Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 7/15 kr. 3-5
  • Hena ne Yehowa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena ne Yehowa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkorɔn Sen Misrifo Anyame
  • Nea Ɔkora Ne Nkurɔfo So
  • Asuade Ahorow a Osuahu de Ama
  • ‘Yah, Ne Me Nkwagye’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Mose ne Aaron Hu Farao
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 7/15 kr. 3-5

Hena ne Yehowa?

“HENA ne [Yehowa]?” Ɔhantanni Farao, Misraim hene, na obisaa saa asɛm no mfe 3,500 a atwam ni. Ɛda adi sɛ animtiaabu kaa no ma ɔka kaa ho sɛ: “Minnim [Yehowa] no.” Ná mmarima baanu a wogyina Farao anim saa bere no nim onii ko a Yehowa yɛ. Ná wɔne Mose ne Aaron a wofi Israel Lewi abusua mu a wɔyɛ honam fam anuanom. Ná Yehowa asoma wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Misraim sodifo no sɛ ɔmma Israelfo no nkɔ sare so nkɔhyɛ nyamesom mu fã bi.​—Exodus 5:1, 2.

Ná Farao nhwehwɛ n’asemmisa no ho mmuae biara. Wɔ ne tumi ase no, asɔfo boae ma wɔsom atoro anyame ɔhaha pii. Na wobu Farao ankasa sɛ onyame! Sɛnea Misrifo anansesɛm kyerɛ no, na ɔyɛ owia nyame Ra babarima ne onyame Horus a ɔwɔ ɔkɔre ti a wɔawo no sɛ onipa. Wɔde abodin te sɛ “onyame tumfoɔ,” ne “nea ɔte ase daa” frɛɛ Farao. Enti na ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔde animtiaabu bebisa sɛ: “Hena ne [Yehowa] a metie ne nne?”

Ná ɛho nhia sɛ Mose ne Aaron bua saa asemmisa no. Ná Farao nim sɛ Yehowa ne Onyankopɔn a Israelfo a na worehu amane wɔ Misraim nkoasom mu no som no. Nanso na ɛnkyɛ na Farao ne Misrifo nyinaa ahu sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no. Saa na nnɛ, Yehowa bɛma obiara a ɔwɔ asase so ahu ne din ne ne Nyamesu. (Hesekiel 36:23) Enti yebetumi anya mfaso afi sɛnea Yehowa Nyankopɔn maa ne din so wɔ tete Misraim no ho a yebesusuw mu.

Ɔkorɔn Sen Misrifo Anyame

Bere a Farao de animtiaabu bisae sɛ hena ne Yehowa no, wanhwɛ kwan sɛ nea ohyiae no befi mu aba. Yehowa ankasa buae, na ɔde haw du baa Misrifo so. Ná saa ɔhaw ahorow no nyɛ ɔhaw a na etia ɔman no ara kwa. Ná ɛyɛ ɔhaw ahorow a etia Misraim anyame no.

Ɔhaw ahorow no daa no adi sɛ Yehowa korɔn sen Misrifo anyame no. (Exodus 12:12; Numeri 33:4) Susuw hooyɛ a ɛbae bere a Yehowa dan Nil Asubɔnten ne Misraim nsu nyinaa mogya no ho hwɛ! Esiane saa anwonwade yi nti, Farao ne ne nkurɔfo hui sɛ Yehowa korɔn sen Nil onyame, Hapi. Ná Nil mu mpataa a wowuwui no nso yɛ ɔhaw ma Misrifo nyamesom, efisɛ na wɔsom mpataa ahorow binom.​—Exodus 7:19-21.

Nea edi hɔ no, Yehowa maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ Misraim mma. Eyi guu Misrifo apɔtorɔ nyame, Heqt, anim ase. (Exodus 8: 5-14) Ɔhaw a ɛto so abiɛsa no maa akɔmfo ntafoayifo a wɔantumi anyɛ anwonwade a Yehowa yɛ maa mfutuma dan ntontom no bi no ho dwiriw wɔn. Wɔteɛɛm sɛ: “Onyankopɔn nsatea ni.” (Exodus 8:16-19) Misrifo nyame Thoth a wɔkyerɛ sɛ ɔno na ɔde nkonyaayi bae no antumi ammoa saa nnaadaafo yi.

