Nneɛma a Wɔde Kɔma Wɔn a Ahia Wɔn Da Kristofo Dɔ Adi
ƆSOMAFO Petro hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Monnɔ anuanom!” (1 Petro 2:17) Ná ɛsɛ sɛ saa ɔdɔ yi tra mmusua, asetram, ne aman ntam ahye nyinaa, na ɛka nnipa bom wɔ nokware onuayɛ mu. Bere a honam fam nneɛma ho hiaa tete Kristofo binom no, ɔdɔ kanyan pii ma woyii ntoboa ahorow maa asomafo no sɛ wɔnkyekyɛ mma wɔn a ahia wɔn no. Kyerɛwtohɔ no se ná “wɔn nnɛema nyinaa yɛ kwasafode.”—Asomafo Nnwuma 2:41-45; 4:32.
Woyii ɔdɔ a ɛte sɛɛ adi bere a Yehowa Adansefo Sodikuw no too nsa frɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea ahorow bi a ɛwɔ Atɔe Fam Europa wɔ 1991 awiei mu sɛ wɔmfa aduan ne ntade nkɔma wɔn nuanom a ahia wɔn wɔ Apuei Fam Europa, a kan Soviet Union afã horow bi ka ho no. Yɛde amanneɛbɔ a efi baa dwumadibea ahorow a wodii dwuma yi bi hɔ rema wɔ ha.
Sweden
Wɔ December 5, 1991 no, wɔde krataa a ɛkyerɛkyerɛ ahiade no mu no manaa asafo ahorow 348 a ɛwɔ Sweden no nyinaa. Wodii ho dwuma ntɛm ara. Wɔ nna kakraa bi mu no, na lɔre a edi kan no nam kwan so rekɔ St. Petersburg, Russia a esiam tɔn 15, aduannoa srade, nantwinam a wɔde ahyɛ nkankyee mu, nufusu a akyen ne nea ɛtete saa ahyɛ mu ma. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no yii lɔre no mu nneɛma no, na wɔyɛɛ ntɛm kyekyɛɛ boaa 750 maa wɔn a ahia wɔn no. Akyiri yi lɔre abien afoforo nso de aduan kɔɔ Russia. Wɔka ne nyinaa bom a, wɔde nneɛma bɛboro tɔn 51.5 na efi Sweden kɔmae.
Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde ntade ne mpaboa bɛkyɛ no boroo nea na wɔhwɛ kwan no so. Ntade a wɔakyekyere a wɔaboaboa ano no yɛɛ pii ntɛmntɛm wɔ Ahenni Asa ahorow so. Kristofo pii yii wɔn ankasa ntade mae. Afoforo totɔɔ nneɛma afoforo. Onua biako tɔɔ siut a ɛyɛ foforo anum. Bere a sotɔɔ wura a ne ho adwiriw no no huu nea ɔde rekɔyɛ no, ɔkyɛɛ no anum kaa ho. Onua foforo nso tɔɔ sɔks, ahyɛnsa nkotoku ne nnuku adaka biako. Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɔde rekɔyɛ mu kyerɛɛ sotɔɔ wura no, ɔde siut a ɛyɛ foforo 30 gyee no abien bo. Agodi ho nneɛma tɔnfo bi de mpaboa a ɛyɛ foforo 100 kyɛe.
Afei wɔde nneɛma yi nyinaa baa baa dwumadibea hɔ beyiyii mu, kyekyeree no foforo, na wɔde guu lɔre mu. Ntade—ne dodow ne nea lɔre 40 betumi afa yɛ pɛ—yeyɛɛ baa dwumadibea hɔ afã horow pii ma! Anuanom mmarima ne mmea de adapɛn pii yɛɛ ɛho adwuma yiyii mmarima, mmea, ne mmofra nneɛma kɔɔ emu biara afã na wɔhyehyɛ guu nnaka mu. Lɔre ahorow dunnum na ɛde ntade no kɔɔ Russia, Ukraine, ne Estonia dwoodwoo.
Onua bi a ɔkãã Asafo ti no lɔre biako kɔɔ kan Soviet Union mpɛn awotwe kae sɛ: “Sɛnea nnuanom a wɔwɔ mmeae a yɛkɔe no gyee yɛn no yɛ nhyira kɛse. Wɔyeyɛɛ yɛn atuu fefew yɛn ano, na ɛmfa ho sɛ ná ahia wɔn no, wɔmaa yɛn Kristofo ayamye ho asuade pa bi.”
Finland
Ɛmfa ho sɛ Finland sikasɛm tebea resɛe kɛse, nnipa pii nnya adwuma nyɛ, na wohyia sikasɛm mu ɔhaw ahorow no, ɔpɛ a Finland anuanom a wɔn dodow bɛyɛ adu 18,000 no wɔ sɛ wɔbɛboa wɔn nuanom a wɔwɔ kan Soviet Union no yɛ kɛse. Wɔde nnuan bɛboro tɔn 58 hyehyɛɛ nnaka 4,850 mu kɔɔ St. Petersburg, Estonia, Latvia, Lithuania, ne Kaliningrad. Afei nso wɔde ntade a sɛ wɔhyehyɛ a, ne tenten bedu mita 16 hyehyɛɛ lɔre ahorow mu mmeae biara a ɔkwan da hɔ. Wɔde kar ahorow a ayɛ dedaw 25 nso kyɛe sɛ wɔmfa nyɛ Ahenni adwuma no.
Asafo bi a emu adawurubɔfo yɛ 14 a ɛwɔ Slanti wo St. Petersburg mpɔtam hɔ no nsa kaa nnuan nnaka no bi. Wɔdaa anisɔ kɛse adi wɔ krataa bi a wokyerɛwee mu. “Yɛwɔ anuawanom du a wɔn mfe akɔ anim wɔ yɛn asafo mu. Yɛn mu pii yare kɛse na yentumi nto santen nkogye aduan. Nanso, yɛn soro Agya no mma yɛn abam mmu ɔkwan biara so wɔ mmere a emu yɛ den yi mu, na mmom ɔde anigye hyɛ yɛn koma mã. Yɛyɛ ofie Bible adesua ahorow 43.” Bere a onuawa bi a ɔwɔ St. Petersburg nsa kaa boaa a wɔde kɔmaa no no ɛkaa ne koma araa ma osui nnɔnhwerew abien ansa na ɔrebue so.
Denmark
Wɔ ɔman ketewa yi a ɛwɔ Baltic Po no ano mu no, Yehowa Adansefo bɛyɛ 16,000 ka boom de nnuan nnaka 4,200; ntade pa nnaka 4,600; ne mpaboa foforo 2,269 a ne nyinaa yɛ tɔn 64 guu lɔre 19 mu kɔɔ Ukraine. Onua bi a ɔwɔ Germany maa baa dwumdibea no de lɔre anum yɛɛ adwuma na akyiri yi ɔde kyɛɛ anuanom a wɔwɔ Ukraine no. Bere a wɔsan baa wɔn kurom no, afirikafo no mu biako kae sɛ: “Yehui sɛ nea yɛde baa fie no dɔɔso sen nea yɛde kɔe no. Ɔdɔ ne afɔrebɔ honhom a yɛn nnuanom a wɔwɔ Ukraine daa no adi no hyɛɛ yɛn gyidi den kɛse.”
Ná ɛsɛ sɛ afirikafo no hwɛ wɔn ho yiye wɔ akorɔnfo ho wɔ kan Soviet Union akwan no so. Nna kakraa bi ansa na Denmark lɔre no biako refa hɔ no, na wɔawia nneɛma wɔ saa kwan no so. Ná akorɔnfo a wode wimhyɛn ne atuo redi dwuma agyina lɔre anum a wɔabom retu kwan a wɔsõ nnuan a efi ahyehyɛde foforo bi nkyɛn. Wɔfaa lɔre anum no nyinaa, na wogyaw afirikafo no wɔ ɔkwan ho. Ɛmfa ho sɛ asiane a ɛte sɛɛ wɔ hɔ no, anuanom no nsa kaa nneɛma a efi Denmark baa dwumadibea hɔ no dwoodwoo. Nea wɔn nso yɛe ne sɛ wɔde krataa tiawa yi a wɔde mmɔdemmɔ kɛse na ɛkyerɛwee wɔ Engiresi kasa mu somaa afirikafo bi kɔɔ fie: “Yɛn nuanom mmarima ne mmea Denmarkfo: Yɛn nsa aka mo mmoa no. Yehowa behyira mo.”
Netherlands
Netherlands baa dwumadibea no de nnuan tɔn 52 a wɔakyekyere no boaa 2,600 na ɛmanae. Wɔde guu lɔre akuw ahorow abien mu kɔɔ Ukraine. Bere biara a wɔkɔe no, wogyaw lɔre ahorow asia no wɔ hɔ, efisɛ Germany anuanom na wɔde mae sɛ wɔmfa nyɛ Ahenni adwuma wɔ Apuei Fam. Ukraine anuanom de nnuan no pii kɔɔ Moscow, Siberia, ne mmeae afoforo a wohia mmoa kɛse. Bio nso, Netherlands anuanom no de ntade ne mpaboa a wɔhyehyɛ a, ne tenten bɛyɛ mita 736 nso kɔkyɛe. Wɔde guu lɔre 11 a wɔboom tuu kwan, na obi kar di wɔn anim mu de kɔɔ Lviv wɔ Ukraine.
Bere a wotwaa kwan tenten faa Germany ne Poland akyi no, lɔre kuw no nyinaa kɔfaa Ukraine ɔhye so towgyebea dwoodwoo, na woduu Lviv kurotia anɔpa 3:00. Afirikafo no bɔ amanneɛ sɛ: “Ankyɛ koraa, anuanom mmarima 140 bae sɛ wɔrebeyi nneɛma no afi lɔre no mu. Ansa na wɔrefi adwuma no ase no, anuanom mmarima ahobrɛasefo yi daa wɔn ho a wɔde too Yehowa so no adi denam mpae a woboom bɔe so. Bere a wowiee adwuma no, wɔsan hyiaam hio bɔɔ mpae daa Yehowa ase. Bere a ɛhɔnom anuanom a wofi wɔn hia mu maa yɛn pii no yɛɛ yɛn ahɔho wiei no, wogyaa yɛn kwan koduu ɔkwan kɛse no mu, faako a wɔbɔɔ mpae wɔ ɔkwan no ho ansa na wɔregyaw yɛn hɔ no.
“Bere a yɛretwa kwan tenten asan aba fie no, ná nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi asusuw ho—Germany ne Poland, ne Lviv anuanom ahɔhoyɛ no; wɔn gyidi a ɛyɛ den ne wɔn mpaebɔ su; ahɔhoyɛ su a wɔdaa no adi wɔ dabere ne aduan a wɔde maa yɛn wɔ bere a ahia wɔn ankasa no mu; biakoyɛ ne sɛnea wɔbɛn wɔn ho wɔn ho a wɔdaa no adi; ne wɔn aseda. Yesusuw yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ fie a wofii ayamye mu maa ade no nso ho.”
Switzerland
Switzerland baa dwumadibea no de asɛm a ɛwɔ Yakobo 2:15, 16 yi na efi wɔn amannɛebɔ ase: “Na sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, na mo mu bi ka kyerɛ wɔn sɛ: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?” Afei amannɛebɔ no kɔ so sɛ: “Kyerɛwsɛm yi baa yɛn adwenem bere a Yehowa Adansefo Sodikuw no too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmfa honam fam mmoa nkɔma yɛn nuanom a ahia wɔn no.
“Ntɛm ara na obiara fii ho dwumadi ase! Wɔ nnanu pɛ mu no, wɔde nnuan tɔn 12 a wɔakyekyere no boaa 600 kɔɔ Ukraine a lɔre abiɛsa a efi Germany a na wɔde ama sɛ wɔmfa nyɛ adwuma no wɔ hɔ ka ho. Bere a yɛtee sɛ biribiara akodu asomdwoe mu no, yɛn nuanom a wɔwɔ ha no ani gyei yiye. Saa bere yi nyinaa, asafo ahorow no boaboaa ntade ano, na ankyɛ, wɔde nnaka, ne bag pii besum yɛn baa dwumadibea hɔ! Ná mmofra nneɛma a wɔde di agoro bi a Switzerland mmofra bi de rekɔma nnamfo a wonnim wɔn wɔ Atifi fam nohoaa ka nea mmofra ntade wom no ho. Wɔde chocolate atenten pii hyehyɛɛ ntade no mu nso.”
Ná wobɛyɛ dɛn de eyinom nyinaa akɔ? Amanneɛbɔ no se: “France baa dwumadibea no bɛboaa yɛn denam lɔre abien ne afirikafo anan a wɔde wɔn maa yɛn no so. Bio nso, ná ehia sɛ yɛde yɛn baa dwumadibea hɔ lɔre biako ne ɛhɔnom anuanom de anan foforo twe nneɛma tɔn 72 no kɔ Ukraine.” Lɔre a ɛtoatoa so a ne tenten ye mita 150 no koduu Lviv adekorabea hɔ, faako a na ɛhɔ anuanom bɛyɛ ɔha retwɛn ayi lɔre ahorow no mu nneɛma no. Afirikafo no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔn ho wɔn ho kasa a na wɔnte no anyɛ akwanside biara efisɛ wɔn anim tebea daa anisɔ kɛse adi.
Austria
Austria anuanom no de nnuan tɔn 48.5, ntade nnaka 5,114, ne mpaboa 6,700 kɔɔ Lviv ne Uzhgorod wɔ Ukraine. Wɔde nnuan tɔn 7, ntade nnaka 1,418, ne mpaboa 465 nso kɔɔ Belgrade, Mostar, Osijek, Sarajevo ne Zagreb wɔ kan Yugoslavia. Baa dwumadibea no amanneɛbɔ se: “Yɛde nneɛma no guu lɔre 12 mu de twaa kilomita 34,000. Onua bi a ɔne ne ba wɔ lɔre a wɔde fa nnosoa adwuma bi no na wɔfaa nneɛma yi fã kɛse no ara kɔe.”
Ɛdefa ntade a wɔde kyɛe ho no, amanneɛbɔ no kɔ so sɛ: “Yɛde Nhyiam Asa bi na ɛyɛɛ yɛn adekoradan kɛse. Lɔre ahorow kɔɔ so de nneɛma bae kosii sɛ ɛhɔ yɛɛ mã. Te sɛ Mose bere so no, na ɛsɛ sɛ wosiw nnipa no kwan na wɔamfa bi amma bio. (Exodus 36:6) Nnipa bi a wɔnyɛ Yehowa Adansefo mpo de sika bɛkyɛe ‘efisɛ,’ sɛnea wɔkae no, ‘saa kwan yi so no, yenim sɛ wɔn a ahia wɔn no nsa bɛka.’ Yenyaa nnakato a na ehia kɛse nso fii wiasefo nnwuma akuw hɔ a yɛantua hwee.” Anuanom mmarima ne mmea a woyiyii nneɛma no nyinaa mu na wɔhyehyɛe no adi fi mfe 9 kosi 80. Wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wobenya abɔkɔnmu ne hyɛɛt a ɛfata siut biara aka ho.
Amanneɛbɔ no se: “Aban mpanyimfo a wɔwɔ Austria ne n’ahye so no aboa yɛn yiye wɔ sɛnea wɔma etumi yɛɛ yiye sɛ yɛde nneɛma a ɛho hia no bɛkɔ ne nkrataa a ehia nyinaa a wɔde maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi de nneɛma no akɔ a yɛmmrɛ pii no mu.”
Italy
Wɔde nnuan tɔn 188 guu lɔre akuw akɛse abien mu fi Rome kɔfaa Austria, Czechoslovakia, ne Poland kɔɔ kan Soviet Union. Ná kuw biara wɔ afirikafo baasia, afiri siesiefo biako, afiri mu anyinam ahoɔden siesiefo biako, kasa asekyerɛfo biako, ademana ho odwumayeni biako, oduannoafo biako, oduruyɛfo biako, kuw no kannifo biako a ɔte jeep kar mu, ne onua a ɔhwɛ wɔn ntamadan a wɔda mu so.
Wonyaa aduan no fii aguadikuw ason hɔ. Baa dwumadibea no bɔ amanneɛ sɛ: “Bere a wɔn a wɔtɔn nneɛma no maa yɛn no tee nea yɛde rekɔyɛ no, wɔn mu binom pɛe se wonya mu kyɛfã. Wiasefo a wɔtɔn nneɛma maa yɛn no de mmɔre a awo ne ɔmo kilogram ɔhaha pii ne nnaka a wɔhyehyɛ guu mu no kyɛe. Ebinom nso de lɔre tae a lɔre ahorow no betumi de afa sukyerɛma so bɛkyɛe anaasɛ wɔkae sɛ wobeyi sika ntoboa.
“Italy anuanom no ani sɔɔ hokwan a wonya de boae yi. Mmofra nso pɛe sɛ woyi ntoboa. Abarimaa bi a wadi mfe anum de ntoboa ketewa bi a ogye di sɛ ebetumi atɔ ‘tuna kankyee kɛse biako ama Russia anuanom no’ bae. Esiane mmɔden a abeawa ketewaa bi bɔe wɔ ne sukuu adesua mu nti, ne nananom maa no sika sɛ ɔmfa ntɔ akyɛde bi mma n’awofo.
Ɔkyerɛw sɛ, ‘nanso bere a mihui sɛ me nuanom pii nnya nnuan pa a minya di no nyinaa bi no, misusuwii sɛ akyɛde pa a ɛsen biara a metumi atɔ ama m’awofo ne sɛ mɛboa saa anuanom no.’ Ɔde sika a ɛdɔɔso yiye too ntoboa adaka no mu. Ɔkae sɛ, ‘m’ani da so sɛ mɛkɔ so abɔ mmɔden wɔ sukuu adesua mu, na matumi de sika pii amana.’” Baa dwumadibea amanneɛbɔ no ba awiei sɛ, Ukraine anuanom no nkrataa a wɔkyerɛw de daa wɔn anisɔ adi, Italy anuanom nsɛm pii a wɔka de kyerɛɛ wɔn anisɔ, ne nneɛma no asiesie ne ne mana mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye no, ka koma, ɛhyɛ nkuran, na ede biakoyɛ ba.
Aduan Ma Nhyiamfo Mpempem Pii
Wɔyɛɛ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ kan Soviet Union no wɔ Kirov Agodibea a ɛwɔ St. Petersburg wɔ Russia no June 28-30, 1992. Nhyiamfo bɛboro 46,200 a wofi aman 28 so na wɔbaa nhyiam titiriw a wɔato din “Hann Kurafo” no bi. Ɛma wonyaa hokwan foforo de daa Kristofo dɔ adi kyerɛɛ “anuanom.”—1 Petro 2:17.
Wɔkyekyɛɛ nnuan tɔn bebree a efi Denmark, Finland, Sweden, ne Europa Atɔe Fam nsase afoforo so maa nhyiamfo mpempem pii a wofi kan U.S.S.R. no kwa sɛ wonni wɔ nhyiam no ase. Bere a wowiee nhyiam no fã a etwa to koraa na wɔrefi hɔ akɔ no, wɔsan maa wɔn aduan boaa biako sɛ wonni wɔ kwan so.
Amanneɛbɔ ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ ha no kyerɛ sɛ ɛnyɛ faako pɛ—apuei famfo —nkutoo nkyɛn na adema no kɔe. Ɔfã biara ama ɔfã foforo no ade. Ɛyɛ nokware sɛ apuei famfo nyaa aduan ne ntade fii atɔe famfo hɔ de, nanso atɔe famfo nso nyaa ɔdɔ ho adanse a ɛka koma pii ne osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den a ɛda boasetɔ ne nokwaredi a Yehowa asomfo mpempem pii ada no adi wɔ mfe dudu mu nhyɛso ne amanehunu adi fii apuei famfo nkyɛn. Enti, afanu no nyinaa ahu nokware a Yesu nsɛm yi yɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 21]
1. Wɔde nneɛma a efi Finland kɔɔ: St. Petersburg; Russia; Tallinn ne Tartu, Estonia; Ríga; Latvia; Vilnius ne Kaunas, Lithuania; Kaliningrad, Russia; Petrozavodsk, Karelia
2. Wɔde nneɛma a efi Netherlands kɔɔ Lviv, Ukraine
3. Wɔde nneɛma a efi Sweden kɔɔ: St. Petersburg, Russia; Lviv, Ukraine; Nevinnomyssk, Russia
4. Wɔde nneɛma a efi Denmark kɔɔ St. Petersburg, Russia; Lviv, Ukraine
5. Wɔde nneɛma a efi Austria kɔɔ: Lviv, Ukraine; Belgrade, Mostar, Osijek, Sarajevo. Zagreb (wɔ kan Yugoslavia)
6. Wɔde nneɛma a efi Switzerland kɔɔ: Lviv, Ukraine
7. Wɔde nneɛma a efi Italy kɔɔ: Lviv, Ukraine
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Nnaka a ntade wom wɔ Sweden baa dwumadibea
Akyɛde a wɔrehyehyɛ agu Iɔre mu
Nnuan ahorow a ɛwɔ boaa biako mu
Prako nam a efi Denmark
Lɔre kuw a Iɔre 11 ne kar biako na ewom
Boaa ahorow ne nnaka akɛse wɔ Austria baa dwumadibea
Wɔreyi nneɛma afi Iɔre mu wɔ Lviv, Ukraine