‘Kratafa Biako Betumi Ahyerɛn Te Sɛ Nsoromma wɔ Esum Kabii Mu’
ƐNNƐ, ɛkame ayɛ sɛ Kyerɛw Kronkron no bi wɔ wiase nyinaa. Nanso Bible no ho apereperedi ayɛ nkwa ne owu asɛm mpɛn pii.
Wendell Prime kyerɛw wɔ nhoma, Fifteenth Century Bibles no mu sɛ: “Wofii ase tintim nhoma akyi mfe aduasa no, ná Katolekfo de wɔn asennibea a wɔde ko tia nkurɔfo atirimɔden so no redi dwuma denneennen wɔ Spain. Nnipa 342,000 a asennibea no twee wɔn aso ɔman no mu no, wɔn mu 32,000 na wɔhyew wɔn animono so. Ɛyɛ Bible no bi a na wɔwɔ na wɔkenkan na ɛmaa wɔhyew wɔn sɛ mogya adansefo. Ná atirimɔdensɛm a wɔde yɛ nkurɔfo yi yɛ hu saa ara wɔ Italy kusuu ne kesee fam nyinaa nso. Asɔfopɔn a Atirimɔden Asennibea no boaa wɔn no yɛɛ ogya a ɛhyew ankasa maa Bible no ne wɔn a na wɔkenkan no. Nero maa Kristofo dɛw hyerɛn te sɛ akanea bere a ɔde wɔn hyehyɛɛ kotoku mu, de amã fofaa wɔn ho de gya too mu de wɔn yɛɛ kyɛnerɛ wɔ n’apontow ahorow a na ahohwibra kɔ so wɔ hɔ ase no. Na wɔhyew Bible no wɔ Europa nkurow mu. Ná Bible no nte sɛ n’akenkanfo no a na wobetumi atɔre wɔn ase, abɔ wɔn adagyaw, ayɛ wɔn ayayade, adi wɔn dɛm na wɔabu wɔn sɛ asesafo no. Ná kratafa biako mpo a obi nsa bɛka no betumi adi dwuma te sɛ nsoromma biako a ɛhyerɛn wɔ esum kabii yi mu.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)
Nea ɔkyerɛwfo Prime ka ho asɛm no baa mu ankasa wɔ Bible no kratafa a wɔasan atintim wɔ ha yi ho. Ɛyɛ kratafa a ɛwɔ nhoma bi awiei a wɔakyerɛw nsɛm bi a ɛda nkyerɛasefo no adi wɔ so. Nsɛm abien a ɛwɔ atifi a edi nsɛ no yɛ Adiyisɛm nhoma no awiei nsɛm bi.
Ɛdefa saa nhoma yi ho no, The Cambridge History of the Bible ka sɛ: “Wotintim Bonifacio Ferrer Catalan nkyerɛase no wɔ Valencia wɔ 1478 mu; Katolekfo Asennibea a na wɔde ko tia wɔn asidifo no sɛee nea wɔn nsa kae no nyinaa ansa na afe 1500 reba, nanso kratafa biako pɛ kae a ɛwɔ Hispanic Society nhomakorabea a ɛwɔ Amerika no.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)
Wendell Prime kae nso sɛ: “Wɔ asɔfo a na ehu aka wɔn fam no, ade a na wobetumi ayɛ de ayi Bible no afi hɔ ara ne sɛ wɔbɛhyew no. Sɛ wɔn nsa kaa Bible no pii a anka wɔhyewee. Atumfoɔ a na wɔwɔ mmeae bi bɔɔ mmɔden yiye hwehwɛɛ Bible a ɛwɔ hɔ nyinaa ma enti wɔantumi annya bi wɔ hɔ a na wobegye ahyew.” Ɛmfa ho mmɔden kɛse a wɔbɔe sɛ wɔbɛtɔre Bible ahorow a na wɔreyɛ ama mpapahwekwa no ase koraa no, pii wɔ hɔ a wɔn nsa anka ansɛe no. Prime de kaa ho sɛ: “Wɔnam akwan a wɔde Bible ahorow tutui, anaa sie a wɔde siei te sɛ nea wɔyɛ abohene wɔ ahohia ne asiane mmere mu no so na ɛkoraa so.”
Onyankopɔn diyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Ɔhonam nyinaa yɛ wura, . . . Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.” (Yesaia 40:6, 8) Wɔ mfehaha pii a atwam mu no, Bible no adɔfo ne nkyerɛasefo pii de wɔn nkwa ato asiane kɛse mu ahu amane yiye wɔ Onyankopɔn Asɛm no ho. Nanso, ɛnyɛ ade a na nnipa mmɔden nkutoo betumi akora so. Yɛda Bible no Kyerɛwfo Yehowa ase wɔ kora a ɔkoraa so no ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]
Hispanic Society of America, New York na wɔmaa hokwan