Ná Farao rehu onii ko a Yehowa yɛ. Ná Yehowa yɛ Onyankopɔn a obetumi afa Mose so aka n’atirimpɔw akyerɛ, na afei wama abam denam anwonwa kwan so ɔhaw ahorow a ɔde bɛba Misrifo so no so. Ná Yehowa betumi nso afi ɔhaw ahorow no ase na ɔde aba awiei sɛnea ɔpɛ. Nanso, saa nimdeɛ yi anka Farao ma wammrɛ ne ho ase amma Yehowa. Mmom no, Misraim sodifo ɔhantanni no de mpiyɛ kɔɔ so ne Yehowa dii asi.

Wɔ ɔhaw a ɛto so anan no mu no, nwansena akɛse sɛee asase no, bɛhyɛɛ afie mu ma, na ebia wɔdɔɔso wɔ mframa, a na ɛno ankasa yɛ biribi a wɔsom a wɔde gyinaa hɔ maa onyame Shu anaa onyamewa Isis, ɔsoro hemmaa, no no mu. Wɔakyerɛ Hebri asɛmfua ma aboawa yi ase sɛ “anwansena akɛse,” “nkraman ho nwansena,” ne “amanku.” (New World Translation; Septuagint; Young) Sɛ na ɛyɛ amanku a, ɛnde nkoekoemmoa a na Misrifo no bu wɔn kronkron no na wɔhaw wɔn, na na nkurɔfo ntumi nnantew a wontiatia wɔn so. Sɛnea ɛte biara no, saa ɔhaw yi kyerɛɛ Farao Yehowa ho ade foforo. Ɛwom sɛ Misraim anyame antumi ammɔ wɔn asomfo ho ban amfi nwansena no ho de, nanso Yehowa tumi bɔɔ ne nkurɔfo ho ban. Eyi ne ɔhaw ahorow a ɛdii akyi bae no nyinaa kaa Misrifo no nanso anka Israelfo no.​—Exodus 8:20-24.

Ɔhaw a ɛto so anum no yɛ ɔyare a ɛbaa Misrifo nyɛmmoa so. Saa ɔhaw yi guu Hathor, Apis, ne wim nyamewa Nut a ɔwɔ nantwi nipadua no anim ase. (Exodus 9:1-7) Ɔhaw a ɛto so asia no maa mpɔmpɔ bobɔɔ nnipa ne mmoa, na eguu anyame Thoth, Isis, ne Ptah, a wodii mfomso kyerɛe sɛ wɔwɔ tumi a wɔde sa nyarewa no anim ase.​—Exodus 9:8-11.

Ná ɔhaw a ɛto so ason no yɛ amparuwbo a emu yɛ duru a ogya a ɛdɛw framfram toatoam fra mu. Saa ɔhaw yi maa onyame Reshpu a wɔkyerɛ sɛ ɔyɛ anyinam wura, ne Thoth, a wɔkyerɛ sɛ ɔhwɛ osu ne ɔprannaa so no ani wui. (Exodus 9:22-26) Ɔhaw a ɛto so awotwe, mmoadabi haw no, kyerɛe sɛ Yehowa korɔn sen abawo nyame Min, a wɔkyerɛ sɛ ɔno na ɔbɔ nnɔbae ho ban no. (Exodus 10:12-15) Ɔhaw a ɛto so akron a ɛne esum a eduruu Misraim nnansa buu Misrifo anyame te sɛ owia anyame Ra ne Horus animtiaa.​—Exodus 10:21-23.

Ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ ɔhaw akron a ano yɛ den no, Farao kɔɔ so powee sɛ obegyaa Israelfo no. Ne komaden no maa Misraim hweree ade kɛse bere a Onyankopɔn de ɔhaw a ɛto so du a etwa to​—nnipa ne mmoa mmakan a wowuwui, bae no. Farao babarima a ɔyɛ n’abakan mpo wui, ɛwom sɛ na wobu no sɛ onyame de. Yehowa nam saa kwan yi so ‘buu Misraim anyame nyinaa atɛn.’​—Exodus 12:12, 29.

Afei Farao frɛɛ Mose ne Aaron na ɔkae sɛ: “Monsɔre mfi me man mu, mo ne Israelfo no, na monkɔ nkɔsom [Yehowa], sɛnea mokae no. Mo nguan ne mo anantwi nso, momfa wɔn, sɛnea mokae no, na monkɔ, na munhyira me nso.”​—Exodus 12:31, 32.

Nea Ɔkora Ne Nkurɔfo So

Israelfo no kɔe, nanso ankyɛ na ɛyɛɛ Farao sɛ wɔnenam sare no so a wonni botae biara. Afei ɔne ne nkoa bisae sɛ: “Ɛdɛn na yɛayɛ yi, sɛ yɛama Israel agyae yɛn som kɔ yi?” (Exodus 14:3-5) Ná ɔman a wɔyɛ nkoa yi a Misraim ahwere wɔn no bɛhaw Misraim kɛse wɔ sika fam.

Farao boaboaa n’asraafo dɔm ano na wotiw Israel koduu Pi-Hahiroth. (Exodus 14: 6-9) Ná ɛte sɛ nea akodi fam no, Misrifo bedi nkonim, efisɛ na Israelfo no hyɛ ɛpo no ne mmepɔw no ntam. Nanso Yehowa yɛɛ ade de bɔɔ Israelfo no ho ban denam omununkum bi a ɔma ebedii wɔne Misrifo no ntam no so. Wɔ Misrifo no fã no, “na ɛyɛ omununkum ne sum,” ma enti esiw ntua ano. Wɔ ɔfã foforo no, na omununkum no hyerɛn, na ‘ɛmaa’ Israelfo no “hann anadwo.”​—Exodus 14:10-20.

Ná Misrifo no asi wɔn bo sɛ wɔbɛfow wɔn na woasɛe wɔn nanso omununkum no siw wɔn kwan. (Exodus 15:9) Bere a efii hɔ no, hwɛ anwonwade! Ná Po Kɔkɔɔ no mu nsu apae, na na Israelfo no nam asase kesee so retwa akɔ nsu no agya! Farao ne n’asraafo dɔm no de nteɛm a ano yɛ den sii subɔnka no mu, a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn kan nkoa no na wɔafow wɔn nneɛma. Nanso, na Misraim sodifo ɔhantanni no nni Hebrifo Nyankopɔn no mu ahotoso. Yehowa fii ase maa Misrifo no ho yeraw wɔn, na ohunhuan wɔn nteaseɛnam anan fii ase.​—Exodus 14: 21-25a.

Misraim nnɔmmarima no teɛɛm sɛ: “Momma yenguan wɔ Israel anim, efisɛ [Yehowa] ne Misraim reko ama wɔn.” Bere a Farao ne ne dɔm no huu eyi no, na aka akyi dodo. Bere a Mose wɔ nsu no agya dwoodwoo no, ɔteɛɛ ne nsa kyerɛɛ ɛpo no, na nsu no san ka boom, na ekum Farao ne ne dɔm no.​—Exodus 14: 25b-28.

Asuade Ahorow a Osuahu de Ama

Ɛnde, hena ne Yehowa? Ɔhantanni Farao nyaa saa asemmisa no ho mmuae. Nsɛm a esisii wɔ Misraim no kyerɛe sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro no, na ɔnte sɛ amanaman no “anyame a wɔyɛ ahuhuw” no koraa. (Dwom 96:4, 5) Yehowa nam ne tumi kɛse no so “ayɛ ɔsoro ne asase.” Ɔno ne Ogyefo Kɛse no nso, Onii a ‘ɔde nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne ahude kɛse yii ne man Israel fii Misraim’ no. (Yeremia 32:17-21) Hwɛ sɛnea eyi kyerɛe sɛ Yehowa tumi bɔ ne nkurɔfo ho ban yiye!

Farao nyaa asuade ahorow no fii osuahu a ɛyɛ yaw mu. Nokwarem no, asuade a etwa to no maa ɔhweree ne nkwa. (Dwom 136:1, 15) Anka ɔbɛyɛ obi a ɔda nyansa kɛse adi sɛ ɔdaa ahobrɛase adi bere a obisae sɛ “Hena ne Yehowa?” no a. Ɛno de anka saa sodifo no betumi ayɛ ade ama ɛne mmuae a onyae no ahyia. Nea ɛyɛ anigye no, nnipa ahobrɛasefo pii resua onii ko a Yehowa yɛ nnɛ. Na nipasu bɛn na Ɔwɔ? Dɛn na ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ? Ɛmmra sɛ asɛm a edi hɔ no bɛhyɛ anisɔ a wowɔ ma Onii a ne nkutoo din de Yehowa no mu den.​—Dwom 83:18.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena