Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Honhom Fam Ogye wɔ Colombia
EFI Spaniafo ɔko mu nkonimdifo bere so no, Katoleksom anya Amerika Kesee Fam so nkɛntɛnso bɔne wɔ nyamesom fam. Wɔ Colombia no, ayɛ Ɔman no som fi bere tenten. Efi mfe 105 a atwam ni no, Vatican no ne Colombia aban no ayɛ apam bi a ɛbɔɔ asɔre no ho ban na ɛma enyaa hokwan atitiriw bi wɔ nhomasua ne aware mu.
Wɔ December 1990 mu no Colombiafo paw baguafo bi sɛ wɔnhyehyɛ amanyɔ mmara foforo, na wowiee eyi yɛ wɔ 1991 mfinimfini. Amanyɔ mmara foforo no sakra nyamesom mu nsɛm tebea wɔ Colombia. Ɔsom ahorow no nyinaa wɔ hokwan koro wɔ mmara mu, na wontumi mfa nyamesom nkyerɛkyerɛ nhyɛ mmofra wɔ ɔmanfo sukuu ahorow mu. Bere a amanyɔ mmara mu nsakrae ahorow yi wɔ wɔn adwenem no, bere adu sɛ wɔsan hwehwɛ wɔne Vatican apam no mu.
Saa nyamesom mu ahofadi kɛse yi bɛma Katolek Asɔre no nkɛntɛnso ano abrɛ ase, na ama ayɛ mmerɛw ama nnipa komapafo sɛ wobenya Bible mu nimdeɛ ne honhom fam ahofadi.
Bere a wɔrehwɛ honhom fam ogye yi kwan no, Yehowa Adansefo 51,000 a wɔwɔ ɔman no mu no reyɛ nhyehyɛe de adi honhom fam aguanfo ho dwuma. Aka kakra ma wɔawie wɔn baa dwumadibea foforo a wɔatrɛw emu nneɛma mu, a nhomatintim afiri a etintim ade wɔ kɔla ahorow mu ka ho no. Wɔde bere tiaa akwampaefo atitiriw akɔ nkurow nketewa mu sɛ wɔnkɔhwehwɛ Yehowa nguan a wɔayera no, na wɔatumi ayɛ Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma a ɛyɛ nwonwa. Wɔahyehyɛ asafo ne akuw afoforo 47 wɔ nkurow 63 a emu biara mu nnipa dodow bɛyɛ 10,000 mu.
Bere a Yehowa honhom kɔ so kanyan nnipa komapafo no, mmofra pii nso rekyerɛ anigye. Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no ayɛ mmoa a ɛsom bo kɛse ama mmofra a wɔte sɛɛ ne wɔn awofo nyinaa. Bere a Ɔdansefo bi reyɛ afie fie asɛnka no, ohyiaa ɔbarima bi a ne fipamfo bi ama no saa nhoma yi bi ma wakenkan n’afã horow bi. N’ani gyee nyansa a ɛda no adi wɔ sɛnea ɛka abusua mu ɔhaw ahorow ho asɛm mu no ho. N’ani gyee ti 4 a ese “Dɛn Nti na Paapa ne Maame Ntam Tetew?” no ho titiriw, efisɛ na aka kumaa na ɔne ne yere ntam atetew. Ose nhoma no ma ɔkwatii awerɛhosɛm kɛse bi. Mprempren ɔne n’abusua no ne Yehowa Adansefo resua Bible no na wɔkɔ asafo nhyiam horow no nyinaa. Wɔde nyansa a Yehowa nam Bible no ne n’ahyehyɛde so de ma no ho aseda kɛse ma.
Osuahu yi ma yehu honhom fam ogye a ɛrekɔ so wɔ Colombia bere a Yehowa Adansefo boa wɔn a wodi kɔm wɔ honhom mu ma wosua Yehowa atirimpɔw ahorow a ɛyɛ anigye ne ne wiase foforo a abɛn no ho ade no.—2 Petro 3:13.