Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 10/15 kr. 8-11
  • Wɔyɛ Aguanfo de, Nanso Wɔn Ani Gye sɛ Wɔresom Onyankopɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔyɛ Aguanfo de, Nanso Wɔn Ani Gye sɛ Wɔresom Onyankopɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Mboki Kɔ
  • Yehyia Anuanom
  • Asafo Ketewa a Anigye Wom
  • Wɔretwɛn Ofie a Ɛtra hɔ Daa
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 10/15 kr. 8-11

Wɔyɛ Aguanfo de, Nanso Wɔn Ani Gye sɛ Wɔresom Onyankopɔn

AKODI, ɔkɔm, asiane ahorow, ne basabasayɛ. Wɔ nnipa bi fam no, eyinom yɛ nsɛm a wɔte wɔ amanneɛbɔ mu ara kwa. Na afoforo pii de emu na wɔte daa. Bere a Yehowa Adansefo yɛ Kristofo a wɔyɛ biako wɔ wiase nyinaa no, wonim no yiye sɛ sɛ ɔko anaa asiane bi si bere biara a, wɔn amanaman ntam onuayɛ no fã bi betumi ahu amane. Na sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo guan de gye wɔn kra nkwa a, ebia ebehia sɛ yɛn nuanom nso yɛ saa ara.

Mfe pii ni na Adansefo a wɔwɔ Afrika aman dodow bi mu agyina nsɛm a ɛtete sɛɛ ano. Ná ɛsɛ sɛ wɔn mu pii boaboa wɔn nneɛma biara a wobetumi asoa ano na wɔkɔhwehwɛ guankɔbea wɔ baabi foforo. Ɛwom sɛ wɔn mu kakraa bi nyaa mfiri a wɔde tu kwan, te sɛ sakre de, nanso na ɛsɛ sɛ wɔn mu dodow no ara nantew twa akwansin pii—nna pii, adapɛn pii mpo—ansa na wɔadu baabi a wɔrekɔ no.

Atrae a ɛtete saa no biako ne kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Mboki, a ɛwɔ Central African Republic. Mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin mpempem pii na wɔaba hɔ wɔ mfe a atwam no mu. Ná yɛn nuanom mmarima ne mmea Kristofo dodow bi ne anigyefo ka wɔn ho. Nokwarem no, na ɛyɛ mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Bangui, Central African Republic ahenkurow mu no anigye sɛ wobehyia saa aguanfo yi na wɔaboa wɔn. Mpɛn anum na wɔsomaa ɔnanmusifo bi ma ɔde sika, nnuan, ntade, ne nnuru a Adansefo a wɔwɔ Bangui a efi hɔ rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 1,130 no fi ayamye mu de mae no kɔmaa wɔn. Ɛwom sɛ na wɔn a wofii ayamye mu de mmoa yi ma no nni sika pii de, nanso wɔn ani gyei sɛ wɔyɛɛ nea wobetumi no.

Mboki Kɔ

Anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea hɔ no pɛe sɛ wohu biribi foforo a wobetumi ayɛ ne ɔkwan a wobetumi afa so aboa aguanfo no wɔ honhom fam. Enti me ne me yere ne Symphorien, ɔkwampaefo titiriw bi ne ne yere de kar bi a wɔfrɛ no Land Cruiser sii mu. Ná Symphorien nim kwan no so yiye, na ɔka Zande, kasa a aguanfo a wɔwɔ Mboki ka no. Egyee yɛn nnanan a emu yɛ den ansa na yɛredu hɔ.

Yɛfaa kwae kɛse bi a ɛyɛ fɛ a nufuten nnua akɛsekɛse wom wɔ akwantu no kilomita 400 a edi akyiri no mu. Yetwaa nkuraa nketewa pii ho bere ne bere mu. Atwene a me yere kanee wɔ saa kwan a emu twe yi so yɛ 50 pɛpɛɛpɛ—a emu bebree asɛe kɛse, na ebi wɔ hɔ a wontumi mfa so. Yɛde nnua nketewa ne nnufɔkye siesiee atwene no bi, bɔɔ mpae yɛɛ ahwɛyiye de kar a no faa so. Baabi a akuraa ketewaa bi bɛn hɔ no, na mmofra tu mmirika ba bɛboa—de gye biribi kakra. Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ na wonya nnua ne ntaaboo fi atwene no ase sare atenten ne wura a ɛbemmɛn hɔ no mu bere nyinaa. Ɛmaa yesusuwii sɛ ebia woyiyi sie de twɛn akwantufo a wohia no.

Mpɛn abiɛsa na yɛamma mmofra a wɔte saa no ammoa yɛn, efisɛ na ɛyɛ hu dodo sɛ yɛbɛfa atwene no so. Enti yɛde kar no fii ɔkwan no so sian sii asuwa no mu, faa abo so, foroo bepɔw bio, na yɛsan sii kwan mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ na ɛyɛ ɔpɛ bere, anyɛ saa a anka yɛantumi antu kwan no, gye sɛ ebia yɛde helikopta de!

Mboki te dɛn ankasa? Eyi baa yɛn adwenem mpɛn pii bere a yɛretwa kwan a yenwie da a ɛyɛ “piste”, Franse kasa mu asɛmfua bi a wɔde di dwuma wɔ Central African Republic de gyina hɔ ma ɔkwan a anhwea, abo, ne mmosea—ne ntokuru mpempem pii wɔ so no.

Da a ɛto so anan no, owigyinae paa ho kakra na Symphorien teɛɛ ne nsa kyerɛɛ ɔsese bi a wɔde wura akuru so a borɔferɛ nnua ne bankye mfuw atwa ho ahyia so. Ɔteɛɛm sɛ: “Voilà! Mboki kurotia ni.” Nea yehui no maa yɛn ho dwiriw yɛn. Yebisae sɛ: “Mboki ni? Na nsraban no wɔ he?” efisɛ nea yehui no nyɛ nsraban, na ɛyɛ afie a apete ara kwa. Ná ɛyɛ asese a esusua nanso ɛho tew a wɔde sare akuru so. Ná nnua ne wura wɔ baabiara. Nkurɔfo dua nnɔbae wɔ wɔn afie nkyɛn. Ná Mboki nte sɛ nsraban a na yɛhwɛ kwan sɛ yebehu no; na ɛyɛ akuraa kɛse a ne tenten bɛyɛ kilomita 35.

Yehyia Anuanom

Ná anuanom a wɔwɔ Mboki no nim sɛ yɛreba, ɛwom sɛ wɔde wɔn adwene bui sɛ yɛde nnanum na ebetwa kwan no de. Bere a wɔtee yɛn kar no sũ no, wotuu mmirika baa hɔ. Mmarima, mmea ne mmofra tutuu mmirika fii wɔn asese ne aboboano ne mfuw mu bekyiaa yɛn. Ná wɔn mu biara reserew, na wokyiakyiaa yɛn nsam mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ yiye. Na wɔde wɔn mma totoo wɔn nsa so kyiaa yɛn. Ná wɔn nyinaa pɛ sɛ wokyia yɛn, na wɔde anigye kɛse maa yɛn akwaaba.

Esiane sɛ na me ne me yere nte wɔn kasa no nti ná yentumi nyɛ pii saa bere no. Yɛbɔɔ mmɔden kaa Franse, Sango, Engiresi ne Arabik kasa kakra. Zande kasa na yɛn nuanom dodow no ara ka, kenkan na wɔkyerɛw. Ná ɛsɛ sɛ Symphorien kyerɛ nsɛm ase na ɔkyerɛkyerɛ yɛn nsrahwɛ no mu dwumadi no mu kyerɛ wɔn.

Yɛtoaa so kɔɔ yɛn anim akwansin kakraa kɔɔ Ahenni Asa no so. Ɛno ne “asɔre” a edi kan a aguanfo a wɔwɔ ɔsom bi mu asi wɔ Mboki. Anuanom bebree ne wɔn mma ne anigyefo bae bekyiaa yɛn nsam. Mmofra a wɔne wɔn bɔ fipam no mpo bebree ne anuanom no bae bekyiaa yɛn nsam.

Ná yɛn nuanom asiesie afie nketewa abien mu ama yɛn a yɛyɛ wɔn ahɔho no. Ná ɛho tew yiye. Ná nsu a ani tew bokiti amaama sisi hɔ retwɛn yɛn. Yɛde yɛn nnuan ne yɛn nsu bae a na yɛhwɛ kwan sɛ ebia ɛho bɛyɛ nã wɔ hɔ, na amma yɛanyɛ adesoa amma yɛn nuanom. Bere a yɛreyi yɛn nneɛma afi kar no mu no, abeawa kumaa bi bae bebisaa yɛn sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔyɛ akokɔnam no ma yɛn saa anadwo no, nea wɔatoto anaa nea wɔde ayɛ abom? Yɛanhwɛ ɛno kwan, na yebisaa nea wɔayɛ wɔn adwene sɛ yɛde bedi. Obuae sɛ: bankye. Enti yɛpaw akokɔnam a wɔde ayɛ abom a ɛyɛ dɛ. Wokum ɛkɔm a na ɛde yɛn kɛse no ma yɛmee yiye anadwo no. Nanso wɔkɔɔ so maa yɛn aduan da biara—awia ne anwummere. Ná ɛyɛ yɛn nwonwa yiye—aguanfo a wɔrema yɛn aduan, na wɔrehwɛ yɛn, bere a wɔn ankasa wonni nneɛma pii.

Asafo Ketewa a Anigye Wom

Akyirikyiri beae a ɛte saa na na yɛwɔ, nanso na yɛwɔ yɛn nuanom 21 mu. Wɔn mu baanu pɛ na wɔbaa ha no na wɔabɔ wɔn asu dedaw. Ná wɔn a aka no nyinaa yɛ anigyefo bere a wɔbaa ha no. Wɔtoaa so suaa ade na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ mfe abien a atwam no mu. Wɔbɔɔ afoforo baanan asu wɔ asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ mu wɔ yɛn nsrahwɛ no mu.

Nhwɛso titiriw biako ne Faustino. Ansa na ɔreba Mboki no, na wasua mfitiase Bible mu nokware afi n’adamfo bi nkyɛn. Faustino ani sɔɔ nea na ɔresua no. Ankyɛ na ɔne n’adamfo no fii ase kaa asɛm no kyerɛɛ afoforo, nanso wohyiaa ɔsɔretia ma wɔde wɔn koguu afiase sɛ wɔde wɔn som no “rehwanyan nkurɔfo no.” Bere a wɔda afiase no, ehu maa Faustino adamfo no paa abaw ma woyii no. Wodii Faustino asɛm asram abien akyi. Nanso, ɛdaa adi pefee sɛ nsɛm a wɔka guu no so no, na ɛyɛ atosɛm, enti woyii no. Bere a ɔko baa mpɔtam a Faustino te no, oguan kɔɔ Central African Republic, baabi a okohyiaa anuanom, na ɔsan fii ne Bible adesua no ase. Wɔbɔɔ no asu wɔ July 1991, na ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ daa kwampaefo wɔ 1992 mu.

Ɔkwampaefo titiriw biako ne adawurubɔfo 21 na wɔwɔ Mboki asafo ketewa a anigye wom na wɔpɛ nnipa no mu mprempren. Anuanom baanu a wɔka Engiresi kasa na wɔsom wɔ hɔ sɛ mpanyimfo, na wotumi ne baa dwumadibea a ɛwɔ Bangui no di nkitaho yiye. Ná yesusuw sɛ yɛn nuanom aguanfo no wɔ tebea a emu yɛ den boro so mu a wɔretetee, nanso na eyi nte saa. Ɛwom sɛ ahia wɔn honam fam de, nanso na wɔn mu biara nnwiinwii, nhawee anaasɛ wɔnyɛ huhuhuhu wɔ wɔn mu. Efi bere a anuanom no bae no, wɔasisi wɔn asese ne afie, afi ase adua wɔn nnuan ayɛn wɔn nkokɔ. Wonni honam fam nneɛma pii sɛnea na ɛte kan no de, nanso wɔwɔ nkwa mu a wɔne wɔn mfɛfo Kristofo te.

Esiane sɛ aguanfo bɛyɛ 17,000 kosi 20,000 na wɔwɔ Mboki, na afoforo pii ba hɔ ɔsram biara nti, yɛn nuanom no wɔ asasesin kɛse a wɔbɛyɛ wɔn som adwuma wom. Yɛne wɔn kɔɔ asɛnka, na na ɛyɛ anigye yiye. Wɔtaa de Bible a ɛwɔ Zande kasa mu no na edi dwuma, na Onyankopɔn din no pue wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no afã pii nso wɔ saa nkyerɛase yi mu. Wɔ saa nkurɔfo yi fam no, Onyankopɔn nyɛ “Mboli” (Zande kasa a egyina hɔ ma “Onyankopɔn”) ara kwa na mmom “Yekova”, a saa na wɔbɔ Onyankopɔn din no ankasa. “Mboli Yekova” yɛ din a wɔtaa bɔ. Protestantfo nkyerɛase a ɛwɔ Afrikafo kasa afoforo pii mu nkyerɛ din no ase yiye wɔ saa kwan yi so; na mmom wɔde “Nzapa,” “Nzambe” anaa Afrikafo din foforo a egyina hɔ ma Onyankopɔn na esi “Yehowa” ananmu.

Nea ɛne Yesu nkɔmhyɛ no hyia no, wɔreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa, a Mboki nso ka ho. (Mateo 24:14) Mprempren wɔma asafo no nsa ka Bible, nhoma, nsɛmma nhoma, nhomawa, ne nkratawa ahorow wɔ kasa horow a wohia nyinaa mu. Ebia wobetintim nhoma afoforo pii wɔ Zande kasa mu daakye.

Wɔretwɛn Ofie a Ɛtra hɔ Daa

Ɛda a edi kan anwummere no, yeyii Asafo ti no sini “Europa Apuei Fam Nhyiamfo a Wɔwɔ Anigye Yi Yehowa Ayɛ” kyerɛɛ wɔn. Anadwo a edi hɔ no, yeyii “Nnipa Bebree a Wɔdan Wɔn Kɔ Trenee mu wɔ Awiei Bere Mu.” Yeyii sini no wɔ abɔnten, baabi a ɛbɛn Ahenni Asa no pɛɛ, bere a na ewim atew na ɔsram apae no. Tebea pa bɛn ara ni! Nnipa ɔhaha pii bae bɛhwɛɛ saa sini ahorow yi, na yɛn nuanom no ani gyei kɛse sɛ wɔatumi ayi biribi soronko akyerɛ nkurɔfo no.

Eduu Dwoda no, na yɛresiesie yɛn ho asan akɔ. Ná ɛbɛyɛ nnanan akwantu foforo a yɛbɛsan afa akwan koro ne atwene 50 no ara so. Onuawa bi yɛe araa noaa aduan a yebedi wɔ yɛn akwantu no mu maa yɛn—nkokɔ foforo abien a ɔde aanwoo afa ho atoto. Eyii hua yiye anɔpa no wɔ yɛn Land Cruiser no mu. Yegyinaa wuram owigyinae wee akokɔnam a wɔatoto no bere a na yɛredwen yɛn nuanom a wɔwɔ Mboki ho no. Ɛwom sɛ wɔahyɛ wɔn ma wɔayɛ aguanfo de, nanso wɔkɔ so som Yehowa nokwaredi mu, a wɔretwɛn ofie a asomdwoe wom a ɛbɛtra hɔ daa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu. (2 Petro 3:13)—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena