɛn Kristofo onuayɛ no mu yɛ den yiye no ho nhwɛso pa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me mpaebɔ ne sɛ ɛnkyɛ na mo nyinaa nsan mmra Liberia na yɛnyɛ nhyiam. Oo! Me ho pere me sɛ saa da no bɛba. Ɛho nsusuwii nkutoo ma m’ani gye.”

Yiw, ɛbɛyɛ anigye yiye sɛ yebehu sɛ wɔasan afi Kristofo dwumadi ase koraa bio wɔ Liberia sɛnea na wɔtaa yɛ no no. Yɛn nuabea no asɛm no yɛ nokware; nhyiam a edi kan a wɔbɛyɛ wɔ Monrovia bere a asɛmpatrɛwfo ne aguanfo afoforo no asan aba no bɛyɛ anigye yiye. Akyinnye biara nni ho!

[Asase mfonini wɔ kratafa 27]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu.)

LIBERIA

Monrovia

Kakata

Gbarnga

Ganta

SIERRA LEONE

GUINEA

CÔTE D’IVOIRE

Atlantic Ocean

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Adansefo a wɔatu wɔn afie mu mma wɔ baa dwumadibea hɔ bere a na ɔko no rekɔ so no

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Liberiafo aguanfo a wɔreyiyi ntade a Adansefo a wɔwɔ Cote d’lvoire de bɛkyɛ wɔn no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena