Ethiopia “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam—Anigye Bere Soronko
ƐNO nyɛ ɔmantam nhyiam a edi kan a wɔyɛe wɔ Ethiopia fi bere a wɔmaa adwuma no ho kwan, nanso akyinnye biara nni ho sɛ na ɛyɛ soronko. Efi bere a wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara kwan so wɔ November 11, 1991 no, wohyiaam nea ɛto so abiɛsa wɔ City Stadium, a ɛne ɔman no agumadibea a ɛso sen biara a ɛwɔ Addis Ababa kurom pɛɛ hɔ. Esiane sɛ mfiase no wɔamma kwan sɛ wɔnkɔ agumadibea hɔ Kwasida, na wɔannya beae foforo biara a ɛhɔ trɛw sɛnea ɛsɛ nti, wɔhyehyɛɛ dwumadi no ma ɛbobɔɔ so na ama wɔde nnansa ayɛ, fi Yawda kosi Memeneda, January 13-15, 1994.
Ɛnyɛ wim a na ayɛ bruu na adwo fɔmm no nkutoo na ɛmaa nnansa yi yɛɛ anigye, na mmom honhom fam nimdeɛ a edi mu a wonyae wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” mu nso. Ná wɔde nhwiren atwa asɛnka agua no ho ahyia fɛfɛɛfɛ, na wɔakyerɛw nhyiam no asɛmti no fann wɔ Amharic kasa mu.
Na dɛn na ɛmaa nhyiam no yɛɛ soronko? Dwumadi a na etu mpɔn no akyi no, na obiara adwene ne ne nkate si yɛn wiase nyinaa onuayɛ a ɔdɔ wom, ne Onyankopɔn nhyira a ɛwɔ ne nkurɔfo so a ɛda adi pefee wɔ Ahenni nkɔso mu no so. Nhyiamfo bɛyɛ 270 na wofi amannɔne nsase 16 so bae, a na Djibouti ne Yemen mpo ka ho. Bɛboro wɔn mu fã fi Europa ne America Kusuu Fam awɔw no mu bae. Ná Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo baanu, Lloyd Barry ne Daniel Sydlik, ka ahɔho no ho.
Ethiopiafo ahɔhoyɛ su, ne ɔdɔ a efi komam a woyii adi kyerɛɛ wɔn nuanom ahɔho no kowiee ahurusidi a ebunkam kasa a na wɔnte so no mu. Ɛnyɛ wɔn nsam nkutoo na wokyiakyiae, na mmom na wɔbam wɔn ho fefew wɔn ho ano kosi mpɛn asia! Ná ahɔho no pii akenkan Ethiopia Ahenni adwuma no ho nsɛm na wonim sɛ wɔn nuanom Ethiopiafo no yɛ mudi mu kurafo a wɔasɔ wɔn ahwɛ, a wɔagyina wɔn mudi mu wɔ afiasenna ne ɔtaa afoforo mu.a Nanso ahɔho a wɔbaa nhyiam no ho dwiriw wɔn sɛ wohuu mmofra pii sɛ wɔda animtew ne obu a ɛrekɔ fam wɔ aman pii mu nnɛ adi no. Anuanom mmea Ethiopiafo pii hyɛɛ ɛhɔ ntade fitaa a wɔde ahokokwaw anwene nneɛma agu mu no, na ɛmaa wɔn anigye yɛɛ kɛse ankasa.
Fida asubɔ no yɛɛ ahosɛpɛw. Nnipa 530 a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔadi fi mfe 10 kosi 80 too santen a ɛware, a ne tenten boro beae a wodi agoru wɔ agumadibea hɔ no fã. Ná dodow yi boro nea obiara hwɛɛ kwan no koraa—ɛboro ɔman no mu Adansefo 7 biara mu 1. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira ne nkurɔfo a wɔwɔ ha bɛn ara ni! Anigye maa nusu guu nnipa pii bere a wɔhwɛɛ adeyɛ yi a anuanom bɛboro 40 a wofi Italy too dwom dɛdɛ de hyɛɛ mu den no. Nnipa pii susuw nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia 60:5 no ho: “Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn.”
Nneɛma Atitiriw a Ɛde Anigye Bae
Wosii Yehowa nhyira so dua bio Fida bere a wobisabisaa nkurɔfo nsɛm ma wɔkaa sɛnea Ahenni adwuma no nyaa mfiase ketewaa bi wɔ Ethiopia no. Wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ne tete asɛmpatrɛwfo kuw bi a na wɔsom wɔ hɔ wɔ 1950 ne 1970 mfe no mu. Ray Casson, John Kamphuis, ne Haywood Ward kaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛe fi September 14, 1950, bere a wɔbaa Addis Ababa, no ho asɛm kyerɛɛ atiefo a wɔboro 8,000 no. Ná ahempɔn nniso a ɛwɔ hɔ saa bere no hwehwɛ sɛ wɔde bere pii kyerɛ nkurɔfo nhoma. Enti wɔtee sukuu wɔ kurow no mu a wɔde bɛkyerɛ mpanyimfo ade, na na nneɛma a wɔkyerɛ wɔn no gu ahorow. Nanso asɛmpatrɛwfo yi bɔɔ mmɔden de bere a wɔmfa nkyerɛ ade wɔ sukuu no trɛw nhomasua a egyina ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sua Amharic, kasa bi a ne sua yɛ den a ekura nkyerɛwde 250. Bɛyɛ asram asia twaam ansa na wɔretumi ayɛ ofie Bible adesua a edi kan. Bɛyɛ mfe 43 akyi no, wohyiaa nkurɔfo a na wɔkae wɔn sɛ kan akyerɛkyerɛfo. Nanso, wɔ nhyiam no ase no, wɔn ani gyei sɛ wɔsan ne wɔn Bible asuafo pii a wɔbɛyɛɛ den wɔ gyidi no mu, na wɔde wɔn ankasa honhom mu mma ne mmanana kyiaa wɔn hyiaa bio.—1 Tesalonikafo 2:19, 20.
Ɛnyɛ nsɛm a wobisabisaa kan asɛmpatrɛwfo no nko na ɛmaa atiefo a wɔn ani agye na wɔayɛ asõ retie asɛm no bɔɔ wɔn nsam, na mmom amanneɛbɔ ne nkyia a efi Britain, Canada, Germany, Israel, Italy, Kenya, Netherlands, ne United States no nso—nea ananmusifo a wofi amannɔne de bae no. Eyi nso sii so dua sɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ wiase nyinaa onuayɛ a ɔdɔ wom. Ɔkasa atitiriw a anuanom a wɔasra wɔn a wɔyɛ Sodikuw no mufo mae, ne wɔn mpaebɔ a efi komam no nso kaa atiefo no kɛse. Mmofra a na wɔwɔ agumadibea hɔ no hui sɛ drama a ɛfa mmofra a wɔkae wɔn Bɔfo ho, a wɔyɛe a na ɛte sɛ asɛm a ɛyɛ paa ara, na ɛyɛ anigye no fa wɔn ho. Nhoma ahorow a woyii no adi wɔ Engiresi kasa mu akyi no, woyii nhoma afoforo abiɛsa adi wɔ Amharic kasa mu ma ɛkanyan anigye kɛse.b
Ahomegye bere ne mmere afoforo maa wonyaa hokwan fɛfɛ de huu ankorankoro pii a wɔsom bo. Sɛ́ nhwɛso no, na Tulu Mekuria, ɔdawurubɔfo a wanyin sen biara wɔ Ethiopia a okura poma a wɔde nsa yɛe te anim hɔ pɛɛ. Wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ ne nkwakoraberem, bere a na wadi mfe 113, wɔ afe a etwaam no mu. Wɔ saa nhyiam yi ase no, n’ani gyei sɛ ohui sɛ ne yere a wadi mfe 80 no adi ne nhwɛso akyi abɛyɛ ne honhom fam nua nso. Dwumadi no nyinaa a ɔbaa ase no hyɛɛ mmofra no nkuran kɛse. Wɔn mu biako ne Yohanes Gorems, a wadi mfe 16 na ɔda so kɔ sukuu, nanso wasom sɛ daa ɔkwampaefo mfe anan. Ɔno ne daa akwampaefo afoforo a wɔkɔ sukuu a wosusua sen no mpo asua sɛnea wobetumi atɔ bere, a akwan no bi ne sɛ wobedi adanse anɔpa paa bere a wɔrekɔ sukuu, anaa wɔde sukuu ahomegye bere ne bere a wɔapɔn bedi dwuma.
Mudi mu Kura Ho Nhwɛso Bɛn Ara Ni!
Ná atiefo no ɔhaha pii ahyia afiasenna ne aninyanne wɔ nniso horow a aba kɔ no ase. Mandefro Yifru ka sɛ ɔno nso dii mfe anum wɔ afiase, nanso afei de ɔde anigye resom wɔ Addis Ababa baa dwumadibea foforo hɔ, faako a wɔkyerɛ nsɛm ase, tintim nhoma na wɔde nhoma mana no. Aberante foforo a ɔne no resom, Zecarias Eshetu, annyae ne mudi mu bere a mfe awotwe a atwam no wokum ne papa, a ɔfã biara a wannyina sɛ Kristoni nti wɔde no too afiase mfe abiɛsa no. Bere a wɔde Zecarias, a ɔne ne nuanom nyinaa yɛ baanum, papa kɔtoo afiase no, na wadi mfe du. Meswat Girma ne ne nuabea Yoalan a mprempren aka kakra ma wɔn mu biara adi mfe aduonu na wɔda so wɔ sukuu no de mfonini nkutoo na ɛkae wɔn papa, efisɛ na wosusua koraa na wokum no esiane ɔfã biara a na onni nti. Ne nokwaredi no kanyanee wɔn, na wɔn baanu nyinaa resom sɛ daa akwampaefo, sɛnea na wɔn agya reyɛ ansa na ɔrewu no.
Mudi mu kurafo foforo ne Tamirat Yadette, a mprempren ɔsom sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ beae bi a ɛhɔ yɛ fɛ a ɛwɔ Rift Valley mu no. Esiane afã biara a wannyina sɛ Kristoni nti, odii mfe abiɛsa wɔ afiase ahorow ason mu, na ɛtɔ da bi a na wogu no mpokyerɛ na wɔhwe no papaapa. Nanso, bere a na ɔwɔ afiase no, ɔboaa nnipa bɛboro dummien maa wobegyinaa Onyankopɔn Ahenni no afã.
Wɔde Tesfu Temelso, a mprempren ɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo, too afiase mpɛn 17 bere a na ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw no. Ɔhwe a wɔhwee no no ho atwa deda ne ho, nanso n’ani gye sɛ ohu sɛ asafo ahorow aba baabi a na ɔyɛ adwuma no. Anuanom mmarima ne mmea pii a wofi Akaki Asafo no mu hyiaa afiasenna ne aninyanne, nanso asafo no anya nkɔanim ma wɔwɔ adawurubɔfo bɛboro ɔha. Wɔn na wɔasi Yehowa Adansefo Ahenni Asa a edi kan wɔ Ethiopia. Anuanom baanum a wofi Dese, kurow a ɛhɔ asase no yɛ fɛ a ɛwɔ kuropɔn no kusuu fam bɛyɛ kilomita 300, a anka wɔreyɛ akum wɔn, na wohuu sɛnea wɔyɛɛ onua bi aninyanne ma owui, bae. Ɔpanyin biako a ɔka wɔn ho, Maseresha Kasa, kae sɛ ogyinaa ne mudi mu bere a wɔde no too afiase mfe asia no, na ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ soronko wɔ ɔkwan biara so, na mmom esiane Yehowa a osuae sɛ ɔde ne ho bɛto no so no nti.—Romafo 8:35-39; fa toto Asomafo no Nnwuma 8:1 ho.
Nnansa yi mpo, afoforo adi nokware wɔ sɔhwɛ mu. Kuw kɛse bi fi ɔman bi a ɛbɛn hɔ mu baa nhyiam no, na esiane ɔfã biara a Adansefo nni no nti, wɔde polisifo ahobammɔ, akwantu nkrataa, aware ho adansedi nkrataa, ayarehwɛ, ne nnwuma akame wɔn. Bere a na ɔko rekɔ so wɔ beae bi a ɛbɛn Mesewa, Eritrea hyɛn gyinabea a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no so no, asafo mũ no nyinaa, a mmofra ka ho, a wɔn dodow si 39 no kɔtraa ɛtwene bi a ɛbɛn fam ase wɔ anhweatam so bɛyɛ asram anan sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenwu wɔ wɔn afie a kan nniso no totoo atopae guu mu no mu. Wɔ anhweatam so asetra a ɔhyew wom na asetram ahiade abɔ wɔn yi mu no, daa asɛm ne nhyiam afoforo a wɔyɛe no maa wɔn ahoɔden kɛse, na ɛmaa wɔbɛn Yehowa ne wɔn ho wɔn ho kɛse. Ortodoks Asɔre no piapiaa basabasayɛfo kuw ma wohunahunaa anuanom mmea baanu a wɔyɛ akwampaefo atitiriw wɔ beae bi a ɛbɛn Blue Nile asubɔnten no ti haw wɔn mpɛn pii, nanso wɔn baanu no gyinaa wɔn mudi mu, na wohuu sɛ wɔn Bible asuafo pii de asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne wɔ nhyiam yi ase.
Onua bi kaa sɛnea na ɛyɛ sɔhwɛ ma no sɛ wɔmaa no tew ne ho kɔyɛɛ adwuma bi wɔ Ogaden mantam a nsu ntaa ntɔ wɔ hɔ, a ɛbɛn Somalia no akyirikyiri beae bi ho asɛm. Ɔkwan a ɔfaa so na ama wakɔ so ayɛ hyew honhom mu ne asɛm a ɔkae ne nhyiam horow a ɔne anigyefo yɛe, a dɔktafo a wonyaa ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso na seesei wɔkyerɛkyerɛ afoforo nso ka ho. Onipa foforo a ɔyɛɛ mudi mu kura ho nhwɛso fɛfɛ ne ɔkwampaefo titiriw bi a ɔwɔ Addis Ababa, a 1992 mu no, Ortodoks asɔfo piapiaa basabasayɛfo kuw bi ma wɔboroo no pasaa gyaw no too hɔ susuwii sɛ wawu no. Anigyesɛm ne sɛ, ne ho tɔɔ no na ɔda so yɛ adwuma wɔ saa asasesin no ara mu. Animtew a ɔwɔ no da no adi sɛ onni wɔn ho tan biara. Te sɛ afoforo a wɔahyia sɔhwɛ no nyinaa ne wɔn a wɔaba foforo no, na “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Nhyiam yi yɛ anigye bere kɛse.
Nhyiam no ho nhyehyɛe kɔɔ so fɛfɛɛfɛ, na ɛmaa ahɔho no susuwii sɛ wɔn a wotuu wɔn ho ma yɛɛ adwuma no de mfe pii anya adwuma no mu suahu. Nokwarem no, wɔanya nkɔso ntɛmntɛm wɔ mfe abien a atwam no mu. Ɛte sɛ nea nnansa nhyiam no baa awiei ntɛm dodo. Nnipa dodow a ɛsen biara a wɔbaa Memeneda no yɛ 9,556. Ɔman television adwuma, radio, ne atesɛm nkrataa de ho amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye mae. Obiara tumi hui sɛ Yehowa rema ne nkurɔfo adi yiye wɔ honhom mu. Atiefo no bi yɛ anigyefo mpempem pii a wɔafi ase renya “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” so mfaso. Asasesin kɛse hokwan abue ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ saa ɔman a emu nnipa bɛyɛ ɔpepem 50 yi mu, na nhyiam no hyɛɛ wɔn nyinaa den wɔ wɔn bo a wɔasi sɛ wɔde bere a aka wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu bɛboa nnipa komapafo ma wɔn nso anya ɔsoro nkyerɛkyerɛ so mfaso no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.
b Your Youth—Getting the Best Out Of It, Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye, ne Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa.
[Kratafa 23 mfonini ahorow]
Addis Ababa, January 13-15, 1994
[Kratafa 24 mfonini ahorow]
Addis Ababa akwampaefo kuw bi (nifa so); mudi mu kurafo a wɔde wɔn nyinaa too afiase (ase hɔ); Ɔdansefo bi a wadi mfe 113 ne ne yere