Wɔn Adamfo a Ɔsen Biara no Wowaw Wɔn
ADAMFOFA bi wɔ hɔ a ɛwowaw Yehowa Adansefo titiriw. Ɛne abusuabɔ a ɛsom bo a ɛda wɔne wɔn Adamfo a ɔsen biara, Yehowa Nyankopɔn, ntam no. (Fa toto Yakobo 2:23 ho.) Ɔboa wɔn bere a wohyia gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den no.
Nnipa pii a wɔahu Adansefo no mudi mu kura wɔ kannkabi nniso ase no akamfo wɔn. Wɔn mu biako ne Jiří Krupička, nyansapɛ ne abɔde mu nhwehwɛmu ho ɔbenfo a ɔkɔdaa Komunistfo nneduaban mu wɔ Czechoslovakia mfe pii, na akyiri yi otu fii hɔ wɔ 1968 mu no. Wɔ ne nhoma a ɛne Renesance rozumu (Adwene mu Ɔsesɛw) mu no, ɔka amane a Adansefo a ɔfã biara a wɔannyina nti wɔde wɔn guu nneduaban mu no hui ne sɛnea wogyinaa pintinn ho asɛm.
Wɔ Komunist nniso no ase no, wɔde Adansefo bebree guu afiase esiane wɔn gyidi nti. Ɛwom sɛ wɔde wɔn guu afiase de, nanso wɔpowee sɛ wobetu uranium ma wɔde ayɛ akode. (Yesaia 2:4) Krupička ka biribi a ohui wɔ nkorontubea yi biako mu wɔ 1952 mu ho asɛm. Ohui sɛ nnipa baanu gyina awɔw a emu yɛ den no mu te sɛ ahoni, na asukyenee ahura wɔn ho. Na dade ankora hyehyɛ wɔn ti besi wɔn koko.
Krupička kyerɛw sɛ: “Na wɔhyehyɛ afiase ntadegow de agyina abɔnten hɔ fi anɔpatutuutu. Dɛn na ɛmaa wotumi gyinaa wɔn anan a ayɛ sisirii no so kyɛe saa? Ɛyɛ gyidi na ɛhyɛɛ wɔn den. Na ankora no ayeyɛ dedaw na awe nkannare. Otirimɔdenfo bi de ne nsa miaa so denneennen hyɛɛ wɔn ti ne wɔn abatiri araa ma ano nnamnnam no twaa mmarima no biako atade kowuraa ne nam mu, na mogya sɔn faa n’atade nsa gui.
“Awɛmfo no maa nnipa a na yɛato santen no begyinaa wɔn anim, na ɔpanyin no kasa kyerɛɛ yɛn bere tiaa bi. Ɔkae sɛ, sɛ obi ka sɛ ɔnyɛ adwuma a, ɛyɛ atuatew, na ɛho asotwe ne no. Akodi ne nipakum ho nkwaseasɛm a efi anuɔden mu biara mmoa saa nnipa a wɔmpene so yi, sohyialisim atamfo yi.”
Ɔpanyin no faa dade bi de bɔɔ ankora no biako. Ɔbarima a na ɔhyɛ mu no twa hwee a na ankora no da so hyɛ ne ti. Nea esii ɛno akyi no atra Krupička adwene mu yiye.
Ɔka sɛ: “Na nnwom bi fi ankora no mu reba. Nnyigyei a ano nyɛ den, mpae a ennyigye kɛse a wɔbɔ Onyankopɔn a otumi te biribiara nka wɔ baabiara—nnwom a obi yɛ sɛnea ɔreto wɔ uranium ankora a ayeyɛ dedaw na awe nkannare mu mpo. Ɔte no kɛse sen asɔre dwom a ano yɛ den a wɔto no asɔredan kɛse mu.”
Wɔ September 1, 1993 no, wogyee Yehowa Adansefo a wɔwɔ Czech Republic no toom wɔ mmara kwan so. Seesei Czech Adansefo no ani agye sɛ wɔde ahofadi reyɛ wɔn Kristofo ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Yiw, ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔbɛka Yehowa, wɔn Adamfo a ɔsen biara no ho asɛm akyerɛ afoforo.
[Kratafa 7 mfonini]
Nhyiamfo a wɔwɔ Czech Republic