Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 12/1 kr. 32
  • “Sɛ Gyata A Ɔbobom”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Sɛ Gyata A Ɔbobom”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 12/1 kr. 32

“Sɛ Gyata A Ɔbobom”

SO WUGYE di sɛ Satan wɔ hɔ? Ɛnnɛ, nnipa pii nnye nni. Ɛte sɛ nea wobu gyidi a ɛte saa no sɛ “ɛne nyansahu nhyia.” Wɔ 1911 mu mpo no, Encyclopœdia Britannica kae sɛ: “Nyansahu akyerɛkyerɛ adebɔ mu nneɛma a atwa onipa ho ahyia ne sɛnea ɔte no dwumadi bebree mu yiye araa ma Satan dwumadi ho asɛm biara nnim.” Nyamekyerɛfo susuw sɛ Satan gyina hɔ ma biribi, anansesɛm mu ade ara kɛkɛ. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nnɛyi nyamekyerɛfo pii bu Ɔbonsam sɛ bɔne tumi, ɔdesani su a enye koraa ho sɛnkyerɛnne bi.”

Nanso, dɛn ne nokwasɛm ahorow no? Sɛ wugye Bible no di a, ɛsɛ sɛ wugye di sɛ Satan wɔ hɔ ampa. Ɛnyɛ sɛ na Yesu gye di sɛ ɔwɔ hɔ nko, na mmom ɔfrɛɛ no “wi yi ase sodifo” nso. (Yohane 14:30) Ɔsomafo Paulo frɛɛ Satan “wi yi ase nyame.” (2 Korintofo 4:4) Na ɔsomafo Yohane a wabɔ akwakoraa no kae sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”​—1 Yohane 5:19.

Sɛ wone Yohane nyɛ adwene a, susuw nnansa yi abakɔsɛm ho. Susuw awudifo akuw ne ayayadeyɛ a nniso horow bi de di dwuma no ho hwɛ. Kae akodi ne nnipa ase a wɔtɔre a aba wɔ yɛn awo ntoatoaso yi mu no. Na nsɛmmɔnedi huhuuhu a ɛho nsɛm pue wɔ yɛn atesɛm nkrataa mu no nso ɛ​—nnipa pii a wɔkunkum wɔn, mmonnaato, awudifo a wokunkum nnipa toatoa so, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, sɛ yɛbɛka emu kakraa bi ho asɛm a? Satan akyi no hena na obetumi ayɛ wiase yi sodifo?

Kristoni ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Sɛ gyata bi nenam mo mpɔtam hɔ a, so wone afoforo bɛbɔ nkɔmmɔ a ɛfa wɔ a ebia ɔwɔ hɔ anaa onni hɔ ho? Anaasɛ wubeguan akohintaw?

Nya awerɛhyem sɛ Satan wɔ hɔ. Ɔyɛ otirimɔdenfo a ne ho yɛ hu, na ne ho yɛ den sen yɛn. Enti guan kɔhwehwɛ ahobammɔ wɔ Obi a ne ho yɛ den sen no nkyɛn. “Aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” (Mmebusɛm 18:10) Guan kɔpɛ hintabea wɔ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn, na hu sɛ ɛrenkyɛ na adesamma ade wɔn ho afi saa ɔbɔnefo, Satan no nkɛntɛnso ase. Hwɛ sɛnea eyi bɛyɛ ahotɔ a ɛyɛ anigye!​—Adiyisɛm 20:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena