Woyi Nkataanim no Fi Alaska Mmeae a Ɛwɔ Akyirikyiri No
NNANU ni a yɛn nnipa baanan yi akyere so wɔ dan ketewa bi mu wɔ Alaska kurow Nome a agye din, a nkurɔfo de ahopere kotu sika kɔkɔɔ wɔ hɔ no mu. Wɔ 1898 mu no, nkorontufo bɛboro 40,000 baa ha bɛhwehwɛɛ ade biako—sika kɔkɔɔ! Yɛn de, yɛhwehwɛ akorade foforo.
Ade a ehia yɛn mprempren ne “ade a wɔpɛ” a ebia wɔtete Gambell ne Savoonga nkuraa a atew ne ho wɔ St. Lawrence Supɔw no atɔe fam kilomita 300, wɔ Bering Poka no so mu no. (Hagai 2:7) Ɛhɔ na Inuitfo de akokoduru koyi bonsu wɔ Arctic nsu a emu yɛ nwini yiye no mu kodu kan Soviet Union nkyɛn pɛɛ. Nanso sukyerɛmma a ɛretɔ ne ɛbɔ ama yɛn ho akam. Yɛn wimhyɛn no abesi fam.
Bere a yɛtwɛn no, misusuw nsɛm a asisi mfe kakra a atwam no ho, na meda Yehowa Nyankopɔn ase sɛ wahyira adanse a yɛadi wɔ mmeae a ɛhɔ nnipa nnɔɔso no. Wɔ Alaska—a ebinom frɛ no asase ano nohoa—no, nkurɔfo bɛboro 60,000 na wɔtete nkuraa a ɛwɔ akyirikyiri bɛboro 150 a ahwete bɛyɛ kilomita 1,600,000 wɔ asase paradada a akwan biara nneda mu ase. Ɛdenam Ɔwɛn Aban Asafo no wimhyɛn so no, yɛakɔ nkuraa a atew ne ho yi mu bɛboro abiɛsa biara mu biako ase akɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ wɔn dedaw.—Mateo 24:14.
Sɛ yɛrekɔ nkuraa a ɛwowɔ akyirikyiri yi mu a, mpɛn pii no wimhyɛn no fa mununkum ne ɛbɔ a etumi yɛ wim wisii nna pii no mu si fam. Bere a yɛasi fam no, ɛbɔ foforo wɔ hɔ a ehia sɛ yehwirew mu. Ɛkata saa nnipa ayamyefo a wɔwɔ asomdwoe yi adwene ne wɔn koma so te sɛ nkataanim.—Fa toto 2 Korintofo 3:15, 16 ho.
Nsakrae a Ɛyɛ Yaw
Inuitfo, Aleutfo, ne Indiafo na wɔtete Alaska nkuraa a ɛhɔ nnipa nnɔɔso no ase. Wɔn mu biara wɔ wɔn ankasa amammerɛ ne su horow a wɔn mpanyimfo de gyaw wɔn. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi agyina Arctic awɔw no ano no, wɔasua sɛ wɔbɛkyɛe ade so, ahwɛ asase no yiye, na bere koro no ara nso wɔanya asase no mu nneɛma so mfaso denam ahayɔ, ne mpataa ne bonsu a wobeyi so.
Amannɔnefo bɛkɛntɛn wɔn so wɔ 1700 mfe no mfinimfini. Russiafo a wɔnam nsesagua so tɔ mmoa nhoma huu nkurɔfo bi a wɔhyehyɛ aboa nhoma a ne hua te sɛ anwa a wonya fi sukraman mu sɛ wɔntete adan a wɔde nsukyenee abo asi mu, na mmom wɔtete dɔte adan a ne fã bi wɔ asase ase a wɔde sare akuru so, na ano kwan wɔ asase ase mu. Aguadifo no de ɔhaw pii brɛɛ saa nkurɔfo a wɔn ho yɛ den nanso wodwo na wɔkasa bɔkɔɔ yi, na ebi ne amammerɛ ne nyarewa foforo a ekunkum mmusua bi mufo bɛyɛ fã no. Bere tiaa bi akyi no, wɔde wɔn ho hyɛɛ asanom mu traa so. Tebea foforo no hyɛɛ wɔn maa wogyaee sɛ wɔbɛyɛ nea wɔn mmusua bedi no da biara nkutoo ho adwuma, afei de, wɔtɔn nneɛma de hwehwɛɛ sika. Ɛde besi nnɛ no, ebinom susuw sɛ ɛyɛ nsakrae a ɛyɛ yaw.
Bere a Kristoman asɛmpatrɛwfo baa ha no, wɔhyɛɛ wɔn a wɔwɔ Alaska nkuraase no ma wɔyɛɛ nsakrae foforo bi. Bere a ebinom de amemenemfe gyaee wɔn som mu amanne ahorow—ɔsom a wɔde maa mframa, nsukyenee, sisi, ɔkɔre, ne nea ɛtete saa ahonhom—no, afoforo de gyidi ahorow frafrae, na ɛde ɔsom mu afrafradi a ɛnsɛ bae. Ná eyi nyinaa taa de ananafo ho adwemmɔne ne osuro ba. Wɔ nkuraa bi ase no, wonnye ɔhɔho fɛw so bere nyinaa.
Ɛno nti, asɛnnennen a ɛda yɛn anim ne sɛ, Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no akyerɛ nkurɔfo a wɔahwete wɔ asasesin kɛse yi so no? Yɛbɛyɛ dɛn ama wɔahu sɛ ɛho nhia sɛ wonya yɛn ho adwemmɔne? Dɛn na yebetumi ayɛ de ayi nkataanim no afi hɔ?
Mmɔden a Wɔbɔe Mfiase sɛ Wobedi Wɔn Adanse
Wɔ 1960 mfe no mfiase no, Alaska Adansefo a wɔyɛ nnam dodow bi de akokoduru gyinaa wim tebea a enye—mframa a ano yɛ den, awɔw a ɛtra so, wim a ɛyɛ basaa—no ano, na wɔde wɔn ankasa wimhyɛn nketewa a ɛwɔ engine biako pɛ kɔɔ nkuraa a ahwete wɔ kusuu fam no ase kɔkaa asɛm no wɔ hɔ. Sɛ yesusuw saa bere no ho a, saa anuanom yi de wɔn ho too asiane kɛse paa mu. Ɛkame ayɛ sɛ, sɛ engine no ho kae a anka sɛnea ɛte biara ɛbɛkɔ akowie akwanhyia mu. Sɛ wotumi si fam dwoodwoo mpo a, anka wɔbɛka akwantemfi wɔ akyirikyiri a obiara ntumi mmoa wɔn wɔ awɔw a ɛtra so no mu, na anka wonnya ɔkwan biara mfi hɔ. Sɛ wɔbɛkɔ so atra ase a, gye sɛ wonya aduan ne atrae, na anka ɛho bɛyɛ den. Anigyesɛm ne sɛ akwanhyia kɛse biara ansi, nanso na wontumi mmu wɔn ani ngu asiane a ɛwom no so. Enti Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Alaska no anhyɛ anuanom nkuran sɛ wɔmfa saa kwan yi so nka asɛm no.
Sɛnea ɛbɛyɛ na anuanom anokwafo a wɔwɔ Fairbanks ne North Pole Asafo no mu akɔ so ayɛ adwuma no, wɔde wɔn ani sii nkuraa akɛse te sɛ Nome, Barrow, ne Kotzebue a wimhyɛn di hɔ akɔneaba no so. Wɔn ankasa tuaa wɔn akwantu no ho ka kɔɔ saa mmeae a ɛwɔ kusuu ne atɔe fam bɛboro kilomita 720 no. Ebinom kɔɔ so traa Nome asram pii ne anigyefo yɛɛ Bible adesua. Wɔhanee dan wɔ Barrow na ama wɔanya atrae wɔ awɔw wiridudu a enni ano no mu. Wɔ mfe dodow bi mu no, wɔn a wɔde Yesu ahyɛde a ese wɔnka asɛmpa no nkodu asase ano nohɔ no dii dwuma no sɛee bɛboro $15,000.—Marko 13:10.
Wonya Mmoa a Wɔnhwɛ Kwan
Wɔkɔɔ so hwehwɛɛ ɔkwan a wobetumi afa so akɔka asɛm no wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri sen saa, na Yehowa buee hokwan no. Wonyaa wimhyɛn a ɛwɔ engine abien—ɛno ara na na wohia na wɔde afa Alaska mmepɔw a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka no so dwoodwoo. Mmepɔw pii wɔ Alaska a ne tenten boro mita 4,200, na McKinley (Denali) bepɔw a agye din no kɔ soro mita 6,193 sen ɛpo.
Awiei koraa no, wimhyɛn no bae. Susuw sɛnea yɛn abam bui bere a wimhyɛn dedaw a ɛho kɔla pii a ɛho awewe no sii fam no ho. So na ɛyɛ wimhyɛn a yebetumi de yɛn ho ato so? So na yebetumi ama yɛn nuanom atra mu a wɔn nkwa mma asiane mu? Saa bere no nso Yehowa nsa anyɛ tiaa. Mfiri asiesiefo a wɔwɔ tumi krataa a wɔde yɛ adwuma kaa anuanom bɛboro 200 a wotuu wɔn ho mae no ho, na wɔde nnɔnhwerew pii siesiee wimhyɛn no ho biribiara bio.
Ade fɛfɛ bɛn ara ni! Wimhyɛn bi a ɛharan te sɛ foforo a wɔakyerɛw ne nɔma 710WT wɔ to no tu faa wim wɔ Alaska! Esiane sɛ wɔ Bible mu no, wɔde ason ne du nyinaa gyina hɔ ma di a biribi di mũ nti, yebetumi abu 710 sɛ esi mmoa a Yehowa ahyehyɛde no de ama na wɔde ayi nkataanim no afi koma a ɛwɔ sum mu so no so dua.
Yesian Ba Aleutia Nsupɔw no So
Efi bere a yenyaa wimhyɛn no, yɛatwa kilomita 80,000 wɔ asase pradada so, de Ahenni ho asɛmpa no ne Bible ho nhoma ahorow akɔ nkuraa bɛboro 54 ase. Eyi te sɛ nea yɛatwa United States asasepɔn no mpɛn 19!
Yɛasian atwa kilomita 1,600 aba Aleutia Nsupɔw a ɛno na ɛda Pacific Po Kɛse ne Bering Po no ntam no mprɛnsa. Ɛnyɛ Aleutfo no nko na wɔte nsupɔw bɛboro 200 a ɛte sɛ nea nnua nni hɔ a ɛbom yɛ nsupɔw kuw no so, na mmom po so wim nnomaa, akɔre, ne po so nnomaa a wɔn ti yɛ fitaa na wɔn ntakra sesa so tuntum ne fitaa mpempem pii.
Nanso asiane ahorow wɔ beae a ɛyɛ krabɛhwɛ yi. Sɛ yɛde wimhyɛn nam po no so a, yetumi hu sɛ nsu a akyen no so yɛ ahuru mita 3-5, na ɛyɛ nwini araa ma wɔ ahohuru bere mu mpo no, sɛ obi di boro simma 10 kosi 15 wɔ mu a, ontumi nnya nkwa. Sɛ biribi nti ɛsɛ sɛ wimhyɛn kafo no ma wimhyɛn no si fam a, mmeae a obetumi asi ara ne supɔw mmepɔw mmepɔw a ɛso yɛ mmonkyimmɔnka no so anaasɛ ɛpo a nsukyenee ayɛ mu ma a emu yɛ hu no mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ sɛ yɛwɔ yɛn nuanom a wɔn ho akokwaw wɔ wimhyɛn ne engine ahorow siesie mu a wokura abodin krataa a wɔato din certified A & E, a wotu wɔn ho ma de siesie wimhyɛn no ma enya ahoɔden a edi mũ!
Bere bi na yɛde retu kwan akɔ Dutch Harbor ne Unalaska akuraa a woyi mpataa wɔ hɔ no ase. Wonim saa beae no sɛ mframa tumi bɔ twa kilomita 130-190 dɔnhwerew biara. Anigyesɛm ne sɛ, na mframa no ano nyɛ den pii saa da no, nanso na ano yɛ den kakra sɛ ɛbɛma yɛn akomatu mpɛn pii. Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn bere a yehuu beae a wimhyɛn si a wɔfrɛ no runway no—ɔkwan a wɔayi ato bepɔw no nkyɛn ara kwa! Ná ɔbotan kuronn bi wɔ runway no fã biako, na Bering Po a na nsukyenee ayɛ mu ma no nso wɔ fã nohoa! Bere a yesii fam no, na ɔkwan no so afɔw. Wɔ hɔ no, osu tɔ boro nna 200 afe biara.
Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ yɛne ɛhɔfo no bɛbɔ Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ho nkɔmmɔ! Wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii kyerɛɛ wiase a akodi nnim ho anidaso no ho anisɔ. Ná wɔda so ara kae bere a Japanfo de topae bɛtoo Dutch Harbor hɔ wɔ Wiase Ko II mu no yiye. Saa ara na yɛn nso yɛn werɛ remfi saa akwan a yetu kodii adanse no da.
Anigye a Wɔda no Adi Nkakrankakra
Bere a yɛhwɛ wim tebea no bio no, yehu sɛ emu ayɛ hyew kakra. Ɛno ma misusuw adanse a yedii wɔ mmeae a ɛhɔ nnipa nnɔso no ho. Nkakrankakra, yɛahu sɛ nkurɔfo no nsuro yɛn pii bio.
Agye bere tenten na yɛde ayi ahɔho ho adwemmɔne ne wɔn ho hu a nkurɔfo no wɔ no afi hɔ. Bere a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛka asɛm no mfiase no, na asɔre mpanyimfo a wɔwɔ akuraase hɔ taa ba wimhyɛn no ho bebisa nea enti a yɛbae, na afei wɔka kyerɛ yɛn prɛko pɛ sɛ yemfi hɔ nkɔ. Nokwarem no, gye a wɔannye yɛn no buu yɛn abam. Nanso yɛkaee Yesu afotu a ɛwɔ Mateo 10:16 no: “Monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.” Enti na yɛsan kɔ hɔ a yɛde ɛfan, tomatos, anɔwatere ne nnuan afoforo a na ɛho yɛ den wɔ hɔ hyɛ wimhyɛn no mã. Afei de ɛhɔfo a anka wɔmpɛ yɛn asɛm no ani gyee bere a wohuu nneɛma a yɛde bae no.
Bere a onua biako hwɛ de nneɛma no ma nkurɔfo, na ogye ho ntoboa no, na afoforo pii kɔ afie afie kɔka kyerɛ afiewuranom sɛ nneɛma foforo aba. Sɛ wɔkɔ afie no mu a, na wobisa nso sɛ: “O ma memfa eyi ntware mu, so wokenkan Bible? Minim sɛ w’ani begye nhoma a wɔde sua Bible a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de paradise bi ahyɛ yɛn bɔ yi ho.” Hena na obetumi apow ade a obiara ani gye ho sɛɛ yi? Ná obiara ani sɔ honam ne honhom fam aduan no nyinaa. Wogyee yɛn fɛw so, yɛmaa nhoma pii, na ɛkanyan nnipa bi koma.
Yɛtra Ɔhye No
Wɔ Canada hye a wɔfrɛ hɔ Yukon Mansin no mu no, Whitehorse Asafo no de “Makedonia” ɔfrɛ too nsa frɛɛ yɛn sɛ ‘yentwa mmra’ Canada mmɛsrasra mmeae a atew ne ho wɔ ɛhɔ Kusuu Fam Atɔe Mansin mu no. (Asomafo no Nnwuma 16:9) Nnipa baanum na yesiim sɛ yɛrekɔ Tuktoyaktuk, akuraa bi a ɛbɛn Mackenzie Bay a ɛwɔ Beaufort Po no so wɔ Arctic Circle no kusuu fam no ase.
Bere a yedui no, yebisae sɛ, ‘Mobɔ edin soronko yi dɛn?’
Aberante bi de serew buae sɛ: “Tuk.”
Yesusuw ho sɛ, “Dɛn nti na ɛno amma yɛn adwene mu?”
Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehui sɛ Tuktoyaktukfo no nim Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛno nti, yɛne nnipa pii bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye, na yɛmaa nhoma pii. Yɛn akwampaefo nkumaa no biako ne ofiewura bi bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye yiye.
Ofiewura no kae sɛ: “Meyɛ Anglikanni!”
Yɛn kwampaefo no bisaa no sɛ: “Wunim sɛ Anglikan Asɔre no pene mmarima a wɔne wɔn ho da so?”
Ɔbarima no buae sɛ: “Saa na ɛte? Ɛnde, menyɛ Anglikanni bio.” Ɛda adi sɛ na onipa foforo rebue ne koma mu ama Bible asɛmpa no.—Efesofo 1:18.
Ɛyɛɛ obi a ne mfe akɔ anim nwonwa sɛ na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ fie biara mu wɔ hɔ. Ná yɛtaa nantew na yɛatumi ayɛ yɛn adwuma no nyinaa. Ná efi faako a wimhyɛn no gyina rekɔ nkuraa pii ase no yɛ kilomita biako anaa nea ɛboro saa. Afei sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakɔ fie biara mu no, na yɛnantew brɛ wɔ akwan a ɛso yɛ mmosea anaa atɛkyɛ so. Ɔbarima no de ne lɔre fɛm yɛn, na hwɛ nhyira a na ɛyɛ! Canada asasesin a yetwaa hye no kɔboaa wɔ hɔ no yɛ hokwan a na ɛyɛ anigye.
So Ɛso Aba Mfaso?
Sɛ wim tebea yɛ basaa ma yɛn ho kam anaa yɛtwɛn kyɛ te sɛ mprempren, anaasɛ ɛyɛ te sɛ nea asɛnka a yɛde bere tenten yɛe no de bae ara ne anigye a wɔankyerɛ anaa pow a wɔpowee mpo a, afei yefi ase susuw ho sɛ ebia mfaso bi wɔ bere, ahoɔden, ne sika a yɛasɛe no no mu a. Yetumi susuw nnipa a ɛda adi sɛ wɔkyerɛ anigye na wɔhyɛ bɔ sɛ wɔnam nkrataa-kyerɛw so besua Bible no nanso wɔnyɛ no ho. Afei yɛkae sɛ ɛnyɛ nkurɔfo no bi su sɛ wɔbɛkyerɛw nkrataa, na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebedi mfomso abu adamfofa su a obi kyerɛ no sɛ anigye a ɔkyerɛ wɔ Bible nkrasɛm no ho. Ɛtɔ da bi a, etumi yɛ den sɛ yebehu nkɔso a yɛanya.
Sɛ yɛkae Ahenni adawurubɔfo afoforo suahu ahorow a ɛyɛ anigye no a, ntɛm ara, nsɛm a ɛnteɛ yi fi yɛn adwene mu. Sɛ́ nhwɛso no, Ɔdansefo bi a ɔwɔ Fairbanks kaa asɛm wɔ Barrow akuraa a ɛwɔ kusuu fam nohoa no ase. Ɛhɔ na ohyiaa abofra bi a na ofi ntoaso sukuu bi a ɔkɔ wɔ California aba akwamma wɔ fie. Onuawa no nam nkrataa-kyerɛw so kɔɔ so kanyan n’anigye, na ɔkɔɔ so hyɛɛ no nkuran bere a ɔsan kɔɔ sukuu no mpo. Ɛnnɛ, abeawa no yɛ Yehowa somfo a wɔabɔ no asu a ɔwɔ anigye.
Bere a meresusuw nsɛm ahorow yi ho no, obi bɔ pon no mu, na ɛde adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ nea yɛayɛ no asow aba a ɛsɛ ma. Elmer, a ne nkutoo ne Inuitni Ɔdansefo a wahyira ne ho so agye asubɔ a wɔ Nome abegyina kwan no ano.
Obisae sɛ: “Sɛ tebea no yɛ yiye na morefi ha akɔ a, so metumi ne mo akɔ?” Bere a ɔte beae a atew ne ho a ɛne asafo a ɛbɛn no ntam kwan boro kilomita 800 no, ɔpɛ sɛ ɔne ne nuanom bom yɛ asɛnka adwuma bere a ɔwɔ hokwan no.
Owia no afi ase repue ma wim retetew, na yenim sɛ ɛnkyɛ yebetumi akɔ. Bere a Elmer foro tra wimhyɛn no mu no, n’animtew no ma yɛn akomatɔyam. Eyi yɛ da titiriw ma Elmer. Ɔne yɛn rekɔ akuraa a yɛrekɔ ase hɔ akɔka asɛm no akyerɛ n’ankasa ne nkurɔfo Inuitfo no, na ɔne yɛn nyinaa abɔ mmɔden ayi nkataanim no afi wɔn a wɔtete asase ano nohoa no koma so.—Wɔkyerɛw mae.
[Asase mfonini wɔ kratafa 23]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
1. Gambell
2. Savoonga
3. Nome
4. Kotzebue
5. Barrow
6. Tuktoyaktuk
7. Fairbanks
8. Anchorage
9. Unalaska
10. Dutch Harbor
[Kratafa 24 mfonini]
Mpɛn pii no, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakɔka asɛm no wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri no, ɛho hia sɛ yɛtra Alaska mmepɔw pii no biako
[Kratafa 25 mfonini]
Sɛ wɔka bom a, Betty Haws, Sophie Mezak, ne Carrie Teeples de bɛboro mfe 30 ayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no