Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/15 kr. 10-14
  • Guankɔbea Nkurow—Onyankopɔn Nsiesiei a Mmɔborohunu Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Guankɔbea Nkurow—Onyankopɔn Nsiesiei a Mmɔborohunu Wom
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Guankɔbea ma Awudifo?
  • Yehowa Nsiesiei a Mmɔborohunu Wom
  • Guankɔbea a Woguan Kɔhwehwɛ
  • Bere a Wodi Nnipakumfo Asɛm
  • Guankɔbea Kurow mu Asetra
  • Nkɛntɛnso a Ɛtra Hɔ Kyɛ
  • Wode Yehowa Ayɛ Wo Guankɔbea?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Tra “Guankɔbea Kurow” no mu na Nya Nkwa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Wode Yehowa Ayɛ Wo Guankɔbea?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • ‘Fa Yehowa Din Yɛ Wo Guankɔbea’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/15 kr. 10-14

Guankɔbea Nkurow—Onyankopɔn Nsiesiei a Mmɔborohunu Wom

“Nkurow asia yi nyɛ guankɔbea . . . na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no aguan akɔ hɔ.”—NUMERI 35:15.

1. Onyankopɔn bu nkwa ne mogya ho fɔdi dɛn?

YEHOWA NYANKOPƆN bu nnipa nkwa sɛ ɛyɛ kronkron. Na nkwa wɔ mogya no mu. (Leviticus 17:11, 14) Enti Kain, onipa a odi kan a wɔwoo no asase so no dii mogya ho fɔ bere a okum ne nua Habel no. Ɛno nti, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Kain sɛ: “Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.” Mogya a ehwie guu fam wɔ baabi a odii awu no di nkwa a otwaa so atirimɔden so no ho adanse komm a emu da hɔ pefee. Habel mogya teɛm frɛɛ Onyankopɔn de hwehwɛɛ aweredi.—Genesis 4:4-11.

2. Ɔkwan bɛn so na wosii obu a Yehowa wɔ ma nkwa so dua wɔ Nsuyiri no akyi?

2 Onyankopɔn sii obu a ɔwɔ ma onipa nkwa no so dua bere a ɔtreneeni Noa ne n’abusua fii adaka no mu fii adi sɛ wɔn a wɔafi wiase nyinaa Nsuyiri no mu aka no. Saa bere no Yehowa de mmoadoma nam kaa nnipa aduan ho, nanso wamfa mogya anka ho. Ɔhyɛɛ mmara nso sɛ: “Mo mogya de, mo kra nti mebisa; aboa biara nsam na mebisa, na onipa nsam, obiara a ɔyɛ ne nua po nsam, na mebisa onipa kra. Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu, efisɛ Onyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa.” (Genesis 9:5, 6) Yehowa penee hokwan a nea wɔakum no no busuani a ɔbɛn no pɛɛ wɔ sɛ obekum onipakumfo no bere a ɔto no no so.—Numeri 35:19.

3. Mose Mmara no sii kronkron a nkwa yɛ no so dua dɛn?

3 Wosii kronkron a nkwa yɛ no so dua mpɛn pii wɔ Mmara a wɔnam odiyifo Mose so de maa Israel no mu. Sɛ́ nhwɛso no, Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Nni awu.” (Exodus 20:13) Obu a wɔwɔ ma nkwa daa adi wɔ nea Mose Mmara no ka faa ɔpemfo wu ho no nso mu. Mmara no kaa no pefee sɛ sɛ ɔbea no anaa abofra a ɔyem no no wu atɔfo wu esiane ntɔkwaw a mmarima baanu reko nti a, atemmufo nhwehwɛ nsɛm tebea ne boapayɛ a ɛwom no mu, nanso asotwe no betumi ayɛ “ɔkra nsi ɔkra ananmu,” anaa nkwa nsi nkwa ananmu. (Exodus 21:22-25) Nanso, na Israelni owudifo bi betumi akwati n’amumɔyɛ so asotwe ɔkwan bi so?

Guankɔbea ma Awudifo?

4. Wɔ Israel akyi no, mmeae bɛn na na guankɔbea ahorow wɔ wɔ tete?

4 Wɔ Israel akyi no, na aman foforo wɔ hɔ a wɔma awudifo ne nsɛmmɔnedifo foforo guankɔbea. Na tete Efeso nyamewa, Artemi, asɔredan no mu yɛ mmeae a ɛte saa no bi. Ɛdefa mmeae a ɛtete saa ho no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Abosomfie ahorow bi maa nsɛmmɔnedifo dɔɔso; na mpɛn pii no ɛho behiae sɛ wɔtew guankɔbea ahorow no dodow so. Wɔ Atene no, na abosomfie ahorow bi nkutoo na wɔnam mmara kwan so gye toom sɛ guankɔbea (sɛ nhwɛso no, Theseus abosonnan ma nkoa); wɔ Tiberio bere so no, na nsɛmmɔnedifo dɔm a wɔwɔ abosomfie hɔ no ho abɛyɛ hu araa ma wɔtew Guankɔbea nkurow no dodow so ma ɛkaa kakraa bi (wɔ afe 22 mu).” (The Jewish Encyclopedia, 1909, Po II, kratafa 256) Akyiri yi, Kristoman asɔredan ahorow bɛyɛɛ guankɔbea, nanso eyi maa tumi fii wiase atumfoɔ nsam bedii asɔfo no hɔ, na amma wɔantumi ammu atɛntrenee. Awiei koraa no, dwuma a wɔde dii wɔ ɔkwammɔne so no ma woguu saa nhyehyɛe yi.

5. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ sɛ onipa bi kum obi a, na Mmara no mma kwan sɛ obetumi agyina anibiannaso a ɔyɛe so ahwehwɛ mmɔborohunu?

5 Wɔ Israelfo mu no, na wɔmma wɔn a wɔhyɛ da di awu guankɔbea. Na ɛsɛ sɛ wɔkokum Lewini sɔfo a ɔsom wɔ Onyankopɔn afɔremuka ho a ɔfa anifere kwan so di awu no mpo. (Exodus 21:12-14) Afei nso, sɛ wokum obi a, na Mmara no mma kwan sɛ wobegyina anibiannaso a wɔyɛe so ahwehwɛ mmɔborohunu. Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ onipa bi gye ban wɔ ne fie foforo atifi a ɛyɛ tratraa no ho. Anyɛ saa, na obi fi ɔdan no atifi hɔ hwe ase na owu a, mogya ho asodi bɛba ɔdan no so. (Deuteronomium 22:8) Afei nso, sɛ wɔabɔ nantwi bi a ɔpempem nkurɔfo wura kɔkɔ, na wanhwɛ aboa no so na okum obi a, na nantwi no wura no di mogya ho fɔ, na na wobetumi akum no. (Exodus 21:28-32) Adanse foforo nso a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bu nkwa kɛse da adi, efisɛ sɛ ɛba sɛ obi bɔ owifo kum no awiabere a obiara betumi ahu onii ko a ɔyɛ, na wɔahu no yiye no a, na odi mogya ho fɔ. (Exodus 22:2, 3) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn mmara a ɛkari pɛ no amma wɔn a wɔhyɛ da di awu no ankwati owu asotwe.

6. Ɔkwan bɛn so na wodii mmara a ɛne ‘nkwa nsi nkwa ananmu’ no so wɔ tete Israel?

6 Sɛ na wodi awu wɔ tete Israel a, na ɛsɛ sɛ wodi nea wɔakum no no mogya so were. Sɛ na “mogya ho werefo” no kum owudifo no a, na wɔadi ‘nkwa nsi nkwa ananmu’ ho mmara no so. (Numeri 35:19) Na ɔwerefo no ne nea wɔakum no no busuani barima a ɔbɛn no pɛɛ no. Na nnipakumfo a wɔanhyɛ da no nso ɛ?

Yehowa Nsiesiei a Mmɔborohunu Wom

7. Nsiesiei bɛn na Onyankopɔn yɛ maa wɔn a wɔanhyɛ da na wokum obi no?

7 Onyankopɔn fi ɔdɔ mu de guankɔbea nkurow maa wɔn a wɔanhyɛ da anaa wɔammoapa na wokum obi no. Ɛdefa eyinom ho no, wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kasa kyerɛ Israelfo na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mutwa Yordan kɔ Kanaan asase so a, munyiyi nkurow a ɛfata na ɛnyɛ guankɔbea nkurow mma mo, na onipakumfo a ne nsa apa obi ho no aguan akɔ hɔ. Na nkurow no nyɛ guankɔbea mma mo mfi ɔwerefo nsam, na onipakumfo no anwu kosi sɛ obegyina asafo anim na wɔabu no atɛn ansa. Na nkurow a mubeyi no nyɛ guankɔbea nkurow asia. Munyi nkurow abiɛsa mma Yordan agya, na munyi nkurow abiɛsa nso mma Kanaan asase no; ɛnyɛ guankɔbea nkurow . . . na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no aguan akɔ hɔ.”—Numeri 35:9-15.

8. Ɛhe na na guankɔbea nkurow no wɔ, na ɔkwan bɛn so na wɔboaa nnipakumfo a wɔanhyɛ da ma wotumi duu hɔ?

8 Bere a Israelfo duu Bɔhyɛ Asase no so no, wofi osetie mu kyekyee guankɔbea nkurow asia. Na nkurow yi mu abiɛsa—Kedes, Sekem, ne Hebron—wɔ Yordan Asubɔnten no atɔe fam. Na guankɔbea nkurow a ɛne Golan, Ramot, ne Beser wɔ Yordan apuei fam. Wɔkyekyee guankɔbea nkurow asia no wɔ mmeae a ɛfata wɔ akwan a eye ho. Na wɔde agyiraehyɛde a wɔakyerɛw so “guankɔbea” asisi akwan no ho mmeae a ɛfata. Na saa agyiraehyɛde yi kyerɛ kwan kɔ guankɔbea kurow no mu, na onipakumfo a wanhyɛ da no guan kɔ nea ɛbɛn mu de pere ne nkwa. Ɛhɔ na obetumi anya ahobammɔ afi mogya ho werefo no nsam.—Yosua 20:2-9.

9. Dɛn nti na Yehowa de guankɔbea nkurow no mae, na henanom mfaso nti na ɔde mae?

9 Dɛn nti na Onyankopɔn de guankɔbea nkurow mae? Ɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo no mfa mogya a edi bem ngu asase no ho fĩ, na wɔanni mogya ho fɔ. (Deuteronomium 19:10) Henanom nti na wɔde guankɔbea nkurow no mae na wɔanya so mfaso? Mmara no kae sɛ: “Nkurow asia yi nyɛ guankɔbea mma Israelfo ne ahɔho ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no aguan akɔ hɔ.” (Numeri 35:15) Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabu atɛmpa adi atɛntrenee ho dwuma na ama wɔada mmɔborohunu adi no, Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ wonyi guankɔbea nkurow asia mma nnipakumfo a wɔanhyɛ da a wɔyɛ (1) Israelfo ankasa, (2) ahɔho a wɔte Israel, anaa (3) amamfrafo a wofi aman foforo mu na wɔte asase no so no.

10. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na guankɔbea nkurow no yɛ nsiesiei a mmɔborohunu wom a Onyankopɔn yɛe?

10 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na Onyankopɔn mmara hwehwɛ sɛ wokum onipa a wanhyɛ da na okum obi no mpo: “Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu.” Enti, na ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn nsiesiei a mmɔborohunu wom nkutoo so na onipakumfo a wanhyɛ da no nam betumi aguan akɔ guankɔbea nkurow no biako mu. Ɛda adi sɛ nnipa no nyinaa nyaa ayamhyehye maa obiara a na ɔreguan afi mogya ho werefo nsam no, efisɛ na wɔn nyinaa nim sɛ wobetumi ayɛ bɔne a ɛte saa ara a wɔanhyɛ da a ɛbɛma wɔahia guankɔbea ne mmɔborohunu.

Guankɔbea a Woguan Kɔhwehwɛ

11. Wɔ tete Israel no, sɛ onipa bi anhyɛ da na okum obi a, dɛn na na obetumi ayɛ?

11 Ebia mfatoho bi bɛma woanya Onyankopɔn guankɔbea nhyehyɛe a mmɔborohunu wom no ho anisɔ kɛse. Fa no sɛ wone onipa a na ɔretwa dua wɔ tete Israel no. Fa no sɛ abonnua no ti hɔn fii ne dua so mpofirim kɔbɔɔ wo yɔnko dwumayɛni ma owui. Dɛn na anka wobɛyɛ? Wiɛ, Mmara no dii saa tebea yi ara ho dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ wode Onyankopɔn nsiesiei a ɔde ama yi bedi dwuma: “Onipakumfo a onguan nkɔ [guankɔbea kurow mu] na onnya nkwa no ho asɛm ni: Nea onnim na ɔbɔ ne yɔnko ade, nanso bere a atwam no ɔntan no, sɛ ebia, obi ne ne yɔnko kɔ kwae mu akɔtow nnua, na ne nsa ma abonnua so de retwa dua, na dade no hɔn fi ne dua mu bɔ ne yɔnko no ma owu a, ɛnde onguan nkɔ nkurow yi biako mu na onnya nkwa.” (Deuteronomium 19:4, 5) Nanso, sɛ wukodu guankɔbea kurow no mu mpo a, na womfaa wo ho nnii wɔ nea aba no ho asodi nyinaa ho.

12. Sɛ onipakumfo bi a wanhyɛ da kodu guankɔbea kurow mu a, ɔkwan bɛn so na na wɔne no di nsɛm?

12 Ɛwom sɛ wogyee wo fɛw so de, nanso na ɛsɛ sɛ woka w’asɛm kyerɛ mpanyimfo no wɔ guankɔbea kurow pon no ano. Sɛ wudu kurow no mu a, wɔbɛsan de wo akɔ mpanyimfo a wogyina Israel asafo no ananmu a wɔhwɛ baabi a awudi no sii hɔ no anim ma wɔakodi w’asɛm wɔ kurow no apon ano. Ɛhɔ na wubenya hokwan akyerɛ sɛ wunni fɔ.

Bere a Wodi Nnipakumfo Asɛm

13, 14. Wɔ onipakumfo no asenni mu no, dɛn ne nneɛma bi a na mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wohu mu?

13 Bere a wɔredi w’asɛm wɔ mpanyimfo no anim wɔ kurow a asɛm no sii n’asase so pon ano no, akyinnye biara nni ho sɛ wode anisɔ behu sɛ wosi wo kan abrabɔ so dua kɛse. Mpanyimfo no bɛhwehwɛ wo ne nea woakum no no ntam abusuabɔ mu yiye. So na wotan onipa no, wotɛw no, na wohyɛɛ da na wobɔɔ no ma owui? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no de wo hyɛ mogya ho werefo no nsa na wuwu. Saa mmarima a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi bɛyɛ wɔn a wonim sɛnea Mmara no hwehwɛ sɛ ‘woyi mogya a edi bem ho afobu fi Israel.’ (Deuteronomium 19:11-13) Sɛ yɛde toto ho a, bere a Kristofo mpanyimfo redi asɛm nnɛ no, ehia sɛ wohu Kyerɛwnsɛm no yiye, na wɔyɛ wɔn ade ma ɛne no hyia bere a wosusuw ɔdebɔneyɛfo no kan abrabɔ ne ne nneyɛe ho no.

14 Bere a kurow no mu mpanyimfo fi ayamye mu hwehwɛ asɛm no mu no, wɔbɛpɛ sɛ wohu sɛ wotetɛw nea wukum no no. (Exodus 21:12, 13) Wufi atɛwee na wotow hyɛɛ ne so? (Deuteronomium 27:24) Na wo bo afuw onipa no denneennen araa ma wofaa anifere kwan bi so na wukum no? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na wofata owu. (Exodus 21:14) Nea ɛho behia sɛ mpanyimfo no hu titiriw ne sɛ ebia na wotan nea wukum no no, anaa nitan bi wɔ wo ne no ntam. (Deuteronomium 19:4, 6, 7; Yosua 20:5) Yɛmfa no sɛ mpanyimfo no hui sɛ wunni fɔ na wɔsan de wo kɔɔ guankɔbea kurow no mu. Hwɛ sɛnea wubenya mmɔborohunu a wɔayi no adi akyerɛ wo no ho anisɔ!

Guankɔbea Kurow mu Asetra

15. Dɛn na na wɔhwehwɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da yɛ?

15 Na ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no tra guankɔbea kurow no mu anaa baabi a ɛne ɔfasu no akyi ntam kwan yɛ basafa 1,000 (bɛyɛ anammɔn 1,450). (Numeri 35:2-4) Sɛ na okyinkyin tra saa hye no a, na obetumi akohyia mogya ho werefo no. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, na ɔwerefo no betumi akum onipakumfo no afa ne ho adi. Nanso na wonguu nipakumfo no mpokyerɛ anaasɛ wɔmfaa no ntoo afiase. Sɛ obi a ɔte guankɔbea kurow mu no, na ɛsɛ sɛ osua nsaanodwuma bi, ɔyɛ adwuma, na ɔsom sɛ ɔman ba pa.

16. (a) Na ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no tra guankɔbea kurow no mu kosi bere bɛn? (b) Dɛn nti na na ɔsɔfo panyin no wu ma onipakumfo tumi fi guankɔbea kurow no mu?

16 Na ɛsɛ sɛ onipakumfo a wanhyɛ da no tra guankɔbea kurow no mu kosi bere bɛn? Ebetumi ayɛ ne nkwa nna a aka nyinaa. Sɛnea ɛte biara no, Mmara no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔtra ne guankɔbea kurow no mu kosi sɛ ɔsɔfo panyin no bewu, na ɔsɔfo panyin no wu akyi no, onipakumfo no asan aba asase a ɛyɛ n’agyapade no so bio.” (Numeri 35:26-28) Dɛn nti na na ɔsɔfo panyin no wu ma onipakumfo a wanhyɛ da no nya kwan fi guankɔbea kurow no mu? Wiɛ, na ɔsɔfo panyin no yɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ ɔman no mu biako. Enti na ne wu bɛyɛ ade titiriw a Israel mmusuakuw nyinaa bɛte. Afei na aguanfo a wɔwɔ guankɔbea nkurow mu nyinaa betumi akɔ wɔn kurom a na wonhyia mogya ho werefo nsam asiane biara. Dɛn ntia? Efisɛ na Onyankopɔn Mmara ahyɛ sɛ ɔsɔfo panyin wu na ɛde hokwan a ɔwerefo no wɔ sɛ obekum onipakumfo no ba awiei, na na obiara nim eyi. Sɛ ne busuani pɛɛ tɔ owu no so were wɔ ɛno akyi a, na ɔyɛ owudifo, na na obetua awudi no so ka ɔkwan biara so.

Nkɛntɛnso a Ɛtra Hɔ Kyɛ

17. Nkɛntɛnso bɛn na na anohyeto ahorow a wɔde ma onipakumfo a wanhyɛ da no betumi anya wɔ ne so?

17 Nkɛntɛnso bɛn na na anohyeto ahorow a wɔde ma onipakumfo a wanhyɛ da no betumi anya wɔ ne so? Ná ɛkae no sɛ wakum obi. Ɛda adi sɛ na obebu nnipa nkwa sɛ ade kronkron bere nyinaa wɔ ɛno akyi. Afei nso, na ne were remfi da sɛ wɔayi mmɔborohunu adi akyerɛ no. Esiane sɛ wɔayi mmɔborohunu adi akyerɛ no nti, akyinnye biara nni ho sɛ na ɔbɛpɛ sɛ oyi mmɔborohunu adi kyerɛ afoforo. Nkurɔfo no nyinaa nso nyaa guankɔbea nkurow nhyehyɛe ne emu anohyeto ahorow no so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛma ɛtraa wɔn adwenem sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ anibiannaso anaasɛ wobu wɔn ani gu nnipa nkwa so. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo kae hia a ɛho hia sɛ wɔkwati anibiannaso a ebetumi ama obi awu atɔfo wu no. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe a mmɔborohunu wom a Onyankopɔn yɛe no ka yɛn ma yɛda mmɔborohunu adi bere a ɛfata sɛ yɛyɛ saa no.—Yakobo 2:13.

18. Akwan bɛn so na na guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe a Onyankopɔn yɛe no so wɔ mfaso?

18 Na guankɔbea nkurow a Yehowa Nyankopɔn de mae no so wɔ mfaso akwan foforo so nso. Nkurɔfo no antew atiwfo akuw ma wɔatiw nipakumfo bi a wosusuw sɛ odi fɔ no ansa na wɔadi n’asɛm. Mmom no, wobuu owudifo no bem sɛ wanhyɛ da, na wɔboaa no mpo ma onyaa ahobammɔ. Afei nso, na guankɔbea nkurow a wɔde mae no ne nnɛyi nhyehyɛe a ɛma wɔde awudifo gu afiase, baabi a ɔmanfo na wɔde sika hwɛ wɔn, na mpɛn pii no wɔbɛyɛ amumɔyɛfo a wonnye koraa esiane nnebɔneyɛfo foforo a wɔne wɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den no nti, bɔ abira koraa. Wɔ guankɔbea kurow nhyehyɛe no mu no, na ɛho nhia sɛ wosi afiase ahorow a ne bo yɛ den a afasu a nnade wɔ ho, a mpɛn pii no nneduafo no hwehwɛ sɛ woguan siesie, na wɔwɛn no. Sɛnea yɛbɛka no no, onipakumfo no na na ɔhwehwɛ “afiase” no na ɔtra hɔ bere pɔtee bi mu. Na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma nso, na ɔnam saayɛ so yɛ biribi ma ne so ba mfaso ma ne mfɛfo nnipa.

19. Guankɔbea nkurow no ho nsemmisa bɛn na ɛsɔre?

19 Nokwarem no, na Israel guankɔbea nkurow ho nhyehyɛe a Yehowa yɛ de bɔɔ nnipakumfo a wɔanhyɛ da ho ban no kyerɛ mmɔborohunu ampa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa nsiesiei yi hyɛɛ obu a wɔwɔ ma nkwa no ho nkuran. Nanso, tete guankɔbea nkurow no kyerɛ biribi ma nnipa a wɔwɔ afeha a ɛto so 20 yi mu anaa? Yebetumi adi mogya ho fɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim a yɛrenhu sɛ yehia ne mmɔborohunu? So Israel guankɔbea nkurow no kyerɛ biribi ma yɛn nnɛ?

Wubebua Dɛn?

◻ Yehowa bu nnipa nkwa dɛn?

◻ Nsiesiei a mmɔborohunu wom bɛn na Onyankopɔn yɛ maa nnipakumfo a wɔanhyɛ da no?

◻ Ɔkwan bɛn so na onipakumfo tumi nya kwan hyɛn guankɔbea kurow bi mu, na ɛsɛ sɛ ɔtra hɔ kosi bere bɛn?

◻ Nkɛntɛnso bɛn na na anohyeto ahorow a wɔde ma onipakumfo a wanhyɛ da no betumi anya wɔ ne so?

[Asase mfonini wɔ kratafa 12]

Ná Israel guankɔbea nkurow no wɔ mmeae a ɛfata

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

KEDES Yordan Asubɔnten GOLAN

SEKEM RAMOT

HEBRON BESER

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena