Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 6/15 kr. 23-27
  • “Mpataayi” wɔ Fiji Nsu no Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mpataayi” wɔ Fiji Nsu no Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • “Mpataayi” wɔ Fiji Akuraa bi Ase
  • “Mpataayi” Wɔ Polynesiafo Mu
  • Sɛnea Wɔka Asɛm no Kyerɛ Indiafo
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 6/15 kr. 23-27

“Mpataayi” wɔ Fiji Nsu no Mu

FIJI—edin no ma obi de n’adwene yɛ South Pacific Po no ho mfonini te sɛ paradise. Po a ani yɛ bruu ne ahabamono, abotan fɛfɛ, kube nnua a edi ahim, mmepɔw nketewa, mpataa ahorow ahorow, nnuaba ne nhwiren fɛfɛ. Wubetumi ahu eyi nyinaa bebree wɔ nsupɔw 300 a ebom wɔ South Pacific so no wɔ New Zealand kusuu fam bɛyɛ kilomita 1,800. Enti, wubegye atom sɛ obiara betumi ayɛ Fiji ho mfonini sɛ paradise turo.

Nanso, biribi wɔ Fiji a ɛyɛ anigye sen ɛhɔ abɔde no. Yiw, sɛnea ɛpo no mu mpataa no gu ahorow no, saa ara na asase no sofo nso gu ahorow. Ebia sɛnea nnipa ahorow adi afra wɔ Fiji no sen South Pacific no so nsupɔw ahorow no biara. Nnipakuw abien a wɔdɔɔso sen biara wɔ nnipa bɛyɛ 750,000 a wɔte hɔ no mu ne Fijifo a wofi hɔ ankasa, a wɔn ase fi Melanesiafo mu, ne Fijifo a Indiafo woo wɔn, a wɔyɛ adwumayɛfo a wɔde wɔn fii India baa hɔ wɔ Britania atubra mu no asefo. Nanso Banabafo, Chinafo, Europafo, Gilbertfo, Rotumanfo, Tuvaluafo, ne afoforo nso wɔ hɔ.

Yehowa Adansefo de nsi reyɛ ‘mpataayi’ adwuma bi wɔ saa ɔman a emu nnipa gu ahorow yi mu. (Marko 1:17) Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔka wɔ saa ɔman a nnipa adi afra wom yi mu no nyɛ mmerɛw. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wosua kasa ne amammerɛ ahorow no. Ɛwom sɛ Engiresi ne kasa a dodow no ara ka de, nanso mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔka Fiji, Hindi, ne Rotuman kasa, anaa kasa afoforo.

Ɛsɛ sɛ wɔfa akwan soronko so ne nyamesom kuw biara mufo kasa. Fijifo ankasa mu fã kɛse no ara ne nsupɔw no sofo afoforo wɔ Kristoman asɔre ahorow mu. Indiafo no yɛ Hindufo, Nkramofo, ne Sikhfo, na Hindufo na wɔdɔɔso. Asɔre pii wɔ nkurow ne nkuraa no ase, nanso wɔ Fiji nsupɔw abien a ɛsõ sen biara no so no de, Hindufo asɔredan ne Nkramofo dan mmom na ɛdɔɔso wɔ hɔ.

Ɛhɔ Adansefo no pii te kasa atitiriw abiɛsa no—Engiresi, Fiji, ne Hindi—fi wɔn mmofraberem. Saa nimdeɛ yi a obi wɔ no boa wɔ “mpataayi” adwuma no mu. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ nkurɔfo nwonwa sɛ Fijini tumi ka Hindi kasa no yiye, na Hindini nso tumi ka Fiji yiye. Esiane sɛ ɛhɔ amammerɛ, nyamesom, ne kasa gu ahorow nti, egye fakaayɛ na obi atumi “aka [asɛmpa no] akyerɛ afoforo nso.”—1 Korintofo 9:23, New World Translation.

“Mpataayi” wɔ Fiji Akuraa bi Ase

Fijifo ankasa no pɛ nnipa, na wɔn ani gye ahɔho ho. Ɛyɛ den sɛ obi begye atom sɛ mfe ɔha ne kakra a atwam no, na ɔmanko rekɔ so denneennen wɔ hɔ. Nokwarem no, bere a Europafo dii kan kɔɔ Fiji no, na wɔfrɛ hɔ Cannibal [Wɔn a Wɔwe Nnipa] Nsupɔw. Akyiri yi, bere a ɔmanhene bi bedii adi na ogyee Kristosom toom no, akodi ne nnipa nam a wɔwe gyaee. Kasa ahorow ahorow a wɔka wɔ amansin no mu no nkutoo ne ade a ɛma wuhu nsonsonoe a ɛda nnipa ahorow no mu, ɛwom sɛ Bauan kasa na wɔka no kɛse de.

Nkurow pii wɔ Fiji ka kuropɔn Suva ho. Fijifo dodow no ara te nkuraase a turaga ni koro anaa odikuro bi hwɛ so. Sɛ nkurɔfo rekɔyɛ “mpataayi” wɔ akuraa bi ase a, ɛyɛ amanne sɛ wokohu saa nipa yi kɔsrɛ kwan ansa na wɔakɔ ɛhɔfo no afie mu. Mpɛn pii no, wɔma wɔn kwan gye sɛ ebia ɔsɔfo bi sɔre tia Yehowa Adansefo wɔ hɔ. Dɛn na ɛba bere a wɔkɔ Fijini bi fie?

Sɛ yɛkɔ fie hɔ a, yɛtra fam ka yɛn nan gu so. Nnianim nsɛm a wɔhyɛ da siesie ma etu mpɔn a wɔde di dwuma de kanyan nkurɔfo a wɔwɔ Atɔe Fam no ho nhia wɔ ha. Wogye obiara a ɔba sɛ ɔrebɛka Onyankopɔn ho asɛm fɛw so. Sɛ wɔka kyerɛ ofiewura no sɛ ɔmfa ne Bible a, ɔsɔre ntɛm, na bere a waka sɛ “tulou” (mesrɛ wo) no, okoyi Fiji kasa mu Bible wɔ ne nhoma korabea, de anigye kenkan kyerɛw nsɛm ahorow a ɔsɛmpakafo no bobɔ no. Nanso, ahɔhoyɛ su ne obu a Fijifo no kyerɛ no ma asɛnnennen foforo sɔre. Egye nhumu ne anifere kɛse na wɔde akanyan nkurɔfo no ma wɔanya nkɔmmɔbɔ no mu kyɛfa, ahyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn adwene adi sɛnea wɔresusuw nsɛm ho no akyi, anaa wɔaboa wɔn ma wɔahu hia a ɛho hia sɛ wɔde nea wogye di no bɛtoto Bible no nkyerɛkyerɛ ho.

Fijifo ani gye ho sɛ wɔbɛbɔ nsɛm a ɛfa nkyerɛkyerɛ ho ho nkɔmmɔ kɛse sen sɛ wɔbɛbɔ asetra mu nsɛm ho nkɔmmɔ. Nokwarem no, nea ɛyɛɛ a Yehowa Adansefo 1,400 a wɔde nsi reyɛ adwuma wɔ Fiji no fã kɛse no ara ani begyee Bible mu nokware ho ne nsemmisa te sɛ, Hell yɛ beae bɛn? Henanom na wɔkɔ soro? ne So wɔbɛsɛe asase no? a wɔne wɔn bɔɔ ho nkɔmmɔ no. Nanso, anigyefo a wɔsan kɔsra wɔn no gye fakaayɛ ne boasetɔ. Sɛ obi san kɔ ofiewura bi hɔ wɔ bere a wɔahyɛ mu a, ebia obedu hɔ no na ɔkɔ teitei (afuw mu) anaa baabi foforo. Ɛnyɛ sɛ wɔnkyerɛ nsrahwɛ no ho anisɔ, na mmom wɔn bere sodi yɛ soronko. Nokwarem no, eyi nyɛ ade foforo mma ɛhɔ Adansefo no. Wɔde boasetɔ san kɔ hɔ bere foforo. Wɔntotoo mmorɔn no din, na adan no nso nni nɔma biara a wobetumi akyerɛw ato hɔ, enti sɛ wɔresan akɔsra obi a, ehia sɛ wɔkae hɔ yiye.

“Mpataayi” Wɔ Polynesiafo Mu

Afei, momma yɛne ɔsomfo kwantufo, anaa ɔmansin sohwɛfo bi a ɔkɔsra Rotuma asafo ketewa no nkɔyɛ “mpataayi” adwuma. Saa nsupɔw kuw a ɛyɛ ogya mmepɔw yi wɔ Fiji kusuu fam kilomita 500. Yɛde wimhyɛn a ɛfa nnipa 19 na ɛkɔ hɔ. Supɔw Kɛse a ɛwɔ hɔ no kɛse yɛ kilomita ahinanan 30.78, na ɛso nnipa bɛyɛ 3,000. Mfutuma kwan bi da po no ano, na ɛkɔ nkuraa bɛyɛ 20 mu. Rotuma hyɛ Fiji ase, nanso wɔn amammrɛ ne wɔn kasa yɛ soronko. Esiane sɛ ɛhɔ nnipa no ase fi Polynesiafo mu nti, wɔn honam ani hwɛbea nte sɛ Fijifo a wɔn ase fi Melanesiafo mu no. Ɔsom a wɔn mu dodow no ara kɔ ne Roma Katolek anaasɛ Methodist.

Bere a wimhyɛn no sian na ɛbɔ mmɔden sɛ ebesi fam no, yehu supɔw no afifide momono pii no. Yetumi hu kube nhaban a ɛte sɛ ntakra no wɔ baabiara. Nnipadɔm bi ba behyia wimhyɛn yi a dapɛn biara ɛba ha pɛnkoro no. Adansefo kuw bi ka wɔn ho. Wofi ɔdɔ mu ma yɛn akwaaba, na wɔbɔ kube pii ma yɛn sɛ yɛnnom emu nsu no mfa nkum yɛn sukɔm.

Bere a yɛatwa kwan tiaa bi no, yedu baabi a yɛbɛtra no. Wɔtõ aduan wɔ fononoo mu ma yɛn. Wɔde prakonam a wɔaho, akokɔ nam, mpataa a wɔakyew, adɔde, ne ɛhɔ aduan bi a ɛte sɛ bankye a wɔfrɛ no taro besi yɛn anim. Aduan a ɛyɛ dɛ bɛn ara ni, na bere a yɛte kube nnua nketewa ase no, hwɛ paradise tebea ara a ɛyɛ!

Da a edi hɔ no, yɛkɔsrasra nkurɔfo wɔ nkuraa a wɔfrɛ hɔ ho’aga wɔ Rotuman kasa mu ase. Bere a yɛbɛn fie a edi kan no, prako ba bi de su bɛsen twam ntɛm. Ofiewura no ahu sɛ yɛreba, na ɔde serew bue pon no, okyia yɛn sɛ “Noya!” wɔ Rotuman kasa mu, na afei ɔma yɛn akongua. Ɔde kwadu a abere gu prɛte so besi yɛn anim, na ɔma yɛn kube bun nso sɛ yɛnnom emu nsu no. Rotumafo bɔ mmɔden yiye wɔ ahɔhoyɛ ho.

Obiara a ɔwɔ ha nim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Obiara gye Bible no di. Nsɛm te sɛ nea ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase ho no twetwe wɔn adwene ntɛmntɛm. Ɛyɛ ofiewura no nwonwa sɛ ohu sɛ wɔrensɛe asase no, na mmom atreneefo bɛtra so daa. (Dwom 37:29) Bere a yɛkenkan Bible mu nsɛm a esi saa asɛm yi so dua no, ɔno nso kenkan ne de di akyi, na ɔde anigye gye Bible nhoma a yɛde ma no no. Sɛ yɛrebɛkɔ a, ɔda yɛn ase sɛ yɛbɛsraa no, na ɔma yɛn kwadu rɔba bag mã a yebetumi adi wɔ kwan so. Obi a ɔyɛ asɛnka adwuma wɔ ha betumi ayɛ kɛse ntɛm!

Sɛnea Wɔka Asɛm no Kyerɛ Indiafo

Ɛwom sɛ South Pacific aman foforo a ɛwowɔ supɔw so no sofo gu ahorow saa ara de, nanso Fiji da nsow wɔ eyi mu. Wɔn a wɔn ase fi Melanesia, Micronesia, ne Polynesia akyi no, ebinom wɔ hɔ a wɔn ase fi Asia. Efi afe 1879 kosi 1916 no, wɔde apaafo fii India baa hɔ sɛ wɔmmɛyɛ ahwerewfuw mu adwuma. Saa nhyehyɛe yi a wɔfrɛ no girmit (apam) yi maa Indiafo mpempem pii baa Fiji. Saa adwumayɛfo yi asefo abɛyɛ ɔman no mu nnipa fã kɛse. Wɔakɔ so akura wɔn amammerɛ, wɔn kasa, ne wɔn nyamesom mu.

Kurow bi a wɔfrɛ no Lautoka wɔ Fiji supɔw a ɛso paa no fã a mframa ani taa kyerɛ no. Ɛhɔ ne Fiji ahwerew adwuma no ti, na ɛhɔ na ɔman no mu Indiafo no fã kɛse te. Ehia sɛ Yehowa Adansefo asafo abiɛsa a ɛwɔ ha no mufo yɛ fakaa wɔ “mpataayi” adwuma no mu. Sɛ obi rekɔ afie afie wɔ ha a, ɛsɛ sɛ osiesie ne ho sɛ ɔbɛhwɛ abusua a ofiewura no fi mu anaa ne som na wasesa ne nkɔmmɔbɔ nsɛm no ma afata. Ma yɛne ɛhɔ Adansefo kuw bi mmom nkɔsrasra afie a ahwete wɔ ahwerew mfuw a ɛwowɔ Lautoka akyi pɛɛ no.

Bere a yɛrebɛn ofie a edi kan no, yehu mpampuro atenten bi a wɔde ntama asinasin kɔkɔɔ abobɔ atifi wɔ fie no anim hɔ twea bi so. Eyi kyerɛ sɛ abusua yi yɛ Hindufo. Hindufo dodow no ara de wɔn anyame ho mfonini ahorow bobɔ wɔn afie mu. Wɔn mu pii wɔ onyame bi a wɔpɛ n’asɛm kɛse te sɛ Krishna, na mpɛn pii no, wɔwɔ abosonnan ketewaa bi.a

Hindufo dodow no ara gye di sɛ ɔsom ahorow nyinaa ye na ɛyɛ akwan horow ara kwa a wɔfa so som. Enti, ofiewura bi betumi ayɛ komm atie wo, agye nhoma, ama wo biribi aka w’ano, na wate nka sɛ wayɛ n’adwuma. Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi abisa nsɛm a ɛfata a ɛbɛma ofiewura no de ne ho ahyɛ nkɔmmɔbɔ no mu ma ɛso aba mfaso no, ɛyɛ a ɛboa mpɛn pii sɛ wubehu wɔn gyidi no mu anansesɛm no bi. Sɛ́ nhwɛso no, bere a yenim sɛ wɔn anansesɛm no bi da wɔn anyame no adi sɛ wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe bi a nnipa pii bɛka ho asɛm mu no, yebetumi abisa asɛm yi: “Sɛ wo yere (kunu) de ne ho hyɛ ɔbra a ɛte saa mu a w’ani begye ho?” Dodow no ara taa bua sɛ: “Dabi, dabida!” Afei, wubetumi abisa onii no sɛ: “So ɛsɛ sɛ onyame bi yɛ saa?” Nkɔmmɔbɔ a ɛtete saa taa bue hokwan ma wokyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ Bible no so.

Gyidi a wɔwɔ sɛ wɔsan wo obi a wawu no nso yɛ ade foforo a mubetumi abɔ ho nkɔmmɔ ma asow aba. Wobisaa Hinduni bea bi a ne nhomanim kɔ akyiri a na ne papa wui nkyɛe sɛ: “So wobɛpɛ sɛ wuhu wo papa bio te sɛ nea na ɔte no?” Obuae sɛ: “Yiw, anka m’ani begye paa.” Ne mmuae no ne nkɔmmɔ a wɔtoaa so bɔe no daa no adi sɛ gyidi a ɛne sɛ ne papa no te nkwa mu wɔ tebea foforo mu a onhu no sɛ ne papa bio no amma no abotɔyam. Nanso Bible no nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛfa owusɔre ho no kaa ne koma.

Hindufo binom wɔ nsemmisa ankasa a wɔrehwehwɛ ho mmuae a ɛtɔ asom. Bere a Ɔdansefo bi kɔɔ Hinduni bi fie no, ɔbarima no bisaa no sɛ: “Dɛn ne mo nyame no din?” Ɔdansefo no kenkanee Dwom 83:18 kyerɛɛ no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa, na Romafo 10:13 ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ saa din no na yɛanya nkwa. Ɔbarima no ani gyee ho na ɔpɛe sɛ ohu pii. Nokwarem no, na ne ho pere no sɛ obehu. Ɔkae sɛ ne papa a ɔpɛ wɔn abusua no honi som yiye no yaree, na owui bere a ɔkɔsɔree ohoni no akyi bere tiaa bi. Ade koro no ara yɛɛ ne nuabarima bi. Afei ɔde kaa ho sɛ: “Saa ohoni no de owu na ɛrebrɛ yɛn, ɛnyɛ nkwa. Enti ɛbɛyɛ sɛ mfomso wom sɛ yɛbɛsom no. Ebia saa Onyankopɔn, Yehowa, yi betumi ama yɛahu nkwa kwan.” Enti wɔne ɔno, ne yere, ne ne mma baanu fii Bible adesua ase. Wonyaa nkɔanim ntɛmntɛm na ankyɛ na wɔbɔɔ wɔn asu. Wɔato wɔn ahoni no agu, na afei de wɔnantew Yehowa, nkwa Nyankopɔn no akwan so.

Afei yɛba abusua bi a wɔyɛ Nkramofo fie. Wɔwɔ ahɔhoyɛ su saa ara, na ɛnkyɛ, wɔma yɛn akongua ne anonne a ɛyɛ nwin. Yenhu nyamesom mu mfonini biara wɔ dan no ho ka Arabic kasa mu asɛm tiaa bi a wɔde ato ahwehwɛ mu. Yɛda no adi sɛ Bible no ne Koran no hyia wɔ biribi ho, ɛno ne tete agya Abraham ne ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛe sɛ ɔnam Abraham aseni so behyira amanaman nyinaa no. Saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu wɔ Yesu Kristo, a ɔyɛ Ne Ba, no mu. Nkramofo binom begye wɔ a Onyankopɔn wɔ ba no ho kyim. Enti yɛkyerɛkyerɛ mu sɛ sɛnea wɔfrɛ onipa a odi kan Adam Onyankopɔn ba esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ no nti no, saa ara na Yesu nso yɛ Onyankopɔn Ba. Onyankopɔn nhia ɔyere ankasa na watumi awo mma a wɔtete saa. Esiane sɛ Nkramofo nnye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nni nti, yɛde eyi di dwuma sɛ biribi a yɛne wɔn yɛ adwene wɔ ho de kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ade nyinaa so tumfoɔ.

Seesei adu owigyinae, na yɛn kuw no mufo fi ahwerew mfuw no mu resan aba kwan no ho abɛtwɛn bɔs no ma ɛde yɛn asan aba kurom. Ɛwom sɛ yɛabrɛ kakra de, nanso yɛn nyinaa ani agye anɔpa “mpataayi” adwuma no ho. Mmɔden a yɛbɔe sɛ yɛbɛsakra yɛn nsɛm no ma ɛne tebea horow ne nyamesomfo a yehyiaa wɔn no ahyia no fata.

Mpataa ahorow ahorow wɔ Fiji po no mu. Nea ɛbɛyɛ na Fijini gonedau (pofoni) adwuma no akɔ so no, ohia ahokokwaw. Saa ara na ɛte wɔ “mpataayi” adwuma a Yesu Kristo de hyɛɛ n’asuafo no nsa no ho. Ɛsɛ sɛ Kristofo “nnipa yifo” ho kokwaw, na wɔsakra ɔkwan a wɔfa so ka asɛm no ma ɛne amanfo no gyidi a egu ahorow no hyia. (Mateo 4:19) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi ho hia wɔ Fiji. Na nea efi mu ba no da adi wɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam a wɔyɛ no afe biara no ase, na ɛhɔ na Fijifo, Indiafo, Rotumanfo, ne nnipa ahorow a wɔadi afra de biakoyɛ som Yehowa Nyankopɔn. Yiw, ne nhyira wɔ “mpataayi” adwuma a wɔyɛ wɔ Fiji nsu mu no so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ nhoma Mankind’s Search for God, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii no, nkratafa 115-17.

[Asase mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Viti Levu

Vanua Levu

Suva

Lautoka

Nandi

0 100 km

0 100 mi

18°

180°

[Kratafa 24 mfonini]

Ɛhɔ afie a wɔfrɛ no bure no bi

[Kratafa 24 mfonini]

Hindufo asɔredan bi a ɛwɔ Fiji

[Kratafa 25 mfonini ahorow]

Wɔde nkonimdi “yi” nnipa wɔ Fiji

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Fiji Visitors Bureau

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena